Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Fa W’adwene Si Nea Yehowa Ayɛ Ama Wo no So

Fa W’adwene Si Nea Yehowa Ayɛ Ama Wo no So

Fa W’adwene Si Nea Yehowa Ayɛ Ama Wo no So

YESU wusɔre akyi bere tiaa bi no, na n’asuafo no mu baanu nam kwan so fi Yerusalem rekɔ Emaus. Luka Asɛmpa no ka sɛ: “Bere a wɔrebɔ nkɔmmɔ na wɔresusuw [nea asi] ho no, Yesu ankasa bɛtoo wɔn na ɔne wɔn bɔɔ anan nantewee; nanso wɔanhu sɛ ɛyɛ ɔno.” Afei, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “‘Dɛn asɛm na monam kwan so resusuw ho yi?’ Na wogyinae a wɔn anim ayɛ bosaa.” Dɛn nti na na wɔn werɛ ahow? Ná asuafo no adwene yɛ wɔn sɛ Yesu begye Israel afi Amanaman mufo no nhyɛso ase, nanso na wonnyaa ogye a ɛte saa. Mmom no, na wɔakum Yesu. Ɛno nti na na wɔn werɛ ahow no.—Luka 24:15-21; Aso. 1:6.

Yesu fii ase ne asuafo no susuw nsɛm ho. “Ɔde fi Mose ne Adiyifo no nyinaa so kyerɛkyerɛɛ wɔn nsɛm a ɛfa ne ho mu wɔ Kyerɛwnsɛm no nyinaa mu.” Nokwarem no, bere a Yesu reyɛ ne som adwuma no, nsɛntitiriw pii a ɛhyɛ gyidi den sisii! Bere a asuafo no tiee Yesu nkyerɛkyerɛmu no, wɔn awerɛhow no danee anigye. Saa da no anwummere no, asuafo no kae sɛ: “Bere a ɔne yɛn rekasa wɔ ɔkwan so na ɔrekyerɛ Kyerɛwnsɛm no mu kyerɛ yɛn no, ampusuw yɛn koma anaa?” (Luka 24:27, 32) Dɛn na yebetumi asua afi nea Yesu asuafo no yɛe no mu?

Nneɛma a Yɛhwɛ Kwan a Ɛmma mu Ka Yɛn Dɛn?

Ná asuafo baanu a wɔnam kwan so rekɔ Emaus no werɛ ahow, efisɛ na nsɛm a wɔrehwɛ kwan sɛ ebesisi no nsisii. Nea Mmebusɛm 13:12 ka ho asɛm no bi na ɛtoo wɔn no. Ɛhɔ ka sɛ: “Anidaso a ɛmma mu ntɛm ma koma yare.” Saa ara na yɛn a yɛwɔ hɔ no mu binom a wɔde mfe pii asom Yehowa nokwaredi mu no adwene yɛɛ wɔn sɛ anka ebedu saa bere yi na “ahohiahia kɛse” no aba dedaw. (Mat. 24:21; Adi. 7:14) Ɛde besi saa bere yi, ntease wom sɛ akwanhwɛ a ɛte saa a ɛmmaa mu no betumi ama wɔn werɛ ahow.

Nanso kae sɛ, bere a Yesu boaa saa asuafo baanu no ma wɔde wɔn adwene sii nkɔmhyɛ ahorow a na anya mmamu dedaw, a ebi baa mu wɔ wɔn bere so no so no, wɔn ani san gyei. Saa ara na yɛn nso yɛn ani betumi akɔ so agye wɔ yɛn koma mu na yɛagyina abasamtu ano. Kristofo asafo no mu panyin bi a ne ho akokwaw a ne din de Michael kae sɛ: “Mfa w’adwene nsi nneɛma a Yehowa nnya nyɛe so. Mmom no, fa w’adwene si nea wayɛ dedaw no so.” Eyi yɛ afotu pa ankasa!

Nea Yehowa Ayɛ

Susuw nneɛma titiriw a Yehowa ayɛ dedaw no bi ho hwɛ. Yesu kae sɛ: “Nea onya me mu gyidi no, ɔno nso bɛyɛ nnwuma a meyɛ no bi; na ɔbɛyɛ nnwuma akɛse asen eyinom.” (Yoh. 14:12) Ɛnnɛ, Onyankopɔn asomfo reyɛ nnwuma akɛse wɔ Kristofo som adwuma no mu sen bere biara. Nnipa bɛboro ɔpepem ason na wɔrehwɛ kwan sɛ wobenya wɔn ti adidi mu wɔ ahohiahia kɛse no mu. Wo de susuw ho hwɛ, Yehowa asomfo anokwafo pii reyɛ ɔsom adwuma no wɔ aman pii so wɔ asase so nyinaa ɛnnɛ sen bere biara! Yehowa ama nkɔm a Yesu hyɛ faa ‘nnwuma akɛse a ɛsen eyinom’ ho no abam ankasa.

Dɛn bio na Yehowa ayɛ ama yɛn? Wama ayɛ yiye sɛ nnipa komapafo befi wiase bɔne no mu aba honhom fam paradise a wahyehyɛ no mu. (2 Kor. 12:1-4) Gye bere fa susuw nneɛma bi a ɛwɔ saa paradise no mu a yɛn nsa betumi aka no ho hwɛ. Sɛ nhwɛso no, hwɛ w’ankasa wo nhomakorabea a ɛwɔ wo fie anaa nea ɛwɔ Ahenni Asa so no. Buebue Watch Tower Publications Index no mu, anaasɛ hwɛ Watchtower Library no mu wɔ kɔmputa so. Tie Bible ho drama bi wɔ afiri so. Kaakae nsɛm a wotee ne nneɛma a wuhui wɔ ɔmantam nhyiam bi a wokɔe nnansa yi ara no. Bio nso, susuw fekubɔ a ɛhyɛ nkuran a yɛne yɛn nuanom Kristofo mmarima ne mmea nya no ho. Hwɛ sɛnea Yehowa afi ayamye mu ama yɛanya honhom fam aduan pii ne anuanom a wɔwɔ ɔdɔ—ɛyɛ honhom fam paradise ampa!

Odwontofo Dawid kae sɛ: “Nneɛma pii na woayɛ ama yɛn, O Yehowa me Nyankopɔn, w’anwonwadwuma ne w’adwene.” (Dw. 40:5) Nokwarem no, sɛ yɛde yɛn adwene si anwonwadwuma a Yehowa ayɛ ama yɛn dedaw no so na sɛ yesusuw ɔdɔ a ɔwɔ ma yɛn no ho a, yebenya ahoɔden foforo de adi nokware akosi ase wɔ sɛnea yefi yɛn koma nyinaa mu som Yehowa a ɔne yɛn soro Agya no mu.—Mat. 24:13.

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Yesu boaa n’asuafo no ma wɔde wɔn adwene sii nea na Yehowa ayɛ ama wɔn dedaw no so

[Mfonini wɔ kratafa 32]

Kaakae nsɛm a wotee ne nneɛma a wuhui wɔ ɔmantam nhyiam bi a wokɔe nnansa yi ara