Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Nti Na Biakoyɛ Nni Wiase?

Dɛn Nti Na Biakoyɛ Nni Wiase?

Dɛn Nti Na Biakoyɛ Nni Wiase?

“Efi bere a Wiase Ko II baa awiei no, eyi ne bere a edi kan koraa a wiase mũ no nyinaa ayɛ biako. . . . Enti wiase no betumi de saa hokwan yi ahyɛ bere foforo a yɛahwɛ kwan akyɛ no ase.”

EYI ne asɛm a United States ɔmampanyin bi kae wɔ 1990 mfe no mu. Saa bere no, na nea na ɛrekɔ so wɔ wiase kyerɛ sɛ ɛrenkyɛ biakoyɛ bɛba wiase. Katabaako nniso a ɛhyɛ nnipa so dodow no ara gui. Wobubuu Berlin Ɔfasu a na ɛkyerɛ sɛ Europa mu akyɛ abien no gui de kyerɛe sɛ Europa ahyɛn bere foforo mu. Soviet Union a na aman a wɔnyɛ Komunist aman bu no sɛ ɛde akodi ba wiase no gui maa ɛyɛɛ wiase nwonwa. Ntawntawdi a na ɛwɔ United States ne U.S.S.R. ntam no baa awiei, na wɔde ahotoso kae sɛ wobeyi nneɛma a wɔde di ako a nuklea akode ka ho afi hɔ. Ɛyɛ nokware sɛ saa bere no aman a ɛwɔ Persia Po ho no bi koe de, nanso ɛno betwaree mu kɛkɛ na mpo ɛmaa aman dodow no ara sii wɔn bo sɛ wɔbɛhwɛ ama asomdwoe aba.

Ɛnyɛ amanyɔsɛm mu nko na nsakrae papa bae, na mmom ebi baa nnipa asetra afã bi nso. Ná nnipa a wɔwɔ wiase afã pii no ara afi ase redi yiye. Nkɔanim a wonyae wɔ nnuruyɛ mu no maa nnuruyɛfo tumi yɛɛ nneɛma a mfe kakraa a na atwam no anka wɔrentumi nyɛ. Aman ahorow sikasɛm fii ase yɛɛ yiye ntɛmntɛm maa ɛbɛyɛɛ sɛ nea wiase nyinaa rebedi yiye. Ná ɛte sɛ nea nneɛma rekɔ yiye.

Nanso, mfe kakra a abɛsen kɔ no, nea ɛsɛ sɛ yebisa nnɛ ne sɛ: ‘Dɛn na ɛbae? Biakoyɛ a wɔkae sɛ ɛbɛba wiase no faa he?’ Sɛ yɛbɛka no yiye mpo a, ɛte sɛ nea wiase no de n’ani akyerɛ baabi foforo koraa. Nnansa yi, wɔtaa ka wɔ atesɛm nkrataa mu sɛ nnipa bi akɔtoto atopae wɔ nnipadɔm bi mu akunkum wɔn ho ne nnipa foforo, yɛtaa te sɛ amumɔyɛfo bi akɔtow ahyɛ nnipadɔm bi so, na afei nso akode a wotumi de kunkum nnipadɔm abu so. Na wɔtaa de nsɛm a ɛyɛ asefem ankasa ho amanneɛbɔ nso to gua. Nsɛm a ɛtete saa no ama wiase mu pae ara na ɛrepaapae kɛse. Nnansa yi, sikasɛm ho ntotowee ho nimdefo bi kae sɛ: “Basabasayɛ a ɛyɛ hu kɛse mene ara na ɛremene yɛn wɔ wiase.”

Wiase Ayɛ Biako Anaa Emu Apaapae?

Bere a wɔhyehyɛɛ Amanaman Nkabom no, na ne botae biako ne sɛ “ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ obiara nsen ne yɔnko na ɔman biara wɔ hokwan sɛ edi ne ho so na ama ayɔnkofa abɛda aman nyinaa ntam.” Bɛyɛ mfirihyia 60 ni a Amanaman Nkabom no bae no, so atumi adi botae pa a ɛte saa no ho dwuma? Dabida! ‘Hokwan a amanaman no wɔ sɛ wobedi wɔn ho so no’ abɛyɛ nea ɛho hia wɔn paa mmom sen “ayɔnkofa a ɛbɛba abɛda” wɔn ntam no. Aman ne mmusuakuw a wɔrepere apɛ tumi de adi wɔn ho so no ama wiase no mu apaapae kɛse. Bere a wɔhyehyɛɛ Amanaman Nkabom no, na aman 51 na ɛwɔ mu. Ɛnnɛ, aman 191 na ɛwɔ mu.

Sɛnea yɛahu no, wɔ 1990 mfe no mu no, na ɛte sɛ nea biakoyɛ reyɛ aba wiase. Nanso efi saa bere no, saa anidaso no abɛyɛ anidaso hunu efisɛ wiase no mu gu so repaapae mmom. Yugoslavia a wɔfaa basabasayɛ kwan so kyekyɛɛ mu, akodi a ɛkɔɔ so wɔ Chechnya ne Russia ntam, akodi a ɛrekɔ so wɔ Iraq, ne mogyahwiegu kɛse a ɛrekɔ so wɔ Israel ne Palestina akodi mu no nyinaa yɛ adanse kɛse a ɛkyerɛ sɛ biakoyɛ nni wiase koraa.

Akyinnye biara nni ho sɛ wɔn a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma asomdwoe aba wiase no mu pii de adwempa na ɛyɛ saa. Nanso wɔ mmɔdenbɔ yi nyinaa akyi no, ɛte sɛ nea wiase no rentumi nyɛ biako. Asɛm a nnipa pii rebisa ne sɛ: ‘Dɛn nti na wiase no ntumi nyɛ biako? Ɛhe na wiase de n’ani akyerɛ?’

[Mfonini Ahorow Fibea wɔ kratafa 3]

AP Photo/Lionel Cironneau

Arlo K. Abrahamson/AFP/ Getty Images