Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mmabun, Monkae Mo Bɔfo Kɛse No Nnɛ

Mmabun, Monkae Mo Bɔfo Kɛse No Nnɛ

Mmabun, Monkae Mo Bɔfo Kɛse No Nnɛ

“Kae wo Bɔfo wo mmerantebere mu.”—ƆSƐNK. 12:1.

1. Ɔkwan bɛn so na Yehowa akyerɛ sɛ ɔwɔ mmerante ne mmabaa a wɔsom no no mu ahotoso?

YEHOWA bu Kristofo mmerante ne mmabaa sɛ wɔsom bo, na wɔte sɛ obosu a ɛma abotɔyam. Nokwarem no, Yehowa ka too hɔ sɛ, mmerante ne mmabaa “beyi wɔn yam koraa aba” ne Ba no “koda no” abɛyɛ Kristo adwuma. (Dw. 110:3) Ná saa nkɔmhyɛ no fa yɛn bere yi ho, bere a nnipa dodow no ara ani nnye Onyankopɔn som ho, wodi sika akyi yɛ nea wɔn ho bɛtɔ wɔn, na wɔyɛ asoɔden no. Nanso, na Yehowa nim sɛ mmerante ne mmabaa a wɔsom no no renyɛ saa. Anuanom mmerante ne mmabaa, monhwɛ sɛnea Yehowa wɔ mo mu ahotoso!

2. Yehowa a yɛbɛkae no no hwehwɛ sɛ yɛyɛ dɛn?

2 Hwɛ anigye ara a Onyankopɔn benya bere a ohu sɛ mmerante ne mmabaa kae no sɛ wɔn Bɔfo Kɛse no. (Ɔsɛnk. 12:1) Nokwarem no, Yehowa a yɛbɛkae no no nkyerɛ sɛ yebedwennwen no ho ara kɛkɛ. Ɛhwehwɛ sɛ yɛyɛ biribi—ade a ɛsɔ n’ani—na yɛde ne mmara ne ne nnyinasosɛm bɔ yɛn bra da biara da. Ɛsan nso kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so, efisɛ yenim sɛ ɔpɛ sɛ esi yɛn yiye. (Dw. 37:3; Yes. 48:17, 18) So saa na wote nka wɔ wo Bɔfo Kɛse no ho?

‘Fa Wo Koma Nyinaa Bata Yehowa Ho’

3, 4. Dɛn na Yesu yɛe de kyerɛe sɛ ɔde ne ho to Yehowa so, na dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so nnɛ?

3 Nokwarem no, onipa a ɔde ne ho too Onyankopɔn so paa ne Yesu Kristo. Ɔbɔɔ ne bra sɛnea Mmebusɛm 3:5, 6 ka no. Ɛhɔ ka sɛ: “Fa wo koma nyinaa bata [Yehowa, NW] ho, na mfa wo ho ntweri wo nhumu. Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛteɛ w’akwan.” Wɔ Yesu asubɔ akyi bere tiaa bi no, Satan kɔsɔɔ no hwɛe, na ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma Yesu agye wiase tumi ne anuonyam. (Luka 4:3-13) Satan antumi annaadaa Yesu. Ná Yesu nim sɛ, ‘ahobrɛase ne Yehowa suro’ na ɛma obi nya “ahonyade ne anuonyam ne nkwa” a ɛtra hɔ daa.—Mmeb. 22:4.

4 Nnipa a wɔwɔ wiase nnɛ mu dodow no ara yɛ anibere ne pɛsɛmenkominya. Nyansa wom sɛ yebedi Yesu nhwɛso akyi wɔ wiase a ɛte sɛɛ mu. Na kae nso sɛ, Satan bɛyɛ nea obetumi biara sɛ ɔbɛdaadaa Yehowa asomfo ma wɔafi ɔkwan a ɛkɔ nkwa mu no so. Nea n’ani gye ho ne sɛ, obehu sɛ, obiara nam ɔkwan kɛse a ɛkɔ ɔsɛe mu no so. Mommma ɔnnnaadaa mo! Mmom no, munsi mo bo sɛ mobɛkae mo Bɔfo Kɛse no. Momfa mo ho nto Yehowa so koraa, na munso “nkwa ankasa” a ɛbɛba nnansa yi ara no mu denneennen.—1 Tim. 6:19.

Mmerante ne Mmabaa, Monyɛ Anyansafo!

5. Wote nka dɛn wɔ nea ɛreba wiase yi so no ho?

5 Mmerante ne mmabaa a wɔkae wɔn Bɔfo Kɛse no nim nyansa sen wɔn atipɛnfo. (Kenkan Dwom 119:99, 100.) Esiane sɛ wɔwɔ Onyankopɔn adwene nti, wonim paa sɛ, ɛrenkyɛ saa wiase yi betwam. Ɛwom sɛ, munnyinii pii de, nanso akyinnye biara nni ho sɛ moahu sɛ nnipa dodow no ara na nea ɛbɛba daakye ho asɛm haw wɔn, na ama wɔabɔ hu. Sɛ woda so ara kɔ sukuu a, ɛda adi sɛ woate mframa a wɔresɛe no, ewim a ɛreyɛ hyew, kwae a wɔresɛe no, ne ɔhaw ahorow a ɛte saa ho nsɛm. Saa nneɛma yi ho nsɛm haw nkurɔfo kɛse, nanso Yehowa Adansefo nkutoo na wonim paa sɛ eyinom ka nsɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ Satan wiase no reba n’awiei no ho.—Adi. 11:18.

6. Ɔkwan bɛn so na wɔadaadaa mmerante ne mmabaa binom?

6 Awerɛhosɛm ne sɛ, Onyankopɔn asomfo bi a wɔyɛ mmerante ne mmabaa amma wɔn ani anna hɔ, na wɔama wɔn werɛ afi nokwasɛm a ɛne sɛ wiase yi nna a aka no yɛ tiaa. (2 Pet. 3:3, 4) Wɔadaadaa wɔn mu binom ma wɔde wɔn ho akɔhyɛ fekubɔne mu, na wɔahwɛ ɔbarima ne ɔbea nna ho mfonini, na ɛno ama wɔayɛ bɔne a anibere wom. (Mmeb. 13:20) Hwɛ sɛnea ɛyɛ awerɛhow sɛ obi bɛhwere Onyankopɔn anim dom nnɛ, bere a yɛabɛn awiei no pɛɛ no! Sɛ́ anka mobɛyɛ saa nneɛma yi no, munsua biribi mfi asɛm a ɛtoo Israelfo no wɔ afe 1473 A.Y.B. mu, bere a na wɔwɔ Moab Tataw no so a na aka kakraa bi ma wɔadu Bɔhyɛ Asase no so no mu. Asɛm bɛn na esii wɔ hɔ?

Wɔantumi Annu Bɔhyɛ Asase no So

7, 8. (a) Anifere kwan bɛn na Satan faa so wɔ Moab Tataw no so? (b) Anifere kwan bɛn na Satan fa so nnɛ?

7 Wɔ Israelfo no bere so no, ɛbɛdaa adi pefee sɛ na Satan mpɛ sɛ wɔn nsa ka agyapade a na wɔde ahyɛ wɔn bɔ no. Bere a Satan antumi amma odiyifo Bileam annome Israelfo no, ɔfaa anifere kwan bi so; Satan bɔɔ mmɔden sɛ ɔremma wonnya Yehowa nhyira no. Ɔbonsam maa Moab mmabea a wɔn ho yɛ fɛ kɔdaadaa Israelfo no, na saa bere yi de, onyaa wɔn mu binom. Israelfo no fii ase ne Moab mmabea no bɔɔ aguaman, na wɔkotow Baal-Peor! Ɛwom sɛ, na Israelfo no abɛn wɔn agyapade a ɛsom bo a ɛno ne Bɔhyɛ Asase no pɛɛ de, nanso wɔn mu 24,000 wuwui. Awerɛhosɛm bɛn ara ni!—Num. 25:1-3, 9.

8 Ɛnnɛ, yɛrebɛn bɔhyɛ asase bi a eye sen wɔn de no a ɛno ne nhyehyɛe foforo no ntɛmntɛm. Sɛnea Satan taa yɛ no, wasan de nna mu ɔbrasɛe resɛe Onyankopɔn nkurɔfo. Nnipa a wɔwɔ wiase no mu bra asɛe koraa ma wommu aguamammɔ sɛ ɛyɛ bɔne, na wobu ɔbarima ne ɔbarima nna sɛ ɛyɛ ankorankoro asɛm. Kristoni bea bi kae sɛ, “Ofie ne Ahenni Asa so nkutoo na me mma te sɛ ɔbarima ne ɔbarima nna ne awaresɛe yɛ bɔne wɔ Onyankopɔn ani so.”

9. Dɛn na ebetumi asi wɔ ‘mmabunbere’ mu, na mmerante ne mmabaa bɛyɛ dɛn atumi agyina eyi ano?

9 Mmerante ne mmabaa a wɔkae wɔn Bɔfo Kɛse no nim sɛ, ɔbarima ne ɔbea nna yɛ akyɛde kronkron a ɛfa nkwa ne awo ho. Enti, wogye tom sɛ awarefo nkutoo na Onyankopɔn pene so sɛ wonnya nna mu kyɛfa. (Heb. 13:4) Nanso, wɔ ‘mmabunbere’ a ɛyɛ bere a nnipa nya nna ho nkate a emu yɛ den na ebetumi asɛe wɔn adwene mu no, ebetumi ayɛ den ama wɔn sɛ wɔbɛkɔ so abɔ ɔbra pa. (1 Kor. 7:36) Sɛ nsusuwii a ɛmfata ba wo tirim a, dɛn na wubetumi ayɛ? Ɛsɛ sɛ wufi wo komam bɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa wo mma womfa w’adwene nsi nneɛma a ɛho tew so. Yehowa tie nnipa a wofi komam bɔ no mpae no bere nyinaa. (Kenkan Luka 11:9-13.) Sɛ wobɔ nneɛma a ɛhyɛ gyidi den ho nkɔmmɔ a, ɛno nso betumi aboa wo ma woayi w’adwene afi nsusuwii a ɛmfata so.

Mumfi Nyansam Mpaw Nea Mobɛyɛ!

10. Adwene a mfaso nni so bɛn na ɛnsɛ sɛ yenya, na nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho?

10 Ade biako nti a mmerante ne mmabaa a wɔwɔ wiase no mu pii ntie afotu na wodi ɔhonam akɔnnɔ akyi ne sɛ, wonni “anisoadehu,” a nea ɛno kyerɛ ne sɛ, wonni Onyankopɔn akwankyerɛ anaa daakye ho anidaso a edi mũ biara. (Mmeb. 29:18) Wɔte sɛ Israelfo a na wonsuro Onyankopɔn a na wɔwɔ Yesaia bere so a wɔtraa ase maa “ahosɛpɛw ne anigye, . . . namdi ne nsanom” no. (Yes. 22:13) Sɛ́ anka wobɛma w’ani abere nnipa a wɔte saa no, dɛn nti na wunsusuw anidaso a ɛsom bo a Yehowa de ahyɛ n’asomfo anokwafo bɔ no ho? Sɛ woyɛ aberante anaa ababaa a wosom Onyankopɔn a, so wode anigye hwɛ wiase foforo no kwan? So wobɔ mmɔden biara sɛ ‘wobɛma w’adwenem ada hɔ, bere a woretwɛn anidaso a ɛyɛ anigye’ a Yehowa de ahyɛ wo bɔ no? (Tito 2:12, 13) Mmuae a wobɛma no na ɛbɛkyerɛ botae a wode besisi w’ani so.

11. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔyɛ mmerante ne mmabaa a wɔda so kɔ sukuu no yere wɔn ho sua ade?

11 Wiase no pɛ sɛ mmerante ne mmabaa de wɔn ahoɔden di honam fam nneɛma akyi. Nanso, ɛsɛ sɛ mo a moda so kɔ sukuu no yere mo ho sua nneɛma a mfaso wɔ so. Ɛsɛ sɛ mokae sɛ, ɛnyɛ adwuma pa a mubenya ayɛ nko nti na mokɔ sukuu, na mmom sɛnea ɛbɛyɛ a mo so bɛba mfaso ama asafo no na moayɛ Ahenni adawurubɔfo a wonim nkyerɛkyerɛ nso. Ɛno nti, ɛsɛ sɛ mutumi hu sɛnea wɔbɔ nkɔmmɔ yiye, susuw nneɛma ho wɔ ɔkwan a ɛfata so, na ama moatumi ne afoforo abɔ nkɔmmɔ wɔ odwo ne obu mu. Nanso, mmerante ne mmabaa a wosua Bible na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde emu nsɛm bɛbɔ wɔn bra no nya nkyerɛkyerɛ a eye sen biara, na wɔtow nhyɛase pa ma asetra a ɛbɛma asi wɔn yiye daa.—Kenkan Dwom 1:1-3. *

12. Nhwɛso bɛn na ɛyɛ papa sɛ Kristofo mmusua suasua?

12 Wɔ Israel no, na ɛho hia paa sɛ awofo kyerɛkyerɛ wɔn mma. Ɛkame ayɛ sɛ, na awofo no kyerɛkyerɛ wɔn mma biribiara a ɛfa asetra ho, titiriw no, nneɛma a ɛfa Onyankopɔn som ho. (Deut. 6:6, 7) Enti, ɛnyɛ nimdeɛ nko na Israelfo mmerante ne mmabaa a wotiee wɔn awofo ne mpanyimfo foforo a wosuro Onyankopɔn asɛm no nyae, na mmom, wonyaa nyansa, nhumu, ntease, ne adwempa a ɛyɛ su a Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ nkutoo na ɛma obi nya no nso. (Mmeb. 1:2-4; 2:1-5, 11-15) Ɛsɛ sɛ Kristofo mmusua nya adwene a ɛte saa ara wɔ nhomasua ho nnɛ.

Tie Wɔn a Wɔdɔ Wo No

13. Afotu bɛn na wɔde ma mmerante ne mmabaa binom, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ yiye?

13 Nnipa ahorow nyinaa de afotu ma mmerante ne mmabaa. Nnipa no mu bi ne sukuu afotufo a wɔtaa de sɛnea obi betumi adi yiye wɔ wiase yi mu ho afotu nkutoo na ɛma no. Yɛsrɛ wo, fa mpaebɔ ne Onyankopɔn Asɛm ne nhoma ahorow a akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no ayɛ no mu nsɛm susuw afotu a ɛte saa nyinaa ho. Bible a woasua no ama woahu sɛ Satan de n’ani si mmofra ne nnipa a wonni osuahu pii no so. Sɛ nhwɛso no, wɔ Eden turom no, ɛyɛ Hawa a na onni osuahu no na otiee Satan a ɔyɛ ɔhɔho a na ɔnnaa ɔdɔ biara adi nkyerɛɛ no no asɛm. Sɛ Hawa tiee Yehowa a ná wada ɔdɔ adi akyerɛ no wɔ akwan pii so no asɛm a, hwɛ sɛnea anka asetra bɛyɛ papa afa!—Gen. 3:1-6.

14. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yetie Yehowa ne yɛn awofo a wɔsom Yehowa no asɛm?

14 Mmerante ne mmabaa, mo Bɔfo Kɛse no dɔ mo nso, na ɔde adwempa na ɛyɛ saa. Ɔpɛ sɛ mo ani gye nnɛ de kosi daa! Enti, ofi ayamye mu kasa kyerɛ mo te sɛ ɔwofo a ɔwɔ ɔdɔ, na ɔka kyerɛ mo ne nnipa a wɔsom no no nyinaa sɛ: ‘Eyi ne kwan no, monnantew so.’ (Yes. 30:21) Sɛ w’awofo yɛ Yehowa asomfo a wɔdɔ Yehowa ankasa a, ɛnde na woanya nhyira foforo. Sɛ woresi gyinae de botae asisi w’ani so a, fi obu mu tie wɔn afotu. (Mmeb. 1:8, 9) Nea wɔpɛ ara ne sɛ wubenya nkwa, na ɛno som bo koraa sen ahonyade anaa edin a wubenya wɔ wiase yi mu.—Mat. 16:26.

15, 16. (a) Ahotoso bɛn na yebetumi anya wɔ Yehowa mu? (b) Ade a ɛho hia bɛn na yesua fi Baruk asɛm no mu?

15 Wɔn a wɔkae wɔn Bɔfo Kɛse no nhwehwɛ ahonyade pii, na wɔwɔ ahotoso sɛ Yehowa ‘rennyaw wɔn na ɔrempa wɔn nso da.’ (Kenkan Hebrifo 13:5.) Esiane sɛ saa su pa yi a yɛbɛda no adi ne wiase no de nhyia nti, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na su a ɛwɔ wiase yi mu no annya yɛn so nkɛntɛnso. (Efe. 2:2) Ne saa nti, susuw nea ɛtoo Yeremia kyerɛwfo Baruk a ɔtraa ase wɔ Yerusalem, bere a na aka kakraa bi ma wɔasɛe kurow no wɔ afe 607 A.Y.B. mu no ho hwɛ.

16 Ɛbɛyɛ sɛ na Baruk pɛ sɛ onya ne ho wɔ asetram. Yehowa huu eyi, na ofi ayamye mu bɔɔ Baruk kɔkɔ sɛ, ɛnsɛ sɛ ɔkɔ so hwehwɛ “ade kɛse” fa. Baruk brɛɛ ne ho ase, na ɔyɛɛ n’ade nyansam, efisɛ otiee Yehowa, na bere a wɔsɛee Yerusalem no, ogyee no nkwa. (Yer. 45:2-5) Nanso, ankyɛ na Baruk beresofo a wɔhwehwɛɛ “ade kɛse” wɔ honam fam, na wɔde ahonyade dii Yehowa som anim no hweree wɔn nneɛma no nyinaa, bere a Kaldeafo (Babilonfo) bɛsɛee Yerusalem no. Nnipa pii nso hweree wɔn nkwa. (2 Be. 36:15-18) Baruk asɛm no boa yɛn ma yehu sɛ, abusuabɔ pa a yɛne Onyankopɔn benya no ho hia koraa sen ahonyade ne edin a yebenya wɔ wiase yi mu no.

Munsuasua Wɔn a Wɔyɛ Nhwɛso Pa No

17. Dɛn nti na nea Yesu, Paulo, ne Timoteo yɛe no yɛ nhwɛso pa a Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi asuasua?

17 Onyankopɔn Asɛm ka nnipa pii a wɔyɛɛ nhwɛso pa a yebetumi asuasua wɔn no ho asɛm kyerɛ yɛn, na aboa yɛn ma yɛanantew ɔkwan a ɛkɔ nkwa mu no so. Sɛ nhwɛso no, Yesu ne obi a ɔwɔ ɔdom akyɛde a ɛsen biara a watra ase pɛn, nanso ɛyɛ “ahenni ho asɛmpa no” a ɛbɛboa nnipa afebɔɔ no na ɔde n’adwene sii so. (Luka 4:43) Nea ɛbɛyɛ na ɔsomafo Paulo atumi asom Yehowa yiye no, ogyaee adwuma a na sika wom no, na ɔde ne bere ne n’ahoɔden kaa asɛmpa no. Timoteo a na ɔyɛ “ɔba pa wɔ gyidi mu” no suasuaa Paulo nhwɛso pa no. (1 Tim. 1:2) So Yesu, Paulo, ne Timoteo nuu wɔn ho wɔ asetra kwan a wɔfaa so no ho? Dabida! Nokwarem no, Paulo kae sɛ, sɛ ɔde wiase ahonyade toto Onyankopɔn som ho a, na wiase ahonyade te sɛ “sumina pii.”—Filip. 3:8-11.

18. Nsakrae akɛse bɛn na onua aberante bi yɛe, na dɛn nti na onnuu ne ho?

18 Kristofo mmerante ne mmabaa pii a wɔwɔ hɔ nnɛ no suasua Yesu, Paulo, ne Timoteo gyidi no. Sɛ nhwɛso no, onua aberante bi a na ɔyɛ adwuma a na ogye akatua kɛse no kyerɛwee sɛ: “Esiane sɛ na mede Bible mu nsɛm bɔ me bra nti, ankyɛ na wɔbɔɔ m’abaso mpɛn pii. Sika kɛse a na migye nyinaa akyi no, metee nka sɛ na midi nneɛma hunu akyi. Bere a mekɔka kyerɛɛ adwuma no mu mpanyimfo sɛ mepɛ sɛ meyɛ bere nyinaa som adwuma no, ntɛm ara na wɔtoo m’akatua mu kɛse, a na wɔhwɛ kwan sɛ mɛkɔ so ayɛ adwuma no. Nanso, ná masi me gyinae dedaw. Nnipa pii ante nea enti a migyaee adwuma a na migye akatua kɛse no kɔyɛɛ bere nyinaa som adwuma no ase. Nea enti a meyɛɛ saa ankasa ne sɛ, ná mepɛ sɛ midi ɛbɔ a mahyɛ Onyankopɔn sɛ mɛsom no no so. Esiane sɛ seesei mede m’adwene asi Onyankopɔn som adwuma so nti, mewɔ anigye ne abotɔyam pii a sika anaa anuonyam biara ntumi mma minnya.”

19. Gyinae a nyansa wom bɛn na wɔhyɛ mmerante ne mmabaa nkuran sɛ wonsi?

19 Mmerante ne mmabaa mpempem pii asisi gyinae a ɛte saa a nyansa wom wɔ wiase nyinaa. Enti, mmerante ne mmabaa, sɛ moresusuw nea mobɛyɛ daakye ho a, momma Yehowa da no ntra mo adwenem yiye. (2 Pet. 3:11, 12) Mommma mo ani mmmere wɔn a wɔanya wɔn ho wɔ wiase yi mu no. Mmom no, muntie afotu a wɔn a wɔdɔ mo ankasa de ma no. Ade a mfaso wɔ so sen biara a mubetumi ayɛ ne sɛ, mobɛhyehyɛ mo “ademude” wɔ “ɔsoro,” na ɛno nkutoo ne ade a mubenya so mfaso daa. (Mat. 6:19, 20; Kenkan 1 Yohane 2:15-17.) Yiw, monkae mo Bɔfo Kɛse no. Sɛ moyɛ saa a, Yehowa behyira mo.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 11 Sɛ wopɛ nhomasua a ɛkɔ akyiri ne adwuma ho nsɛm a, hwɛ October 1, 2005, Ɔwɛn-Aban, kratafa 26-31.

Wubetumi Abua?

• Dɛn na yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛwɔ Onyankopɔn mu ahotoso?

• Dɛn ne nhomasua a eye sen biara?

• Dɛn na yebetumi asua afi Baruk asɛm no mu?

• Henanom na wɔyɛɛ nhwɛso pa a yebetumi asuasua wɔn, na dɛn ntia?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 13]

Yehowa ma yɛn nkyerɛkyerɛ a eye sen biara

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Baruk tiee Yehowa, na bere a wɔsɛee Yerusalem no, ogyee no nkwa. Dɛn na wubetumi asua afi saa asɛm yi mu?