Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hwɛ Edin no wɔ Obon no Mu

Hwɛ Edin no wɔ Obon no Mu

Hwɛ Edin no wɔ Obon no Mu

ST. MORITZ. So woate saa din no pɛn? Ebia woate pɛn, efisɛ ɛhɔ yɛ baabi a agye din wɔ wiase no mu a nkurɔfo kɔ hɔ kogye wɔn ahome wɔ wɔn akwamma bere mu, na ɛwɔ Engadine Obon a ɛwɔ Switzerland no mu. Nanso, St. Moritz a ɛhɔ yɛ fɛ na ɛwɔ obon mu no hyɛ bepɔw Alps a sukyerɛmma tɔ gu n’atifi a ɛwɔ Switzerland anafo fam apuei, baabi a ɛbɛn Italy hye so no mu, na ɛyɛ beae biako a atwetwe nkurɔfo akɔ hɔ mfe pii ni. Ɛhɔ nso na Switzerland Ɔman Turo a ɛyɛ fɛ no wɔ, na nhwiren ne mmoa ahorow pii wɔ hɔ a ɛreyi Yehowa a ɔne yɛn Bɔfo Kɛse no ayɛ. (Dw. 148:7-10) Na saa ara na nneɛma bi a nkurɔfo yɛe wɔ wɔn asetena mu tete wɔ afeha a ɛto so 17 no mfinimfini mu no nso reyi Yehowa ayɛ.

Wubetumi ahu asɛm bi a wontaa nhu wɔ afie pii ho wɔ saa obon yi mu. Ɛnyɛ nwonwa sɛ wubehu sɛ wɔakyerɛw Onyankopɔn din wɔ ofie bi anim, wɔ ofie no pon kɛse atifi. Mfehaha pii a atwam no, na nkurɔfo taa kyerɛkyerɛw wɔn afie ho, sɛ́ ebia wɔde adubiri bɛkyerɛw, wobekurukyerɛw wɔ ɔfasu ho anaa ɔbo so. Wubehu ofie bi a ɛwɔ akuraa bi a wɔfrɛ no Bever ase no ho mfonini. Nea wɔakyerɛw agu ofie no ho nkyerɛase ni: “Afe 1715. Yehowa ne mfiase, na Yehowa ne awiei. Onyankopɔn fam de, ade nyinaa betumi ayɛ yiye, na yɛrentumi nkwati no nyɛ biribiara.” Nokwarem no, wɔde Onyankopɔn din dii dwuma mprenu wɔ tete nkyerɛwee yi mu.

Wubetumi ahu tete nkyerɛwee a akyɛ sen saa mpo wɔ akuraa bi a wɔfrɛ no Madulain ase. Saa nkyerɛwee no ka sɛ: “Dwom 127. Sɛ Yehowa ansi ofie no a, ɛho adwumayɛfo brɛ gu kwa. Lucius Rumedius. Afe 1654.”

Dɛn nti na nkurɔfo kyerɛkyerɛw Onyankopɔn din wɔ wɔn adan ho wɔ saa obon yi mu? Bere a Protestantfo tew wɔn ho fii Katolek Asɔre no ho no, wotintim Bible no wɔ Romansh a ɛyɛ Latin kasa bi a wɔka wɔ Engadine no mu. Nokwarem no, Bible ne nhoma a wodii kan kyerɛɛ ase kɔɔ saa kasa no mu. Nea kurom hɔfo pii kenkan fii Onyankopɔn Asɛm mu no kaa wɔn ma wɔkyerɛw wɔn ankasa din ne Bible mu nsɛm a Onyankopɔn din wom nso guu wɔn afie ho.

Nokwarem no, mfe pii ni a wodii kan kyerɛkyerɛw saa nsɛm no guu afie no ho, na ɛde besi nnɛ nyinaa nkyerɛwee yi da so ara reda Yehowa din no adi, na ɛreyi no ayɛ. Yɛto nsa frɛ ahɔho a wɔba kurom hɔ, ne kurom hɔfo nyinaa sɛ wobetumi akɔ ɔdan foforo bi a Onyankopɔn din gu ho a ɛne Yehowa Adansefo Ahenni Asa a ɛwɔ Bever no so akosua Yehowa a ɔne Onyankopɔn a ne ho yɛ nwonwa no ho ade.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 7]

© Stähli Rolf A/age fotostock