Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wubetumi Atwa Akɔ Makedonia?

So Wubetumi Atwa Akɔ Makedonia?

So Wubetumi Atwa Akɔ Makedonia?

ƆSOMAFO Paulo nyaa anisoadehu bi wɔ Troa. Troa yɛ kurow a ɛwɔ Asia Kumaa a po so hyɛn gyinabea wɔ hɔ. Ɔbarima bi a ofi Makedonia srɛɛ Paulo sɛ: “Twa bra Makedonia bɛboa yɛn.” Bere a Paulo nyaa anisoadehu no ara pɛ na ɔne n’akwantu mu ahokafo no ‘hui sɛ Onyankopɔn na afrɛ wɔn sɛ wɔnkɔka asɛmpa no nkyerɛ’ Makedoniafo. Dɛn na efii mu bae? Lidia ne ne fiefo bɛyɛɛ gyidifo wɔ Filipi a ɛyɛ kurow titiriw wɔ Makedonia no mu. Nnipa foforo a na wɔwɔ saa Roma mantam a wɔfrɛ no Makedonia mu no nso bɛyɛɛ gyidifo.—Aso. 16:9-15.

Saa ara na Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso yɛ nsi. Wɔn mu pii afi wɔn pɛ mu atu akɔ mmeae a wohia Ahenni adawurubɔfo pii, na wɔn ankasa na wɔhwɛ wɔn ho wɔ hɔ. Sɛ nhwɛso no, na Lisa pɛ sɛ ɔde ne bere dodow no ara yɛ asɛnka adwuma no wɔ n’asetena mu. Otu fii Canada kɔɔ Kenya. Trevor ne Emily a wɔn nso fi Canada tu kɔɔ Malawi sɛ wɔrekɔtrɛw wɔn som adwuma mu. Paul ne Maggie a wɔn nso fi England hui sɛ pɛnhyen a wɔakɔ no yɛ hokwan kɛse a wɔanya sɛ wɔde bɛyɛ pii wɔ Yehowa som mu ma enti wɔkɔɔ Afrika Apuei fam. So wowɔ ɔpɛ sɛ wode nneɛma bɛbɔ afɔre? So wubetumi asusuw ho atu akɔ baabi a ɛte saa? Sɛ saa a, Bible nnyinasosɛm ne nyansahyɛ a mfaso wɔ so bɛn na ebetumi aboa wo ma woayɛ saa?

Hwehwɛ Wo Ho Mu

Ade biako a ehia sɛ wususuw ho ne nea enti a wopɛ sɛ wutu kɔ baabi no. Yesu kae sɛ ahyɛde a ɛyɛ kɛse no ne sɛ: “Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.” Onyankopɔn ho dɔ a obi wɔ ne ɔpɛ a ɔwɔ sɛ obedi ahyɛde a ɛka sɛ yɛnyɛ asuafo no so ne ade a ɛsɛ sɛ ɛka no ma ɔkɔsom wɔ ɔman foforo so. Yesu toaa so sɛ: “Nea ɛto so abien a ɛte sɛ ɛno ne sɛ, ‘Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’” Ade a yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛdɔ yɛn yɔnko nipa ne sɛ yebefi yɛn komam aboa no. (Mat. 22:36-39; 28:19, 20) Mpɛn pii no, egye adwumaden ne nneɛma a obi de bɛbɔ afɔre na ama watumi asom wɔ ɔman foforo so. Ɛnyɛ akwantu a obi de kogyigye n’ani. Ɛsɛ sɛ ɔdɔ na ɛka wo ma woyɛ saa. Remco ne Suzanne a wofi Netherlands a seesei wɔresom wɔ Namibia no ka no tiawa sɛ: “Ɔdɔ na ama yɛakɔ so atena ha.”

Willie a ɔyɛ ɔmansin sohwɛfo wɔ Namibia no ka sɛ: “Wɔn a wɔakɔ so atena ɔman foforo so no yɛ wɔn a wɔamfa wɔn ani anto anuanom a wɔwɔ hɔ no so sɛ wɔn na wɔbɛhwɛ wɔn. Nea enti a wɔbaa hɔ ne sɛ wɔne wɔn nuanom a wɔwɔ hɔ no rebɛsom na wɔaboa wɔn wɔ asɛnka adwuma no mu.”

Sɛ wohwehwɛ nea enti a wopɛ sɛ wutu kɔ baabi no mu wie a, bisa wo ho sɛ: ‘Osuahu bɛn na mewɔ a metumi de aboa wɔ ɔman foforo so? So meyɛ ɔsɛmpakafo a otu mpɔn? Kasa horow bɛn na meka? So mepɛ sɛ misua kasa foforo?’ Wo ne w’abusua mufo nsusuw asɛm yi ho anibere so. Wo ne w’asafo mu mpanyimfo mmɔ ho nkɔmmɔ. Na fa asɛm no to Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu. Sɛ wode nokwaredi hwehwɛ wo ho mu saa a, ebetumi aboa wo ma woahu sɛ ebia wubetumi akɔsom wɔ ɔman foforo so, na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ saa anaa.—Hwɛ adaka a ɛne  “Hu Sɛnea Wote” no.

Baabi a Wobɛkɔ Akɔsom

Wɔka kyerɛɛ Paulo wɔ anisoadehu mu sɛ ɔnkɔ Makedonia. Ɛnnɛ, Yehowa mfa anwonwakwan so nkyerɛ yɛn kwan, nanso Onyankopɔn nkurɔfo nam nsɛmma nhoma yi ne yɛn nhoma foforo so hu mmeae pii a wohia mmoa kɛse. Enti fi ase kyerɛkyerɛw mmeae a ɛte saa no gu hɔ. Sɛ wonyɛɛ w’adwene sɛ wubesua kasa foforo anaa wobɛtena ɔman foforo so bere tenten a, susuw ho na kɔsom wɔ ɔman a nnipa dodow no ara ka kasa a wote dedaw mu. Afei, bisa nneɛma bi te sɛ tumi krataa a wɔde tu kwan, akwantu ho nhyehyɛe, ahobammɔ, ɛhɔnom nneɛma bo, ne ɛhɔnom wim nsakrae ho nsɛm. Ebia wubehu sɛ mfaso wɔ so sɛ wo ne wɔn a wɔatu kwan a ɛte saa dedaw no bɛbɔ ho nkɔmmɔ. Bɔ nneɛma a ɛtete saa no ho mpae. Kae sɛ na ‘honhom kronkron no abara’ Paulo ne n’ahokafo no sɛ “wɔnnka asɛm no wɔ Asia mantam mu.” Ɛwom sɛ wɔyɛe sɛ wɔbɛkɔ Bitinia de, nanso “Yesu honhom no amma wɔn kwan.” Saa ara na ebia ebegye bere kakra ansa na woatumi ahu baabi a wubetumi aboa ankasa.—Aso. 16:6-10.

Ɛde besi ha yi, ebia woahu mmeae kakra a wubetumi akɔ hɔ akɔsom. Sɛ woresusuw ho sɛ wobɛkɔ akɔsom wɔ ɔman foforo so a, kyerɛw Yehowa Adansefo baa dwumadibea ahorow a ɛwɔ aman a wopɛ sɛ wokɔ hɔ no. Kyerɛ ɔsom hokwan a wowɔ, na bisa nneɛma pɔtẽẽ bi a wopɛ sɛ wuhu te sɛ ɛhɔ nneɛma bo, ɔdan kõ a wubetumi anya atena mu, ayaresabea a ɛwɔ hɔ, ne adwuma a wubetumi anya ayɛ ho nsɛm. Afei fa krataa anaa nkrataa a woakyerɛw no ma w’asafo mu ɔsom boayikuw. Wɔn nso bɛkyerɛw krataa de aka wo ho asɛm aka wo de no ho, na wɔde akɔ baa dwumadibea ahorow a woakyerɛ sɛ wɔmfa nkɔ no tẽẽ. Ɛda adi sɛ mmuae a wo nsa bɛka no bɛboa wo ma woasi baabi a wubetumi aboa kɛse paa no ho gyinae.

Willie a yɛafa n’asɛm aka dedaw no kae sɛ: “Wɔn a wɔatumi atena ɔman a wɔakɔ hɔ mu no yɛ anuanom a mpɛn pii no wodii kan kɔɔ ɔman no mu kɔhwehwɛɛ mmeae a wobetumi atena ma wɔn ani agye ansa na wɔrekɔ. Awarefo bi hui sɛ ɛbɛyɛ den ama wɔn sɛ wɔbɛtena akuraase. Enti, wɔkɔtenaa kurow ketewa bi a na wohia mmoa a na ɛhɔnom asetena nso betumi ama wɔn ani agye mu.”

Sɛnea Wubegyina Ɔhaw a Wubehyia Ano

Sɛ wutu fi baabi a wote na wokɔ baabi foforo koraa a, akyinnye biara nni ho sɛ wubehyia ɔhaw ahorow bi wɔ hɔ. Lisa a yɛadi kan aka ne ho asɛm no ka sɛ: “Nea ɛyɛ den paa ne ankonamyɛ.” Dɛn na ɛboa no? Ɔde ne ho bɔ asafo a ɛwɔ baabi foforo a wakɔ no ho denneennen. Bere a ɔkɔɔ hɔ no, ɔde sii n’ani so sɛ obehu obiara din. Nea ɛbɛma watumi ayɛ saa no, na odu asafo nhyiam ase ntɛm, na wɔpɔn nso a na ɔtwɛn ne anuanom bɔ nkɔmmɔ. Lisa ne afoforo kɔɔ asɛnka, ɔtoo nsa frɛɛ wɔn mu pii baa ne fie, na onyaa nnamfo foforo. Ɔka sɛ: “Minnuu me ho wɔ nneɛma a mede abɔ afɔre no ho. Yehowa ahyira me ankasa.”

Bere a Paul ne Maggie tetee wɔn mma wiei no, wotu fii wɔn fie a na wɔatena mu mfe 30 no mu. Paul ka sɛ: “Yɛanhwɛ kwan sɛ ɛbɛyɛ mmerɛw ama yɛn sɛ yebegyaw yɛn agyapade hɔ. Nea na ɛyɛ den paa ne yɛn abusua a yebegyaw wɔn hɔ, na na ɛyɛ den koraa sen sɛnea yesusuwii. Bere a yɛte wimhyɛn mu no, yesui paa. Ɛnyɛ den koraa sɛ wubenya adwene sɛ, ‘Yɛrentumi ntu kwan a ɛte saa.’ Nanso, yɛde yɛn ho too Yehowa so. Sɛ wunya nnamfo foforo a, ɛma wo bo a woasi sɛ wobɛtena hɔ no mu yɛ den.”

Greg ne Crystal yɛe sɛ wobetu afi Canada akɔ Namibia, efisɛ na wɔka Borɔfo kasa a ɛno ne ɔman no kasa titiriw. Nanso, akyiri yi, wohui sɛ mfaso wɔ so sɛ wobesua ɛhɔnom kasa bi. Wɔka sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a na yɛn abam bu. Nanso, ɛyɛ bere a yesuaa ɛhɔ kasa wiei no nkutoo na yɛtee wɔn amammerɛ ase. Anuanom a wɔwɔ hɔ a yɛne wɔn bɔe kɛse no boaa yɛn ma yɛn ani kaa baabi foforo a yɛakɔ no.”

Ahobrɛase ne ɔpɛ a ɛte saa betumi anya anuanom a wɔwɔ hɔ no so nkɛntɛnso pa nso. Jenny da so ara kae mmusua a wotu baa Ireland a onyinii wɔ hɔ no paa. Ɔka sɛ: “Wɔn mmom na na wɔpɛ ahɔhoyɛ. Wɔbaa hɔ sɛ wɔrebɛsom ankasa, na wɔamma sɛ yɛn na yɛnsom wɔn. Ná wɔyɛ nsi paa, na na wɔwɔ anigye nso ma enti ɛkaa me ma me nso meyɛɛ wɔn adwuma no bi.” Seesei, Jenny ne ne kunu som sɛ asɛmpatrɛwfo wɔ Gambia.

Yehowa Nhyira na “Ɛma Onipa Yɛ Ɔdefo”

Hwɛ sɛnea osuahu a Paulo nyae wɔ Makedonia no hyɛ nkuran fa! Bɛyɛ mfe du akyi no, Paulo kyerɛw anuanom a wɔwɔ Filipi no sɛ: “Bere biara a mɛkae mo no, meda me Nyankopɔn ase daa.”—Filip. 1:3.

Trevor ne Emily a wɔsomee wɔ Malawi ansa na wɔreto nsa afrɛ wɔn ma wɔakɔ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu no nso te nka saa ara. Wɔka sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a, na yentumi nhu sɛ yɛasi gyinae pa anaa, nanso na yɛn ani gye. Ná yɛbɛn yɛn ho paa, na yehui sɛ Yehowa ahyira yɛn.” Greg ne Crystal a yɛaka wɔn ho asɛm dedaw no ka sɛ: “Biribi foforo biara nni hɔ a yɛde bɛsesa nea yɛreyɛ yi.”

Nokwarem no, ɛnyɛ obiara na obetumi akɔsom wɔ ɔman foforo so. Ebinom betumi asom yiye paa wɔ baabi a wohia mmoa kɛse wɔ wɔn ankasa man mu. Afoforo nso betumi de ayɛ wɔn botae sɛ wɔbɛkɔ akɔsom wɔ asafo ahorow a ɛbɛn baabi a wɔte no. Ade a ɛho hia ne sɛ wobɛyɛ nea wubetumi nyinaa de asom Yehowa. (Kol. 3:23) Sɛ woyɛ saa a, wubehu sɛ asɛm a Onyankopɔn honhom ma wɔkyerɛwee yi yɛ nokware sɛ: “Yehowa nhyira—ɛno na ɛma onipa yɛ ɔdefo, na ɔmfa ɛyaw biara nka ho.”—Mmeb. 10:22.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 5]

 Hu Sɛnea Wote

Nea ɛbɛyɛ na woahwehwɛ wo ho mu ahwɛ sɛ wubetumi akɔsom wɔ ɔman foforo bi so no, susuw nsɛmmisa a edi so yi ho, na fi wo komam fa mpaebɔ susuw ho hwɛ sɛ ebia wubetumi akɔ baabi a ɛte saa anaa. Ɔwɛn-Aban a aba dedaw mu nsɛm betumi aboa wo ma woayɛ saa.

• So meyɛ honhom muni?—“Akwan a Wubetumi Afa so Anya Anigye” (October 15, 1997, kratafa 6)

• So meyɛ ɔsɛmpakafo a otu mpɔn?—“Sɛnea Wubetumi Adi Yiye wɔ Akwampae Adwuma no Mu” (May 15, 1989, kratafa 21)

• So metumi agyaw m’abusuafo ne me nnamfo hɔ?—“Anigyina a Wogyina Ano wɔ Onyankopɔn Som Mu” (May 15, 1994, kratafa 28)

• So metumi asua kasa foforo?—“Asafo a Wɔka Ɔman Foforo so Kasa a Wo ne Wɔn Bɛsom” (March 15, 2006, kratafa 17)

• So me sikasɛm betumi ama makɔ?—“So Wubetumi Asom wɔ Amannɔne Asase Bi So?” (October 15, 1999, kratafa 23)

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Ahobrɛase ne ɔpɛ a wowɔ betumi anya anuanom a wɔwɔ hɔ no so nkɛntɛnso pa

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Wɔn a wɔba sɛ wɔrebɛsom no na wotumi tena