Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wokae?

So Wokae?

So Wokae?

So w’ani agye Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi akenkan ho? Ɛnde, hwɛ sɛ wubetumi abua nsɛmmisa a edidi so yi anaa:

• Nneɛma a ɛho hia abiɛsa bɛn na ebetumi aboa yɛn na yɛanyɛ biribi a ɛremma yenni nokware?

Ɛno ne: (1) Onyankopɔn ho suro pa a yebenya. (1 Pet. 3:12) (2) Ahonim a yɛde Bible atete no a yebenya. (3) Mmɔden a yɛbɛbɔ ma yɛn ani asɔ nea yɛwɔ.—4/15, kratafa 6-7.

• Yɛyɛ dɛn hu sɛ Onyankopɔn som a yɛbɛma ho ahia yɛn no nkyerɛ sɛ bere nyinaa ɛsɛ sɛ yɛka yɛn anim si so anaa ɛnsɛ sɛ yegye yɛn ani?

Yebetumi asusuw Yesu nhwɛso ho. Yesu ne afoforo boom gyee wɔn ani na wodidii. Yenim sɛ na Yesu nyɛ obi a ɔka n’anim si so anaasɛ ɔyɛ ne ho sɛ onni adagyew koraa. Ná afoforo ne mmofra mpo ani gye ho sɛ wɔbɛbɛn no.—4/15, kratafa 10.

• Dɛn ne “agyede” a wɔaka ho asɛm wɔ Hiob 33:24 no, na ɔkwan bɛn so na Hiob nyaa so mfaso?

Asɛmfua “agyede” a wɔde dii dwuma wɔ ha no kyerɛ “sɛ wɔrekata biribi so.” Wɔ Hiob fam no, na agyede no betumi ayɛ aboa a wɔde bɛbɔ afɔre a Onyankopɔn begye de apata ama Hiob anaa ɔde bɛkata Hiob bɔne so. Ɛda adi sɛ Yehowa gyee Hiob hɔ agyede no, na ɔma ɛpataa ne bɔne, na ebuee hokwan maa Onyankopɔn san hyiraa no. (Hiob 1:5; 42:12-17)—7/1, kratafa 11.

• Dɛn na wɔde sɛnkyerɛnne kwan so ngodua a ɛwɔ Romafo ti 11 no totoo ho?

Ngodua no fa Abraham aseni a ɔne honhom fam Israel no fã a ɛto so abien no ho. Sɛnkyerɛnne kwan so ngodua no ntini gyina hɔ ma Yehowa, na dutan no gyina hɔ ma Yesu. Bere a honam fam Yudafo dodow no ara poo Yesu no, na wobetumi de Amanaman mufo a wɔbɛyɛɛ gyidifo no abɛtɛw mu, na ama wɔanya Abraham aseni no fã a ɛto so abien dodow a abɔ ano.—5/15, kratafa 22-25.

• Yɛyɛ dɛn hu sɛ Gehenna nyɛ baabi a wɔyɛ nkurɔfo ayayade wɔ ogya mu?

Yehowa ani nnye nnipa a wɔhyew wɔn wɔ ogya mu no ho, na ɛyɛ n’akyiwade koraa. (Yer. 7:31) Bio nso, adwene a nkurɔfo wɔ sɛ wɔyɛ awufo ayayade no ne Onyankopɔn su a ɛne ɔdɔ no nhyia, saa ara nso na ɛne Bible nkyerɛkyerɛ a emu da hɔ a ɛka sɛ awufo de “wonnim biribiara” no nhyia. (Ɔsɛnk. 9:5, 10)—7/1, kratafa 15.

• Ɔkwan bɛn so na Yehowa tie wɔn a wɔn “koma abubu” ne wɔn a wɔn “honhom abotow” no? (Dw. 34:18)

Sɛnea ɔwofo so ne ba a ne werɛ ahow mu na ɔkyekye ne werɛ no, Yehowa nso bɛn n’asomfo a wosu frɛ no no. N’ani gye sɛ ɔbɛkyekye wɔn a wɔn koma abubu na wɔn honhom abotow no werɛ. Obetumi ama wɔn nyansa ne ahoɔden a wohia na ama wɔatumi agyina ɔhaw biara a ebia wohyia no ano. (2 Kor. 4:7; Yak. 1:5)—7/1, kratafa 23.

• So anka Yesu a na ɔyɛ onipa a ɔyɛ pɛ no asefo a obetumi anya bɛba abɛka agyede no ho?

Dabi. Ɛwom sɛ anka Yesu betumi anya asefo ɔpepepem pii a wɔyɛ pɛ de, nanso na saa asefo a anka obetumi anya no nka agyede no ho. Yesu nkwa a ɛyɛ pɛ no nkutoo na na ɛne Adam de no yɛ pɛ. (1 Tim. 2:6)—6/15, kratafa 13.

• Dɛn na Kristofo betumi ayɛ de akyerɛ sɛ wotie kɔkɔbɔ a ɛwɔ Asomafo Nnwuma 20:29, 30 a ɛfa akyerɛkyerɛfo atorofo ho no?

Kristofo nnye akyerɛkyerɛfo atorofo nnkɔ wɔn fie, na saa ara nso na wonnkyia wɔn. (Rom. 16:17; 2 Yoh. 9-11) Kristofo nkan awaefo nhoma, wɔnnhwɛ wɔn dwumadi wɔ TV so, na wɔnnkɔ wɔn Intanɛt dwumadibea a wɔn nkyerɛkyerɛ ho asɛm wɔ nso.—7/15, kratafa 15-16.

• Sɛnea asɛm a ɛwɔ Luka 10:40-42 ma yehu no, ade titiriw bɛn nti na yɛne yɛn mfɛfo gyidifo bɔ?

Ɛnnyɛ nnuanpa a yɛde bɛma anaa yebenya afi yɛn mfɛfo gyidifo hɔ titiriw nti na yɛne wɔn bɔ fekuw, na mmom sɛ yɛbɛhyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran, na yɛama yɛn ho yɛn ho honhom mu akyɛde. (Rom. 1:11, 12) Aduan a ne yɛ nyɛ den koraa mpo betumi ama fekubɔ a ɛte saa ahyɛ yɛn den.—7/1, kratafa 29, 30.