Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Yehowa Na Nkwagye Wɔ no’

‘Yehowa Na Nkwagye Wɔ no’

‘Yehowa Na Nkwagye Wɔ no’

SƐ ƆMAN bi ba ahokyere mu na ehu ka amanaman a, nkurɔfo hwehwɛ ahobammɔ fi wɔn aban hɔ. Aban ahorow no nso yɛ wɔn fam de yɛ nhyehyɛe ahorow a wɔde bɛboaboa ɔmanfo no ano. Mpɛn dodow a nhyehyɛe a ɛte saa no kanyan ɔman ho dɔ no, dodow no ara na wɔyɛ guasodeyɛ ahorow de hyɛ ɔman ho dɔ ho nkuran.

Bere a asɛm bi asi ɔman mu no, ɔman ho dɔ taa ma nkurɔfo ka bom de ahoɔden yɛ ade, na etumi ma wɔyɛ biako na wɔboa wɔn ho wɔn ho. Nanso, asɛm bi a ɛwɔ The New York Times Magazine mu ka sɛ, “ɔman ho dɔ tumi sɛe ade sɛnea nkate biara tumi yɛ no, efisɛ sɛ wɔma ho kwan a, ebetumi asɛe nneɛma pii.” Da a wɔda no adi no betumi ama wɔasɛe ahofadi ne ɔsom mu hokwan ahorow a ɔmanfo binom wɔ no. Ne titiriw no, wɔtaa de nhyɛso ba nokware Kristofo so sɛnea ɛbɛyɛ a wobegyae wɔn gyidi mu asiesie. Sɛ wohyia nsɛm tebea a ɛte saa a, wɔyɛ wɔn ade dɛn? Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm bɛn na ɛboa wɔn ma wɔde nhumu di dwuma na wokura wɔn mudi mu ma Onyankopɔn?

“Nkotow Wɔn”

Ɛtɔ mmere bi a, ɔman bi frankaa a wokyia no bɛyɛ ade titiriw a wɔnam so da ɔman ho dɔ adi. Nanso mpɛn pii no, nneɛma a ɛwɔ ɔsoro, te sɛ nsoromma, ne afei nneɛma a ɛwɔ asase so nsɛso na ɛwɔ frankaa horow so. Onyankopɔn daa sɛnea obu nneɛma a ɛte saa a obi bɛkotow no adi bere a ɔhyɛɛ ne nkurɔfo sɛ: “Nyɛ ohoni bi anaa ade a ɛwɔ wim wɔ ɔsoro anaa nea ɛwɔ asase so wɔ fam anaa nea ɛwɔ nsu mu wɔ asase ase nsɛso biara mfa; nkotow wɔn, na nsom wɔn. Na me, [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn ninkufo a mitua agyanom amumɔyɛ so ka mefa mma so kosi awo ntoatoaso abiɛsa ne anan a wɔtan me so.”—Exodus 20:4, 5.

So ɔman frankaa a obi bekyia anaasɛ ɔbɛkotow no tõ ɔsom kronn a yɛde ma Yehowa Nyankopɔn no? Ná tete Israelfo wɔ “nsɛnkyerɛnne” anaa agyiraehyɛde a na mmusuakuw a wɔakyɛ wɔn mu akuw abiɛsa no bɔ ho nsra hyia bere a na wɔwɔ sare so no. (Numeri 2:1, 2) Bere a McClintock ne Strong Cyclopedia no reka Hebri asɛmfua a egyina hɔ ma agyiraehyɛde a ɛte saa ho asɛm no, ɛka sɛ: “Emu biara dan adwene kɔ ‘agyiraehyɛde’ a ɛba yɛn adwenem, frankaa, no so.” Bio nso, na wommu Israelfo agyiraehyɛde ahorow no sɛ ade kronkron bi, na saa ara na na wɔnyɛ ho guasodeyɛ biara. Nea na ɛyɛ ara ne sɛ ɛbɛyɛ agyiraehyɛde, a na ɛkyerɛ nkurɔfo no faako a ɛsɛ sɛ wohyia ara kwa.

Kerubim nsɛso a na ɛwɔ Salomo asɔrefie no yɛɛ ɔsoro kerubim no ho mfonini ara kwa. (Exodus 25:18; 26:1, 31, 33; 1 Ahene 6:23, 28, 29; Hebrifo 9:23, 24) Nea ɛkyerɛ sɛ na wɔnsom adwinni nsɛso horow yi no da adi wɔ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ɔmanfo no ankasa anhu da, na ɛnsɛ sɛ yɛsom abɔfo ankasa mpo no mu.—Kolosefo 2:18; Adiyisɛm 19:10; 22:8, 9.

Afei nso susuw kɔbere ɔwɔ sɛso a odiyifo Mose yɛe bere a na Israelfo no wɔ sare so no ho hwɛ. Ná saa mfonini, anaa ɔwɔ sɛso no yɛ sɛnkyerɛnne, na na ɛkyerɛ biribi wɔ nkɔmhyɛ kwan so. (Numeri 21:4-9; Yohane 3:14, 15) Wɔamfa nidi amma no, na wɔansom no. Nanso, Mose akyi mfehaha pii no, Israelfo dii mfomso fii ase sɛ wɔn de wɔbɛsom saa ɔwɔ nsɛso yi, na wɔhyew aduhuam mpo maa no. Ne saa nti, Yuda hene Hesekia ma wobubuu no pasaa.—2 Ahene 18:1-4.

So ɔman frankaa yɛ sɛnkyerɛnne a edi dwuma titiriw bi ara kwa? Ɛyɛ dɛn ho sɛnkyerɛnne? Nhoma kyerɛwfo J. Paul Williams kae sɛ: “Ade titiriw a ɔmampɛ ho gyidi ne ɔsom gyina so ne frankaa.” The Encyclopedia Americana ka sɛ: “Frankaa yɛ kronkron te sɛ mmeamudua.” Frankaa yɛ Ɔman no sɛnkyerɛnne. Enti kotow a wɔkotow anaa kyia a wokyia no yɛ ɔsom mu guasodeyɛ a ɛma wɔde nidi ma Ɔman no. Adeyɛ a ɛte saa kyerɛ sɛ nkwagye wɔ ɔman no nsam, na ɛne nea Bible ka fa abosonsom ho no nhyia.

Kyerɛwnsɛm no ka no pefee sɛ: “[Yehowa, NW] na nkwagye wɔ no.” (Dwom 3:8) Ɛnsɛ sɛ yɛde nkwagye ho anuonyamhyɛ ma nnipa ahyehyɛde anaa wɔn sɛnkyerɛnne. Ɔsomafo Paulo tuu mfɛfo Kristofo fo sɛ: “M’adɔfo, munguan abosonsom!” (1 Korintofo 10:14) Tete Kristofo no amfa wɔn ho anhyɛ ɔsom mu guasodeyɛ a wɔyɛ ma Ɔman no mu. Daniel P. Mannix kae wɔ ne nhoma Those About to Die mu sɛ: “Kristofo amfa wɔn ho anhyɛ . . . afɔre a na wɔbɔ ma [Roma] ɔhempɔn no nyame—a ɛnnɛ ɛte sɛ frankaa a wonkyia ara pɛ no mu.” Saa ara na nokware Kristofo te nnɛ. Nea ɛbɛyɛ na wɔde ɔsom kronn ama Yehowa nkutoo no, wonkyia ɔman biara frankaa. Ɛdenam saayɛ so no, wɔde Onyankopɔn di kan bere a yɛkɔ so de obu ma aban ahorow ne wɔn sodifo no. Nokwarem no, wogye asɛyɛde a wɔwɔ sɛ wɔbɛbrɛ wɔn ho ase ahyɛ aban “tumi a ɛwɔ anuonyam” no ase no tom. (Romafo 13:1-7) Nanso, dɛn na Kyerɛwnsɛm no ka wɔ ɔman dwom a wɔto ho?

Dɛn ne Ɔman Nnwom?

The Encyclopedia Americana ka sɛ: “Ɔman nnwom yɛ ɔman ho dɔ a wɔda no adi na mpɛn pii no, wɔnam so srɛ Onyankopɔn mmoa ne ahobammɔ ma ɔmamfo ne wɔn sodifo ahorow.” Enti sɛ yɛbɛka a, ɔman dwom yɛ dwom anaa mpae a wɔbɔ ma ɔman no. Ɛtaa hwehwɛ honam fam yiyedi ne nkwatenten ma ɔman no bere nyinaa. So ɛsɛ sɛ nokware Kristofo de wɔn ho hyɛ mpaebɔ a ɛtete saa mu?

Odiyifo Yeremia ne nkurɔfo a na wɔkyerɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn na ɛtrae. Nanso Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Mpa kyɛw bi mma ɔman yi, nso mma wɔn ho nkɔmmɔdi ne mpaebɔ so, na nsrɛ mma wɔn, efisɛ merentie wo.” (Yeremia 7:16; 11:14; 14:11) Dɛn nti na wɔde ahyɛde yi maa Yeremia? Efisɛ na korɔnbɔ, awudi, awaresɛe, ntanhunu a wɔka, ne abosonsom ahyɛ ɔman no mu ma.—Yeremia 7:9.

Yesu Kristo maa sɛnnahɔ bere a ɔkae sɛ: “Mensrɛ memma wiase, na wɔn a wode wɔn ama me no.” (Yohane 17:9) Kyerɛwnsɛm no ka sɛ “wiase nyinaa da ɔbɔne no mu” na ‘ɛretwam.’ (1 Yohane 2:17; 5:19) Ɛnde ɔkwan bɛn so na nokware Kristofo betumi afi ahonim mu abɔ mpae ahwehwɛ yiyedi ne nkwatenten ama nhyehyɛe a ɛte saa?

Ɛwom, ɛnyɛ ɔman nnwom nyinaa mu na wɔsrɛ biribi fi Onyankopɔn hɔ. Encyclopædia Britannica ka sɛ: “Ɔman nnwom mu nsɛm gu ahorow, fi mpae a wɔbɔ ma ɔhene so kosi akodi anaa ɔman sesɛw atitiriw bi a wɔka ho asɛm . . . kosi nsɛm a wɔka de da ɔman ho dɔ adi so.” Nanso so wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsɔ Onyankopɔn ani no betumi adi ɔman bi akodi ne ɔsesɛw ho ahurusi? Yesaia hyɛɛ nokware asomfo ho nkɔm sɛ: ‘Wɔde wɔn nkrante bɛbɔ nsɔw, na wɔde wɔn mpeaw ayeyɛ nnare.’ (Yesaia 2:4) Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Yɛnam ɔhonam mu de, nanso yɛnkɔ ɔsa ɔhonam fam; efisɛ yɛn sa a yɛkɔ no akode nyɛ ɔhonam mu de.”—2 Korintofo 10:3, 4.

Mpɛn pii no, ɔman nnwom ma obi te nka sɛ ne man korɔn sen afoforo na edi mu. Kyerɛwnsɛm no mfoa adwene a ɛte sɛɛ so. Ɔsomafo Paulo kae wɔ ne kasa a ɔmae wɔ Areopago no mu sɛ: “[Yehowa Nyankopɔn] na ɔmaa nnipa aman nyinaa fi onipa biako mu traa asase so nyinaa.” (Asomafo no Nnwuma 17:26) Ɔsomafo Petro kae sɛ: “Onyankopɔn nhwɛ onipa anim, na mmom ɔman biara mu, nea osuro no na ɔyɛ ade trenee no, ɔpɛ no agye no.”—Asomafo no Nnwuma 10:34, 35.

Esiane ntease a nnipa pii anya wɔ Bible no mu nti, wɔtwe wɔn ho fi frankaa a wobekyia ne ɔman ho nnwom a wɔbɛto ho. Nanso sɛ wohyia tebea horow a ɛte sɛɛ a, wɔyɛ wɔn ade dɛn?

Fi Obu Mu Twe Wo Ho Fi Ho

Nea ɛbɛyɛ na tete Babilon Hene Nebukadnesar ahyɛ biakoyɛ a ɛwɔ n’ahemman mu no mu den no, osii sika honi kɛse bi wɔ Dura asasetaw so. Afei ɔyɛe sɛ ɔbɛyɛ guasodeyɛ bi de ada ohoni no adi, ma enti ɔtoo nsa frɛɛ amantam ahene, mmakoma, amradofo, agyinatufo ne mpanyimfo foforo. Sɛ wɔn a wɔahyiam no nyinaa te abɛn nnyigyei a, na ɛsɛ sɛ wɔkotow sɔre ohoni no. Wɔn a na ɛsɛ sɛ wɔba hɔ bi ne Hebrifo mmerante baasa—Sadrak, Mesak ne Abed-Nego. Ɔkwan bɛn so na wɔkyerɛe sɛ na wɔmfa wɔn ho nhyɛ ɔsom mu guasodeyɛ yi mu? Bere a abɛn no fii ase bɔe na wɔn a wɔahyiam nyinaa kotow ohoni no, Hebrifo mmerante no kɔɔ so gyinaa hɔ.—Daniel 3:1-12.

Ɛnnɛ, wɔtaa trɛw wɔn nsam na wokyia frankaa anaasɛ wɔde wɔn nsa to wɔn moma so anaa wɔn koko so na ɛyɛ saa. Ɛtɔ mmere bi a, wɔdan nipadua no hwɛ baabi soronko. Wɔ nsase bi so no, wɔhwɛ kwan sɛ sukuufo mmofra bɛkotow na wɔafew frankaa no ho. Sɛ afoforo kyia frankaa na nokware Kristofo gyina hɔ dinn a, na wɔrekyerɛ sɛ wɔyɛ bɛhwɛadefo a wɔkyerɛ obu.

Na sɛ frankaakyia ho guasodeyɛ bi hwehwɛ sɛ yɛsɔre gyina hɔ kɛkɛ nso ɛ? Sɛ nhwɛso no, fa no sɛ wɔapaw osuani biako wɔ sukuu mu sɛ onnyina sukuufo no nyinaa ananmu nkyia frankaa a ɛsɛn frankaa dua so wɔ abɔnten bere a sukuufo a aka no gyina ntenten wɔ sukuu dan no mu. Gyina a obi begyina hɔ kɛkɛ wɔ tebea yi mu no kyerɛ sɛ ɔpene so sɛ osuani a ɔwɔ abɔnten no nnyina n’ananmu nkyia frankaa no. Gyina a obi begyina hɔ wɔ ɔkwan biara so no bɛkyerɛ sɛ ɔde ne ho rehyɛ guasodeyɛ no mu. Sɛ saa na asɛm no te a, wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ bɛhwɛadefo a wɔkyerɛ obu no bɛkɔ so atra ase komm. Na sɛ ɛba sɛ sukuufo no gyina hɔ dedaw bere a guasodeyɛ no fi ase nso ɛ? Wɔ eyi mu no, sɛ yɛkɔ so gyina hɔ a ɛrenkyerɛ sɛ yɛde yɛn ho ahyɛ mu.

Fa no sɛ wɔnka nkyerɛ wo sɛ kyia frankaa na mmom so mu kɛkɛ, ebia bere a moato santen anaa wɔ sukuudan mu anaa baabi foforo, sɛnea ɛbɛyɛ a afoforo betumi akyia. Sɛ́ anka ‘wubeguan abosonsom’ sɛnea wɔde ahyɛde ama wɔ Kyerɛwnsɛm mu no, eyi bɛkyerɛ sɛ wo na wudi guasodeyɛ no mu akoten. Saa ara na ɛte wɔ nsra a wɔbɔ tu aperenten mu. Esiane sɛ eyi a nokware Kristofo bɛyɛ no bɛkyerɛ sɛ wɔreboa nea wɔde nsra a wɔabɔ rehyɛ ho anuonyam nti, wofi ahonim mu twe wɔn ho fi mu.

Sɛ wɔbɔ ɔman nnwom a, mpɛn pii no nea ɛsɛ sɛ obi yɛ na ɔde akyerɛ sɛ ogye dwom no mu nsɛm tom ne sɛ ɔbɛsɔre agyina hɔ. Wɔ tebea horow a ɛtete saa mu no, Kristofo nsɔre. Nanso sɛ na wogyina hɔ dedaw bere a wɔrebɔ ɔman dwom no a, ɛho nhia sɛ wɔhyɛ da tra ase. Ɛnkyerɛ sɛ ebia wɔahyɛ da apaw sɛ wɔbɛsɔre agyina hɔ ama ɔman dwom no. Nea ɛne no bɔ abira no, sɛ wɔhwɛ kwan sɛ nnipakuw bi bɛsɔre agyina hɔ ato dwom a, ɛnde na obu mu a wobefi asɔre agyina hɔ kɛkɛ, nanso wɔnto dwom no renkyerɛ sɛ wɔrenya dwom no mu nsɛm no mu kyɛfa.

“Munnya Ahonim Pa”

Bere a odwontofo no kaa mfaso biara a enni nneɛma a nnipa ayɛ a wɔsom so no, ɔkae sɛ: “Wɔn a wɔyɛ wɔn te sɛ wɔn ara, obiara a ɔde ne ho to wɔn so no.” (Dwom 115:4-8) Ɛnde, ɛda adi sɛ ɛrenyɛ papa sɛ Yehowa asomfo bɛyɛ adwuma biara a wɔyɛ nneɛma a wɔsom wom, a frankaa ka ho, tẽẽ. (1 Yohane 5:21) Adwumayɛ mu nsɛm foforo betumi asɔre bere a Kristofo fi obu mu kyerɛ sɛ wɔnsom frankaa anaa nea egyina hɔ ma no, na mmom wɔsom Yehowa nkutoo no.

Sɛ nhwɛso no, adwumawura bi betumi asoma odwumayɛni bi sɛ ɔmfa frankaa nkɔsɛn frankaa dua a esi dan bi anim so anaasɛ onyi mfi so. Sɛ́ ebia obi bɛyɛ eyi anaa ɔrenyɛ no gyina sɛnea n’ankasa susuw tebea horow no ho so. Sɛ frankaa no a ɔde bɛsɛn frankaa dua so anaa obeyi no ka guasodeyɛ titiriw bi ho, bere a nkurɔfo gyina ntenten wɔ anim anaa wɔrekyia frankaa no a, ɛnde eyi a ɔbɛyɛ no bɛkyerɛ sɛ ɔrenya guasodeyɛ no mu kyɛfa.

Nanso, sɛ guasodeyɛ biara mmata frankaa a wosi anaa woyi fi frankaa dua so no ho a, ɛnde na dwumadi a ɛte saa no yɛ adwuma te sɛ nea obi resiesie dan no ama wɔayɛ adwuma wom, obuebue apon ne mpoma na ɔtoto mu ara pɛ. Wɔ tebea horow a ɛte saa mu no, frankaa no yɛ ɔman no agyiraehyɛde ara kwa, na si a obi besi anaa obeyi aka nnwuma a ɔyɛ daa ho no yɛ n’ankasa gyinaesi a egyina n’ahonim a wɔde Bible atete no no so. (Galatifo 6:5) Obi ahonim betumi aka no ma wasrɛ n’adwuma sohwɛfo sɛ ɔmma odwumayɛni foforo nsi anaa onyi frankaa no. Ebia Kristoni foforo bɛte nka sɛ n’ahonim bɛma no kwan ma ɔde frankaa no adi dwuma bere dodow a guasodeyɛ biara mmata ho no. Sɛnea gyinaesi no te biara no, ɛsɛ sɛ nokware asomfo ‘kura ahonim pa’ mu wɔ Onyankopɔn anim.—1 Petro 3:16.

Biribiara nni Kyerɛwnsɛm no mu a etia sɛ obi bɛyɛ adwuma wɔ aban adan anaa mmeae bi a wɔde frankaa si te sɛ, odumgya adwumayɛbea, aban adwumayɛbea, ne sukuu ahorow mu. Wobetumi de frankaa mfonini abɔ setampo so, nea wɔkyerɛw kar nɔma gu so, anaa nneɛma foforo a aban yɛ so. Saa nneɛma no a wɔde bedi dwuma no renkyerɛ sɛ nnipa no de wɔn ho rehyɛ ɔsom ho nneyɛe bi mu. Ɛnyɛ nea ehia wɔ ha ne frankaa no, anaa ɛho mfonini no, na mmom sɛnea obi yɛ n’ade wɔ ho.

Wɔtaa de frankaa hyehyɛ mpoma, apon, kar, kyerɛwpon anaa nneɛma afoforo ho. Yebetumi atɔ ntade a wɔadi frankaa ho adwinni wom nso. Wɔ aman bi so no, etia mmara sɛ obi bɛhyɛ ntade a ɛte saa. Sɛ saa a obi bɛyɛ no nto mmara mpo a, dɛn na ɛbɛkyerɛ wɔ obi gyinabea wɔ wiase no ho? Yesu Kristo kaa n’akyidifo no ho asɛm sɛ: “Womfi wiase, sɛnea me nso mimfi wiase no.” (Yohane 17:16) Nea ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu so ne nkɛntɛnso a adeyɛ a ɛte saa betumi anya wɔ mfɛfo gyidifo so no. So ebetumi apira ebinom ahonim? So ebetumi ama wɔn bo a wɔasi sɛ wobegyina pintinn wɔ gyidi no mu no abrɛ ase? Paulo tuu Kristofo fo sɛ: ‘Monsɔ nneɛma a eye koraa no nhwɛ na moabu, na moayɛ kurennyenn ne nnipa a hintiduato nni wɔn mu.’—Filipifo 1:10.

‘Munnwo Mma Nnipa Nyinaa’

Bere a wiase nsɛm tebea sɛe wɔ “mmere a emu yɛ den” yi mu no, ɛda adi sɛ ɔman ho dɔ ho nkate mu bɛyɛ den. (2 Timoteo 3:1) Ɛmmra sɛ wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn no werɛ remfi da sɛ Yehowa nkutoo na nkwagye wɔ no. Ɔno nkutoo na ɛsɛ sɛ yɛsom no. Bere a wɔka kyerɛɛ Yesu asomafo no sɛ wɔnyɛ biribi a ɛne Yehowa apɛde nhyia no, wɔkae sɛ: “Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn mmom sen nnipa.”—Asomafo no Nnwuma 5:29.

Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Ɛnsɛ Awurade akoa bi sɛ ɔko, na mmom ɛsɛ sɛ odwo ma nnipa nyinaa.” (2 Timoteo 2:24) Enti Kristofo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛda asomdwoe, obu, ne odwo adi bere a wogyina ahonim a wɔde Bible atete so sisi wɔn ankasa gyinae horow wɔ frankaakyia ne ɔman dwom ho no.

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Hebrifo baasa no sii wɔn bo nanso wofi obu mu paw sɛ wɔbɛsɔ Onyankopɔn ani

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ Kristoni yɛ n’ade bere a wɔreyɛ ɔman ho dɔ ho guasodeyɛ bi no?