Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bu Aware Sɛ Akyɛde a Efi Onyankopɔn Hɔ

Bu Aware Sɛ Akyɛde a Efi Onyankopɔn Hɔ

Bu Aware Sɛ Akyɛde a Efi Onyankopɔn Hɔ

“Ɛno nti na ɔbarima begyaw ne papa ne ne maame hɔ na ɔde ne ho akɔfam ne yere ho na wɔayɛ ɔhonam koro.”—GEN. 2:24.

1. Dɛn nti na ɛfata sɛ yenya obu ma Yehowa?

AKYINNYE biara nni ho sɛ, ɛfata sɛ yenya obu ma Yehowa Nyankopɔn a ɔne aware Hyehyɛfo no. Esiane sɛ ɔno ne yɛn Bɔfo, yɛn Sodifo, ne yɛn soro Agya nti, wɔka ne ho asɛm ma ɛfata sɛ ɔne Onii a “akyɛde pa ne adekyɛde a ɛyɛ pɛ biara” fi ne hɔ. (Yak. 1:17; Adi. 4:11) Eyi yɛ ne dɔ kɛse a wada no adi. (1 Yoh. 4:8) Biribiara a wakyerɛkyerɛ yɛn, biribiara a waka sɛ yɛnyɛ anaa ɛnsɛ sɛ yɛyɛ, ne biribiara a ɔde ama yɛn no, ɛyɛ yɛn yiyedi ne mfaso a yebenya ntia.—Yes. 48:17.

2. Akwankyerɛ bɛn na Yehowa de maa awarefo a wodi kan no?

2 Bible ka aware ho asɛm sɛ ɛyɛ akyɛde “pa” a efi Onyankopɔn hɔ no mu biako. (Rut 1:9; 2:12) Bere a Yehowa hyehyɛɛ aware a edi kan no, ɔmaa Adam ne Hawa a wɔyɛ awarefo no akwankyerɛ pɔtee a ɛbɛma asi wɔn yiye. (Monkenkan Mateo 19:4-6.) Sɛ wodii Onyankopɔn akwankyerɛ so a, anka wobenya anigye daa. Nanso, wodii nkwaseasɛm buu Onyankopɔn ahyɛde so, na wohuu amane kɛse.—Gen. 3:6-13, 16-19, 23.

3, 4. (a) Dɛn na nnipa pii reyɛ a ɛkyerɛ sɛ wommu aware ne Yehowa Nyankopɔn? (b) Nhwɛso ahorow bɛn na yɛrebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

3 Ɛnnɛ, sɛnea awarefo a wodi kan no yɛe no, nnipa pii sisi gyinae wɔ aware mu a wonsusuw Yehowa akwankyerɛ ho. Mmarima ne mmea binom bom tena sɛ awarefo bere a wɔnwaree ankasa, na ebinom nso di wɔn akɔnnɔ akyi de wɔn ho hyɛ aware a ɛnyɛ ne kwan so de mu. (Rom. 1:24-32; 2 Tim. 3:1-5) Wobu wɔn ani gu nokwasɛm a ɛne sɛ aware yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ no so, na bu a wommmu saa akyɛde no kyerɛ sɛ wommmu Yehowa Nyankopɔn a ɔde mae no nso.

4 Ɛtɔ mmere bi a, Onyankopɔn asomfo binom mpo ma wɔn werɛ fi adwene a Yehowa wɔ wɔ aware ho no. Kristofo a wɔyɛ awarefo binom si gyinae tetew wɔn aware mu, anaasɛ wogyae aware bere a wonni Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm biara a wobegyina so ayɛ saa. Dɛn na yebetumi ayɛ na amma yɛanyɛ saa? Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn akwankyerɛ a ɛwɔ Genesis 2:24 no betumi aboa Kristofo a wɔyɛ awarefo ma wɔahyɛ wɔn aware mu den? Na ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔresusuw aware ho betumi asiesie wɔn ho ato hɔ? Momma yensusuw aware abiɛsa bi a ɛkɔɔ yiye a ɛho asɛm wɔ Bible mu a ɛma yehu sɛnea obu a yebenya ama Yehowa no yɛ ade titiriw a ɛma aware tena hɔ daa no ho.

Kɔ So Di Nokware

5, 6. Tebea bɛn na ɛbɛyɛ sɛ ɛsɔɔ Sakaria ne Elisabet hwɛe, na ɔkwan bɛn so na wohyiraa wɔn wɔ nokware a wodii no ho?

5 Sakaria ne Elisabet yɛɛ nea ɛfata nyinaa. Wɔn mu biara waree Yehowa somfo nokwafo. Sakaria de nokwaredi yɛɛ n’asɔfodwuma, na wɔn baanu nyinaa kɔɔ so dii Onyankopɔn Mmara so sɛnea wobetumi. Akyinnye biara nni ho sɛ, na wɔwɔ nneɛma pii a wobetumi akyerɛ ho anisɔ. Nanso, sɛ wokɔɔ wɔn fie wɔ Yuda a, anka wubehu ntɛm ara sɛ na aka wɔn biribi. Ná wonni mma. Ná Elisabet ntumi nwo, na na wɔn baanu nyinaa mfe akɔ anim nso.—Luka 1:5-7.

6 Wɔ tete Israel no, na wobu abawo sɛ biribi a ɛsom bo paa, na na wɔtaa wo pii. (1 Sam. 1:2, 6, 10; Dw. 128:3, 4) Saa bere no, sɛ Israelni barima bi yere anwo amma no a, na obetumi afa ɔkwammɔne so agyae no. Nanso, Sakaria dii Elisabet nokware ne no kɔɔ so tenae. Wannyina asɛnhunu biara so annyae no aware, na ne yere nso anyɛ saa. Ɛwom sɛ mma a na wonni no maa wɔn werɛ howee de, nanso wɔn baanu nyinaa kɔɔ so de nokwaredi boom som Yehowa. Bere bi akyi no, Yehowa hyiraa wɔn pii, na ɔnam anwonwakwan so ma wɔwoo ɔbabarima bere a na wɔabɔ akwakoraa ne aberewa no.—Luka 1:8-14.

7. Ɔkwan foforo bɛn so na Elisabet dii ne kunu nokware?

7 Elisabet dii nokware wɔ ɔkwan foforo a ɛfata nkamfo so nso. Bere a Elisabet woo ne babarima Yohane no, na Sakaria ntumi nkasa efisɛ wannye asɛm a Onyankopɔn bɔfo no kae anni ma enti na wɔama watɔ mum. Nanso, ɛbɛyɛ sɛ na Sakaria afa ɔkwan bi so ne ne yere adi nkitaho ma ne yere no ahu sɛ na Yehowa bɔfo no aka akyerɛ ne kunu sɛ ɔnto abarimaa no din “Yohane.” Ná wɔn afipamfo ne wɔn abusuafo pɛ sɛ wɔde abarimaa no to ne papa. Nanso, Elisabet de nokwaredi dii ne kunu akwankyerɛ so. Ɔkae sɛ: “Dabi! mmom wɔbɛfrɛ no Yohane.”—Luka 1:59-63.

8, 9. (a) Ɔkwan bɛn so na nokwaredi hyɛ aware mu den? (b) Nneɛma pɔtee a okunu ne ɔyere betumi adi wɔn ho nokware wom no bi ne dɛn?

8 Sɛnea na ɛte wɔ Sakaria ne Elisabet fam no, awarefo a wɔwɔ hɔ ɛnnɛ nso nnya nea wɔhwehwɛ wɔ aware mu nyinaa, na wɔsan hyia nsɛnnennen foforo. Aware a nokwaredi nnim rennyina. Sɛ okunu anaa ɔyere de ne ho hyehyɛ obi foforo, ɔhwɛ aguamansɛm ho mfonini, ɔsɛe aware, na ɔyɛ nneɛma foforo a ebetumi asɛe asomdwoe a ɛwɔ aware no mu a, ɛremma wonnye wɔn ho nni. Na sɛ awarefo nnye wɔn ho nni a, ɛma ɔdɔ a wɔwɔ ma wɔn ho no de nkakrankakra sa. Akwan bi so no, nokwaredi te sɛ ɔfasu a wɔato afa abusua bi fie ho a ɛbɔ wɔn ho ban fi nnipa ne nneɛma foforo a wɔmpɛ sɛ ɛba wɔn fie hɔ ho. Enti, sɛ okunu ne ɔyere di wɔn ho nokware a, wobetumi abom atena asomdwoe mu na wɔaka wɔn komam asɛm akyerɛ wɔn ho wɔn ho, na ama ɔdɔ a wɔwɔ ma wɔn ho no mu ayɛ den. Nokwaredi ho hia ampa.

9 Yehowa ka kyerɛɛ Adam sɛ: “Ɔbarima begyaw ne papa ne ne maame hɔ na ɔde ne ho akɔfam ne yere ho.” (Gen. 2:24) Saa asɛm no kyerɛ dɛn? Ɛkyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ ɔyɛ nsakrae wɔ sɛnea na ɔne ne nnamfo ne n’abusuafo bɔ no mu. Ɛsɛ sɛ awarefo no mu biara ma bere a obenya ama ne hokafo no yɛ no asɛnhia paa. Ɛnsɛ sɛ awarefo no ma bere a wobenya ama wɔn nnamfo anaa wɔn abusuafo no ho hia wɔn sen wɔn abusua foforo no; saa ara nso na ɛnsɛ sɛ wɔma kwan ma wɔn awofo de wɔn ano toto gyinae a wosisi anaa nsɛmnsɛm a ɛsɔre wɔ wɔn ntam no mu. Ɛsɛ sɛ awarefo no de wɔn ho fam wɔn ho bere a wɔaware no. Ɛno ne Onyankopɔn akwankyerɛ.

10. Dɛn na ɛbɛboa awarefo ma wɔakɔ so adi wɔn ho nokware?

10 Sɛ okunu ne ɔyere nni ɔsom biako mu mpo na wodi wɔn ho nokware a, wonya nhyira. Onuawa bi a ne kunu nyɛ gyidini kae sɛ: “Meda Yehowa ase paa sɛ wakyerɛkyerɛ me ma mahu sɛnea ɛsɛ sɛ mebrɛ me ho ase ma me kunu na minya obu kɛse ma no. Nokware a midi no ama makɔ so ada ɔdɔ ne obu adi wɔ m’aware mu mfe 47 ni.” (1 Kor. 7:10, 11; 1 Pet. 3:1, 2) Enti bɔ mmɔden ma wo kunu anaa wo yere bo ntɔ ne yam. Fa wo kasa ne wo nneyɛe so ma wo hokafo nnya awerɛhyem sɛ, wo fam de, ɔno ne onipa a ne ho hia wo sen obiara wɔ asase so. Yɛ nea wubetumi biara sɛ wo fam de, woremma obi anaa biribiara nntetew wo ne wo hokafo ntam. (Monkenkan Mmebusɛm 5:15-20.) Ron ne Jeannette a wɔaware bɛboro mfe 35 ni a wɔwɔ anigye no ka sɛ, “Esiane sɛ yɛde nokwaredi yɛ nea Onyankopɔn hwehwɛ fi yɛn hɔ nti, asi yɛn yiye, na yɛn ani gye wɔ yɛn aware mu.”

Biakoyɛ Hyɛ Aware mu Den

11, 12. Ɔkwan bɛn so na Akwila ne Priskila de biakoyɛ yɛɛ adwuma wɔ (a) wɔn fie, (b) wɔn honam fam adwuma mu, ne (d) Kristofo som adwuma no mu?

11 Bere a ɔsomafo Paulo kaa Akwila ne Priskila a na wɔyɛ ne nnamfo paa ho asɛm no, wammɔ obiako din annyaw obiako da. Saa awarefo a na wɔyɛ biako no yɛɛ nea na Onyankopɔn kyerɛ bere a ɔkae sɛ ɛsɛ sɛ okunu ne ɔyere yɛ “ɔhonam koro” no ho nhwɛso pa. (Gen. 2:24) Wɔboom yɛɛ adwuma wɔ wɔn fie, wɔn honam fam adwuma mu, ne Kristofo som adwuma no mu bere nyinaa. Sɛ nhwɛso no, bere a Paulo kɔɔ Korinto nea edi kan no, Akwila ne Priskila fi ayamye mu gyee no tenaa wɔn fie, na ɛda adi sɛ ɛno akyi no, ɔtenaa hɔ kakra yɛɛ ne nnwuma ahorow. Akyiri yi, wɔ Efeso no, wɔde wɔn fie mae ma wɔyɛɛ asafo nhyiam wɔ hɔ, na wɔboom boaa wɔn a wɔyɛ foforo te sɛ Apolo ma wɔtee nokware no ase yiye. (Aso. 18:2, 18-26) Afei awarefo a wɔyɛ nsi yi tu kɔɔ Roma, na ɛhɔ nso wɔde wɔn fie mae ma wɔyɛɛ asafo nhyiam wɔ hɔ. Akyiri yi, wɔsan kɔɔ Efeso kɔhyɛɛ anuanom den.—Rom. 16:3-5.

12 Bere bi akyi no, Akwila ne Priskila ne Paulo boom yɛɛ ntamadan adwuma a na wɔyɛ no nso. Ɛha nso, yehu sɛ na awarefo no abom de biakoyɛ reyɛ adwuma a na akansi anaa akasakasa biara nni wɔn ntam. (Aso. 18:3) Nanso, nokwasɛm ne sɛ, bere a wɔboom yɛɛ Kristofo som adwuma no na ɛboaa wɔn ma wotumi som Yehowa yiye na wɔn aware no sɔe. Wobehuu saa awarefo yi yiye sɛ wɔyɛ “mfɛfo adwumayɛfo wɔ Kristo Yesu mu” wɔ Korinto, Efeso, ne Roma. (Rom. 16:3) Wɔboom yɛɛ adwuma de trɛw Ahenni asɛnka adwuma no mu wɔ baabiara a wɔkɔsomee.

13, 14. (a) Tebea horow bɛn na ebetumi asɛe biakoyɛ a ɛwɔ aware mu? (b) Nneɛma a awarefo betumi abom ayɛ de ahyɛ wɔn aware mu den sɛ “ɔhonam koro” no bi ne dɛn?

13 Nokwarem no, sɛ awarefo de biakoyɛ di wɔn botae ahorow ho dwuma na wɔbom yɛ ade a, ɛhyɛ wɔn aware no mu den. (Ɔsɛnk. 4:9, 10) Awerɛhosɛm ne sɛ, ɛnnɛ awarefo pii nnya bere pii mma wɔn ho. Wɔn mu biara de nnɔnhwerew pii kɔyɛ n’adwuma. Adwuma a afoforo nso yɛ taa ma wotutu akwan anaa wɔn nkutoo kɔtena ɔman foforo so yɛ adwuma de sika ba fie. Wɔ ofie mpo no, awarefo binom hu sɛ esiane bere a wɔde hwɛ television, wɔde yɛ nneɛma a wɔn ani gye ho, wɔde di agoru, wɔde di video so agoru, anaa wɔde kɔ Intanɛt so nti, wɔn ntam atetew. So saa na ɛte wɔ wo fie? Sɛ ɛte saa a, so mubetumi ayɛ nsakrae wɔ mo nsɛm tebea mu na ama moanya bere pii ama mo ho? Na nnwuma a wɔyɛ no daa te sɛ aduannoa, nkyɛnsee mu hohoro, anaa mo mfikyiri a mobɛbom asiesie nso ɛ? So mubetumi abom ahwɛ mo mma anaa mo awofo a wɔn mfe akɔ anim?

14 Nea ɛho hia sen biara no, mommom nyɛ nneɛma a ɛfa Yehowa som ho. Sɛ mobom susuw daa asɛm no ho na moyɛ abusua som a, ɛma munya hokwan a ɛkyɛn so a ɛboa ma mo abusua no nsusuwii ne botae yɛ biako. Mommom nkɔ asɛnka nso. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, mommom nyɛ akwampae adwuma, na sɛ ɔsram biako pɛ anaa afe biako mpo na mubenya bere de ayɛ a, eye. (Monkenkan 1 Korintofo 15:58.) Onuawa bi a ɔne ne kunu boom yɛɛ akwampae adwuma no kae sɛ: “Ná asɛnka a yɛkɔ no yɛ ɔkwan biako a yebetumi afa so abom ayɛ ade na yɛabɔ nkɔmmɔ ankasa. Esiane sɛ na yɛn baanu nyinaa botae ne sɛ yɛbɛka Onyankopɔn ho asɛm akyerɛ afoforo nti, metee nka sɛ na yɛayɛ biako ankasa. Metee nka sɛ mabɛn no paa sɛ me kunu ne m’adamfo pa nso.” Sɛ mobom yɛ nnwuma pa a, bere rekɔ so no, nneɛma a w’ani gye ho, nneɛma a ɛho hia wo sen biara, ne wo suban ne wo hokafo no de bɛba abɛyɛ biako akosi sɛ mubedwen nneɛma ho, ate nka wɔ nneɛma ho, na moayɛ mo ade sɛ nnipa a wɔyɛ “ɔhonam koro” sɛnea Akwila ne Priskila yɛe no.

Fa Onyankopɔn Di Kan

15. Ade titiriw bɛn na ɛma esi awarefo yiye? Kyerɛkyerɛ mu.

15 Ná Yesu nim hia a ehia sɛ awarefo de Onyankopɔn di kan wɔ wɔn aware mu. Bere a Yehowa hyehyɛɛ aware a edi kan no, Yesu hui. Ohuu sɛnea Adam ne Hawa ani gyei bere a na wodi Onyankopɔn akwankyerɛ so no, na ɔde n’ani huu ɔhaw a ɛbae bere a wɔanni so no. Enti, bere a Yesu rekyerɛkyerɛ afoforo no, otĩĩ n’Agya akwankyerɛ a ɛwɔ Genesis 2:24 no mu. Ɔsan ka kaa ho sɛ: “Nea Onyankopɔn aka abom no, mma onipa biara nntetew mu.” (Mat. 19:6) Enti obu kɛse a awarefo benya ama Yehowa no da so ara yɛ ade titiriw a ɛma esi wɔn yiye na wonya anigye. Yosef ne Maria a na wɔyɛ Yesu awofo wɔ asase so no yɛɛ eyi ho nhwɛso pa.

16. Ɔkwan bɛn so na Yosef ne Maria de Onyankopɔn dii kan wɔ wɔn abusua mu?

16 Yosef ne Maria dii no ayamye so, na na obu no nso. Bere a edi kan a Yosef hui sɛ Maria anyinsɛn a na Onyankopɔn bɔfo no nnya nkyerɛkyerɛɛ asɛm a na ato Maria no mu nkyerɛɛ no mpo no, na ɔpɛ sɛ ɔne Maria di no mmɔborɔhunu so. (Mat. 1:18-20) Awarefo yi dii Kaesare mmara so, na wɔsan nso dii Mose Mmara no so pɛpɛɛpɛ. (Luka 2:1-5, 21, 22) Ɛwom sɛ na mmarima nkutoo na ɛsɛ sɛ wokodi ɔsom mu afahyɛ atitiriw wɔ Yerusalem de, nanso na Yosef ne Maria ne wɔn abusua mufo kɔ afe biara. (Deut. 16:16; Luka 2:41) Saa awarefo a wosuro Onyankopɔn yi bɔɔ mmɔden yɛɛ nea ɛsɔ Yehowa ani, na wɔkyerɛɛ obu maa nneɛma a ɛfa Yehowa som ho wɔ saa akwan yi ne akwan foforo so. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔn na Yehowa paw wɔn sɛ wɔnhwɛ ne Ba Yesu so bere a na ɔyɛ abofra wɔ asase so no.

17, 18. (a) Akwan bɛn na awarefo betumi afa so de Onyankopɔn adi kan wɔ wɔn abusua mu? (b) Ɔkwan bɛn so na wobenya eyi so mfaso?

17 So mode Onyankopɔn di kan wɔ mo abusua mu? Sɛ nhwɛso no, sɛ moresisi gyinae a ɛho hia a, so mudi kan hwehwɛ Bible nnyinasosɛm, mobɔ asɛm no ho mpae, na afei mohwehwɛ afotu fi Kristofo a wɔn ho akokwaw hɔ? Anaasɛ mugyina sɛnea mo ankasa mo adwene yɛ mo so anaa nea mo abusuafo ne mo nnamfo ka so na edi mo haw ho dwuma? So mobɔ mmɔden sɛ mode nyansahyɛ pii a akoa kuw no atintim a ɛfa aware ne abusua ho no bedi dwuma? Anaasɛ mudi mo hɔnom amammerɛ anaa wiase no afotu a nnipa pii gye tom no akyi? So mobom bɔ mpae sua ade daa, mode botae a ɛfa Onyankopɔn som ho sisi mo ani so, na mobɔ nneɛma a ɛho hia mo abusua no paa ho nkɔmmɔ?

18 Ray ka mfe 50 a ɔne ne yere de aware anigye mu ho asɛm sɛ, “Yenhyiaa ɔhaw biara a yɛantumi anni so da, efisɛ yɛakɔ so ama Yehowa aka yɛn ‘hama a ɛbɔ ho abiɛsa no’ ho.” (Monkenkan Ɔsɛnkafo 4:12.) Danny ne Trina gye saa asɛm yi tom. Wɔka sɛ: “Esiane sɛ yɛabom asom Onyankopɔn nti, yɛn aware no asɔ paa.” Wɔaware bɛboro mfe 34 ni, na wɔwɔ anigye. Sɛ mode Yehowa di kan wɔ mo aware mu bere nyinaa a, ɔbɛboa mo ma asi mo yiye, na obehyira mo pii.—Dw. 127:1.

Kɔ So Bu Onyankopɔn Akyɛde No

19. Dɛn nti na Onyankopɔn hyehyɛɛ aware sɛ akyɛde?

19 Ɛnnɛ, wɔ nnipa pii fam no, ade a ɛho hia wɔn ara ne anigye a wɔn ankasa benya. Nanso, Yehowa somfo de, ɛnyɛ saa na ohu nneɛma. Onim sɛ Onyankopɔn hyehyɛɛ aware sɛ akyɛde a ɔde bedi N’atirimpɔw ho dwuma. (Gen. 1:26-28) Sɛ Adam ne Hawa buu saa akyɛde no a, anka asase nyinaa adan paradise a Onyankopɔn asomfo a wɔyɛ adetrenee na wɔwɔ anigye ahyɛ so ma.

20, 21. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yebu aware sɛ ɛyɛ kronkron? (b) Akyɛde bɛn na yebesua ho ade dapɛn a edi hɔ no?

20 Nea ɛsen ne nyinaa no, Onyankopɔn asomfo bu aware sɛ hokwan a wɔanya a wɔde bɛhyɛ Yehowa anuonyam. (Monkenkan 1 Korintofo 10:31.) Sɛnea yɛahu no, nokwaredi, biakoyɛ, ne Onyankopɔn a yɛde no di kan yɛ su a ɛsɔ Yehowa ani, na ɛhyɛ aware mu den. Enti sɛ́ ebia yɛresusuw ho sɛ yɛbɛware, yɛrehyɛ yɛn aware mu den, anaa yɛrebɔ mmɔden sɛ yebesiesie yɛn aware a ɛreyɛ agu no, ɛsɛ sɛ yedi kan hu nea aware yɛ: ɛyɛ Onyankopɔn nhyehyɛe, na ɛyɛ kronkron. Sɛ yɛma saa nokwasɛm no tena yɛn adwenem a, ɛbɛka yɛn ma yɛayɛ nea yebetumi biara agyina Onyankopɔn Asɛm so asisi gyinae wɔ yɛn aware mu. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛda no adi sɛ yebu akyɛde a ɛne aware ne Onii a ɔde saa akyɛde no mae a ɔne Yehowa Nyankopɔn no nso.

21 Nokwarem no, ɛnyɛ aware nko ne akyɛde a Yehowa de ama yɛn; na saa ara nso na ɛnyɛ ɛno nko ne ade a ɛma nnipa ani gye. Yebesusuw akyɛde foforo nso a ɛsom bo a efi Onyankopɔn hɔ a ɛne sigyadi ho wɔ adesua a edi hɔ no mu.

Wubebua Dɛn?

• Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔyɛ awarefo di wɔn ho nokware?

• Dɛn nti na sɛ awarefo bom yɛ ade a, ɛhyɛ wɔn aware mu den?

• Nneɛma a awarefo betumi de Onyankopɔn adi kan wom no bi ne dɛn?

• Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya obu ama Yehowa a ɔne aware Hyehyɛfo no?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Sɛ awarefo bom yɛ ade a, ɛboa ma wɔyɛ biako