Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 2

Ná Rebeka Pɛ sɛ Ɔma Yehowa Ani Gye

Ná Rebeka Pɛ sɛ Ɔma Yehowa Ani Gye

Rebeka yɛ ɔbea a na ɔdɔ Yehowa. Ná ne kunu din de Isak. Ná Isak nso dɔ Yehowa. Ɛyɛɛ dɛn na Rebeka huu Isak? Dɛn na Rebeka yɛe a ɛma yehu sɛ na ɔpɛ sɛ ɔma Yehowa ani gye? Ma yensua ne ho nsɛm pii.

Abraham ne Sara na wɔwoo Isak. Ná wɔte Kanaan asase so. Ná Kanaanfo no nsom Yehowa. Nanso, na Abraham pɛ sɛ ne ba no ware ɔbea a ɔsom Yehowa. Enti Abraham somaa n’akoa sɛ ɔnkɔ Haran nkɔhwehwɛ ɔyere mma Isak. Ɛbɛyɛ sɛ Elieser na ɔsomaa no. Haran na na Abraham abusuafo binom te.

Ná Rebeka ani gye ho sɛ ɔbɛyere ne ho asaw nsu ama yoma no

Elieser ne Abraham nkoa foforo na ɛkɔe. Ná ɔkwan no ware paa. Wɔde yoma du a wɔsõsõ nnuan ne akyɛde ahorow kɔe. Ná ɛbɛyɛ dɛn na Elieser ahu ɔbea a ɔfata sɛ Isak ware no? Bere a Elieser ne nkoa foforo a wɔka ne ho no duu Haran no, wokogyinaa abura bi ho, efisɛ na Elieser nim sɛ ɛrenkyɛ nkurɔfo bɛba hɔ abɛsaw nsu. Ɔbɔɔ Yehowa mpae, na ɔkae sɛ: ‘Sɛ mesrɛ ababaa bi nsu na ɔma me ne me yoma no nsu no bi nom a, mehu sɛ ɔno ne ɔbea a woapaw no ama me.’

Ankyɛ na ababaa bi a wɔfrɛ no Rebeka baa abura no ho. Bible ka sɛ na ne ho yɛ fɛ paa. Elieser srɛɛ no nsu, na ɔkae sɛ: ‘Oo, mɛma wo bi. Mɛma wo nsu no bi, na mɛkɔ akɔsaw bi ama wo yoma no nyinaa nso.’ Wo de, twa ho mfonini hwɛ! Yoma a sukɔm de wɔn nom nsu paa. Enti Rebeka tuu mmirika kɔɔ abura no ho mpɛn pii kɔsaw nsu brɛɛ wɔn. Sɛ wohwɛ mfonini no a, so wuhu sɛnea Rebeka ayere ne ho rema yoma no nsu no?Ɛyɛɛ Elieser nwonwa sɛ Yehowa atie ne mpaebɔ saa.

Elieser de akyɛde pii a ɛyɛ fɛ maa Rebeka. Ɔno nso de Elieser ne nkoa foforo a wɔka ne ho no kɔɔ fie. Elieser kaa nea enti a Abraham somaa no ne sɛnea Yehowa atie ne mpaebɔ no kyerɛɛ Rebeka abusuafo. Rebeka abusuafo no ani gyee ho sɛ wɔde no bɛma Isak aware.

Rebeka ne Elieser kɔɔ Kanaan, na ɔwaree Isak

Sɛ wohwɛ a, na Rebeka ani gye ho sɛ ɔbɛware Isak anaa?Ná Rebeka nim sɛ Yehowa na asoma Elieser. Enti, bere a Rebeka abusuafo bisaa no sɛ ɔbɛkɔ Kanaan akɔware Isak anaa no, ɔkae sɛ: ‘Yiw, mɛkɔ.’ Ntɛm ara na ɔne Elieser siim kɔe. Bere a woduu Kanaan no, ɔwaree Isak.

Esiane sɛ Rebeka yɛɛ nea Yehowa pɛ sɛ ɔyɛ nti, Yehowa hyiraa no. Mfe pii akyi no, wɔwoo Yesu wɔ Rebeka abusua mu! Sɛ wusuasua Rebeka na woma Yehowa ani gye a, obehyira wo nso.

KENKAN FI WO BIBLE MU