Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mũdi mu Kurafo Akokodurufo Di Nasi Ɔtaa so Nkonim

Mũdi mu Kurafo Akokodurufo Di Nasi Ɔtaa so Nkonim

Mumfi Ahotoso a Emu Yɛ Den Mu Nnyina Hɔ Pɛ

Mũdi mu Kurafo Akokodurufo Di Nasi Ɔtaa so Nkonim

“ME BA, yɛ onyansafo, na ma me koma ntɔ me yam, na manya asɛm mabua nea ɔbɔ me ahohora.” (Mmebusɛm 27:11) Asɛm a ɛka koma yi da no adi sɛ Onyankopɔn abɔde a wonim nyansa tumi ma Yehowa koma ani gye esiane sɛ wodi no nokware nti. (Sefania 3:17) Nanso, Satan, ɔhohorabɔfo no, asi ne bo sɛ ɔbɛma wɔn a wɔsom Yehowa no agyae wɔn mudi mu.—Hiob 1:10, 11.

Ne titiriw efi afeha a ɛto so 20 no mfiase a wɔtow Satan fii soro too asase so no, wafa Yehowa nkurɔfo ho abufuw kɛse. (Adiyisɛm 12:10, 12) Nanso, nokware Kristofo ‘afi ahotoso a emu yɛ den mu agyina hɔ pɛ’ akura wɔn mudi mu ama Onyankopɔn. (Kolosefo 4:12) Ma yensusuw mudi mu kura a ɛda nsow saa no biako—Yehowa Adansefo a na wɔwɔ Germany ansa na Wiase Ko II reba ne ɛno akyi—ho nhwɛ.

Adwuma a Wɔde Nsi Yɛ Kowie Mudi Mu Kura Ho Sɔhwɛ Mu

Wɔ 1920 ne 1930 mfe no mu no, Bibelforscher, sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo wɔ Germany saa bere no, kyekyɛɛ Bible ho nhoma pii. Afe 1919 ne afe 1933 ntam hɔ no, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, wɔmaa abusua biara a ɛwɔ Germany no nhoma, nhomawa, anaa nsɛmma nhoma awotwe.

Saa bere no, na Germany yɛ mmeae a Kristo akyidifo a wɔde honhom asra wɔn no wɔ kɛse paa no mu biako. Nokwarem no, wɔ nnipa 83,941 a wodii Awurade Anwummeduan no bi wɔ wiase nyinaa wɔ afe 1933 mu no, na bɛyɛ ɔha biara mu 30 na wɔte Germany. Nanso, ankyɛ na saa German Adansefo yi hyiaa mudi mu kura ho sɔhwɛ ahorow a ɛyɛ hu. (Adiyisɛm 12:17; 14:12) Adi a woyii wɔn fii nnwuma mu, tow a wɔtow hyɛɛ wɔn so wɔ wɔn afie mu, ne yi a woyii wɔn adi fii sukuu mu no bɛdan ɔhwe, ɔkyere, ne afiasenna ntɛm ara. (Mfonini 1) Enti, mfe a edii Wiase Ko II anim mu no, na Yehowa Adansefo yɛ wɔn a wogu nneduaban ahorow mu nyinaa mu ɔha biara mu 5 kosi 10.

Nea Enti a Nasifo Taa Adansefo No

Nanso, dɛn nti na Yehowa Adansefo ho yɛɛ Nasi nniso no abufuw? Wɔ abakɔsɛm ho ɔbenfo Ian Kershaw nhoma Hitler—1889-1936: Hubris, mu no, ɔkae sɛ nea ɛmaa wɔde ani sii Adansefo no so ne sɛ “wɔannyae wɔn ho mu koraa anyɛ nea Nasi man no kae biara.”

Nhoma a ɛne Betrayal—German Churches and the Holocaust, a abakɔsɛm ho ɔbenfo Robert P. Ericksen ne Yudafo ho nsɛm ho ɔbenfo Susannah Heschel, yɛɛ ne samufo no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, Adansefo “no amfa wɔn ho anhyɛ basabasayɛ anaa asraadi mu. . . . Adansefo no gye dii sɛ ɛnsɛ sɛ wogyina afã biara wɔ amammuisɛm mu, a na ɛkyerɛ sɛ wɔrento aba mma Hitler, na saa ara nso na na wɔrenkyia Hitler nkyia no.” Nhoma koro no ara de ka ho sɛ, eyi hyɛɛ Nasifo no abufuw, na ɛde Adansefo no baa ɔhaw mu efisɛ na “Ɔman Sohyialisfo no rempene wɔn ho a wɔremfa nhyɛ mu saa no so.”

Wiase Nyinaa Kasatia ne Ntua Kɛse a Wɔde Ba Wɔn So

Joseph F. Rutherford a saa bere no na odi adwuma no anim no de krataa a ɛkasa tia Nasifo sɔretia no somaa ɔsomafo titiriw bi wɔ February 9, 1934 mu, ma ɔde kɔmaa Hitler. (Mfonini 2) Wɔ October 7, 1934 no, Yehowa Adansefo a wɔwɔ aman 50 mu a Germany ka ho no de nkrataa bɛyɛ 20,000 ne hamabɔfo so nsɛm a ɛkasa tia ɔsɔretia no dii Rutherford krataa no akyi kɔmaa Hitler.

Nasifo yɛɛ ho ade denam ɔtaa no a womiaa mu so. Wɔ April 1, 1935 no, wɔbaraa Adansefo no wɔ ɔman no mu nyinaa. Na wɔ August 28, 1936 no, Gestapofo tuu wɔn so sa. Nanso, Betrayal—German Churches and the Holocaust kyerɛ sɛ Adansefo no “kɔɔ so kyekyɛɛ nsaano nkrataa na wɔkɔɔ so kuraa wɔn gyidi mu.”

Sɛ nhwɛso no, wɔ Gestapofo anim pɛɛ, wɔ December 12, 1936 no, Adansefo bɛyɛ 3,500 kyekyɛɛ tirimbɔ a wɔatintim a ɛfa basabasa a wɔreyɛ wɔn no ho ɔpedudu pii. Ɛdefa saa ɔsatu yi ho no, Ɔwɛn-Aban bɔɔ amanneɛ sɛ: “Na ɛyɛ nkonimdi kɛse, na ɛhaw atamfo no maa adwumayɛfo anokwafo no ani gyee kɛse.”—Romafo 9:17.

Ɔtaa no Ankosi Hwee!

Nasifo kɔɔ so hwehwɛɛ Yehowa Adansefo no. Eduu afe 1939 no na wɔde wɔn mu mpem asia na agu afiase, na na wɔde mpempem pii akogu nneduaban ahorow mu. (Mfonini 3) Bere a Wiase Ko II baa awiei no na tebea no te dɛn? Ná Adansefo a wɔde wɔn guu afiase no mu bɛyɛ 2,000 awuwu, wokunkum wɔn mu bɛboro 250. Nanso, Abenfo Ericksen ne Heschel kyerɛwee sɛ, “Yehowa Adansefo dodow no ara kuraa wɔn mudi mu wɔ ɔhaw no mu.” Ne saa nti, bere a Hitler nniso no hwee ase no, Adansefo bɛboro apem biako na wofii nneduaban mu nkonimdi so.—Mfonini 4; Asomafo no Nnwuma 5:38, 39; Romafo 8:35-37.

Dɛn na ɛmaa Yehowa nkurɔfo nyaa ahoɔden de gyinaa ɔtaa ano? Obi a onyaa ne ti didii mu wɔ nneduaban mu, Adolphe Arnold, kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Sɛ wobotow koraa a, Yehowa hu wo, na onim tebea a wowɔ mu no, na ɔbɛma wo ahoɔden a wuhia de agyina tebea no ano na ama woakura wo gyidi mu. Ne nsa nyɛ tiaa koraa.”

Hwɛ sɛnea odiyifo Sefania nsɛm no fa saa nokware Kristofo no ho ma ɛfata! Ɔkae sɛ: “[Yehowa, NW] wo Nyankopɔn wɔ wo mu, ɔdonkunini, ogyefo; wo ho yɛ no ahosan, anigye mu.” (Sefania 3:17) Ɛmmra sɛ nokware Nyankopɔn asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nyinaa besuasua saa Adansefo anokwafo a wokuraa wɔn mudi mu wɔ Nasi ɔtaa mu no, na wɔn nso ama Yehowa koma ani agye.—Filipifo 1:12-14.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 8]

Państwowe Muzeum Oświȩcim-Brzezinka, courtesy of the USHMM Photo Archives