Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 1

Ahintasɛm Bi a Yɛn Ani Gye Ho sɛ Yebehu

Ahintasɛm Bi a Yɛn Ani Gye Ho sɛ Yebehu

So obi aka ahintasɛm bi akyerɛ wo pɛn? * Bible ka ahintasɛm soronko bi ho asɛm. Wɔfrɛ no “ahintasɛm kronkron.” Ɛyɛ kronkron efisɛ efi Onyankopɔn hɔ. Nea enti a wɔfrɛ no ahintasɛm ne sɛ na onipa biara nnim ho asɛm. Ná abɔfo mpo pɛ sɛ wohu ɛho nsɛm pii. So wopɛ sɛ wuhu saa ahintasɛm no?

Sɛ wohwɛ a, dɛn na abɔfo no pɛ sɛ wohu?

Bere tenteenten bi a atwam no, Onyankopɔn bɔɔ ɔbarima ne ɔbea a wodi kan. Ná wɔfrɛ wɔn Adam ne Hawa. Onyankopɔn maa wɔn fie fɛfɛ bi. Ná wɔfrɛ hɔ Eden turom. Sɛ Adam ne Hawa tiee Onyankopɔn asɛm a, anka wɔne wɔn mma betumi ama asase nyinaa ayɛ paradise te sɛ saa turo no. Anka wobetumi atena Paradise hɔ daa. Nanso, wokae nea Adam ne Hawa yɛe no?

Adam ne Hawa antie Onyankopɔn asɛm; ɛno nti na ɛnnɛ yɛnte Paradise no. Nanso, Onyankopɔn kae sɛ, ɔbɛyɛ asase nyinaa fɛfɛɛfɛ. Ɔbɛma obiara atena ase daa ma n’ani agye. Ná ɔbɛyɛ dɛn ayɛ saa? Bere tenten bi a atwam no, na onipa biara nnim ho asɛm. Ná ɛyɛ ahintasɛm.

Bere a Yesu baa asase so no, ɔkaa saa ahintasɛm yi ho nsɛm pii kyerɛɛ nkurɔfo. Ɔkae sɛ, ɛfa Onyankopɔn Ahenni ho. Yesu kae sɛ yɛmmɔ mpae mma saa Ahenni no mmra. Ahenni no bɛma asase ayɛ paradise fɛfɛɛfɛ.

So wopɛ paa sɛ wuhu saa ahintasɛm no?Kae sɛ, wɔn a wotie Yehowa asɛm nkutoo na wɔbɛtena Paradise. Mmarima ne mmea pii a wotiee Yehowa asɛm ho nsɛm wɔ Bible mu. So wopɛ sɛ wote wɔn ho nsɛm?Ma yensua wɔn mu bi ho ade, na yɛnhwɛ nea yebetumi ayɛ de asuasua wɔn.

^ nky. 3 Wɔ nhomawa yi mu nyinaa no, wubehu sɛ wɔde saa ahyɛnsode yi (—) ahyɛ nsɛmmisa no bi awiei. Sɛ wudu hɔ a, twɛn kakra, na ma wo ba no mma mmuae.