Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mose—Onipa Anaa Anansesɛm?

Mose—Onipa Anaa Anansesɛm?

Mose—Onipa Anaa Anansesɛm?

WƆWOO Mose bere a na wɔde ahyɛde ama sɛ wonkunkum mmofra. Ofi abusua bi a wodi atutra a ɔkɔm nti, na wɔne wɔn agya Yakob, anaa Israel, atu abɛtra Misraim mu. Wɔne Misrifo no trae asomdwoe mu mfe pii. Nanso nsakrae bi a na wɔnhwɛ kwan bae. Abakɔsɛm mu amanneɛbɔ bi a wogye tom ka sɛ: “Ɔhene foforo bi . . . bedii Misraim so. Na ɔka kyerɛɛ ne man sɛ: Hwɛ, Israelfo no dɔɔso, na wɔn ho yɛ den sen yɛn. Momma yɛmpɛ nyansa kwan bi mfa wɔn mfa so, na wɔannɔɔso.” Dɛn na wɔbɔɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛyɛ? Na wɔpɛ sɛ wɔsɔw Israelfo dodow ano denam ‘nkoayɛ mu amane a wɔma wohui so.’ (Exodus 1:8-10, 13, 14) Nanso esiane sɛ na Israelfo awogyefo wɔ akokoduru nti, wɔkɔɔ so dɔɔso. Misraim hene no hyɛe sɛ: “Ɔbabanin biara a wɔbɛwo no no, monkɔtow no nkyene [Nil] asubɔnten no mu.”—Exodus 1:22.

Nanso Israelfo awarefo bi a wɔfrɛ wɔn Amram ne Yokebed de, “wɔansuro ɔhene mmara no.” (Hebrifo 11:23) Yokebed woo ɔbabanin bi a wɔkaa ne ho asɛm akyiri yi sɛ “na ne ho yɛ fɛ Onyankopɔn anim.” * (Asomafo no Nnwuma 7:20) Gyama wohui sɛ na abofra yi anya Onyankopɔn anim dom. Sɛnea ɛtɛ biara no, wɔamma wɔankum wɔn ba no. Wɔde wɔn ankasa nkwa too asiane mu sii gyinae sɛ wɔde no behintaw.

Asram abiɛsa akyi no, na Mose awofo ntumi nkora no so bio. Esiane sɛ na wonhu nea wɔnyɛ nti, wɔfaa adwene. Yokebed de abofra no too mmɛw adaka bi mu de no too Nil Asubɔnten ani. Na onnim sɛ ɔnam eyi so bɛma Mose abɛyɛ abakɔsɛm mu nnipa titiriw!—Exodus 2:3, 4.

Ɛyɛ Nsɛm a Esisii Ampa?

Nhomanimfo pii bɔ nsɛm yi gu sɛ ɛyɛ anansesɛm. Christianity Today nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Nokwasɛm a ɛwom ne sɛ wontutuu fam nyaa adanse pɔtẽẽ biara a ɛfa bere a Israelfo de traa Misraim ho.” Ɛwom sɛ ebia na wonni adanse pɔtẽẽ bi a aniwa tua de, nanso adanse pii wɔ hɔ a yebetumi agyina so aka sɛ nea Bible ka no yɛ nokware. James K. Hoffmeier a ɔyɛ Misrifo nneɛma ho ɔdenimfo ka wɔ ne nhoma Israel in Egypt (Israelfo wɔ Misraim) mu sɛ: “Tetefo nneɛma a wɔatutu fam ahu ama ada adi pefee sɛ, esiane wim tebea a na ɛma ɔpɛ si aman a ɛwowɔ Mediterranea asase no Apuei fam titiriw nti, na nnipa a wɔwɔ aman yi mu no taa kɔ Misraim . . . Ne saa nti, efi bɛyɛ 1800 kosi 1540 A.Y.B. no, na Misraim yɛ baabi a ɛhɔ ye ma Yudafo a na wɔwɔ Asia Atɔe fam no.”

Bio nso, wofi tete agye atom sɛ nsɛm a Bible ka faa Misrifo nkoayɛ ho no yɛ nokware. Moses—A Life (Mose asetra) nhoma no bɔ amanneɛ sɛ: “Ɛte sɛ nea tete Misrifo aboda mu mfonini bi a ɛkyerɛ sɛnea na nkoa bi de dɔte twa ntayaa a wɔtaa hwɛ so yɛ bi no foa nhyɛso a Israelfo faa mu wɔ wɔn nsam no so pefee.”

Sɛnea Bible no ka adaka ketewa a Yokebed yɛe no ho asɛm no nso yɛ nokware. Bible no ka sɛ wɔde mmɛw na ɛyɛe. Ɔbenfo Cook ka wɔ ne nhoma Commentary mu sɛ, “na Misrifo taa de yɛ ahyɛmma a emu yɛ hare.”

Bio nso, so ɛyɛ den sɛ wobegye adi sɛ ɔmampanyin bi de ahyɛde bɛma sɛ wonkunkum nkokoaa? Nhomanimfo George Rawlinson bɔ yɛn nkae sɛ: “Mmofra a wokunkum wɔn . . . akɔ so mpɛn pii wɔ mmeae ne bere horow mu a wommu no asɛnkɛse biara.” Nokwarem no, ɛnyɛ den sɛ obi bɛte mmofra kunkum a ɛyɛ awerɛhow saa ho asɛm nnɛ. Ebia nea Bible no kaa ho asɛm no bɛhaw adwene de, nanso ne nyinaa yɛ nokware.

Wogyee No Kɔɔ Farao Fie

Yokebed amfa ne ba no ankɔto hɔ annyaw no hɔ ara kɛkɛ. “Ɔde [adaka no] kɔtoo wura mu wɔ asu no ano.” Ɛda adi sɛ na ɛyɛ baabi a na onim sɛ obi behu. Na Farao babea taa guare wɔ ha. *Exodus 2:2-4.

Wohuu adaka ketewa no ntɛm ara. ‘Farao babea no buee so no, ohuu akokoaa no, na hwɛ, ɛyɛ abarimaa a ɔresu. Na ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ose: Hebrifo mma no bi ni.’ Enti Misrifo hene babea no sii gyinae sɛ ɔbɛfa no sɛ ne ba. Obiara nnim edin a akokoaa no awofo dii kan de too no. Ɛnnɛ, edin a ne maame foforo yi de too no no na wonim wɔ wiase nyinaa—Mose. *Exodus 2:5-10.

So ɛyɛ nwonwa sɛ yebesusuw sɛ Misrifo hene babea bɛfa abofra a ɔte saa? Dabi, efisɛ Misrifo som kyerɛkyerɛ sɛ ehia sɛ obi da ayamye adi na watumi akɔ soro. Ɛdefa gye a wogyee no ɔba ho no, Joyce Tyldesley a otutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu ka sɛ: “Na Misrifo mmea ne mmarima nyinaa yɛ pɛ. Wɔ nhoma mu no, na wɔn nyinaa wɔ hokwan biako wɔ mmara ne sikasɛm mu, ma enti . . . na mmea wɔ abagye hokwan.” Tete Mmɛw krataa bi ka abagye ho asɛm ankasa. The Anchor Bible Dictionary ka Mose maame a wɔfaa no sɛ ɔnhwɛ no no ho asɛm sɛ: “Tua a na wotua Mose maame ka ma ɔhwɛ no no . . . ne abayɛn ho nhyehyɛe a ɛte saa a na ɛkɔ so wɔ Mesopotamia no hyia.”

Afei a wɔagye no ɔba yi, so na wɔrenka nkyerɛ Mose koraa sɛ ɔyɛ Hebrini? Hollywood sini ahorow bi ama ayɛ sɛ na ɛte saa. Nanso Kyerɛwnsɛm no nka saa. Ne nuabea Miriam nam nyansakwan so yɛɛ nhyehyɛe maa Mose maame Yokebed ankasa hwɛɛ no. Ɛda adi pefee sɛ ɔbea a na osuro Onyankopɔn yi remfa nokwasɛm yi nkame ne ba no! Na esiane sɛ na tete no wɔma mmofra num kyɛ nti, Yokebed nyaa hokwan kyerɛkyerɛɛ Mose “Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn” ho ade. (Exodus 3:6) Onyankopɔn asɛm mu nkyerɛkyerɛ a Mose nya fii ne mmofraase no boaa no paa, efisɛ bere a wɔde no maa Farao babea no, “wɔkyerɛɛ Mose Misrifo nyansa nyinaa.” Abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus ka sɛ Mose nyin benyaa dibea sɛ ɔsahene wɔ wɔne Etiopia akodi bi mu, nanso yenni ho adanse biara. Nanso Bible no ka ampa sɛ na Mose yɛ “den wɔ ne nsɛm ne nneyɛe mu.” *Asomafo no Nnwuma 7:22.

Bere a Mose dii mfirihyia 40 no, ɛda adi sɛ na obetumi abɛyɛ Misraim kannifo a ɔwɔ din. Sɛ ɔkɔɔ so traa Farao fie a, anka obetumi anya tumi ne ahonyade. Saa bere yi na asɛm bi sii a ɛsakraa n’asetra.

Oguan Kɔ Midian

Da koro bi, Mose ‘hui sɛ Misrini bi reboro ne nuanom no mu bi a ɔyɛ Hebrini.’ Ná Mose anya hokwan de mfe pii atra Misraim sɛ obi a ɔyɛ Hebrini na ɔsan yɛ Misrini. Nanso bere a Mose hui sɛ ɔreboro Israelni bi atirimmɔden so no, ɛkaa no maa ɔyɛɛ ade kɔɔ akyiri. (Exodus 2:11) “Ɔpawee sɛ ɔne Nyankopɔn man behu amane mmom kyɛn sɛ ɔbɛte bɔne mu dɛw nna tiaa bi.”—Hebrifo 11:24, 25.

Mose peree ne ho yɛɛ ade traa so: “Ɔbɔɔ Misrini no ade kum no, na ɔde no siee nhwea mu.” (Exodus 2:12) Eyi nyɛ biribi a obi a “ɔwɔ koko bɔne” yɛe, sɛnea ɔkasatiafo bi kyerɛ no. Ɛda adi sɛ na ɔreda Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛne sɛ wobegye Israelfo afi Misraim nsam no mu gyidi adi—ɛwom sɛ na ɔredi mfomso de. (Genesis 15:13, 14) Gyama Mose dii mfomso susuwii sɛ ade a ɔyɛe no bɛkanyan ne nkurɔfo ma wɔatew atua. (Asomafo no Nnwuma 7:25) Nanso ne nsa sii fam efisɛ ne nuanom Israelfo no annye n’akanni no antom. Bere a Misrini a Mose kum no no ho asɛm duu Farao nkyɛn no, oguan kɔbɔɔ ne ho aguaa. Ɔkɔtraa Midian, na ɔwaree ɔbapɔmma bi a na odi atutra a wɔfrɛ no Yetro, babea Sipora.

Mose de mfirihyia 40 bɔɔ ne bra sɛ oguanhwɛfo a n’asetra nkyere so, na anidaso a na ɔwɔ sɛ ɔbɛyɛ ogyefo no ankosi baabiara. Nanso, da bi, ɔkaa Yetro nguan no kɔɔ baabi a ɛbɛn Bepɔw Horeb. Mose duu hɔ no, Yehowa bɔfo yii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ nkyɛkyerɛ bi a na ɛredɛw mfinimfini. Twa tebea no ho mfonini hwɛ. Onyankopɔn hyɛ sɛ: “Koyi me man Israelfo no fi Misraim.” Nanso bere a Mose rebua Onyankopɔn no, na onnye ne ho nni. Ɔsrɛ sɛ: “Hena ne me a merekɔ Farao nkyɛn makoyi Israelfo afi Misraim?” Na mpo ɔdaa ne sintɔ bi a wɔn a woyi sini no akata so adi: Ɛda adi sɛ na ɔpo dodo paa. Hwɛ sɛnea Mose da nsow koraa wɔ tete anansesɛm mu nnipa ahorow ho! Na mfe 40 a ɔde ahwɛ nguan no ama ɔbarima yi adan ɔhobrɛasefo koraa. Ɛwom sɛ na Mose nhu nea obetumi ayɛ de, nanso na Onyankopɔn wɔ ne mu ahotoso sɛ ɔfata sɛ ɔkannifo!—Exodus 3:1–4:20.

Ogye a Wonya Fii Misraim

Mose fii Midian kogyinaa Farao anim ka kyerɛɛ no sɛ ɔmma Onyankopɔn nkurɔfo mfi Misraim nkɔ. Bere a ɔhene a wapirim ne koma no ampene no, ɔhaw akɛse du baa Misraim so. Bere a ɔhaw a ɛto so du no maa Misrifo abakan wuwui no, afei Farao a animguase aka no no gyaee Israelfo no.—Exodus, ti 5-13.

Akenkanfo pii nim nsɛm a esisii yi. Nanso yemmisa sɛ, emu bi yɛ abakɔsɛm ankasa? Ebinom gye kyim sɛ esiane sɛ wɔammɔ Farao * ko no din nti, asɛm no yɛ anansesɛm. Nanso Hoffmeier a yedii kan faa n’asɛm kae no kyerɛ sɛ, Misrifo akyerɛwfo boapa yiyii Farao atamfo din fii wɔn nkyerɛwee mu. Ɔka sɛ: “Akyinnye biara nni ho sɛ abakɔsɛm akyerɛwfo rentumi nnye ako a Thutmose III dii wɔ Megido no ho kyim esiane sɛ wɔanyɛ Kades ne Megido ahemfo din ho kyerɛwtohɔ nti.” Hoffmeier kyerɛ sɛ wɔammɔ Farao no din esiane “ɔsom mu gyidi bi nti.” Ade biako ne sɛ, Farao din a wɔammɔ no ma wɔtwe adwene si Onyankopɔn so, na ɛnyɛ Farao.

Ne saa mpo no, akasatiafo no nnye nni sɛ Yudafo dɔm pii saa na wofii Misraim. Nhomanimfo Homer W. Smith ka sɛ, sɛ ɛdɔm saa fii Misraim a, “anka wobenya ho nsɛm pii wɔ Misraim anaa Siriafo abakɔsɛm mu . . . Ɛda adi paa sɛ ɛyɛ nnipa kuw ketewa bi a wofii Misraim kɔɔ Palestina ho asɛm na woguguu mu de kaa fi a Israelfo nyinaa fii Misraim ho asɛm no.”

Ɛyɛ nokware sɛ wonnyaa Misrifo kyerɛwtohɔ biara a ɛfa asɛm a esii yi ho. Nanso ɛnyɛ ade a Misrifo ntumi nyɛ sɛ wobeyi asɛm bi a ɛhyɛ wɔn aniwu anaa etia wɔn amammuisɛm afi wɔn abakɔsɛm ho kyerɛwtohɔ mu. Bere a Thutmose III bedii ade no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛpopa nea obedii n’ade, Hatshepsut ho nsɛm nyinaa afi wɔn kyerɛwtohɔ mu. Misrifo nneɛma ho ɔdenimfo John Ray ka sɛ: “Wɔpopaa ne nkyerɛwee nyinaa, too afasu faa n’adum ho, na ne nkaedum biara anka. Ne din nni ɔman no abakɔsɛm a wɔkyerɛw no akyiri yi no mu.” Wɔabɔ mmɔden sɛ wɔbɛkora nsɛm so anaa wɔde nsɛm a ɛhyɛ aniwu besie wɔ yɛn bere yi mu nso.

Sɛ wonnyaa adanse biara wɔ Yudafo sare so akwantu no ho a, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ na wodi atutra. Wɔankyekye nkurow biara; na wɔanyɛ mfuw biara. Enti wonni hwee a wobegyina so de akae wɔn. Nanso yebetumi anya wɔn akwantu no ho adanse a edi mu wɔ Bible no mu. Wɔaka ho asɛm wɔ Kyerɛw Kronkron no mu nyinaa. (1 Samuel 4:8; Dwom 78; Dwom 95; Dwom 106; 1 Korintofo 10:1-5) Nea ehia titiriw no, Yesu Kristo nso de Yudafo no sare so akwantu no ho adanse mae.—Yohane 3:14.

Ɛnde na akyinnye biara nni ho sɛ, Mose ho asɛm a ɛwɔ Bible mu no yɛ nokware, ɛmfa ho sɛ ɔtraa ase mfe pii a atwam ni no. Nkɛntɛnso bɛn na Mose betumi anya wɔ yɛn asetra so nnɛ?

[Ase hɔ nsɛm]

^ Kyerɛ sɛ na “ne ho yɛ Onyankopɔn fɛ.” Sɛnea The Expositor’s Bible Commentary kyerɛ no, ɛnyɛ abofra no ahoɔfɛ nkutoo nti na ɛma wɔkaa ne ho asɛm saa, na mmom “ne komam tebea bɛka ho bi.”

^ Ɔbenfo Cook Commentary nhoma no ka sɛ, “na wɔtaa guare wɔ Nil asubɔnten mu wɔ tete Misraim. Na wɔsom Nil no sɛ asubɔnten a efi wɔn nyame Osiris hɔ, ma enti na ɛwɔ tumi soronko a ɛma nkwa ne awo.”

^ Nhomanimfo gye faako a edin no fi ho akyinnye. Wɔ Hebri mu no, edin Mose no kyerɛ “Sɛ́ Woyi Biribi; Sɛ́ Woyi Obi Fi Nsu Mu.” Abakɔsɛm kyerɛwfo Flavius Josephus kae sɛ Mose yɛ Misrifo nsɛmfua abien a wɔaka abom a ɛkyerɛ “nsu” ne “ogye.” Saa ara na ɛnnɛ nhomanimfo bi gye di sɛ edin Mose no fi Misraim, nanso wosusuw sɛ ɛbɛkyerɛ “Ɔbabanin.” Nanso akyinnyegye yi gyina sɛnea asɛmfua “Mose” ne Misrifo din ahorow bi nnyigyei hyia no so. Esiane sɛ obiara nnim sɛnea na wɔbɔ tete Hebri ne Misrifo nsɛmfua din ankasa nti, yɛrentumi mfa yɛn ho nto nsɛm yi so.

^ Israel in Egypt nhoma no ka sɛ: “Ɛte sɛ nea adwene a ɛne sɛ wɔtetee Mose wɔ Misraim ahemfie no yɛ anansesɛm no. Nanso sɛnea na ahemfie hɔ te saa bere no mu nhwehwɛmu a wɔayɛ no kyerɛ sɛ ɛnyɛ anansesɛm. Thutmose III na ofii ase ma wɔde Asia atɔe fam ahemfo mma baa Misraim ma wobesuaa Misrifo amammerɛ . . . Ne saa nti, na ahemfo mmabea ne mmabarima nyɛ ahɔho wɔ Misraim ahemfie.”

^ Abakɔsɛm akyerɛwfo bi ka sɛ, Farao a wɔkaa ne ho asɛm wɔ Exodus no ne Thutmose III. Afoforo nso ka sɛ ɛyɛ Amenhotep II, Ramses II, ne afoforo. Esiane sɛ Misrifo mmerebu yɛ hwanyann nti, ɛyɛ den sɛ yebetumi ahu onii ko a na saa Farao no yɛ.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 21]

Nsu Mu a Woyi Mose FiAbosonsomfo Anansesɛm?

Akasatiafo bi ka sɛ Nil Asubɔnten mu a woyii Mose fii no te sɛ yi a woyii Akkadfo hene Sargon fii nsu mu, a wɔka ho asɛm wɔ tete anansesɛm mu no ara pɛ—asɛm a ebinom kyerɛ sɛ esii ansa na Mose de no resi. Ɛno nso fa akokoaa bi a na ɔda kɛntɛn mu a woyii no fii asubɔnten mu no ho.

Nanso nsɛm pii taa hyia wɔ abakɔsɛm mu. Ná abofra a wɔde no to nsu mu no nyɛ biribi a ɛyɛ nwonwa sɛnea wɔrepɛ akyerɛ no. Biblical Archaeology Review (Bible ho nneɛma a wɔatutu fam ahu mu nhwehwɛmu) nhoma no ka sɛ: “Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ Babilon ne Misraim nyinaa yɛ aman a ɛda nsu ho ma enti, akokoaa a wɔde no bɛto kɛntɛn a wɔde ama aka mu mu agyaw no hɔ no ye sen sɛ anka wɔde no bɛto sumina so sɛnea na afoforo taa yɛ no. . . . Wobetumi afa mmofra a wonnim wɔn awofo nanso wonyin benya dibea no sɛ anansesɛm, nanso eyi yɛ ade a ɛtaa si asetram ankasa.”

Nahum M. Sarna nso kae wɔ ne nhoma Exploring Exodus (Exodus mu nhwehwɛmu) mu sɛ, ɛwom sɛ nneɛma bi di nsɛ de, nanso “nsonsonoe pii” wɔ Mose awo ho nsɛm no ne “Sargon Anansesɛm” no mu. Enti ka a wɔka sɛ wɔfaa Bible mu asɛm no fii abosonsomfo anansesɛm mu no ntɔ asom koraa.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 24, 25]

Hena na Ɔkyerɛw “Mose Nhoma No”?

Nnipa pii gye tom sɛ Mose na ɔkyerɛw Bible mu nhoma anum a edi kan a wɔfrɛ no Pentateuch no. Ebetumi aba sɛ Mose nyaa ne nsɛm no bi fii tete abakɔsɛm mu. Nanso akasatiafo pii susuw sɛ ɛnyɛ Mose na ɔkyerɛw Pentateuch no koraa. Afeha 17 nyansapɛfo Spinoza kae sɛ: “Ɛyɛ nokwasɛm pefee sɛ ɛnyɛ Mose na ɔkyerɛw Pentateuch no.” Ɛrekɔ afeha 19 awiei mu no, German nhomanimfo Julius Wellhausen “kyerɛw ho nsɛm” pii maa nnipa pii begye toom sɛ wɔkekaa akyerɛwfo pii nhoma boom na wobenyaa Mose nhoma no.

Wellhausen kae sɛ ɔkyerɛwfo biako de Onyankopɔn din Yehowa no dii dwuma. Ɔkyerɛwfo foforo de Onyankopɔn din, “Elohim” na edii dwuma. Ɔfoforo na ɔkyerɛw asɔfo ho nsɛm a ɛwɔ Levitucus no, na ɔfoforo nso kyerɛwee Deuteronomium. Ɛwom sɛ nhomanimfo binom agye nkyerɛkyerɛ yi atom mfe pii de, nanso Joseph Blenkinsopp nhoma The Pentateuch no ka Wellhausen adwenkyerɛ no ho asɛm sɛ, “nkyerɛkyerɛ a enni nnyinaso.”

John Laux nhoma, Introduction to the Bible (Bible mu nkyerɛkyerɛmu) kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Mose Nhoma Ho Nsɛm no gyina nsɛm a ɛbɔ ne ho abira anaa ɛnyɛ nokware koraa so. . . . Sɛ Mose Nhoma Ho Nsɛm no yɛ nokware a, ɛnde na Israelfo no dii mfomso sɛ wogye toom sɛ wobedi Mmara a emu nsɛm yɛ den saa so. Anka ɛbɛyɛ nnaadaasɛm a ɛsen biara wɔ adesamma abakɔsɛm mu.”

Asɛm foforo a wɔka ne sɛ ɔkwan a wɔfaa so kyerɛwee Pentateuch no kyerɛ sɛ akyerɛwfo no dɔɔso. Nanso, K. A. Kitchen ka wɔ ne nhoma, Ancient Orient and Old Testament (Tete apuei famfo ne apam dedaw no) mu sɛ: “Akwan soronko a wɔfaa so kyerɛwee emu biara no nka hwee, na ɛkyerɛ sɛnea wɔkaa ɔsɛmpɔw biara ho asɛm ara kwa.” Yebetumi ahu akwan soronko a wɔfaa so kyerɛwee “tete nhoma pii a wogye mu nsɛm di no mu.”

Ka a wɔka sɛ edin ne abodin soronko a wɔde maa Onyankopɔn no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ akyerɛwfo no dɔɔso no nni mu. Wɔ Genesis nhoma no fã biako pɛ no, wɔfrɛ Onyankopɔn “Ɔsorosoro Nyankopɔn,” “ɔsoro ne asase wura,” ‘Awurade Yehowa,’ “Nyankopɔn a ohu ade,” “Nyankopɔn Tweaduampɔn,” “Onyankopɔn,” ‘nokware Nyankopɔn,’ ne “Nea obu asase nyinaa atɛn.” (Genesis 14:18, 19; 15:2; 16:13; 17:1, 3, 18; 18:25) So akyerɛwfo ahorow na wɔkyerɛw Bible mu nkyekyɛm yi mu biara? Na faako a wɔka “Elohim” (Nyankopɔn) ne Yehowa ho asɛm bom wɔ Genesis 28:13 no nso ɛ? So akyerɛwfo baanu na wɔka boom kyerɛwee saa nkyekyɛm biako pɛ no?

Sɛ wɔde nsɛm a ɛte saa a wɔkae no toto nhoma a wɔakyerɛw no nnansa yi mu ho a, ɛma yehu pefee sɛ nsɛm yi nni mu. Wɔ nhoma bi a nnansa yi ara wɔkyerɛw faa Wiase Ko II ho mu no, wɔfrɛɛ German mampanyin no sɛ “Führer,” “Adolf Hitler,” ne “Hitler” tiawa wɔ kratafa kakraa bi mu. So obi betumi aka sɛ ɛkyerɛ sɛ akyerɛwfo no dɔɔso?

Ne nyinaa akyi no, adwene horow a nkurɔfo kura wɔ Wellhausen nkyerɛkyerɛ ho no kɔ so ara trɛw. Emu bi ne nkyerɛkyerɛ a nhomanimfo baanu bi kɔfa bae a ɛfa ɔkyerɛwfo a ɔde Onyankopɔn din, Yehowa, dii dwuma ho no. Wɔnka kɛkɛ sɛ ɛnyɛ Mose na ɔkyerɛwee, na mmom wɔkyerɛ sɛ, “na ɔkyerɛwfo no yɛ ɔbea.”

[Mfonini]

Mose fi ahobrɛase mu kyerɛwee ne mfomso ho asɛm de hyɛɛ Onyankopɔn anuonyam

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Aboda mu mfonini a Misrifo rehyɛ nkoa ma wɔatwa ntayaa

[Asɛm Fibea]

Erich Lessing/Art Resource, NY