Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Biribi a Eye Sen Ɔsesɛw

Biribi a Eye Sen Ɔsesɛw

Biribi a Eye Sen Ɔsesɛw

SƐ DUA bi sow aba bɔne a, twa a wobetwitwa nnubaa no bi ara kɛkɛ no ntumi mma ennyae aba bɔne sow. Ɛsɛ sɛ wotwa dua no kyene na wotu ne nhini fi asase no mu. Ɛsɛ sɛ wɔtɛw dua foforo, nea ɛsow aba pa.—Mateo 7:16-20.

Saa ara na ɛte, asesɛwfo a wɔwɔ botae pa bi si wɔn anim no mpo sosɔw ɔhaw ahorow a adesamma abusua hyia no ho ara kɛkɛ—ɔporɔwee, ntɛnkyea, ohia ne dwowtwa. Nanso nea ɛde ba no ankasa wɔ hɔ. Nea ehia ankasa ne sɛ wɔbɛsakra biribiara. Bible hyɛ eyi ho bɔ.

Onyankopɔn Ahenni yɛ ɔsoro nniso a ɛbɛyɛ pii asen sɛ ɛde nsakrae kakra bi bɛba adesamma abusua mu ara kwa. Saa nniso no de nhyehyɛe foforo koraa a wɔde bedi nnipa nsɛm ho dwuma de aka adesamma nyinaa abom ahyɛ ne tumidi ase no bɛba. Nniso yi bedi nneɛma bi te sɛ nhomasua, adwumayɛ, adan, aduan pa, akwahosan ne abɔde a atwa yɛn ho ahyia ho dwuma.

Dwom 72:12-14 kyerɛkyerɛ nea Mesia Ahenni no bɛyɛ ama adesamma wɔ nkɔmhyɛ kwan so no mu sɛ: “Obegye ohiani a osu frɛ no, ne ɔmanehunufo a onni boafo. Ɔbɛkora ɔbrɛfo ne ohiani so, na wagye ahiafo kra nkwa. Obegye wɔn kra afi nhyɛso ne atirimɔdensɛm mu.”

Nanso sɛ ɔporɔwee, ntɛnkyea ne ohia befi asetram koraa a, ɛnde na ɛnyɛ nniso no nkutoo na ɛbɛsakra na mmom ɛsɛ sɛ ɔmanfo no nso sakra. Ne saa nti, Ahenni no de akwankyerɛ bɛma ankorankoro na ama wɔn asetra ayɛ anigye, na wɔanya atirimpɔw ne abotɔyam. Bible hyɛ bɔ sɛ Onyankopɔn Ahenni no bɛboa ne manfo a wɔbɛtra asase so no ma wɔn ankasa ayɛ nsakrae. Ɛbɛyɛ dɛn atumi aba saa?

Ahenni no bɛkyerɛkyerɛ ne manfo Yehowa Nyankopɔn akwan, na aboa wɔn ma wɔanya gyidi ne ɔdɔ. (Yesaia 11:9) Onyankopɔn ho dɔ kanyan koma no ma ɛyɛ ade. Sɛ nhwɛso no, wɔ afeha a edi kan no mu no, Yesu hyiaa Sakeo, towgyeni panyin a na ɔbɔ apoo gye sika hyɛ ne ho denam tow akɛse a na ɔma nnipa tua no so. Yesu anhyɛ towgyeni panyin opoobɔfo yi aniwu sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛsakra n’akwan. Mmom no, Yesu boaa Sakeo ma ohuu n’ankasa mfomso ma ɔsakrae. Onyankopɔn ho nokware nimdeɛ ne adwempa a Sakeo nyae no kaa no ma ɔyɛɛ nsakrae soronko.—Luka 19:1-10.

So ɛnyɛ ɛno ne ɔmanfo sintɔ ano aduru a eye kyɛn so? Ɛyɛ trenee nniso a eye koraa a ebedi adesamma nsɛm ho dwuma na ahyɛ ankorankoro nkuran ma wɔayɛ nsakrae wɔ wɔn akwan mu. So yebehia ɔsesɛw saa bere no? Yenhia bio, efisɛ na Onyankopɔn ayɛ nneɛma nyinaa foforo. Ná kan nneɛma no atwam.—Adiyisɛm 21:4, 5.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 10]

Ɛnyɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni bɛse- sɛw nneɛma nko na mmom ɛde nsakrae a edi mu bɛba

[Mfonini wɔ kratafa 11]

Bere a na Yesu wɔ asase so no, ɔboaa ankorankoro ma wɔyɛɛ nsakrae ahorow