Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU AKORADE

Wɔtwee Ɔbea Tirimɔdenfo Bi a N’ani Bere Ade Aso

Wɔtwee Ɔbea Tirimɔdenfo Bi a N’ani Bere Ade Aso

Atalia kunkum adehye mma no nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a obedi Yuda man no so (2Ah 11:1; it-1 209; hwɛ adaka a yɛato din “‘Ahab Fifo Nyinaa Bewuwu’—2Ah 9:8”)

Yehoseba de Yehoas siei. Yehoas na na ɔyɛ ɔdehye a ɔfata sɛ odi hene (2Ah 11:2, 3)

Ɔsɔfo Panyin Yehoiada sii Yehoas hene, na okum Atalia tirimɔdenfo no. Ɛbɛyɛ sɛ Ahab fiefo nyinaa, Atalia nko ara na na ɔda so wɔ hɔ saa bere no (2Ah 11:12-16; it-1 209)

DWINNWEN WEI HO: Ɔkwan bɛn so na saa asɛm yi ma yehu sɛ nea Mmebusɛm 11:21 ne Ɔsɛnkafo 8:12, 13 ka no yɛ nokware?