Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Siesie Wo Ho!

Siesie Wo Ho!

Siesie Wo Ho!

“Munsiesie mo ho, efisɛ dɔn a mo ani nna so mu na onipa Ba no bɛba.”—MAT. 24:44.

1, 2. (a) Nneɛma bɛn na Bible hyɛɛ ho nkɔm a yebetumi de atoto ɔsebɔ bi a ɔtow hyɛɛ obi so no ho? (b) Aboa no a ɔbɛtow ahyɛ Babilon Kɛse no so no hwehwɛ sɛ woyɛ dɛn?

ƆBARIMA bi a watete Bengal asebɔ ma wɔabɛyɛ ne nnamfo a ɔne wɔn di agoru de gyigye nkurɔfo ani ayɛ saa mfe pii. Ɔkae sɛ: “Sɛ aboa bi fa wo adamfo a, ɛte sɛ nea woanya akyɛde a ɛyɛ fɛ sen biara wɔ wiase.” Nanso, saa adamfofa no baa awiei October 3, 2003. Obiara anhu nea ɛbae, mmoa a watete wɔn no mu biako, ɔsebɔ fitaa bi a ne mu duru yɛ nkaribo 380 (kilogram 172) tow hyɛɛ no so. Ná nea ɔtete mmoa no nhwɛ kwan koraa sɛ aboa no bɛtow ahyɛ no so, na na n’ani nna ne ho so nso.

2 Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ Bible ka “aboa” bi a ɔbɛtow ahyɛ obi so ho asɛm, na ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho. (Monkenkan Adiyisɛm 17:15-18.) Hena na aboa yi bɛtow ahyɛ no so? Nneɛma bɛsesa mpofirim ma Ɔbonsam wiase no ne ne ho adi asi. Aboa kɔkɔɔ no gyina hɔ ma Amanaman Nkabom no, na “mmɛn du” no nso gyina hɔ ma amammui atumfoɔ nyinaa. Eyinom bɛtow ahyɛ Babilon Kɛse, wiase atoro som ahemman no so, na wɔasɛe no pasaa. Bere bɛn na saa asɛm yi besi? Yennim ɛda no ne dɔn no. (Mat. 24:36) Nea yenim ne sɛ ɛbɛba dɔn a yɛnhwɛ kwan mu, na bere a aka ma aboa no atow ahyɛ no so no nso sua. (Mat. 24:44; 1 Kor. 7:29) Enti, ɛho hia sɛ yɛkɔ so siesie yɛn ho, na sɛ aboa no tow hyɛ no so na Kristo ba sɛ Ɔbrafo a, wayɛ yɛn Gyefo nso! (Luka 21:28) Yebetumi asua biribi afi Onyankopɔn asomfo anokwafo a wosiesiee wɔn ho ma enti wohuu Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow mmamu no hɔ, na ama yɛatumi asiesie yɛn ho saa ara. So yebesua biribi afi saa nkurɔfo yi asetena mu nsɛm no mu?

Siesie Wo Ho Sɛnea Noa Yɛe No

3. Nneɛma bɛn na ɛma ɛyɛɛ den maa Noa sɛ ɔbɛsom Onyankopɔn nokware mu?

3 Ɛmfa ho nneɛma bɔne a na ɛrekɔ so wɔ asase so wɔ Noa bere so no, osiesiee ne ho sɛ obehu Onyankopɔn bɔhyɛ mmamu. Wo de, susuw sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Noa huu amane bere a abɔfo a wɔtew atua no dan wɔn ho nnipa na wɔne mmea a wɔn ho yɛ fɛ bɛbɔɔ aguaman no ho hwɛ! Saa abɔfo bɔne a wɔne nnipa mmabea dedae no woo mma a na wɔwɔ ahoɔden sen nnipa, “abran” a wɔde ahoɔden soronko a na wɔwɔ no sisii afoforo. (Gen. 6:4) Wo de, susuw awudisɛm a ɛkɔɔ so saa bere no, bere a saa abran yi yɛɛ basabasa wɔ baabiara a wɔkɔe no ho hwɛ. Ɛno nti, abɔnefosɛm kɔɔ so wɔ baabiara, na ɛmaa nnipa nsusuwii ne wɔn suban sɛee koraa. Awurade Tumfoɔ Yehowa kaa asɛm bi de kyerɛe sɛ ɔde saa wiase bɔne no bɛba awiei.—Monkenkan Genesis 6:3, 5, 11, 12. *

4, 5. Akwan bɛn so na nneɛma a ɛrekɔ so wɔ yɛn bere yi so no te sɛ nea ɛkɔɔ so wɔ Noa bere so no?

4 Yesu hyɛɛ nkɔm sɛ nneɛma a ɛbɛkɔ so wɔ yɛn bere yi so bɛyɛ te sɛ nea ɛkɔɔ so wɔ Noa bere so no ara pɛ. (Mat. 24:37) Sɛ nhwɛso no, yɛn nso yehu sɛ ahonhommɔne da so ara haw nnipa. (Adi. 12:7-9, 12) Saa abɔfo a wɔyɛ adaemone no danee wɔn ho nnipa wɔ Noa bere so. Ɛwom sɛ seesei wɔabara wɔn a ɛmma wontumi nnan wɔn ho nnipa bio de, nanso wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde mmofra ne mpanyin nyinaa bɛyɛ nea wɔpɛ. Saa abɔfo bɔne no nya anigye fi bɔne ne abofonode a wotumi ma nkurɔfo yɛ wɔ asase so no mu.—Efe. 6:11, 12.

5 Onyankopɔn Asɛm frɛ Ɔbonsam “owudifo,” na ɛka sɛ ɔno na “otumi de owu ba.” (Yoh. 8:44; Heb. 2:14) Onyankopɔn mma Ɔbonsam kwan mma onkunkum nnipa sɛnea ɔpɛ. Nanso, saa honhom abɔde a ne tirim yɛ den yi daadaa nkurɔfo, na ɔto wɔn brada. Ɔde awudisɛm hyɛ nnipa koma ne wɔn adwene mu. Sɛ nhwɛso no, wobedi mmofra 142 biara a wɔwo wɔn wɔ United States no mu 1 awu. Bere a awudisɛm a ntease biara nnim rekɔ so wɔ wiase nyinaa no, so wunsusuw sɛ Yehowa hu nea ɛrekɔ so nnɛ no te sɛ nea ohuu nea ɛkɔɔ so wɔ Noa bere so no? So ɔrenyɛ ho hwee?

6, 7. Dɛn na Noa ne n’abusua yɛe de kyerɛe sɛ wɔwɔ gyidi, na wosuro Onyankopɔn?

6 Wɔ bere a ɛsɛ mu no, Onyankopɔn kaa nsuyiri a na ɔde reba asase so abɛsɛe ɔhonam nyinaa no ho asɛm kyerɛɛ Noa. (Gen. 6:13, 17) Yehowa ka kyerɛɛ Noa sɛ ɔnyɛ adaka kɛse bi. Noa ne n’abusua fii adwuma no ase. Dɛn na ɛboaa wɔn ma wɔyɛɛ osetie na wosiesiee wɔn ho de twɛn Onyankopɔn atemmu no?

7 Ɛyɛ gyidi a emu yɛ den ne Onyankopɔn ho suro na ɛkaa Noa ne n’abusua ma wɔyɛɛ nea na Onyankopɔn ahyɛ wɔn no. (Gen. 6:22; Heb. 11:7) Noa a na ɔyɛ abusua ti no wɛnee, na ɔtwee ne ho fii nneɛma bɔne a na nkurɔfo reyɛ wɔ saa tete wiase no mu no ho. (Gen. 6:9) Ná onim sɛ ɛsɛ sɛ n’abusua hwɛ yiye na wɔansuasua nnipa a na wɔatwa wɔn ho ahyia no awudisɛm ne wɔn asoɔden no bi. Ná ɛho hia sɛ wɔhwɛ yiye na wɔamma nneɛma a wɔyɛ no da biara da wɔ asetena mu no annye wɔn adwene. Ná Onyankopɔn ama wɔn adwuma a ɛsɛ sɛ wɔyɛ, na na ɛho hia sɛ abusua mũ no nyinaa de wɔn adwene si saa adwuma no so.—Monkenkan Genesis 6:14, 18.

Noa ne N’abusua Siesiee Wɔn Ho

8. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Noa abusua no de onyamesom pa bɔɔ wɔn bra?

8 Bible ka Noa a na ɔyɛ abusua ti no ho asɛm titiriw, nanso na Noa yere ne ne mmabarimanom ne wɔn yerenom nso yɛ Yehowa asomfo. Odiyifo Hesekiel sii saa asɛm yi so dua. Hesekiel kae sɛ sɛ na Noa te ase wɔ ne bere so a, anka ɛnyɛ adetrenee a Noa bɛyɛ na wobegyina so agye ne mma nkwa. Ná Noa mma no anyinyin sɛnea ɛsɛ a wobetumi asi gyinae sɛ wɔbɛyɛ osetie anaasɛ wɔrenyɛ. Enti, na wɔn ankasa ada no adi sɛ wɔdɔ Onyankopɔn, na wɔn ani gye n’akwan ho. (Hes. 14:19, 20) Noa abusua no tiee Noa nkyerɛkyerɛ, wonyaa ne gyidi no bi, na wɔamma afoforo ansiw wɔn kwan wɔ Onyankopɔn adwuma a na wɔbɛyɛ no ho.

9. Henanom na ɛnnɛ yebetumi aka sɛ wɔn gyidi te sɛ Noa de no?

9 Hwɛ sɛnea ɛhyɛ nkuran sɛ yehu mmusua ti wɔ yɛn nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa mu sɛ wɔreyɛ nea wobetumi nyinaa de asuasua Noa! Wonim sɛ ɛnyɛ nea ɛsɛ sɛ wɔde ma wɔn mmusua ara ne nnuan, ntade, dabere, ne nhomasua. Wonim sɛ ɛsɛ sɛ wɔboa wɔn mmusua ma wonya Onyankopɔn ho nimdeɛ nso. Sɛ wɔyɛ saa a, na wɔresiesie wɔn ho ama nea Yehowa bɛyɛ nnansa yi ara no.

10, 11. (a) Bere a na Noa ne n’abusua wɔ adaka no mu no, ɛbɛyɛ sɛ wɔtee nka dɛn? (b) Asɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho?

10 Ɛbɛyɛ sɛ Noa, ne yere, ne mmabarimanom, ne wɔn yerenom de bɛyɛ mfe 50 na ɛyɛɛ adaka no. Bere a wɔreyɛ adaka no, ɛbɛyɛ sɛ wodii mu akɔneaba mpɛn pii. Wɔyɛɛ adaka no sɛnea ɛbɛyɛ a nsu ntumi nkɔ mu, wɔde nnuan pii kɔɔ mu, na wɔde mmoa nso kɔɔ mu. Wo de, yɛ eyi ho mfonini wɔ w’adwenem hwɛ. Awiei koraa no, ɛda kɛse no dui. Wɔkɔhyɛɛ adaka no mu wɔ afe 2370 A.Y.B. mu, ɔsram a ɛto so abien no da a ɛto so 17. Afei, Yehowa too adaka no mu, na osu no fii ase tɔe. Ná eyi nyɛ nsuyiri a ɛbaa beae bi kɛkɛ. Osu no hwie fii soro waa te sɛ nea ɔsoro abue ma ɛpo rehwie gu fam no, na ɛtɔɔ denneennen guu adaka no so. (Gen. 7:11, 16) Nnipa a na wonni adaka no mu wuwui, na wogyee wɔn a na wɔwom no nkwa. Ɛbɛyɛ sɛ Noa abusua no tee nka dɛn? Nokwarem no, wɔdaa Onyankopɔn ase kɛse. Nanso, akyinnye biara nni ho sɛ wosusuw ho sɛ, ‘Hwɛ sɛnea yɛn ani agye sɛ yɛne nokware Nyankopɔn no nantewee, na yesiesiee yɛn ho!’ (Gen. 6:9) So wubetumi de w’adwene ayɛ ho mfonini sɛ woatwa Harmagedon a wode anigye reda Onyankopɔn ase kɛse saa ara?

11 Biribiara ntumi nsiw ɛbɔ a ade nyinaa so Tumfoɔ no ahyɛ sɛ ɔbɛsɛe Satan wiase yi no kwan. Bisa wo ho sɛ, ‘So mewɔ ahotoso koraa sɛ nneɛma a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no bɛbam a ɛrenka ketewa bi koraa, na ne nyinaa bɛbam wɔ bere a wahyɛ mu?’ Sɛ ɛte saa a, ma “Yehowa da” a ɛreba ntɛmntɛm no ntena w’adwenem na fa siesie wo ho.—2 Pet. 3:12.

Mose Kɔɔ So Wɛnee

12. Ná dɛn na anka ebetumi atwetwe Mose adwene afi Onyankopɔn som so?

12 Ma yensusuw nhwɛso foforo ho nhwɛ. Wɔ nnipa ani so no, na ɛte sɛ nea Mose wɔ dibea a edi mũ wɔ Egypt. Esiane sɛ Farao babea faa Mose tetee no nti, ɛda adi sɛ na wobu no kɛse, odii nnuan pa, ɔhyɛɛ ntade pa, na ɔtenaa baabi a na ɛhɔ yɛ anika paa nso. Osuaa nhoma kɔɔ akyiri. (Monkenkan Asomafo Nnwuma 7:20-22.) Ebetumi aba sɛ na anka obenya agyapade kɛse.

13. Ɔkwan bɛn so na Mose kɔɔ so de n’adwene sii Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow so?

13 Ɛda adi sɛ ntetee a Mose awofo de maa no wɔ ne mmofraase no ma ohui sɛ mfaso biara nni abosom a na Egyptfo no som wɔn no so. (Ex. 32:8) Nhomasua a Mose nyae wɔ Egypt ne ahemfie hɔ afɛfɛde no amma wannyaw nokware som. Ɛbɛyɛ sɛ osusuw ɛbɔ a Onyankopɔn hyɛɛ n’agyanom no ho kɔɔ akyiri, na na n’ani gye ho paa sɛ obesiesie ne ho ayɛ Onyankopɔn apɛde. Efisɛ Mose ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Yehowa, . . . Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn, ne Yakob Nyankopɔn na asoma me.”—Monkenkan Exodus 3:15-17.

14. Ɔkwan bɛn so na wɔsɔɔ gyidi ne akokoduru a na Mose wɔ hwɛe?

14 Ná Mose gye di sɛ Yehowa a ɔne nokware Nyankopɔn no wɔ hɔ ankasa, na ɔnte sɛ ahoni a egyina hɔ ma Egyptfo anyame a nkwa nni wɔn mu no. Ɔbɔɔ ne bra te sɛ nea na otumi hu “Onii a wonhu no no.” Ná Mose gye di sɛ wobegye Onyankopɔn nkurɔfo, nanso na onnim bere a wobegye wɔn. (Heb. 11:24, 25, 27) Israelni bi a na ɔyɛ akoa a na obi reyɛ no ayayade a Mose kɔko gyee no no ma yehu sɛ na Mose ani gye ho paa sɛ obehu sɛ Hebrifo no anya ahofadi. (Ex. 2:11, 12) Nanso, na Yehowa bere nsoe, enti na ɛsɛ sɛ Mose guan kɔtena akyirikyiri asase bi so sɛ ɔkobɔfo. Akyinnye biara nni ho sɛ, na ɛyɛ den ma no sɛ obefi Egypt ahemfie a na ahotɔ wɔ hɔ no akɔtena sare so. Nanso, Mose maa n’ani kɔɔ so daa hɔ wɔ akwankyerɛ biara a Yehowa de maa no no ho de siesiee ne ho. Enti, afei bere a okodii mfe 40 wɔ Midian akyi no, na Onyankopɔn betumi de no adi dwuma ma wakogye ne nuanom. Mose tiee Onyankopɔn akwankyerɛ san kɔɔ Egypt. Afei de, na bere aso sɛ Mose yɛ adwuma a Onyankopɔn de ahyɛ ne nsa no, na ɔyɛ no sɛnea Onyankopɔn pɛ. (Ex. 3:2, 7, 8, 10) Bere a Mose a na “odwo sen obiara wɔ asase so” no san kɔɔ Egypt no, na ohia gyidi ne akokoduru na ama watumi akɔ Farao anim. (Num. 12:3) Wankɔ Farao anim pɛnkoro pɛ, na mmom, ɔkɔɔ n’anim mpɛn pii bere a ɔhaw ahorow no fii ase no, na na onnim mpɛn dodow a ɛho behia sɛ ɔkɔ Farao anim ansa na ɔhaw a edi hɔ aba.

15. Ɛmfa ho sɛ nneɛma bi maa Mose abam bui no, dɛn na ɛkaa no ma ɔkɔɔ so hwehwɛɛ hokwan de dii ne soro Agya no ni?

15 Mfe 40 a edi hɔ no, efi afe 1513 A.Y.B. mu kosi afe 1473 A.Y.B. mu no, Mose hyiaa tebea horow a ɛmaa n’abam bui. Nanso, ɔhwehwɛɛ hokwan a ɔde bedi Yehowa ni, na ofi ne koma nyinaa mu hyɛɛ ne mfɛfo Israelfo no nkuran sɛ wɔn nso nyɛ saa ara. (Deut. 31:1-8) Dɛn ntia? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, na Yehowa din ne ne tumidi ho hia Mose paa sen n’ankasa din. (Ex. 32:10-13; Num. 14:11-16) Ɛmfa ho sɛ nneɛma bi betumi ama yɛn abam abu no, ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛkɔ so gyina Onyankopɔn tumidi akyi, na yenya ahotoso sɛ ɔkwan a ɔfa so yɛ n’ade no yɛ nea nyansa wom kɛse, ɛyɛ nea ɛteɛ paa, na eye sen ɔkwan foforo biara. (Yes. 55:8-11; Yer. 10:23) So saa na wote nka?

Kɔ So Wɛn!

16, 17. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wususuw asɛm a ɛwɔ Marko 13:35-37 no ho anibere so?

16 Bible ka sɛ, “Monkɔ so nhwɛ, monkɔ so nwɛn, efisɛ munnim bere a wɔahyɛ no.” (Mar. 13:33) Yesu de saa kɔkɔbɔ no mae bere a na ɔreka sɛnkyerɛnne a ɛbɛma yɛahu wiase bɔne yi awiei ho asɛm no. Susuw asɛm a Yesu ka de wiee nkɔmhyɛ titiriw a Marko yɛɛ ho kyerɛwtohɔ no ho hwɛ. Ɔkae sɛ: “Enti monkɔ so nwɛn, efisɛ munnim bere a ofiewura no reba, sɛ ɛyɛ adesae anaa ɔdasum anaa akokɔbɔnee anaa ahemadakye; na sɛ ɔba mpofirim a, wammɛto mo sɛ moadeda. Na nea mereka akyerɛ mo yi mereka akyerɛ nnipa nyinaa, monkɔ so nwɛn.”—Mar. 13:35-37.

17 Ɛsɛ sɛ yesusuw afotu a Yesu de mae no ho anibere so. Ɔkaa dɔn ahorow anan a wɔde wɛn anadwo ho asɛm. Ná dɔn a etwa to no a obi bɛwɛn wom no betumi ayɛ den, efisɛ na ɛhyɛ ase fi ahemadakye nnɔnabiɛsa kosi sɛ owia bepue. Wɔn a wonim akodi yiye no susuw sɛ saa bere no na eye paa sɛ wɔtow hyɛ wɔn atamfo so, efisɛ saa bere no na wotumi kɔto wɔn sɛ ‘wɔadeda.’ Saa ara na seesei esiane sɛ nkurɔfo ada hatee wɔ honhom fam nti, ebetumi ayɛ den paa ama yɛn sɛ yɛbɛkɔ so awɛn. So yɛn adwenem yɛ yɛn nãã wɔ hia a ehia sɛ ‘yɛkɔ so wɛn’ na ‘yɛkɔ so hwɛ’ de twɛn awiei a wɔahyɛ ho nkɔm ne gye a wobegye yɛn no?

18. Hokwan a ɛso bi nni bɛn na yɛn a yɛyɛ Yehowa Adansefo no anya?

18 Ɔbarima a ɔtete mmoa a Bengal ɔsebɔ no tow hyɛɛ no so a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no tumi gyee ne ho fii aboa no nsam. Nanso, Bible nkɔmhyɛ ma yehu no pefee sɛ atoro som ne wiase bɔne yi fã a aka no ntumi nguan ɔsɛe a ɛreba wɔ awiei no mu no. (Adi. 18:4-8) Momma Onyankopɔn asomfo nyinaa, mmofra ne mpanyin, nhu aniberesɛm a ɛwom sɛ wɔbɛyɛ nea wobetumi nyinaa de asiesie wɔn ho ama Yehowa da no sɛnea Noa ne n’abusua yɛe no. Yɛte wiase a emu nnipa nni Onyankopɔn ni a atoro som mu akyerɛkyerɛfo, ne wɔn a wɔkyerɛ sɛ yentumi nhu sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, ne wɔn a wɔkyerɛ sɛ Onyankopɔn nni hɔ keka nsɛm de di Ɔbɔadeɛ no ho fɛw mu. Nanso, ɛnsɛ sɛ yesuasua wɔn. Momma yensuasua wɔn a wɔyɛɛ nhwɛso pa a yɛasusuw wɔn ho no, na yɛnkɔ so nhwehwɛ hokwan ahorow mfa nka Yehowa ho asɛm sɛ ɔno ne “anyame mu Onyankopɔn,” nokwarem no, ɔno ne “Onyankopɔn tumfoɔ pumpuni a ne ho yɛ hu” no mfa nni no ni.—Deut. 10:17.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 3 Sɛ wopɛ ‘mfe ɔha aduonu’ a wɔaka ho asɛm wɔ Genesis 6:3 no ho nkyerɛkyerɛmu a, hwɛ December 15, 2010, Ɔwɛn-Aban, kratafa 30.

So Wokae?

• Dɛn nti na na ɛsɛ sɛ Noa ma Onyankopɔn ho nimdeɛ a ɔbɛma n’abusua anya no ho hia no paa?

• Ɔkwan bɛn so na yɛn bere yi te sɛ Noa bere no pɛpɛɛpɛ?

• Ɛmfa ho sɛ Mose abam bui no, dɛn nti na ɔkɔɔ so de n’ani sii Yehowa bɔhyɛ so?

• Bible mu nkɔmhyɛ bɛn na ɛka wo ma wokɔ so wɛn?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Noa ne n’abusua de wɔn adwene sii Yehowa adwuma no so

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛbam ɔkwan biara so no boaa Mose ma ɔkɔɔ so wɛnee