Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Tie Onyankopɔn Nkɔmhyɛ Asɛm No

Tie Onyankopɔn Nkɔmhyɛ Asɛm No

Tie Onyankopɔn Nkɔmhyɛ Asɛm No

“Yɛwɔ nkɔmhyɛ asɛm a egyina hɔ pintinn; na eye sɛ moretie.”—2 PETRO 1:19, NW.

1, 2. Atoro mesia bɛn na wubetumi aka ne ho asɛm sɛ nhwɛso?

MFEHA pii ni na atoro mesia ahorow abɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyehyɛ daakye ho nkɔm. Wɔ afeha a ɛto so anum Y.B. mu no, ɔbarima bi a ɔfrɛɛ ne ho Mose maa Yudafo a wɔwɔ Kreta gye dii sɛ ɔne mesia no, na obegye wɔn afi nhyɛso ase. Da a ɔhyɛe sɛ ɔbɛma wɔanya ahofadi no dui no, wodii n’akyi kɔɔ bepɔw bi a ɛwɔ Mediterranea Po no ho so. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔntow wɔn ho ngu po no mu, na emu bɛpae. Nsu no faa wɔn a wɔtoo wɔn ho guu mu no pii, na saa atoro mesia no guan fii hɔ.

2 Wɔ afeha a ɛto so 12 no mu no, “mesia” bi sɔree wɔ Yemen. Kalif, anaa sodifo no, bisaa ne mesia a ɔyɛ no ho sɛnkyerɛnne. Saa “mesia” yi kae sɛ kalif no mma wontwa ne ti. Ɔhyɛɛ ne wusɔre a ɛbɛba ntɛm ho nkɔm sɛ ɛno na ɛbɛyɛ sɛnkyerɛnne no. Kalif no penee nhyehyɛe no so—na ɛno ara ne “mesia” no awiei.

3. Hena ne nokware Mesia no, na dɛn na ne som adwuma no daa no adi?

3 Atoro mesia ne wɔn nkɔmhyɛ ahorow di huammɔ koraa, nanso Onyankopɔn nkɔmhyɛ asɛm akyidi nni huammɔ da. Nokware Mesia, Yesu Kristo, bɛmaa Bible nkɔmhyɛ pii nyaa mmamu. Sɛ nhwɛso no, bere a Asɛmpa kyerɛwfo Mateo refa Yesaia nkɔmhyɛ no mu asɛm aka no, ɔkyerɛwee sɛ: “Sebulon asase ne Naftali asase, ɛpo kwan so, Yordan agya, amanaman Galilea, ɔman a wɔte sum mu no huu hann kɛse bi, na wɔn a wɔte owu asase so ne ne sunsuma mu no, hann bi apue ama wɔn. Efi saa bere no, Yesu fii ase kaa asɛm sɛ: Monsakra mo adwene; na ɔsoro ahenni no abɛn.” (Mateo 4:15-17; Yesaia 9:1, 2) Ná Yesu ne saa “hann kɛse” no, na ne som adwuma no daa no adi sɛ ɔne Odiyifo a Mose kaa ne ho asɛm siei no. Wɔbɛsɛe wɔn a wɔrentie Yesu no.—Deuteronomium 18:18, 19; Asomafo no Nnwuma 3:22, 23.

4. Ɔkwan bɛn so na Yesu maa Yesaia 53:12 nyaa mmamu?

4 Yesu maa nkɔmhyɛ nsɛm a ɛwɔ Yesaia 53:12 no nso nyaa mmamu sɛ: “Ɔde ne kra too hɔ maa owu, na (wɔkan no fraa, NW) mmaratofo, nso ɔno na wasoa nnipa bebree bɔne, na wadi ama mmaratofo.” Esiane sɛ na Yesu nim sɛ ɛrenkyɛ na ɔde ne desani nkwa ama sɛ agyede nti, ɔhyɛɛ n’asuafo no gyidi den. (Marko 10:45) Ɔnam ahosakra no so yɛɛ eyi wɔ ɔkwan soronko so.

Ahosakra no Hyɛ Gyidi Den

5. Ɔkwan bɛn so na wode w’ankasa nsɛm bɛkyerɛkyerɛ ahosakra no mu?

5 Ná ahosakra no yɛ nkɔmhyɛ asɛm. Yesu kae sɛ: “Onipa ba no de n’agya anuonyam ne n’abɔfo bɛba; . . . Nokware mise mo sɛ: Nnipa bi gyina ha a wɔrenka owu nhwɛ kosi sɛ wobehu onipa ba no sɛ ɔreba n’ahenni mu.” (Mateo 16:27, 28) So asomafo no bi hui sɛ Yesu reba N’ahenni mu ankasa? Mateo 17:1-7 ka sɛ: “Nnansia akyi no, Yesu faa Petro ne Yakobo ne ne nua Yohane de wɔn kɔɔ bepɔw tenten bi so fa baabi. Na ɔsakrae wɔn anim.” Anwonwasɛm bɛn ni! “N’anim hyerɛnee sɛ owia, na ne ntade yɛɛ fitaa sɛ hann. Na hwɛ, Mose ne Elia yii wɔn ho adi kyerɛɛ wɔn ne no kasae.” Afei nso “omununkum bi a ɛharan bɛkataa wɔn so,” na wɔtee Onyankopɔn ankasa nne sɛ: “Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani. Muntie no! Na asuafo no tee no, wɔde wɔn anim butubutuw fam, na wosuroe yiye. Na Yesu bae besusoo wɔn mu sɛ: Monsɔre, na munnsuro!”

6. (a) Dɛn nti na Yesu frɛɛ ahosakra no anisoadehu? (b) Ahosakra no yɛɛ dɛn ho mfonini?

6 Ɛda adi sɛ anwonwasɛm yi sii wɔ Bepɔw Hermon sorɔnsorɔmmea no mu biako atifi, baabi a Yesu ne n’asomafo baasa daa hɔ anadwo. Akyinnye biara nni ho sɛ ahosakra no sii anadwo, na ɛma wohuu no yiye. Ade biako nti a Yesu frɛɛ no anisoadehu ne sɛ, na Mose ne Elia awuwu dedaadaw, na ɛnyɛ wɔn ankasa na woyii wɔn ho adi no. Kristo nkutoo na na ɔwɔ hɔ ankasa. (Mateo 17:8, 9) Adeyɛ a ɛhyerɛn saa no maa Petro, Yakobo, ne Yohane dii kan huu Yesu Ahenni tumi mu a na ɔbɛba wɔ anuonyam mu no ho mfonini. Mose ne Elia yɛ Yesu mfɛfo adedifo a wɔasra wɔn a ɔne wɔn bedi ade no ho mfonini, na anisoadehu no hyɛɛ n’adanse a odii wɔ Ahenni no ne ne hene a obedi daakye ho no mu den.

7. Yɛyɛ dɛn hu sɛ na Petro kae anisoadehu no ho nsɛm yiye?

7 Ahosakra no boa hyɛɛ asomafo baasa a na wobedi nneɛma anim wɔ Kristofo asafo no mu no gyidi den. Kristo anim a ɛyɛɛ hyɛnn, ne ntade a ɛhyerɛnee, ne Onyankopɔn ankasa nne a ɔde kae sɛ Yesu ne Ne Dɔba a ɛsɛ sɛ wotie no—eyinom nyinaa dii n’atirimpɔw ho dwuma wɔ ɔkwan a etu mpɔn kɛse so. Nanso, na ɛnsɛ sɛ asomafo no ka anisoadehu no ho asɛm kyerɛ obiara kosi sɛ wobenyan Yesu. Bɛyɛ mfirihyia 32 akyi no, na saa anisoadehu yi da so ara wɔ Petro adwene mu. Bere a ɔreka nea ɛkyerɛ ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Ɛnyɛ anansesɛm a wɔtoo no nyansam akyi na yedi kaa mo yɛn Awurade Yesu Kristo ahoɔden ne ne ba no ho asɛm, na mmom yɛyɛɛ n’anuonyam kɛse no ho adansefo a yɛn ani tuae. Na onyaa nidi ne anuonyam fii agya Onyankopɔn nkyɛn no, ɛne sɛ saa nne yi fii anuonyam a ɛsɛ ɔkɛse no baa no so sɛ: Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani! no, yɛn a yɛne no wɔ bepɔw kronkron no so no tee saa nne yi sɛ efi soro bae.”—2 Petro 1:16-18.

8. (a) Dɛn so na asɛm a Onyankopɔn ka faa ne Ba no ho no twee adwene sii? (b) Ná mununkum a ɛbaa ahosakra no mu no kyerɛ dɛn?

8 Onyankopɔn asɛm a ɔkae no fã a ɛho hia paa ne: “Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani. Muntie no!” Asɛm yi twe adwene si Yesu so sɛ Onyankopɔn Hene a ɔde no asi agua so a ɛsɛ sɛ abɔde nyinaa tie no. Mununkum a ɛkataa wɔn so no kyerɛe sɛ anisoadehu yi mmamu bɛyɛ nea aniwa nhu. Wɔn a wohu Yesu Ahenni tumi mu a waba a aniwa nhu no no nkutoo na wɔde ntease aniwa behu “sɛnkyerɛnne” no. (Mateo 24:3) Nokwarem no, bɔ a Yesu bɔɔ wɔn ano sɛ wɔnnka nnkyerɛ obiara kosi sɛ wobenyan onipa Ba no afi awufo mu no kyerɛ sɛ ne so a wɔbɛma ne anuonyam a wɔbɛhyɛ no no bɛba wɔ ne wusɔre no akyi.

9. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ ahosakra no hyɛ yɛn gyidi den?

9 Bere a Petro kaa ahosakra no ho asɛm wiei no, ɔkae sɛ: “Nanso yɛwɔ adiyifo asɛm a egyina hɔ pintinn kyɛn sa, ɛno na sɛ mohwɛ no yiye sɛ ɔkanea a ɛharan baabi a ɛhɔ yɛ kusuu, de kosi sɛ ade bɛkye na adekyee nsoromma no apue mo koma mu a, moyɛ no yiye. Munhu eyi kan sɛ kyerɛw mu adiyisɛm biara nnam onipa nkyerɛase so; efisɛ adiyisɛm bi amfa nnipa pɛ so amma pɛn, na Onyankopɔn nnipa kronkron no, sɛnea Honhom Kronkron de wɔn rekɔ no na wɔkasae.” (2 Petro 1:19-21) Ahosakra no si so dua sɛ yebetumi de yɛn ho ato Onyankopɔn nkɔmhyɛ asɛm no so. Ɛsɛ sɛ yetie saa asɛm no, na ɛnyɛ “anansesɛm a wɔtoo no nyansam” a Onyankopɔn nsa nnim anaasɛ ɔmpene so no. Ɛsɛ sɛ ahosakra no ma yɛn gyidi a yɛwɔ wɔ nkɔmhyɛ asɛm no mu no yɛ den efisɛ Yesu anuonyam ne Ahenni tumi a ɛdaa no adi no abam ankasa. Yiw, yɛwɔ adanse a edi mũ ankasa sɛ Kristo yɛ ɔsoro Hene a ɔwɔ tumi nnɛ.

Sɛnea Adekyee Nsoromma no Pue

10. Hena anaa dɛn ne “adekyee nsoromma” a Petro kaa ho asɛm no, na dɛn nti na wubua saa?

10 Petro kyerɛwee sɛ: “Sɛ mohwɛ [nkɔmhyɛ asɛm] no yiye sɛ ɔkanea a ɛharan baabi a ɛhɔ yɛ kusuu, de kosi sɛ ade bɛkye na adekyee nsoromma no apue mo koma mu a, moyɛ no yiye.” Hena anaa dɛn ne “adekyee nsoromma” no? Adiyisɛm 22:16 frɛ Yesu Kristo “adekyee nsoromma a ɛharan.” Wɔ mmere bi mu wɔ afe no mu no, nsoromma a ɛte saa ne nea etwa to a epue wɔ apuei fam. Epue a ɛnkyɛ na owia apue, enti ɛyɛ adekyee ho sɛnkyerɛnne. Petro de asɛm “adekyee nsoromma” no dii dwuma de kaa bere a Yesu nsa kaa Ahenni tumi no ho asɛm. Saa bere no, Yesu puei wɔ amansan yi nyinaa mu, a yɛn asase yi ka ho! Sɛ́ Mesia a ɔyɛ Adekyee Nsoromma no, ɔyɛ ɛda, anaa bere foforo a ɛba ma adesamma asoɔmmerɛfo nyinaa ho sɛnkyerɛnne.

11. (a) Dɛn nti na 2 Petro 1:19 nkyerɛ sɛ “adekyee nsoromma” pue nnipa koma mu ankasa? (b) Ɔkwan bɛn so na wobɛkyerɛkyerɛ 2 Petro 1:19 mu?

11 Bible nkyerɛase pii kyerɛ sɛ asɛm a ɛwɔ ɔsomafo Petro nsɛm a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ 2 Petro 1:19 mu no fa onipa koma ho. Ɔpanyin koma mu duru yɛ gram 250 kosi 300 pɛ. Ɛbɛyɛ dɛn na Yesu Kristo—a mprempren ɔyɛ honhom abɔde a ɔwɔ nkwa a owu nnim a ɔwɔ anuonyam no—atumi apue saa nnipa nkwaa nketenkete yi mu? (1 Timoteo 6:16) Nokwarem no, yɛn sɛnkyerɛnne kwan so koma no ho wɔ asɛm yi mu, efisɛ ɛno na yɛde tie Onyankopɔn nkɔmhyɛ asɛm no. Nanso, hwɛ 2 Petro 1:19 yiye, na wubehu sɛ New World Translation de nsanhɔ to asɛm “de kosi sɛ ade bɛkye na adekyee nsoromma no apue” no akyi, na ɛma ɛtew ne ho fi asɛm “mo koma mu” no ho. Yebetumi akan saa nkyekyem yi saa kwan yi so sɛ: ‘Yɛwɔ nkɔmhyɛ asɛm a egyina hɔ pintinn; na eye sɛ moretie sɛ kanea a ɛharan baabi a ɛhɔ yɛ sum, kyerɛ sɛ, mo koma mu, kosi sɛ ade bɛkye na adekyee nsoromma no apue.’

12. Adesamma nyinaa komam tebea te dɛn, nanso nokware Kristofo de te dɛn?

12 Adesamma abɔnefo nyinaa sɛnkyerɛnne kwan so komam tebea te dɛn? Hwɛ, wɔn koma aduru sum wɔ honhom fam! Nanso, sɛ yɛyɛ nokware Kristofo a, ɛte sɛ nea yɛwɔ kanea bi a ɛrehyerɛn wɔ yɛn koma a na anka esum wom no mu. Sɛnea Petro nsɛm no kyerɛ no, ɛyɛ Onyankopɔn nkɔmhyɛ asɛm a ɛhyerɛn no na nokware Kristofo betie na wɔama wɔn ani ada hɔ wɔ ho na ama wɔahu ɛda foforo a ɛreba no. Wobehu ankasa sɛ Adekyee Nsoromma no apue, ɛnyɛ nnipa koma mu ankasa, na mmom abɔde nyinaa anim.

13. (a) Dɛn nti na yebetumi anya ahotoso sɛ Adekyee Nsoromma no apue dedaw? (b) Dɛn nti na Kristofo betumi agyina tebea horow a ɛyɛ den a Yesu hyɛɛ ho nkɔm sɛ ɛbɛba yɛn bere yi so no ano?

13 Adekyee Nsoromma no apue dedaw! Yɛnam Yesu nkɔmhyɛ kɛse a ɛfa ne mmae no ho a yebetie so betumi ahu. Ɛnnɛ, yɛrehu ne mmamu denam nneɛma te sɛ akodi, ɔkɔm, asasewosow, ne wiase nyinaa asɛmpaka a ebi mmae da no so. (Mateo 24:3-14) Ɛwom sɛ tebea horow a ɛyɛ den a Yesu kaa ho asɛm siei no nso ka yɛn Kristofo de, nanso yetumi de asomdwoe ne koma mu anigye gyina ano. Dɛn ntia? Efisɛ yetie Onyankopɔn nkɔmhyɛ asɛm no, na yɛwɔ ne bɔhyɛ ahorow a ɛfa daakye ho no mu gyidi. Yenim sɛ yɛabɛn mmere a eye sen biara pɛɛ, efisɛ yɛadu akyiri ankasa wɔ “awiei bere” yi mu! (Daniel 12:4) Wiase no adu ahoyeraw bere a wɔkaa ho asɛm siei wɔ Yesaia 60:2 no mu: “Hwɛ, esum bɛkata asase so, na sum kabii akata aman so.” Ɛbɛyɛ dɛn na obi atumi ahu kwan wɔ esum yi mu? Nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ ne sɛ obefi ahobrɛase mu atie Onyankopɔn nkɔmhyɛ asɛm nnɛ, ansa na aka akyi dodo. Ɛsɛ sɛ nnipa a wɔwɔ koma pa dan kɔ Yehowa Nyankopɔn, nkwa ne hann Nsuti, no nkyɛn. (Dwom 36:9; Asomafo no Nnwuma 17:28) Eyi nkutoo na obi yɛ a obetumi anya nokware nimdeɛ ne anidaso sɛ obenya daakye a ɛyɛ anigye a Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔde bɛma adesamma asoɔmmerɛfo no.—Adiyisɛm 21:1-5.

“Hann no Aba Wiase”

14. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛahu Bible mu nkɔmhyɛ ahorow a ɛyɛ anigye no mmamu?

14 Kyerɛwnsɛm no ma emu da hɔ sɛ Yesu Kristo redi tumi sɛ Ɔhene mprempren. Esiane ne tumi mu a ɔbae wɔ afe 1914 mu nti, nkɔmhyɛ a aka a ɛyɛ anigye no nyinaa benya ne mmamu. Nea ɛbɛyɛ na yɛahu nkɔmhyɛ yi nyinaa mmamu no, ɛsɛ sɛ yɛda yɛn ho adi sɛ ahobrɛasefo a yɛwɔ Yesu Kristo mu gyidi, a yɛanu yɛn ho afi nnwuma ne nneyɛe bɔne a yɛyɛe bere a na yennim no ho. Nokwarem no, wɔn a wɔdɔ sum no rennya daa nkwa. Yesu kae sɛ: “Eyi mmom ne atemmu no, sɛ hann no aba wiase, na nnipa dɔ sum sen hann no; efisɛ wɔn nnwuma yɛ bɔne. Na obiara a ɔyɛ bɔne no tan hann no, na ɔmma hann no ho, na wɔanyi no ne nnwuma ho ntɛn. Na nea ɔyɛ nea ɛyɛ nokware no ba hann no ho sɛ ne nnwuma mmɛda adi, efisɛ ɔyɛɛ no Onyankopɔn mu.”—Yohane 3:19-21.

15. Sɛ yebu yɛn ani gu nkwagye a Onyankopɔn nam ne Ba no so ayɛ so a, dɛn na ɛbɛba?

15 Yesu so na honhom fam hann no nam baa wiase, na ɛho hia sɛ yetie no. Paulo kyerɛwee sɛ: “Onyankopɔn a tete no ɔnam mmere horow ne su horow so kasa kyerɛɛ agyanom, adiyifo no mu no, nna a edi akyiri yi mu ɔkasa kyerɛɛ yɛn, ɔba a wayɛ no ade nyinaa difo . . . [no so].” (Hebrifo 1:1, 2) Sɛ yebu yɛn ani gu saa nkwagye a Onyankopɔn nam ne Ba no so ayɛ ho nsiesiei no so a, dɛn na ɛbɛba? Paulo kɔɔ so kae sɛ: “Sɛ asɛm a wɔnam abɔfo so kae no timii, na mmarato ne asoɔden biara nyaa n’akatua a ɛsɛ a, yɛn nso sɛ yɛammu nkwagye kɛse a ɛte sɛɛ yi a, yebeguan afi mu dɛn? Ɛno na Awurade fii ase kae no, wɔn a wɔtee no hyɛɛ mu den de maa yɛn, na Onyankopɔn nso de nsɛnkyerɛnne ne anwonwade ne ahoɔdenne horow ne Honhom Kronkron a ɔkyekyɛɛ mu sɛ ɔpɛ no dii ho adanse bi.” (Hebrifo 2:2-4) Yiw, Yesu ne onipa titiriw a wɔka ne ho asɛm wɔ nkɔmhyɛ asɛm no mu.—Adiyisɛm 19:10.

16. Dɛn nti na yebetumi anya gyidi koraa wɔ Yehowa Nyankopɔn nkɔmhyɛ ahorow nyinaa mu?

16 Sɛnea yɛahu no, Petro kae sɛ: “Kyerɛw mu adiyisɛm biara nnam onipa nkyerɛase so.” Nnipa ankasa ntumi nhyɛ nkɔm a ɛyɛ nokware, nanso yebetumi anya Onyankopɔn nkɔmhyɛ ahorow mu gyidi koraa. Efi Yehowa Nyankopɔn ankasa hɔ. Ɔnam ne honhom kronkron no so ama n’asomfo ate sɛnea Bible mu nkɔmhyɛ ahorow renya mmamu ase. Nokwarem no, yɛda Yehowa ase sɛ efi afe 1914 reba no, yɛahu nkɔmhyɛ pii a ɛte saa mmamu. Na yɛwɔ ahotoso koraa sɛ nneɛma nhyehyɛe bɔne yi awiei ho nkɔmhyɛ ahorow a aka no nyinaa benya mmamu. Ɛho hia sɛ bere a yetie Onyankopɔn nkɔmhyɛ ahorow no, yɛma yɛn kanea hyerɛn. (Mateo 5:16) Hwɛ sɛnea yɛde aseda ma Yehowa sɛ ɔrema ‘hann apue sum mu ama yɛn wɔ esum kabii’ a aduru asase so nnɛ no mu!—Yesaia 58:10.

17. Dɛn nti na yehia honhom fam hann a efi Nyankopɔn hɔ no?

17 Honam fam hann ma yetumi hu ade. Afei nso etumi ma nnɔbae a ɛma yenya nnuan ahorow no nyin. Sɛ honam fam hann nni hɔ a yentumi ntra ase. Na honhom fam hann nso ɛ? Ɛma yɛn akwankyerɛ, na ɛkyerɛ yɛn nea ɛbɛba daakye, sɛnea wɔkaa ho asɛm siei wɔ Onyankopɔn Asɛm, Bible mu no. (Dwom 119:105) Yehowa Nyankopɔn fi ɔdɔ mu ‘ma ne hann ne ne nokware.’ (Dwom 43:3) Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ anisɔ kɛse wɔ nsiesiei a ɛte saa ho. Enti, momma yɛnyɛ nea yebetumi nyinaa mfa nnya ‘Onyankopɔn ho nimdeɛ a anuonyam wom’ no, na ahyerɛn wɔ yɛn sɛnkyerɛnne kwan so koma no mu.—2 Korintofo 4:6; Efesofo 1:18.

18. Dɛn na Yehowa Adekyee Nsoromma no ayɛ krado mprempren sɛ ɔbɛyɛ?

18 Hwɛ nhyira a yɛanya sɛ yenim sɛ Adekyee Nsoromma, Yesu Kristo, puee amansan yi nyinaa mu afe 1914, na ɔmaa ahosakra anisoadehu a ɛyɛ nwonwa no nyaa ne mmamu! Yehowa Adekyee Nsoromma no wɔ hɔ mprempren, na wayɛ krado sɛ obedi Onyankopɔn atirimpɔw ho dwuma ma ahosakra no mmamu foforo—“Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ, da kɛse no mu ko” no—abam. (Adiyisɛm 16:14, 16) Sɛ woyi nhyehyɛe dedaw yi fi hɔ a, Yehowa bɛma ne bɔhyɛ a ɛfa “ɔsoro foforo ne asase foforo” a yebetumi ahyɛ no anuonyam daa wɔ mu sɛ Amansan Hene ne Onyankopɔn a ne nkɔmhyɛ yɛ nokware ho no abam. (2 Petro 3:13) Enkosi saa da no, momma yɛnkɔ so nnantew Onyankopɔn hann no mu denam Onyankopɔn nkɔmhyɛ asɛm no a yebetie so.

Wubebua Dɛn?

• Ɔkwan bɛn so na wobɛkyerɛkyerɛ Yesu ahosakra no mu?

• Ɔkwan bɛn so na ahosakra no hyɛ gyidi den?

• Hena anaa dɛn ne Yehowa Adekyee Nsoromma no, na bere bɛn na epuei?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn nkɔmhyɛ asɛm no?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 13]

So wubetumi akyerɛkyerɛ nea ahosakra no kyerɛ no mu?

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Adekyee Nsoromma no apue dedaw. So wunim ɔkwan a ɔfaa so puei ne bere a opuei?