Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

CreativeDesignArt/DigitalVision Vectors via Getty Images

MONKƆ SO NWƐN!

Abibifo, Aborɔfo, Ne Nnipa a Aka Nyinaa—Da Bɛn Na Obiara Begye Atom Sɛ Ɔnkyɛn Ne Yɔnko?—Dɛn Na Bible Ka?

Abibifo, Aborɔfo, Ne Nnipa a Aka Nyinaa—Da Bɛn Na Obiara Begye Atom Sɛ Ɔnkyɛn Ne Yɔnko?—Dɛn Na Bible Ka?

 Nnipa bebree nyae a, anka abibifo ne aborɔfo ne nnipa a aka nyinaa, obiara mmu ne ho sɛ ɔkyɛn ne yɔnko. Nanso ɛnyɛ saa na ɛte wɔ wiase nnɛ.

  •   “Wiase baabiara a wobɛkɔ no, ebinom bu wɔn ho sɛ wɔyɛ nnipa kyɛn afoforo esiane baabi a wɔfi anaa kasa a wɔka nti. Saa ade yi rekɔ so wɔ nnwumakuw mu, akuwakuw ahorow mu, ne baabiara a nnipa wɔ, na ayɛ sɛ awuduru a ɛresɛe nneɛma paa. Ɛma nkurɔfo sisi wɔn yɔnko nnipa daa.”—António Guterres, Amanaman Nkabom no kyerɛwfo panyin.

 Abibifo ne aborɔfo ne nnipa a aka nyinaa, bere bi bɛba a obiara begye atom sɛ ɔnkyɛn ne yɔnko anaa? Dɛn na Bible ka?

Sɛn na Onyankopɔn bu nnipa nyinaa ɛmfa ho baabi a wɔfi?

 Bible ma yehu sɛnea Onyankopɔn bu abibifo ne aborɔfo ne nnipa ahorow nyinaa. Bible ka sɛ:

  •   “[Onyankopɔn maa] aman nyinaa mu nnipa fii onipa baako mu sɛ wɔntena asaase nyinaa so.”—Asomafo Nnwuma 17:26.

  •   “Onyankopɔn nyiyi nnipa mu, na mmom ɔman biara mu no, onipa a osuro no na ɔyɛ nea ɛteɛ no, ogye no tom.”—Asomafo Nnwuma 10:34, 35.

 Bible ma yehu sɛ nnipa nyinaa yɛ abusua baako, na sɛ obi yɛ bibini oo, buroni oo, ofi he oo, Onyankopɔn gye no tom.

Daakye obiara remmu ne ho sɛ ɔkyɛn ne yɔnko. Dɛn na ɛbɛma aba saa?

 Onyankopɔn Ahenni a ɛyɛ aban bi a ɛwɔ soro no na ɛbɛma nnipa nyinaa ayɛ pɛ daakye; obiara remmu ne ho sɛ ɔkyɛn ne yɔnko. Saa aban no bɛkyerɛ nkurɔfo sɛnea wɔne wɔn yɔnko nnipa bɛtena yiye. Sɛ obi bu ne ho sɛ ɔkyɛn afoforo anaa ɔba fam sen afoforo a, saa bere no obehu sɛnea obeyi saa atenka no afi ne mu.

  •   “Asaase sofo [besua] adetrenee.”—Yesaia 26:9.

  •   “Nokware trenee de asomdwoe bɛba, na aba a nokware trenee bɛsow bɛyɛ kommyɛ ne ahotɔ akosi daa.”—Yesaia 32:17.

 Ɛnnɛ, nnipa ɔpepem pii resua Bible, na ɛreboa wɔn ama wɔahu sɛnea wɔbebu wɔn yɔnko nnipa na wɔadi wɔn ni.