Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Na Bible Ka Fa Ayɔnkofa Ho?

Dɛn Na Bible Ka Fa Ayɔnkofa Ho?

Nea Bible ka

 Nnamfo betumi aboa yɛn ama yɛn ani agye, na wobetumi aboa ama nneɛma akɔ yiye ama yɛn wɔ abrabɔ mu. Nnamfo pa boa wɔn ho, na obiara boa ne yɔnko ma onya suban pa.—Mmebusɛm 27:17.

 Nanso Bible tu yɛn fo sɛ, yɛnhwɛ yɛn ayɔnkofa yiye. Ɛma yehu sɛ, sɛ yɛamfa nnamfo pa a, ɛde ɔhaw bɛbrɛ yɛn. (Mmebusɛm 13:20; 1 Korintofo 15:33) Sɛ yɛfa nnamfo bɔne a, wobetumi ama yɛasisi gyinae bɔne, na wobetumi asɛe yɛn suban nso.

Nea yɛrebɛka ho asɛm

 Sɛ yɛka sɛ obi yɛ adamfo pa a, ɛkyerɛ sɛn?

 Mpɛn pii no, sɛ yehu sɛ nea yɛn ani gye ho no, ɛno ara na obi ani gye ho a, ɛnyɛ den koraa sɛ yɛbɛfa no adamfo. Nanso Bible ma yehu sɛ, ɛnyɛ ɛno ara kɛkɛ na ɛsɛ sɛ yegyina so fa obi adamfo. Dwom 119:63 ka sɛ: “Wɔn a wosuro wo a nyinaa yɛ me nnamfo; wɔne wɔn a wodi w’ahyɛde so.” Henanom na nea ɔkyerɛw Bible mu asɛm yi faa wɔn nnamfo? Wohyɛɛ no nsow a, ɔkaa sɛ wɔn a wosuro Onyankopɔn, na wɔn ani gye ho sɛ wɔde ne mmara nsɛm bɛbɔ wɔn bra.

 Bible ma yehu suban ahorow a obi da no adi a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ adamfo pa. Ebi na edidi so yi:

  •   “Ɔyɔnko berɛbo de, ɔkyerɛ ne dɔ bere nyinaa, na ɔyɛ onua a wɔwoo no maa amanehunu bere.”—Mmebusɛm 17:17.

  •   “Ayɔnkofo bi wɔ hɔ a, obiara nya ne yɔnko a, ɔremfa ne ho nkyɛ no, na adamfo bi de, ɔntwe ne ho da, ɔkyɛn onua mpo.”—Mmebusɛm 18:24.

 Kyerɛwnsɛm mmienu yi ma yehu sɛ, adamfo pa de, ɔyɛ ɔnokwafo, ɔda adɔe adi, ne yam ye, na ɔwɔ ɔdɔ. Sɛ obi yɛ adamfo pa a, nsu mu oo, awia mu oo, ɔwɔ hɔ ma ne nnamfo. Sɛ ne nnamfo ho kyere wɔn a, ɔnnan n’akyi nkyerɛ wɔn; mmom ɔboa wɔn. Sɛ ohu sɛ n’adamfo bi rekɔ baabi a ɛhɔ nnye, anaa ɔrebesi gyinae bɔne bi a, onya akokoduru ka kyerɛ no.—Mmebusɛm 27:6, 9.

 Nnamfo pa a Bible ka wɔn ho asɛm no, ebi ne henanom?

 Sɛ wokenkan Bible a, wubehu nnipa pii a na wɔyɛ nnamfo pa ho asɛm wom. Wɔn mu bi wɔ hɔ a, na ɛsono mfe a wɔadi, baabi a wofi, wɔn amammerɛ, ne dibea a wɔwɔ. Momma yɛnhwɛ wɔn mu mmiɛnsa.

  •   Rut ne Naomi.Rut asebea ne Naomi, na ɛbɛyɛ sɛ na Naomi anyin sen Rut bam. Ɛno da nkyɛn a, na ɛsono wɔn amammerɛ, nanso na wɔyɛ nnamfo a mframa mfa wɔn ntam.—Rut 1:16.

  •   Dawid ne Yonatan. Ɛwom sɛ na Yonatan kyɛn Dawid bɛyɛ mfe 30. Nanso Bible ka sɛ, “wɔbɛyɛɛ nnamfo paa.”—1 Samuel 18:1.

  •   Yesu ne n’asomafo no. Ná Yesu wɔ tumi sen n’asomafo no, efisɛ na ɔyɛ wɔn kyerɛkyerɛfo ne wɔn wura. (Yohane 13:13) Nanso wanka sɛ tumi a ɔwɔ nti, wɔmfata sɛ wɔyɛ ne nnamfo. Mmom wɔn a wɔde ne nkyerɛkyerɛ yɛɛ adwuma no, na wɔda ne koma so paa. Ɔkaa sɛ: “Mefrɛ mo nnamfo, efisɛ nea mate afi m’Agya hɔ nyinaa, mama moahu.”—Yohane 15:14, 15.

 Obi betumi ne Onyankopɔn afa adamfo ama ayɛ yiye?

 Aane, nnipa ne Onyankopɔn betumi afa adamfo ama ayɛ yiye. Bible ka sɛ: “Atreneefo na wɔyɛ ne nnamfo paa.” (Mmebusɛm 3:32) Nea saa asɛm yi kyerɛ ne sɛ, wɔn a wɔyɛ nea wubetumi biara sɛ wɔbɛbɔ bra pa na wɔadi nokware no, Onyankopɔn fa wɔn nnamfo. Wɔn a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde ne mmara nsɛm bɛbɔ wɔn bra no, onni wɔn ho agorɔ koraa. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, ɔbarima nokwafo a na wɔfrɛ no Abraham no, Bible no hyɛɛ da kaa sɛ ɔyɛ Onyankopɔn adamfo.—2 Beresosɛm 20:7; Yesaia 41:8; Yakobo 2:23.

a Wohwɛ dwom yi mu nsɛm a wubehu sɛ ɛyɛ Onyankopɔn ho asɛm na na ɔreka no.