Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU AKORADE

Ɔdaa Akokoduru, Nsi, Ne Ahokeka Adi

Ɔdaa Akokoduru, Nsi, Ne Ahokeka Adi

Yehowa de adwuma bi hyɛɛ Yehu nsa. Ɛne sɛ, onkunkum Ɔhene Ahab tirimɔdenfo no fiefo nyinaa (2Ah 9:6, 7w11 11/15 3 ¶2)

Yehu antwentwɛn ne nan ase koraa; ɔyɛɛ ntɛm kokum Ɔhene Yehoram (a ɔyɛ Ahab ba) ne Ɔhemmaa Yesebel (a ɔyɛ Ahab a na wawu no yere) (2Ah 9:22-24, 30-33; w11 11/15 4 ¶2-3; hwɛ adaka a yɛato din “‘Ahab Fifo Nyinaa Bewuwu’—2Ah 9:8.” Ɛwɔ adesua nhoma yi kratafa 7)

Yehu de akokoduru, nsi, ne ahokeka yɛɛ adwuma a Yehowa de hyɛɛ ne nsa no (2Ah 10:17; w11 11/15 5 ¶4-5)

BISA WO HO SƐ, ‘Sɛ mereyɛ adwuma a wɔde ahyɛ yɛn nsa wɔ Mateo 28:19, 20 no a, mɛyɛ dɛn asuasua Yehu?’