Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

So yebetumi akyerɛ Mesia no ho nkɔmhyɛ dodow pɔtee a ɛwɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu?

Sɛ yesua Hebri Kyerɛwnsɛm no yiye a, ɛma yetumi hu nkɔmhyɛ ahorow pii a enyaa mmamu wɔ Yesu Kristo so. Saa nkɔmhyɛ ahorow yi dii kan kaa abusua a na Mesia no befi mu aba, bere a na ɔbɛba, nneɛma a na ɔbɛyɛ, sɛnea na nkurɔfo ne no bedi, ne dwuma a na obedi wɔ Yehowa Nyankopɔn nhyehyɛe mu ho asɛm too hɔ. Saa nneɛma yi nyinaa na ɛka bom a ɛboa yɛn ma yehu sɛ Yesu ne Mesia no. Nanso, sɛ yɛpɛ sɛ yehu Mesia no ho nkɔmhyɛ dodow pɔtee a ɛwɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu a, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ yiye.

Ɛnyɛ obiara na ogye tom sɛ nkɔmhyɛ bi yɛ Mesia no ho nkɔmhyɛ anaasɛ ɛnyɛ ne ho nkɔmhyɛ. Alfred Edersheim kae wɔ ne nhoma The Life and Times of Jesus the Messiah no mu sɛ tete rabifo no nhoma ahorow kyerɛe sɛ, na Mesia no ho nkɔmhyɛ 456 na ɛwɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu, nanso emu pii mmɔ Mesia no din pɔtee. Sɛ yɛhwɛ saa nkɔmhyɛ 456 no mu yiye a, ɛma yebisa sɛ ebia saa nsɛm yi mu bi yɛ nkɔmhyɛ a ɛfa Yesu Kristo ho anaa. Sɛ nhwɛso no, Edersheim kae sɛ na Yudafo no bu asɛm a ɛwɔ Genesis 8:11 no sɛ ɛfa Mesia no ho. Ná wɔkyerɛ sɛ “aborɔnoma no kɔtew ngodua ahaban no fii Mesia Bepɔw so na ɛbae.” Nea ɔkyerɛw saa nhoma no kae sɛ Exodus 12:42 nso ka ho. Bere a nhomakyerɛwfo no rekyerɛkyerɛ sɛnea na Yudafo no nte saa kyerɛwsɛm yi ase yiye mu no, ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛnea Mose fi anhweatam no so bae no, saa ara na Mesia no befi Roma aba.” Akyinnye biara nni ho sɛ, ɛbɛyɛ den sɛ nhomanimfo pii ne afoforo bɛte saa kyerɛw nsɛm abien yi ne nkyerɛkyerɛmu a ɛfa Yesu Kristo ho a ɛnyɛ nokware no ase.

Sɛ yɛde yɛn adwene si nkɔmhyɛ ahorow a enyaa mmamu ankasa wɔ Yesu Kristo so nkutoo mpo so a, ɛyɛ den ma yɛn sɛ yebetumi ahu ne dodow pɔtee. Fa Yesaia ti 53 a Mesia no ho nkɔmhyɛ pii wom no sɛ nhwɛso. Yesaia 53:2-7 hyɛɛ nkɔm sɛ: “Ɔnyɛ onipa mũ biara . . . Nnipa buu no animtiaa, na wɔpoo no . . . Ɔno na ɔsoaa yɛn nyarewa . . . Yɛn mmarato nti na wopiraa no . . . Wɔde no kɔe sɛ oguan a wɔrekokum no.” So ɛsɛ sɛ yɛfa asɛm a ɛwɔ Yesaia ti 53 yi nyinaa sɛ ɛyɛ Mesia no ho nkɔmhyɛ biako, anaasɛ ɛsɛ sɛ yɛfa saa nsɛm a ɛbaa mu wɔ Mesia no so no sɛ emu biara yɛ nkɔmhyɛ soronko?

Susuw Yesaia 11:1 nso ho hwɛ. Ɛkenkan sɛ: “Duforo bi befifi afi Yese dunsin mu, na dubaa befi ne ntini mu asow aba.” Wɔde nsɛmfua a ɛte saa ara ka saa nkɔmhyɛ yi ho asɛm bio wɔ Yesaia 11:10. So ɛsɛ sɛ yɛfa saa kyerɛw nsɛm abien yi sɛ nkɔmhyɛ abien a ɛsono emu biara, anaasɛ ɛsɛ sɛ yɛfa no sɛ ɛyɛ nkɔmhyɛ koro no ara na wɔasan atĩ mu? Ɛda adi pefee sɛ gyinae a yebesi afa nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia ti 53 ne Yesaia ti 11 ho no bɛka Mesia no ho nkɔmhyɛ dodow a yebenya.

Enti, ɛyɛ papa sɛ yɛremfa yɛn adwene nsi Mesia no ho nkɔmhyɛ dodow pɔtee a ɛwɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu so. Yehowa ahyehyɛde no atintim Yesu ho nkɔmhyɛ pii ne sɛnea nkɔmhyɛ no nyaa mmamu ho asɛm. * Saa nkɔmhyɛ ahorow a wɔatintim yi betumi aboa yɛn na ahyɛ yɛn nkuran wɔ yɛn ankasa adesua ne yɛn abusua adesua mu ne afei asɛnka adwuma no mu. Afei nso, nkɔmhyɛ pii a ɛfa Mesia no ho a ɛmfa ho sɛnea ne dodow te biara no ma yenya adanse a edi mũ sɛ Yesu ne Kristo anaa Mesia no.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 7 Insight on the Scriptures, Po 1, kratafa 1223; Po 2, kratafa 387; “All Scripture Is Inspired of God and Beneficial,” kratafa 343-344; Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? kratafa 200.