Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Anadwo a Ɛsɛ sɛ Wokae—Kwasida, April 4, 2004

Anadwo a Ɛsɛ sɛ Wokae—Kwasida, April 4, 2004

Anadwo a Ɛsɛ sɛ WokaeKwasida, April 4, 2004

ANADWO ansa na Yesu Kristo rewu no, ɔde ne wu ho Nkaedi no sii hɔ. Bere a Yesu ne n’asuafo no hyiaam wɔ adidi ketewaa bi ase na ɔde bobesa ne abodoo a mmɔkaw nnim yɛɛ nsɛnkyerɛnne no, ɔhyɛɛ wɔn sɛ: “Monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae.”—Luka 22:19.

Yehowa Adansefo de anigye to nsa frɛ wo sɛ bɛka wɔn ho na wo ne wɔn nni afe afe Nkae yi. Afe yi yɛbɛhyɛ saa ade yi ho fa Kwasida, April 4, bere a owia akɔtɔ, a ɛne Bible mu ɔsram Nisan 14 hyia no. Yɛsrɛ sɛ bisa Yehowa Adansefo a wɔwɔ mo mpɔtam hɔ ma wɔnkyerɛ wo beae pɔtee ne bere a wɔbɛyɛ no.