Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

WIASE NSƐM

Asase ne Ɛso Nneɛma

Asase ne Ɛso Nneɛma

Asase ma yɛnya mframa, aduane ne nsupa. Nanso sɛe ara na nnipa resɛe nnepa a atwa yɛn ho ahyia no. Nyansahufo rehwɛ nea wɔbɛtumi ayɛ asɔ ano.

Australia

Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe ada no adi sɛ nsupa pii wɔ po ase. Vincent Post a ɔwɔ Flinders University wɔ Adelaide kaa sɛ: “Bere bi a atwam no, na ɛpo nyiri mma soro sɛ nnɛ. Enti sɛ wokɔ mpoano a, na asase da hɔ yantam. Saa bere no, gye sɛ nsuo atɔ ansa na wɔahu sɛ ɛpo no ayiri. Nanso seesei, ɛpo no ayiri afa nsase pii ma akɔdi po ase.” Nyansahufo gye di sɛ bere bi bɛba a wɔbɛtumi de nsupa a ɛwɔ po ase no aboa nnipa bɛboro ɔpepem 700 a wɔnnya nsupa nnom no.

Sahara Anhweatam

Bere bi a atwam no, na mmoa ahorow pii wɔ Sahara Anhweatam so. Nanso nnɛ, bebree ase ahyɛ. Kakra a aka no nso abɔ wɔn ho adwaa wɔ mmeae kakraa bi. Ntawntawdi a ɛrekɔ so wɔ aman ahorow so ne ahayɔ ka ho bi na aba saa. Nanso biribi foforo wɔ hɔ. Sɛnea mmoa ahorow ahorow wɔ kwae mu no, saa ara na ɛte wɔ anhweatam so. Nanso nnipa bi ayɛ nhwehwɛmu ahu sɛ “nea ɛrekɔ so wɔ anhweatam so no, nyansahufo mfa wɔn adwene nsi so pii efisɛ wɔnnya sika a wɔde bɛyɛ mu nhwehwɛmu.” Wei nti, mmoa a wɔwɔ anhweatam so no ase rehyɛ, nanso ayɛ den ama bammɔfo a wɔhwɛ ɔdomankoma agyapade so sɛ wɔbɛbɔ wɔn ho ban.

Wiase

Akontaabu kyerɛ sɛ woyi nnipa 8 biara a wɔwui wɔ afe 2012 mu si hɔ a, wɔn mu 1 deɛ mframa bɔne na ɛkum no. Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no ka sɛ, “seesei mframa bɔne ne ɔhaw baako a ɛredi nnipa nya paa.”