Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɛyɛ Me Anigye Sɛ Masom Yehowa, Wɔ Sɔhwɛ Mu Mpo

Ɛyɛ Me Anigye Sɛ Masom Yehowa, Wɔ Sɔhwɛ Mu Mpo

Ɛyɛ Me Anigye Sɛ Masom Yehowa, Wɔ Sɔhwɛ Mu Mpo

Sɛnea Maatje de Jonge-van den Heuvel ka kyerɛe

MADI mfe 98. Mede emu mfe 70 asom Yehowa anigye mu—na wɔasɔ me gyidi nso ahwɛ. Wɔ Wiase Ko II no mu no, wɔde me kɔtoo nneduaban bi mu ma bere bi abasamtu ma misii gyinae bi a akyiri yi minuu me ho. Mfe bi akyi no, mihyiaa sɔhwɛ foforo bi a emu yɛ den. Ne nyinaa mu no, meda Yehowa ase sɛ manya hokwan asom no wɔ sɔhwɛ mu mpo.

M’asetena sesae wɔ October 1940 mu. Ná mete Hilversum a ɛyɛ kurow bi a ɛda Amsterdam a ɛwɔ Netherlands no anafo fam apuei no mu. Efi Amsterdam rekɔ hɔ yɛ bɛyɛ akwansin 15 (kilomita 24). Ná ɔman no hyɛ Nasi nniso ase. Saa bere no, na me ne me kunu a ne din de Jaap de Jonge a ɔwɔ tema no aware mfe anum, na na yɛwɔ ɔbabea a wadi mfe abiɛsa a yɛdɔ no a ne din de Willy. Ná yɛte bɛn abusua bi a na ahia wɔn, na na wɔbrɛ ansa na wɔanya aduan ama wɔn mma baawɔtwe. Ne nyinaa akyi no, wɔmaa aberante bi baabi tenae wɔ wɔn fie, na na wɔsan ma no aduan nso. Mibisaa me ho sɛ, ‘Dɛn nti na wɔafa adesoa foforo yi ato wɔn ho so?’ Da bi a mede aduan kakra kɔmaa wɔn no, mihui sɛ na aberante no yɛ ɔkwampaefo. Ɔkaa Onyankopɔn Ahenni ne nhyira a ɛde bɛba no ho asɛm kyerɛɛ me. Nea metee no kaa me koma paa, na ntɛm ara na migyee nokware no. Saa afe no ara mu no, mihyiraa me ho so maa Yehowa, na mebɔɔ asu. Bere a mebɔɔ asu afe biako akyi no, me kunu nso gyee nokware no.

Ɛwom sɛ na minni Bible mu nimdeɛ pii de, nanso metee ase yiye sɛ Ɔdansefo a mabɛyɛ no ama mabɛka ahyehyɛde bi a wɔabara ho. Ná minim nso sɛ esiane Ahenni no ho asɛm a Adansefo no ka nti, ná wɔde wɔn mu pii agu afiase dedaw. Nanso, mifii ase kaa asɛmpa no wɔ afie afie ntɛm ara, na me ne me kunu gyee akwampaefo ne ahwɛfo akwantufo tenaa yɛn fie. Yɛn fie bɛyɛɛ baabi nso a na yɛkora Bible ho nhoma a na anuanom mmarima ne mmea a wofi Amsterdam de brɛ yɛn no. Ná wɔhyehyɛ nhoma no gu baesekre a na wɔayɛ no ɔkwan bi so a etumi fa nhoma pii so, na na wɔde trapoo kata so. Hwɛ ɔdɔ ne akokoduru ara a na saa anuanom a wɔsoma wɔn no wɔ! Wɔde wɔn nkwa too asiane mu maa wɔn nuanom.—1 Yoh. 3:16.

“Mama, Wobɛsan Aba Seesei Ara?”

Bere a mebɔɔ asu bɛyɛ asram asia akyi no, polisifo baasa baa yɛn fie. Wɔbɔ wuraa fie hɔ hwehwɛɛ hɔ. Ɛwom sɛ wɔanhu baabi a na yɛde nhoma pii asie no de, nanso wohuu nhoma bi a na ɛhyɛ yɛn mpa ase. Ɛhɔ ara na wɔka kyerɛɛ me sɛ minni wɔn akyi nkɔ polisifo adwuma mu wɔ Hilversum. Bere a mebam me babea Willy sɛ mereyɛ no baabae no, obisaa me sɛ, “Mama, wobɛsan aba seesei ara?” Mekae sɛ, “Yiw, me dɔba, Mama bɛsan aba fie seesei ara.” Nanso, na asram 18 a emu yɛ den betwam ansa na matumi anya kwan abam me ba no bio.

Nea ɛkɔbae ne sɛ, polisini bi de me faa keteke kɔɔ Amsterdam ma wokobisabisaa me nsɛm. Wɔn a wobisabisaa me nsɛm no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma makyerɛ wɔn sɛ anuanom baasa bi a wofi Hilversum no yɛ Yehowa Adansefo. Mekae sɛ: “Minnim wɔn, gye obiako pɛ. Ɔno na ɛyɛ a ɔbrɛ yɛn nufusu.” Ná nea mereka no yɛ nokware; ná saa onua no tɔn nufusu. Me de kaa ho sɛ, “Nanso, sɛ́ ɔyɛ Yehowa Dansefo anaa ɔnyɛ bi no, munkobisa ɔno ankasa, na ɛnyɛ me.” Bere a manka hwee bio no, wɔbɔɔ m’ani so de me kɔtoo afiase dan bi mu, na midii asram abien wɔ hɔ. Bere a me kunu huu baabi a mewɔ no, otumi brɛɛ me ntade ne aduan kakra. Afei, wɔ August 1941 mu no, wɔde me kɔɔ Ravensbrück—nneduaban bi a na wɔde mmea gu hɔ a agye din sɛ na wodi atirimɔdensɛm wɔ hɔ. Ná ɛwɔ Berlin a ɛwɔ Germany no atifi fam, na efi Berlin rekɔ hɔ yɛ akwansin 50 (kilomita 80).

“Me Nua, Ma W’ani Nnye”

Bere a yekodui no, wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ sɛ yɛde yɛn nsa hyɛ krataa bi ase de kyerɛ sɛ yɛapa yɛn gyidi a, yebetumi akɔ fie. Nanso, mamfa me nsa anhyɛ ase. Mmom no, na ɛsɛ sɛ mede me nneɛma ma wɔn na meworɔw me ntade nyinaa wɔ aguaree, na ɛhɔ na mihyiaa anuanom mmea Kristofo bi a wofi Netherlands. Wɔmaa yɛn mu biara atade a wɔhyɛ wɔ nneduaban mu hɔ a wɔapam ahinasa afasebiri atare mu, na wɔmaa yɛn prɛte, kuruwa, ne atere nso. Ɛda a edi kan anadwo no, wɔma yɛtenaa baabi a wɔde nneduafo gu hɔ bere tiaa bi. Efi bere a wɔkyeree me no, ɛhɔ ne baabi a edi kan a misui. Mibisaa me ho sɛ, “Dɛn na wɔrebɛyɛ me? Mɛtena ha akosi da bɛn?” Misui. Nokwasɛm ni, saa bere no, na abusuabɔ a me ne Yehowa wɔ mu nnya nyɛɛ den papa, efisɛ bere a mihuu nokware no na adi asram kakraa bi pɛ. Ná nneɛma pii da so wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ misua. Ade kyee a na wɔrebobɔ yɛn din ahwɛ sɛ obiara wɔ hɔ no, ɛbɛyɛ sɛ onuawa bi a ofi Netherlands hui sɛ me werɛ ahow. Ɔkae sɛ: “Ma w’ani nnye, me nua, ma w’ani nnye! Dɛn na wobetumi ayɛ yɛn?”

Bere a wɔbobɔɔ yɛn din wiei no, wɔde yɛn kɔɔ baabi foforo wɔ nneduaban mu hɔ, na yɛn nuanom Kristofo mmea a wofi Germany ne Netherlands ɔhaha pii gyee yɛn fɛw so. Ná anuanom mmea a wɔyɛ Germanfo binom atena saa beae hɔ bɛboro afe biako. Ayɔnkofa a me ne wɔn nyae no hyɛɛ me den—nokwarem no, ɛmaa m’ani gyei. M’ani gyei nso sɛ baabi a na yɛn nuanom mmea te no hɔ tew sen mmeae foforo a ɛwɔ nneduaban mu hɔ. Sɛ ɛhɔ a na ɛtew no da nkyɛn a, na wonim nso sɛ ɛhɔ yɛ baabi a wɔmmɔ korɔn, wɔnka kasafĩ, anaa wɔnko ntɔkwaw. Ná wɔne yɛn di no atirimɔden so wɔ nneduaban mu hɔ, nanso na baabi a yɛte no te sɛ supɔw a ɛso tew a ɛpo a emu ayɛ fĩ atwa ho ahyia.

Da Biara Da Asetena wɔ Nneduaban Mu

Ná yɛyɛ adwuma pii wɔ nneduaban mu, nanso aduan ketewaa bi pɛ na na wɔde ma yɛn. Ná ɛsɛ sɛ yɛsɔre anɔpa nnɔnnum, na ɛno akyi bere tiaa bi no, na wɔbobɔ yɛn din hwɛ sɛ obiara wɔ hɔ anaa. Sɛ osu retɔ oo, owia rebɔ oo, na awɛmfo no ma yegyina abɔnten bɛyɛ dɔnhwerew biako. Sɛ ɛbɔ anwummere nnɔnnum, bere a yɛayɛ adwumaden awie no a, na wɔsan bobɔ yɛn din bio. Ɛno akyi no, na yedi paanoo ne nkwan kakra, na yɛbɛkɔ akɔda no, na yɛabrɛ ankasa.

Da biara da, na wɔma meyɛ adwuma wɔ afuw mu, gye Kwasida nkutoo. Ná mede kantankrankyi twa awi, miyiyi bonka mu, na na misiesie mprako dan mu nso. Ɛwom sɛ na adwuma no yɛ den na na ɛyɛ fĩ nso de, nanso na mitumi yɛ no da biara da efisɛ na meda so ara yɛ ababaa, na na me ho nso yɛ den. Afei nso, sɛ na mereyɛ adwuma na mede Bible mu asɛm bi to nnwom a, na ɛhyɛ me den. Nanso, na m’ani gyina me kunu ne me ba no da biara da.

Ná wɔma yɛn aduan ketewaa bi, nanso na anuanom mmea a yɛwɔ hɔ no nyinaa bɔ mmɔden de paanoo kakra sie da biara sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya bi aka nea wɔde ma yɛn Kwasida no ho bere a na yenya hokwan hyiam susuw Bible mu nsɛm ho no. Ná yenni Bible ho nhoma biara, nanso sɛ na anuanom mmea anokwafo a wɔyɛ Germanfo a wɔn ani afi no resusuw Bible mu nsɛm ho a, na mede anigye tie. Yedii Kristo wu no ho Nkaedi mpo wɔ hɔ.

Ahohia, Ahonu, ne Nkuranhyɛ

Ɛtɔ mmere bi a, na wɔhyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ adwuma bi a ɛbɛboa Nasifo no wɔ ɔko no mu. Esiane sɛ yennyina ɔfã biara wɔ amanyɔsɛm mu nti, anuanom mmea a na wɔwɔ hɔ no nyinaa anyɛ saa adwuma no, na misuasuaa akokoduru a wɔdaa no adi no. Wɔamma yɛn aduan nna pii, na wɔma yegyinaa ntenten nnɔnhwerew pii bere a wɔrebobɔ yɛn din de twee yɛn aso. Wɔ awɔw bere bi mu no, wɔde yɛn guu ɔdan bi mu nnafua 40, na na biribiara a ɛma ɔdan mu yɛ hyew nni hɔ.

Ná wɔka kyerɛ yɛn a yɛyɛ Yehowa Adansefo no mpɛn pii sɛ sɛ yɛde yɛn nsa hyɛ krataa bi ase de kyerɛ sɛ yɛapa yɛn gyidi a, wobegyaa yɛn ma yɛakɔ fie. Bere a midii afe ne akyiri wɔ Ravensbrück no, m’abam bui paa. Sɛnea na m’ani agyina me kunu ne me babea no mu yɛɛ den araa ma mekɔɔ awɛmfo no hɔ kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmfa krataa a ɛkyerɛ sɛ merenyɛ Bible Suani bio no mma me, na mede me nsa hyɛɛ ase.

Bere a anuanom mmea no tee nea mayɛ no, wɔn mu binom fii ase twee wɔn ho fii me ho. Nanso, anuanom mmea baanu a wɔn ani afi a wɔyɛ Germanfo a wɔfrɛ wɔn Hedwig ne Gertrud hwehwɛɛ me, na wɔmaa me awerɛhyem sɛ wɔdɔ me. Bere a me ne wɔn bɔɔ mu yɛɛ adwuma wɔ mprako dan no mu no, wofi ayamye mu ma mihuu mfaso a ɛwɔ so sɛ yebekura yɛn mũdi mu ama Yehowa, na yɛakɔ so akura yɛn gyidi mu de akyerɛ sɛ yɛdɔ no. Sɛnea wɔne me dii sɛ me maamenom, ne tema a wonya maa me no kaa me koma paa. * Ná minim sɛ nea mayɛ no yɛ bɔne, na na mepɛ sɛ mikotwa me nsa a mede ahyɛ krataa no ase no mu. Da bi anwummere, meka kyerɛɛ onuawa bi sɛ mepɛ sɛ mikotwa me nsa a mede ahyɛ krataa no ase no mu. Ɛbɛyɛ sɛ ɔwɛmfo bi a ɔwɔ nneduaban mu hɔ tee nkɔmmɔ a na yɛrebɔ no, efisɛ saa anwummere no ara woyii me fii nneduaban mu hɔ de me tenaa keteke mu san kɔɔ Netherlands. Awɛmfo no mu biako a m’ani da so ara da n’anim ka kyerɛɛ me sɛ, “Woda so ara yɛ Bibelforscher (Bible Suani), na wobɛkɔ so ayɛ bi.” Mekae sɛ, “Yiw, sɛ Yehowa pɛ a, mɛkɔ so ayɛ.” Nanso, mekɔɔ so dwen ho sɛ: ‘Mɛyɛ dɛn atumi atwa me nsa a mede ahyɛ krataa no ase no mu?’

Nsɛm a na ɛwɔ krataa no so biako ka sɛ: “Menam me nsa a mede rehyɛ krataa yi ase so rehyɛ bɔ sɛ me ne Amanaman Ntam Bible Asuafo Kuw no remmɔ bio.” Ná minim nea ɛsɛ sɛ meyɛ! Bere a miduu fie wɔ January 1943 mu ara pɛ na mesan fii ase kaa asɛm no bio. Nokwarem no, sɛ Nasi atumfo no kyeree me ne mprenu so sɛ mereka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm a, anka wɔbɛtwe m’aso kɛse.

Nea ɛbɛyɛ na makɔ so ama Yehowa ahu sɛ mifi me koma mu pɛ sɛ mesom no nokware mu no, me ne me kunu san gyee anuanom a na wɔde nhoma brɛ yɛn ne ahwɛfo akwantufo tenaa yɛn fie. Hwɛ sɛnea m’ani gyei sɛ minyaa hokwan foforo de daa no adi sɛ medɔ Yehowa ne ne nkurɔfo!

Asɛm Bi a Ɛyɛ Yaw Paa

Aka asram kakraa bi ma ɔko no aba awiei no, asɛm bi a ɛyɛ yaw paa too me ne me kunu. Wɔ October 1944 mu no, yɛn babea Willy yaree mpofirim. Onyaa menasekuru. Ne yare no ma ɔyɛɛ mmerɛw ntɛmntɛm, na nnansa akyi no, owui. Ná wadi mfe ason pɛ.

Yɛn ba koro pɛ no a ofii yɛn nsa no haw yɛn yiye. Nokwarem no, ɛyaw a midii bere a mihyiaa sɔhwɛ wɔ Ravensbrück no nnu ɛyaw a midii bere a yɛn ba no wui no ho hwee. Nanso, sɛ yɛkɔ ahohia mu a, na yenya awerɛkyekye fi Dwom 16:8 mu bere nyinaa. Ɛhɔ ka sɛ: “Mede Yehowa asi m’anim daa. Ɔwɔ me nifa nti, merenhinhim da biara da.” Me ne me kunu nyaa Yehowa bɔhyɛ a ɛfa owusɔre ho no mu ahotoso kɛse. Yɛyeree yɛn ho wɔ nokware no mu, na yɛde nsi kaa asɛmpa no bere nyinaa. Ansa na me kunu rewu wɔ afe 1969 mu no, ɔboaa me paa ma mede anigye som Yehowa.

Nhyira ne Anigye

Wɔ mfe pii a atwam mu no, ade biako a ama m’ani agye paa ne bere nyinaa asomfo a me ne wɔn abɔ bere nyinaa no. Sɛnea na yɛyɛ wɔ ɔko bere no mu no, sɛ ahwɛfo akwantufo ne wɔn yerenom bɛsra yɛn asafo no a, na yegye wɔn tena yɛn fie bere nyinaa. Awarefo bi a wɔfrɛ wɔn Maarten ne Nel Kaptein a na wɔwɔ akwantu adwuma no mu tenaa yɛn fie mfe 13! Bere a owuyare bi bɔɔ Nel no, minyaa hokwan hwɛɛ no wɔ yɛn fie asram abiɛsa kosii sɛ owui. Abusuabɔ a me ne wɔn nyae ne nea me ne anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ m’asafo mu anya no aboa me ma manya anigye wɔ honhom fam paradise a yɛwom seesei no mu.

Nneɛma a ama m’ani agye paa wɔ m’asetena mu no biako sii wɔ afe 1995 mu—wɔtoo nsa frɛɛ me kɔɔ dwumadi bi a wɔyɛ de kaee nneduafo wɔ Ravensbrück no ase. Mihyiaa anuanom mmea a na me ne wɔn wɔ nneduaban mu hɔ a na minhuu wɔn bɛboro mfe 50 ni no wɔ hɔ! Hyia a me ne wɔn san hyiae no kaa me koma kɛse, na me werɛ remfi da. Yenyaa hokwan kɛse hyehyɛɛ yɛn ho nkuran sɛ yɛnhwɛ da a wɔbɛsan de yɛn adɔfo a wɔawuwu no bɛsan aba nkwa mu bio no kwan.

Sɛnea ɔsomafo Paulo kae wɔ Romafo 15:4 no, “yɛnam yɛn boasetɔ ne Kyerɛwnsɛm no mu awerɛkyekye so anya anidaso.” Meda Yehowa ase sɛ wama manya saa anidaso a ama matumi asom no anigye mu wɔ sɔhwɛ mu mpo no.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 19 Wɔ saa bere no a na anuanom ntumi ne asafo ti no nni nkitaho mu no, anuanom gyinaa ntease a na wɔwɔ so na wodii nsɛm a ɛfa ɔfã biara a yenni no ho dwuma. Ɛno nti, na ɛsono sɛnea na obiara di saa asɛm no ho dwuma.

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Me ne Jaap, 1930

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Yɛn babea, Willy, na wadi mfe ason

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Mekɔɔ nhyiam bi a ɛka koma wɔ afe 1995 mu. Meka wɔn a wɔte anim no ho, me na meto so abien fi benkum so no