Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI ANAN

Wobɛyɛ Dɛn Atumi Ahwɛ Fie So?

Wobɛyɛ Dɛn Atumi Ahwɛ Fie So?

1. Dɛn nti na ofie sohwɛ betumi ayɛ den nnɛ saa?

“WIASE yi su resakra.” (1 Korintofo 7:​31, NW) Wɔkyerɛw saa nsɛm no bɛboro mfe 1,900 a atwam ni, na hwɛ sɛnea ɛyɛ nokware nnɛ! Nneɛma resakra, titiriw abusua asetra. Wɔntaa nnye nea na wobu no sɛ ɛteɛ anaa amanne wɔ mfe 40 anaa 50 a atwam mu no ntom. Esiane eyi nti, ofie a wɔbɛhwɛ so yiye no betumi ayɛ asɛnkɛse. Nanso, sɛ wutie Kyerɛwnsɛm mu afotusɛm a, wubetumi adi saa nsɛnnennen no ho dwuma.

NNI MMORO NEA WUNYA

2. Sikasɛm tebea bɛn na ɛde ɔhaw ba abusua mu?

2 Ɛnnɛ nnipa pii ani nsɔ abusua asetra a ɛkwati akɛsesɛm bio. Bere a nnwumakuw yɛ aguade pii na wɔde wɔn aguade ho dawurubɔ ho nimdeɛ bɔ mmɔden sɛ wɔbɛto ɔmanfo brada no, agyanom ne ɛnanom ɔpepem pii yɛ adwuma nnɔnhwerew bebree na ama wɔatumi atɔ saa aguade ahorow yi. Nnipa foforo ɔpepem pii di apere da biara na ama wɔn nsa akɔ wɔn ano kɛkɛ. Ɛsɛ sɛ wɔde bere pii yɛ adwuma sen sɛnea na anka ɛte, ebia wɔyɛ nnwuma abien, na ama wɔatumi atua nneɛma a wohia ho ka kɛkɛ. Nanso afoforo ani begye sɛ wobenya adwuma, efisɛ adwuma a wonnya nyɛ yɛ ɔhaw a ɛwɔ baabiara. Yiw, ɛnyɛ bere nyinaa na asetra yɛ mmerɛw ma nnɛyi abusua no, nanso Bible nnyinasosɛm ahorow betumi aboa mmusua ma wɔayɛ nea ɛsen biara wɔ wɔn tebea no ho.

3. Nnyinasosɛm bɛn na ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ mu, na ɔkwan bɛn so na dwuma a obi de bedi no betumi ama wahwɛ ne fie so yiye?

3 Ɔsomafo Paulo hyiaa sikasɛm mu ahokyere. Bere a na ɔredi ho dwuma no, osuaa biribi a ɛsom bo, nea ɔkyerɛkyerɛ mu wɔ ne krataa a ɔde kɔmaa n’adamfo Timoteo no. Paulo kyerɛw sɛ: “Yɛamfa hwee amma wiase, nanso yentumi mfa hwee mfi mu kɔ. Na sɛ yɛwɔ nea nnuan ne nea yɛde kata yɛn ho a, momma ɛno ara nnɔɔ yɛn so.” (1 Timoteo 6:​7, 8) Nokwarem no, ɛnyɛ aduan ne ntade nkutoo na abusua no hia. Wohia baabi a wɔbɛtra nso. Ɛho hia sɛ mmofra no kɔ sukuu. Ɛsɛ sɛ wotua ayaresa ne nneɛma foforo ho ka nso. Nanso, yebetumi de nnyinasosɛm a ɛwɔ Paulo nsɛm no mu no ade dwuma. Sɛ yɛma ɛdɔɔso ma yɛn sɛ yebedi yɛn ahiade ahorow ho dwuma sen sɛ yebenya nneɛma a yɛpɛ a, asetra bɛyɛ mmerɛw.

4, 5. Ɔkwan bɛn so na nneɛma ho a wodi kan susuw ne nhyehyɛe a wɔyɛ to hɔ betumi aboa wɔ ofie sohwɛ mu?

4 Yehu nnyinasosɛm foforo a mfaso wɔ so wɔ Yesu mmebu no biako mu. Ɔkae sɛ: “Mo mu hena na ɔpɛ sɛ ɔto abantenten, na ɔrentra ase mmu ho akontaa ansa sɛ ɔwɔ nea ɔde betumi awie?” (Luka 14:​28) Yesu reka nneɛma ho a wodi kan susuw, nhyehyɛe a wɔyɛ to hɔ, ho asɛm wɔ ha. Yehui sɛnea eyi boa bere a aberante ne ababaa bi resusuw ho sɛ wɔbɛware no wɔ atiri a edi kan no biako mu. Na ɛboa nso wɔ ofie sohwɛ mu bere a wɔaware awie no. Eyi ho a wobedi kan asusuw no hwehwɛ sɛ wonya sika ho nhyehyɛe, wodi kan yɛ nhyehyɛe sɛ wɔde nneɛma a wɔwɔ no bedi dwuma wɔ nyansam. Abusua no nam saa kwan no so betumi atew ɛka a wɔbɔ no so, ayi sika ato hɔ de atotɔ nneɛma a ɛho hia da biara anaa dapɛn biara, na wonnni nnsen nea wɔayi ato hɔ no.

5 Wɔ aman bi mu no, sika ho nhyehyɛe a ɛte saa a wɔbɛyɛ betumi akyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔko tia nkate a ɛbɛma wɔakɔfɛm sika a ɛho mfɛntom dɔɔso de atotɔ nneɛma a ɛho nhia. Wɔ aman foforo mu no, ebetumi akyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔto nneɛma a wɔde adefiri kratasin totɔ no ano hye kɛse. (Mmebusɛm 22:7) Ebetumi akyerɛ nso sɛ ɛsɛ sɛ wɔko tia nkate mu a wofi tɔ ade​—biribi a wɔtɔ no ntɛm ara a wonsusuw nea wohia ne nea ebefi mu aba ho. Afei nso, sika ho nhyehyɛe bɛma ada adi sɛ sika a wofi pɛsɛmenkominya mu sɛe no wɔ kyakyatow, tawanom, ne asanom bebree ho no ma abusua no sikasɛm sɛe, na ɛne Bible nnyinasosɛm ahorow nhyia.​—Mmebusɛm 23:​20, 21, 29-35; Romafo 6:​19; Efesofo 5:​3-5.

6. Kyerɛwnsɛm mu nokwasɛm ahorow bɛn na ɛboa wɔn a ɛsɛ sɛ wɔtra ase sɛ ahiafo no?

6 Na wɔn a ahokyere ma wodi hia no nso ɛ? Ade biako ne sɛ, wobetumi de asɛm ɛne sɛ ɔhaw a ɛwɔ wiase nyinaa yi bɛtra hɔ bere tiaa bi no akyekye wɔn werɛ. Wɔ wiase foforo a ɛrebɛn ntɛmntɛm no mu no, Yehowa beyi ohia ne nneɛma bɔne foforo a ɛma adesamma hu amanne no nyinaa afi hɔ. (Dwom 72:​1, 12-16) Ansa na ɔbɛyɛ saa no, sɛ nokware Kristofo di hia buroburoo mpo a, wɔn abam mmu koraa, efisɛ wɔwɔ Yehowa bɔhyɛ yi mu gyidi: “Merennyaw wo, nanso merempa wo da.” Enti, obi a ogye di no betumi de ahotoso aka sɛ: “Awurade ne me boafo, merensuro.” (Hebrifo 13:​5, 6) Wɔ nna a emu yɛ den yi mu no, Yehowa aboa n’asomfo wɔ akwan pii so bere a wɔde ne nnyinasosɛm ahorow bɔ wɔn bra na wɔde n’Ahenni di kan wɔ wɔn asetra mu no. (Mateo 6:​33) Wɔ mu bebree betumi adi ho adanse, aka ɔsomafo Paulo nsɛm yi: “Makokwaw ade biara ne ade nyinaa mu, ɔmee ne ɔkɔm, ne taamu ne hiadi; mitumi ade nyinaa yɛ, nea ɔhyɛ me den no mu.”​—Filipifo 4:​12, 13.

ADWUMA NO A MOBƐKYƐ

7. Yesu nsɛm bɛn na sɛ yɛde di dwuma a, ɛbɛboa ma yɛatumi ahwɛ yɛn fie so?

7 Ɛrekɔ Yesu asase so som adwuma no awiei no, ɔkae sɛ: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!” (Mateo 22:​39) Afotu yi a wɔde di dwuma wɔ abusua no mu no boa yiye wɔ ofie sohwɛ mu. Asɛm no ne sɛ, sɛ ɛnyɛ wɔn a wɔne yɛn te hɔ sɛ abusua​—okununom ne ɔyerenom, awofo ne mma​—ne yɛn yɔnkonom a wɔbɛn yɛn na wɔdɔ yɛn paa a, ɛnde na ɛyɛ henanom? Ɔkwan bɛn so na abusua mufo betumi ayi ɔdɔ adi akyerɛ wɔn ho wɔn ho?

8. Ɔkwan bɛn so na wobetumi ayi ɔdɔ adi akyerɛ wɔ abusua no mu?

8 Ɔkwan biako ne sɛ abusua no muni biara bɛyɛ ofie nnwuma no kakra a ɛfata. Enti, ɛho hia sɛ wɔkyerɛ mmofra ma wɔde nneɛma, sɛ ɛyɛ ntade anaa agode no, gu baabi a ɛsɛ sɛ wɔde gu bere a wɔde adi dwuma awie no. Ebetumi agye bere ne mmɔdenbɔ na wɔato mpa anɔpa biara, nanso ɛboa kɛse wɔ ofie sohwɛ mu. Nokwarem no, nneɛma betumi ayɛ basaa kakra, nanso mo nyinaa betumi abom ayɛ adwuma ma fie hɔ atew sɛnea ɛsɛ, na moasiesie hɔ bere a moadidi awie nso. Anihaw, ahopɛ, afoforo ho menasepɔw ne amemenemfe tumi haw obiara. (Mmebusɛm 26:​14-16) Nea ɛne eyi bɔ abira no, anigye ne ɔpɛ honhom ma abusua asetra a anigye wom nya nkɔanim. “Nea ɔtew n’anim ma no na Onyankopɔn dɔ no.”​—2 Korintofo 9:7.

9, 10. (a) Adwuma bɛn na ɛtaa da ɔbea so wɔ fie hɔ, na ɛbɛyɛ dɛn na atumi ayɛ hare ama no? (b) Ofie adwuma ho adwene a ɛkari pɛ bɛn na wɔhyɛ ho nyansa?

9 Nneɛma ho a wosusuw ne ɔdɔ bɛboa ma wɔakwati tebea bi a ɛyɛ ɔhaw a emu yɛ den wɔ afie bi mu. Efi tete no, ɛnanom ne wɔn a wɔhwɛ fie titiriw. Wɔhwɛ mmofra no, siesie fie hɔ, horo abusua no nneɛma, na wɔtɔ aduan noa. Wɔ nsase bi so no, mmea taa yɛ afumdwuma, tɔn nnɔbae wɔ gua so, anaa wɔboa ma abusua no nya sika wɔ akwan foforo so. Wɔ baabi a na wɔnyɛ saa mpo no, ohia ama mmea awarefo ɔpepem pii ahwehwɛ adwuma wɔ kurom. Ɔyere ne ɛna a ɔyɛ adwuma denneennen wɔ mmeae horow yi fata nkamfo. Te sɛ “ɔyepa” a wɔka ne ho asɛm wɔ Bible mu no, ɔyɛ nsi bere nyinaa. “Onni anihaw aduan.” (Mmebusɛm 31:​10, 27) Nanso, eyi nkyerɛ sɛ ɔbea nkutoo ne obi a obetumi ayɛ adwuma wɔ fie hɔ. Bere a okunu ne ɔyere nyinaa ayɛ adwuma da mũ nyinaa wɔ kurom no, so ɛsɛ sɛ ɔbea no nkutoo yɛ fie hɔ nnwuma nyinaa bere a ne kunu ne abusua no mufo a aka no gye wɔn ahome? Dabida. (Fa toto 2 Korintofo 8:​13, 14 ho.) Enti, sɛ nhwɛso no, sɛ ɛna no rebɛnoa aduan, na abusua no mufo afoforo boa no wɔ ne yɛ mu denam ɔpon a wɔtow, nneɛma no bi a wɔkɔtotɔ, ne fie hɔ a wosiesie kakra no so a, obetumi akyerɛ ho anisɔ. Yiw, wɔn nyinaa betumi akyɛ asɛyɛde no.​—Fa toto Galatifo 6:2 ho.

10 Ebia ebinom bɛka sɛ: “Wɔ baabi a mete no, ɔbarima nyɛ saa nneɛma no.” Ebetumi ayɛ nokware, nanso ɛrenyɛ papa sɛ wobesusuw asɛm yi ho kakra? Bere a Yehowa Nyankopɔn hyehyɛɛ abusua no, wanhyɛ sɛ mmea nkutoo bɛyɛ nnwuma bi. Bere bi a Yehowa bɔfo titiriw bi bɛsraa ɔbarima nokwafo Abraham no, n’ankasa nyaa aduan a wɔyɛ maa ahɔho no mu kyɛfa. (Genesis 18:​1-8) Bible no tu fo sɛ: “Ɛsɛ okununom sɛ wɔdɔ wɔn ankasa wɔn yerenom sɛ wɔn ankasa nipadua.” (Efesofo 5:​28) Sɛ edu anwummere na okunu no abrɛ na ɔpɛ sɛ ɔhome a, entumi mma sɛ ɔyere no te nka saa ara, ebia wabrɛ sen ɔno mpo? (1 Petro 3:7) Ɛnde, so ɛmfata na ɛnkyerɛ ɔdɔ sɛ okunu no bɛboa wɔ fie?​—Filipifo 2:​3, 4.

11. Ɔkwan bɛn so na Yesu yɛɛ nhwɛso pa maa abusua muni biara?

11 Yesu na ɔyɛ nhwɛso a ɛsen biara sɛ obi a ɔsɔɔ Onyankopɔn ani na ɔmaa n’ayɔnkofo ani gyei. Ɛwom sɛ Yesu anware da de, nanso ɔyɛ nhwɛso pa ma okununom, ne ɔyerenom ne mma nso. Ɔkaa n’ankasa ho asɛm sɛ: “Onipa ba no amma sɛ wɔnsom no, na ɔbɛsomee,” kyerɛ sɛ ɔbɛsom afoforo. (Mateo 20:​28) Anigye bɛn ara na mmusua a emufo nyinaa nya saa su no wɔ sɛɛ yi!

AHOTEW​—DƐN NTI NA ƐHO HIA SAA?

12. Dɛn na Yehowa hwehwɛ fi wɔn a wɔsom no no hɔ?

12 Yehu Bible nnyinasosɛm foforo a ebetumi aboa wɔ ofie sohwɛ mu wɔ 2 Korintofo 7:1. Yɛkenkan wɔ hɔ sɛ: “Momma yɛnhohoro yɛn ho mfi ɔhonam ne honhom mu fi nyinaa mu.” Yehowa a ɔhwehwɛ “onyamesom a ɛho tew na ɛho nni fĩ” no gye wɔn a wodi saa asɛm a efi honhom mu yi so no tom. (Yakobo 1:​27) Na wɔn fiefo nya mfaso horow a ɛbata ho no.

13. Dɛn nti na ahotew ho hia wɔ ofie sohwɛ mu?

13 Sɛ nhwɛso no, Bible no ma yɛn awerɛhyem sɛ da bi bɛba a ɔyare rentra hɔ bio. Saa bere no, “ɔmanfo no mu bi renka sɛ: Magurow!” (Yesaia 33:​24; Adiyisɛm 21:​4, 5) Nanso, ansa na saa bere no bɛba no, ɛsɛ sɛ abusua biara di ɔyare ho dwuma wɔ bere ne bere mu. Paulo ne Timoteo mpo yaree. (Galatifo 4:​13; 1 Timoteo 5:​23) Nanso, nnuruyɛfo a waben ka sɛ nyarewa dodow no ara yɛ nea yebetumi asiw ano. Sɛ mmusua a wonim nyansa kwati honam ne honhom mu fĩ a, nyarewa bi a wobetumi asiw ano nyɛ wɔn. Ma yensusuw ɔkwan a wɔfa so yɛ saa no ho.​—Fa toto Mmebusɛm 22:3 ho.

14. Ɔkwan bɛn so na abrabɔ fam ahotew betumi abɔ abusua no ho ban wɔ ɔyare ho?

14 Abrabɔ mu ahotew ka honhom fam ahotew ho. Sɛnea yenim no yiye no, Bible hyɛ abrabɔ gyinapɛn a ɛkorɔn ho nkuran na ɛkasa tia aware akyi nna biara. “Nguaman . . . ne awaresɛefo ne ahodomfo ne mmarima a wɔne wɔn ho da . . . rennya Onyankopɔn ahenni no.” (1 Korintofo 6:​9, 10) Gyinapɛn yi a ɛsɛ sɛ wodi so pɛpɛɛpɛ no ho hia yiye ma Kristofo a wɔte nnɛ wiase a asɛe yi mu no. Saayɛ sɔ Onyankopɔn ani, na ɛboa bɔ abusua no ho ban nso wɔ nyarewa a wonya fi nna mu te sɛ, AIDS, kekae, babaso, ne ɔyare bi a ɛte sɛ odepua ho.​—Mmebusɛm 7:​10-23.

15. Fa honam fam fĩ a ebetumi ama wɔanya ɔyare a wotumi kwati ho nhwɛso ma.

15 ‘Hohoro a obi hohoro ne ho fi honam mu fi biara ho’ no boa ma wɔbɔ abusua no ho ban fi nyarewa foforo ho. Ɔhonam mu fĩ na ɛde nyarewa pii ba. Nhwɛso titiriw ne tawanom. Ɛnyɛ sɛ tawanom ma efĩ ba ahurututu mu, pampan ba ntade mu, mframa sɛe ankasa nko, na mmom ɛma nnipa yare nso. Nnipa ɔpepem pii wuwu afe biara esiane tawa a wɔnom nti. Susuw ho hwɛ; sɛ wɔkwati nea ‘egu ɔhonam ho fĩ’ a, anka afe biara nnipa ɔpepem pii renyare nwu ɔpatuwu!

16, 17. (a) Mmara bɛn na Yehowa de mae de bɔɔ Israelfo ho ban fii nyarewa bi ho? (b) Ɔkwan bɛn so na wobetumi de nnyinasosɛm a Deuteronomium 23:​12, 13 gyina so no adi dwuma wɔ afie nyinaa mu?

16 Susuw nhwɛso foforo ho. Bɛyɛ mfe 3,500 a atwam ni no, Onyankopɔn de ne Mmara maa Israel man na ama wɔahyehyɛ wɔn som, na wɔde abɔ wɔn bra akosi baabi da biara da. Saa Mmara no boa ma wɔbɔɔ ɔman no ho ban wɔ ɔyare ho denam ahotew ho ahyɛde atitiriw bi a ɛde mae so. Na saa mmara no biako fa tiafi a wɔtow gu, a na ɛsɛ sɛ wɔkata so yiye wɔ nsra no akyi na ama baabi a nnipa te no atew ho. (Deuteronomium 23:​12, 13) Saa tete mmara no da so ara yɛ afotu pa. Ɛnnɛ mpo nkurɔfo yare na wowuwu esiane sɛ wonni so nti. *

17 Nea ɛne nnyinasosɛm a saa Israelfo mmara no gyina so hyia no, ɛsɛ sɛ wɔma abusua no aguaree ne tiafi no so tew​—sɛ ebia ɛwɔ ofie no mu anaa akyi​—na wɔde nnuru a ekum mmoawa petepete hɔ. Sɛ yɛamma tiafi no so antew na yɛankata so a, nwansena bebree bɛba hɔnom na wɔama ɔyare mmoawa akɔ ofie no mmeae foforo​—ne nnuan a yedi no mu! Afei nso, ɛsɛ sɛ mmofra ne mpanyimfo hohoro wɔn nsa bere a wɔakɔ hɔ aba no. Anyɛ saa a, wɔde ɔyare mmoawa a wɔakɔ wɔn ho no befi hɔ aba. Sɛnea Franseni duruyɛfo bi kyerɛ no, nsahohoro “da so ara yɛ akwan a eye paa a wɔfa so siw yafunu, ɔhome anaa honam ani nyarewa bi ano no mu biako.”

Nneɛma a wobɛma ho atew bo nyɛ den te sɛ aduru a wobɛtɔ

18, 19. Nyansahyɛ ahorow bɛn na wɔde ama na ama yɛn fie atew wɔ ahiafo atrae mpo?

18 Nokwarem no, ahotew nna fam wɔ ahiafo atrae. Obi a onim saa mmeae no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Wim a ɛyɛ hyew paa no ma adwuma a wɔyɛ de tew hɔnom no yɛ den dodo. Mframa mu nhwea ma tutuw kɔhyehyɛ ofie no mu tokuru biara mu. . . . Nnipa a wɔredɔɔso wɔ nkurow akɛse ne nketewa mu de akwahosan ho nsɛnnennen nso ba. Nsufi a ɛfa kurom, nwura bebree a wɔnsesaw, ɔmanfo tiafi a ɛso ntew, akisi a wɔma yare, ntɛfrɛw, ne nwansena abu so.”

19 Ɛyɛ den sɛ obi bekura ahotew mu wɔ tebea horow yi mu. Nanso, mmɔden a yɛbɛbɔ no fata. Samina ne nsu ne adwuma kakra a yɛbɛyɛ ho ka nyɛ kɛse sɛ aduru ne ayaresabea de. Sɛ wote baabi a ɛte saa a, yɛ nea ɛbɛyɛ yiye biara sɛ wobɛma w’ankasa wo fie mu ne ɛho atew a mmoa tiafi ngugu hɔ. Sɛ atɛkyɛ taa ba ɔkwan a wofa so kɔ wo fie so wɔ osutɔ bere mu a, wubetumi de anhwea anaa mmosea agugu so na amma atɛkyɛ amma fie hɔ? Sɛ obi hyɛ mpaboa a, obetumi ayi agu hɔ ansa na wahyɛn fie hɔ? Afei nso, ɛnsɛ sɛ woma efĩ ba wo nsu mu. Wobu akontaa sɛ anyɛ yiye koraa no nyarewa a nsufi ne efĩ de ba kunkum nnipa ɔpepem abien afe biara.

20. Sɛ ofie hɔ bɛtew a, henanom na ɛsɛ sɛ wɔkyɛ asɛyɛde no?

20 Ofie a emu tew gyina obiara so​—ɛna, agya, mma, ne ahɔho. Ɛna bi a ɔwɔ mma baawɔtwe a ɔwɔ Kenya kae sɛ: “Yɛn nyinaa asua sɛ yɛbɛyɛ yɛn fam de.” Ofie a emu tew ma wɔka abusua mũ no nyinaa ho asɛmpa. Spaniafo bu bɛ bi sɛ: “Asɛm biara nni ohia ne efĩ ntam.” Sɛ ebia obi te ofie kɛse anaa kyɛkyɛwa anaa ɔsese mu no, ahotew na ɛma abusua no nya apɔwmuden.

NKURANHYƐ MA YENYA NKƆSO

21. Nea ɛne Mmebusɛm 31:​28 hyia no, dɛn na ɛbɛboa ma anigye aba ofie?

21 Bere a Mmebusɛm nhoma no reka ɔyere pa ho asɛm no, ɛka sɛ: “Ne mmabanin sɔre, na wɔfrɛ no nhyira, ne kunu nso, oyi no ayɛ sɛ.” (Mmebusɛm 31:​28) Bere bɛn na etwa to a wokamfoo w’abusua no muni bi? Nokwarem no, yɛte sɛ fefɛw bere mu afifide a ɛrebɛpae nhwiren bere a enya ɔhyew ne nsu no. Yɛn de, yehia ɔhyew a efi nkamfo mu no. Ɛboa ɔyere sɛ obehu sɛ ne kunu ani sɔ n’adwumaden ne ɔdɔ a ɔde hwɛ no no, na ne kunu mmu no abomfiaa. (Mmebusɛm 15:​23; 25:​11) Na sɛ ɔyere kamfo ne kunu wɔ adwuma a ɔyɛ wɔ kurom ne fie no ho a, ɛyɛ anigye. Mmofra nso nya nkɔso bere a wɔn awofo kamfo wɔn wɔ wɔn mmɔdenbɔ wɔ fie, sukuu, anaa Kristofo asafo mu ho no. Na hwɛ nneɛma bebree a anisɔ kakraa bi tumi yɛ! Dɛn na egye na woaka sɛ: “Meda wo ase”? Ɛnyɛ ahe biara, nanso ebetumi ahyɛ abusua no mpamden kɛse.

22. Dɛn na ehia na ofie “agyina,” na wɔbɛyɛ dɛn atumi anya eyi?

22 Esiane ntease pii nti, ofie sohwɛ nna fam. Nanso, wubetumi ayɛ ma ayɛ yiye. Bible mu bɛ bi ka sɛ: “Wɔde nyansa na esi dan, na wɔde nhumu ma egyina.” (Mmebusɛm 24:3) Sɛ abusua no mufo nyinaa bɔ mmɔden sɛ wobesua Onyankopɔn apɛde na wɔde adi dwuma wɔ wɔn asetra mu a, wobetumi anya nyansa ne nhumu. Akyinnye biara nni ho sɛ mmɔden biara a yɛbɛbɔ anya abusua mu anigye no ho hia!

^ nky. 16 Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no ka wɔ nhoma bi a ɛka sɛnea wɔkwati ayamtu​—ɔyare bi a abu so a ekunkum nkokoaa pii​—no mu sɛ: “Sɛ tiafi biara nni hɔ a: kogya w,anan wɔ mfikyiri wɔ mmeae a mmofra nni agoru wɔ hɔ, anyɛ yiye koraa baabi a ɛne nsu ntam kwan yɛ mita 10; fa dɔte kata tiafi no so.”