Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 BIBLE NO ADWENE

Onyankopɔn Ahenni

Onyankopɔn Ahenni

So Onyankopɔn Ahenni no yɛ komam tebea?

“Wo ne Onyankopɔn ahenni ntam kwan nware.”Marko 12:34.

NEA NKURƆFO KA

Sɛnea Kristoman asɔre titiriw bi ne nnipa pii gye di no, “Onyankopɔn Ahenni yɛ tumi a Onyankopɔn di wɔ obi komam ne n’asetena mu.”

NEA BIBLE KA

Ahenni no yɛ nniso ankasa, na ɛnyɛ kasakoa a ɛkyerɛ sɛ onipa bi fi ne komam abrɛ ne ho ase ama Onyankopɔn. Onyankopɔn Ahenni bedi asase nyinaa so.—Dwom 72:8; Daniel 7:14.

Na Yesu asɛm a ɔkae sɛ, “Onyankopɔn ahenni no wɔ mo mu” no nso ɛ? (Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no; Luka 17:21, King James Version) Ná ɛnyɛ nea Yesu rekyerɛ ne sɛ Ahenni no wɔ n’atiefo no komam. Dɛn ntia? Efisɛ wɔn a na wɔretie no saa bere no yɛ Farisifo. Yesu kae sɛ obeyi wɔn afi Ahenni no mu efisɛ wɔyɛ nyaatwom na Onyankopɔn nnye wɔn som ntom. (Mateo 23:13) Nanso, ná Yesu betumi aka sɛ Onyankopɔn Ahenni no wɔ “mo mu” anaa, sɛnea Wiase Foforo Nkyerɛase ka no, ‘ɛwɔ mo mfinimfini.’ Dɛn ntia? Efisɛ na ɔno a ɔbɛyɛ Ahenni no so Hene daakye no gyina wɔn anim pɛɛ.—Luka 17:21.

 Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni?

“W’ahenni mmra. W’apɛde nyɛ hɔ wɔ asase so te sɛ ɔsoro.”—Mateo 6:10.

NEA BIBLE KA

Ahenni no yɛ Onyankopɔn nniso ankasa na Yesu Kristo ne Ahenni no Sodifo. (Mateo 28:18; 1 Timoteo 6:14, 15) Dwuma a ebedi ne sɛ ɛbɛyɛ Onyankopɔn apɛde wɔ ɔsoro ne asase so. (Mateo 6:10) Enti Onyankopɔn nam n’Ahenni no so bedi adesamma haw ahorow ho dwuma. Ahenni no bɛyɛ nea nnipa nniso ahorow no antumi anyɛ da.

Adesamma abusua no benya asomdwoe ne ahobammɔ, na wɔadi yiye wɔ paradise asase so wɔ Onyankopɔn Ahenni nniso no ase. (Dwom 46:9; Yesaia 35:1; Mika 4:4) Onipa biara renyare anaa ɔrenwu bio, na wobetu nyarewa ase. (Yesaia 33:24; Adiyisɛm 21:4) Mmerewabɔ ne nkwakoraabɔ to betwa. Bible hyɛ nkɔm sɛ: “Ma ne honam nyɛ frɔmfrɔm nsen mmofra de; ma ɔnsan nkɔ ne mmeranteberem ahoɔden mu.”—Hiob 33:25.

NEA WUBETUMI AYƐ

Ɛmfa ho baabi a wufi anaa baabi a wɔwoo wo no, sɛ woyɛ nea Onyankopɔn hwehwɛ fi wo hɔ a, wubetumi abɛyɛ Onyankopɔn Ahenni no muni. Bible ka sɛ: “Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim, na mmom ɔman biara mu no, onipa a osuro no na ɔyɛ adetrenee no, ogye no tom.”—Asomafo Nnwuma 10:34, 35.

So nnipa na wɔde Onyankopɔn Ahenni bɛba?

“Ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni bi so. Wɔrensɛe no da.”—Daniel 2:44.

NEA NKURƆFO KA

Ebinom gye di sɛ nnipa de Onyankopɔn Ahenni besi hɔ wɔ asase so, sɛ ebia wɔbɛsakra afoforo akɔ wɔn som mu anaasɛ wɔbɛyɛ ama asomdwoe ne biakoyɛ aba wiase nyinaa.

NEA BIBLE KA

Ɛyɛ Onyankopɔn—ɛnyɛ onipa—na ɔde Ahenni no besi hɔ. (Daniel 2:44) Bere a Onyankopɔn de Ahenni no resi hɔ no, ɔkae sɛ: “Me na masi me hene.” (Dwom 2:6) Ɛnyɛ nnipa na wɔde Onyankopɔn Ahenni no bɛba, na wɔrentumi nsɛe Ahenni no nhyehyɛe nso, efisɛ efi soro na ebedi asase yi so.—Mateo 4:17.

DƐN NTI NA ƐSƐ SƐ ƐHO HIA WO?

Ɛnyɛ nwonwa sɛ wobɛhwɛ kwan sɛ adesamma benya asomdwoe ne biakoyɛ daakye. Ebia wobɛbɔ mmɔden sɛ wobɛma saa tebea yi aba mu nanso sɛ antumi anyɛ yiye a, w’abam bebu. Nanso nim a wunim sɛ Onyankopɔn de ne tumi taa n’Ahenni no akyi no bɛma woayɛ wade nyansam na woabɛyɛ Ahenni no muni.