Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hu Nea Wobɛfa Mu Ne Nea Wobɛyɛ

Hu Nea Wobɛfa Mu Ne Nea Wobɛyɛ

Hu Nea Wobɛfa Mu Ne Nea Wobɛyɛ

“Yɛn ba a yɛawo no foforo no nti, meyɛɛ m’adwene sɛ megyae sigaretnom. Enti mekyerɛw biribi bɔɔ yɛn fie hɔ sɛ, ‘Yɛnnom Sigaret Wɔ Ha.’ Nanso bɛyɛ dɔnhwerew baako pɛ, me kɔn dɔɔ sigaret ara ma na migye me ho a ennye. M’ani baa me ho so no, na masɔ sigaret.”​—Yoshimitsu a ɔwɔ Japan.

SƐNEA Yoshimitsu asɛm no ama yɛahu no, sɛ obi pɛ sɛ ogyae sigaretnom a, nea ɔfa mu no nyɛ agorɔ. Afei nso, nhwehwɛmu ama abɛda adi sɛ, nnipa a wɔyɛ sɛ wɔregyae sigaretnom a wɔsan kɔ ho no, yeyi mu 10 a, emu 9 de ahwease yɛ nna. Wei nti, sɛ wopɛ sɛ wutumi gyae paa a, ade a ɛbɛboa wo ne sɛ wubehu ɔhaw a wobɛfa mu ne nea wobɛyɛ wɔ ho. Wɔn a wɔregyae no, ɔhaw a wɔfa mu no bi ne sɛn?

Wɔn kɔn dɔ nicotine: Sɛ obi gyae sigaretnom na edi bɛyɛ nnansa a, ne kɔn san dɔ sigaret paa, na edi bɛyɛ nnawɔtwe mmienu a, na akɔnnɔ no abrɛ ase. Obi a wagyae sigaretnom kaa sɛ: “Akɔnnɔ no, ɛyɛ a ɛntoam; ɛba na ɛkɔ.” Sɛ wugyae a, mfe pii akyi mpo, etumi ba wo mu prɛko pɛ sɛ kɔnom bi. Ɛba saa a, ntutu mmirika nkɔpɛ bi nnom. Wotwɛn bɛyɛ simma nnum a, akɔnnɔ no betu ayera.

Ɔhaw foforo a wugyae a ebetumi aba: Sɛ obi gyae sigaretnom a, ahyɛase no, ɛreyɛ ara ni na ɔreda, na etumi yɛ den nso sɛ ɔde n’adwene besi ade baako so. Etumi ma nipa no yɛ kɛse nso. Ɔhaw foforo a etumi ba ne sɛ, etumi ma onii no ho tutu no, ne ho keka no, ɔtew fifiri, na ɔbɔ waw. Afei nso etumi ma nneɛma yɛ no ahi, ɛnkyɛ na ne bo afuw, na n’adwene nso tumi tu fra. Nanso saa nneɛma yi pii wɔ hɔ a, akyɛ ara, bosome baako kosi bosome baako ne fã na abrɛ ase.

Sɛ worefa saa ɔhaw yi bi mu a, nneɛma bi wɔ hɔ a wubetumi ayɛ na ama abrɛ ase. Ebi ni:

● Ɛyɛ a da yiye.

● Nom nsu pii, anaa nom biribi te sɛ akutu anaa aduaba foforo mu nsu. Di aduan a ahoɔden wom.

● Ɛyɛ a teɛteɛ w’apɔw mu.

● Wohome a, ɛyɛ a twe mframa kɔ wo mu paa, na fa w’adwene twa ho mfoni sɛ mframa pa ahyɛ w’aharawa ma.

Nneɛma a ebetumi ama wo kɔn asan adɔ sigaret: Nneɛma bi wɔ hɔ a, ebetumi ama wo kɔn adɔ sigaret paa. Ebi ne sɛ, ebia kan no sɛ worenom anonne bi a, wonom kakra a, na woatwe sigaret kakra. Sɛ saa a, ɛnde seesei a woregyae sigaretnom no, sɛ worenom annone bi a, nom no ntɛm. Ebedu baabi no, wubetumi anom anonne nkakrankra a hwee rensi.

Sɛ wugyae sigaretnom na nicotine no fi wo mu mpo a, akyiri yi koraa, nneɛma bi a woyɛ no daa no, ebetumi ama ayɛ wo sɛ nom sigaret. Torben a yɛkaa n’asɛm no kyerɛ mu sɛ, “Migyaee sigaretnom mfe 19 ni. Nanso ɛnnɛ yi nyinaa, sɛ mewɔ adwumam na mekɔnom kɔfe a, etumi ba me mu sɛ mennom sigaret.” Ne nyinaa mu no, nnipa pii fam no, nneɛma bi a wɔyɛ a ɛma wɔte nka sɛ wɔnkɔnom sigaret no, ebedu baabi no, wɔyɛ saa nneɛma no a, ɛremma wɔnte nka saa bio.

Sɛ woregyae sigaretnom a, nsã de, ɛnsɛ sɛ ɛba w’akwan mu. Ɛbɛyɛ papa sɛ worennom nsã koraa. Baabi a nkurɔfo nom nsã nso, ɛbɛyɛ papa sɛ worenkɔ hɔ, efisɛ wɔn a wɔregyae sigaretnom no, bere a wɔn mu pii san kɔ ho bio yɛ bere a wɔne nkurɔfo ahyiam renom nsã. Dɛn na ɛma ɛba saa?

● Wɔn a wɔnom sigaret no, sɛ wɔnom nsa kakraa bi mpo na sɛ wɔnom sigaret no a, ɛma wɔte nka sɛ wɔn ho asɛpɛw wɔn paa.

● Sɛ nnamfo hyiam sɛ wɔrenom nsa a, saa bere no ara nso na wɔtaa nom sigaret.

● Sɛ obi nom nsã a, etumi ka sɛnea ɔyɛ n’ade, na nea ɔmpɛ sɛ ɔyɛ koraa a, na ɔreyɛ. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Bible kaa sɛ: ‘Nsã yi nea ɛma obi yɛ adepa fi hɔ.’—Hosea 4:11.

Ayɔnkofo: Hwehwɛ mu yiye ansa na wone obi abɔ. Ɛho nhwɛso ne sɛ, wɔn a wɔnom sigaret ne wɔn a ebia wɔbɛka sɛ wo ne wɔn nnom bi no, ɛnsɛ sɛ wo ne wɔn bɔ. Afei wɔn a woregyae a wobu w’abam, anaa wodi wo ho fɛw nso, twe wo ho fi wɔn ho.

Sɛnea wote nka: Wɔn a wogyae sigaretnom a wɔsan kɔnom no, nhwehwɛmu bi kyerɛ sɛ, wokyɛ wɔn mu mmiɛnsa a, emu mmienu de, ansa na wɔresan akɔ ho no, na wɔn bo afuw anaa nneɛma ahyɛ wɔn so. Sɛ wo bo fuw anaa biribi hyɛ wo so na ɛma w’adwene kɔ sigaret so a, ɛnde yɛ biribi ma w’adwene mfi so. Wubetumi anom nsu, woawe kyingam, anaa woakotu mpase. Bɔ mmɔden sɛ wubedwen nneɛma pa ho. Nea woyɛ a ɛbɛma woatumi ayɛ saa ne sɛ wobɛbɔ Onyankopɔn mpae anaa wobɛkan Bible mu asɛm bi.—Dwom 19:14.

Mfa Nsɛm Yi Nyiyi Wo Ho Ano

Mɛtwe baako pɛ.

Nea ɛwom paa: Sɛ wosɔ sigaret na wotwe wusiw no baako pɛ a, nicotine dodow a na kan no ɛkɔ adwene no mu a ɛma wote nka sɛ wo ho asɛpɛw wo no, wubenya emu fã, na ebetumi adi nnɔnhwerew mmiɛnsa. Ɛba saa a, wobɛsan akɔ sigaretnom no mu bio.

Sɛ nneɛma hyɛ me so na menom sigaret a, ɛma me ho tɔ me.

Nea ɛwom paa: Nkurɔfo ayɛ nhwehwɛmu ahu sɛ, sɛ nneɛma hyɛ obi so na ɔnom sigaret a, nicotine a ɛwom no ma dadwen no yɛ kɛse mmom. Sɛ obi te nka sɛ ne ho atɔ no a, nea ama aba saa ne sɛ, sigaret a ɔsan de kaa n’ano nti, sɛnea na ne ho yɛ no basabasa bere a ogyaee nom no akɔ fam bere tiaa bi.

Madu akyiri dodo; merentumi nnyae.

Nea ɛwom paa: Sɛ w’abam bu a, worentumi nyɛ nea ɛsɛ sɛ woyɛ. Bible ka sɛ: “Sɛ w’aba mu bu amanehunu da mu a, w’ahoɔden bɛyɛ ketewaa bi.” (Mmebusɛm 24:10) Enti, mpa abaw. Obiara a n’ani abere sɛ obegyae sigaretnom no, sɛ ɔde akwankyerɛ te sɛ nea ɛwɔ nhoma yi mu no yɛ adwuma a, obetumi agyae.

Migyae a, sɛnea me ho yɛ me no, mintumi koraa.

Nea ɛwom paa: Ɛwom, sɛ wugyae a wo ho betumi ayɛ wo basabasa paa, nanso nnawɔtwe kakraa bi akyi, ɛbɛba fam. Enti mia w’ani! Sɛ abosome anaa mfe bi akyi, ɛyɛ wo sɛ san nom sigaret a, nya abotare. Akyɛ ara simma kakraa bi, saa akɔnnɔ no nso bɛtew akɔ. Nea ehia ara ne sɛ worensɔ sigaret.

Mewɔ adwene mu yare.

Nea ɛwom paa: Sɛ wowɔ adwene mu yare bi te sɛ adwenemhaw anaa nneɛma nkɔ yiye koraa wɔ adwene no mu (schizophrenia), na dɔkota rehwɛ wo a, ka kyerɛ no sɛ ɔmmoa wo na gyae sigaretnom. Ɛbɛyɛ no dɛ sɛ ɔbɛboa wo ama woagyae. Ebia ɔbɛsesa nnuru a ɔde ma wo no mu sɛnea ɛbɛyɛ a wugyae sigaretnom a, ɛrenhaw wo pii.

Sɛ mesan kɔ sigaret ho a, ɛma mete nka sɛ magye nsam.

Nea ɛwom paa: Wɔn a wɔregyae sigaretnom no, ɛtɔ da a, biribi tumi si ma wɔsan kɔ sigaret ho bio. Sɛ biribi saa to wo a, ɛnkyerɛ sɛ agye nsam koraa. Mma w’aba mu mmu, mmom kɔ so bɔ wo ho mmɔden. Sɛ woretu mmirika na wohwe ase a, ɛnkyerɛ sɛ ɛno ara ne no. Wopa abaw mmom a na enye. Enti mfa ahwease nyɛ nna. Nkakrankakra wubedi nkonim!

Ma yɛnhwɛ nea ɛtoo ɔbarima bi a wɔfrɛ no Romualdo a ɔnom sigaret mfe 26. Bɛboro mfe 30 ni a ogyaee nom. Ɔkyerɛwee sɛ, “Mpɛn dodow a mesan kɔɔ sigaret ho de, yɛnkan. Bere biara a ɛbɛba saa no, na mayɛ basaa. Ná ɛyɛ me sɛ gyama merentumi nnyae nom da. Nanso misii m’adwene pi sɛ mepɛ sɛ me ne Yehowa Nyankopɔn nya ayɔnkofa papa, na mebɔɔ mpae mpɛn pii srɛɛ no sɛ ɔmmoa me. Ɛno na ɛboaa me ma mitumi gyaee nom koraa.”

Asɛm edi so a yɛde bewie no bɛma yɛahu nneɛma foforo a woyɛ a ɛbɛboa wo ama woatumi agyae sigaretnom koraa ama w’ani agye.

[Adaka/​Mfoni]

SƐNEA WƆAYƐ NO BIARA, ETUMI KUM

Wɔde tawa yɛ nneɛma pii. Sotɔɔ a wɔtontɔn nnuan ne abibiduru mpo, ɛtɔ da a wɔtɔn tawa ho nneɛma wom. Nanso, Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no ka sɛ, “Tawa de, sɛnea wɔayɛ no biara, etumi kum.” Tawa tumi de nyarewa a edi awu pii te sɛ kansa ne komayare ba. Afei sɛ ɔbea nyem na ɔnom tawa a, ebetumi apira ne ba a ɔhyɛ yafunu mu no. Nneɛma a wɔde tawa ayɛ no, ebi ne sɛn?

Bidi: Ɛyɛ tawa a wɔakyekyere no te sɛ sigaret. Aman a ɛwɔ Asia paa na nkurɔfo taa nom bidi. Sɛ obi nom a, nicotine, carbon monoxide, ne awuduru bi a wɔfrɛ no tar a ɛkɔ ne mu no, sigaret a nkurɔfo nom no daa no mpo nto no.

Sigaa: Ɛyɛ tawa a wɔde tawa ahaban anaa tawa krataa akyekyere no denneennen. Sigaa nte sɛ sigaret a nkurɔfo nom no daa no. Sigaa de, tawa a ɛwɔ mu no, wɔayɛ no kwan bi so a, sɛ etua obi ano na ɔnsɔe koraa a, nicotine a ɛwom no tumi kɔ ne mu.

Kretek, anaa pɛprɛ sigaret: Ɛyɛ sigaret bi a wɔde tawa ne pɛprɛ ayɛ. Wɔfa tawa no susukuruwa 6 a, na wɔafa pɛprɛ no nso susukuruwa 4, na wɔde afra. Sɛ obi nom kretek a, nicotine, carbon monoxide, ne awuduru bi a wɔfrɛ no tar a ɛkɔ ne mu no, ɛkyɛn nea efi sigaret a nkurɔfo nom no daa mu no.

Abua: Sɛ obi nom abua a, enye nsen sigaret a nkurɔfo nom no daa no, efisɛ ne nyinaa tumi ma obi nya kansa ne nyarewa foforo.

Tawa a wɔnnom no sɛ sigaret: Ebi ne bonto a obi twiw, asra a wohua, ne gutkha a nkurɔfo we wɔ Asia anaafo apuei. Nicotine a ɛwom no fa onii no anom kɔ ne mogya mu. Sɛnea nneɛma afoforo a wɔde tawa ayɛ tumi di awu no, saa ara na tawa a wɔnnom no sɛ sigaret te.

Shisha: Ɛyɛ biribi a nkurɔfo de nom tawa. Ɛde tawa wusiw no fa nsu mu ansa na nea ɔrenom no atwe akɔ ne mu. Nanso, ɛde wusiw no fa nsu mu mpo a, awuduru a etumi kɔfa kansa ne nyarewa foforo ba a ɛkɔ aharawa no mu no, ɛntew so ahe biara.

[Adaka/​Mfoni]

OBI PƐ SƐ OGYAE A, NEA WUBETUMI AYƐ ABOA NO

Hyɛ no nkuran. Sɛ obi rebɔ mmɔden sɛ obegyae sigaretnom, na wokamfo no bɔ n’aba so a, ɛboa sen sɛ wobɛka n’anim anaa wobɛkasa pii. Sɛ woka biribi te sɛ, “Mma w’abam mmmu, ɛbɛyɛ yiye” a, ɛbɛboa no paa asen sɛ wobɛka biribi te sɛ “Enti woasan akɔnom bio?”

Mfa w’adwene nsi ne mfomso so. Sɛ obi pɛ sɛ ogyae sigaretnom na ɔde abufuw keka nsɛm a ɛyɛ yaw kyerɛ wo a, mma no nnhaw wo. Wubetumi aka nsɛm bi te sɛ, “Minim sɛ ɛnna fam, nanso migye wo di sɛ wubetumi agyae.” Nka da sɛ, “Efi bere a wugyaee sigaretnom yi, minhu wo yiye koraa!”

Yɛ adamfo pa. Bible ka sɛ: “Ɔyɔnko berɛbo de, ɔkyerɛ ne dɔ bere nyinaa, na ɔyɛ onua a wɔwoo no maa amanehunu bere.” (Mmebusɛm 17:17) Enti sɛ obi rebɔ mmɔden sɛ obegyae sigaretnom a, ne suban sesa sɛ dɛn mpo a, bere biara a obehia wo mmoa no, nya ne ho abotare na dɔ no “bere nyinaa.”