Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Adesua Nsɛm Wom no Ni Ampa!

Nea Adesua Nsɛm Wom no Ni Ampa!

Nea Adesua Nsɛm Wom no Ni Ampa!

Yɛayɛ nsakrae wɔ Ɔwɛn-Aban a adesua nsɛm wom no mu sɛnea ɛbɛyɛ a w’ani begye ho paa na aboa wo ma woasua Yehowa Asɛm a ɛyɛ nokware na ɛsom bo no.—Dw. 1:2; 119:97.

Mfe anan ni a yefii ase tintim Ɔwɛn-Aban no ahorow abien, ɔmanfo de, ɛnna yɛn a yɛyɛ Yehowa Adansefo ne yɛn Bible asuafo a wɔrenya nkɔso nso de.

Onua bi a ɔde mfe pii asom Yehowa kyerɛw Ɔwɛn-Aban a adesua nsɛm wom no ho asɛm sɛ: “Ná eye paa na ɛkɔɔ me komam tɔnn—saa na Ɔwɛn-Aban a adesua nsɛm wom a edi kan no kaa me. Ɛkyerɛkyerɛɛ Bible mu nokware a emu dɔ mu, na eyi kaa me koma paa. Meda mo ase paa sɛ moayɛ no foforo ama yɛn.” Onua foforo nso kyerɛwee sɛ: “M’ani gye ho sɛ mede bere pii besua Ɔwɛn-Aban a adesua nsɛm wom no na mabue me Reference Bible mu ato nkyɛn de asua.” Yegye di sɛ saa ara na wote nka.

Sɛnea wunim no, yɛatintim Ɔwɛn-Aban no fi afe 1879. Yehowa honhom ne ne mmoa nkutoo na atumi ama yɛayɛ adwumaden a ɛte saa. (Sak. 4:6) Mfe 133 yi mu no, yɛayɛ nsakrae pii wɔ Ɔwɛn-Aban no anim. Afe 2012 mu no, wɔbɛyɛ mfonini fɛfɛ a ɛfa adanse a wɔredi ho wɔ Ɔwɛn-Aban a adesua nsɛm wom no mu biara anim. Mfonini no bɛkae yɛn adwuma a Onyankopɔn de ama yɛn sɛ yenni Yehowa Ahenni no ho adanse fefeefe no. (Aso. 28:23) Sɛ wubue Ɔwɛn-Aban no mu kɔ kratafa 2 a, wubehu mfonini a wɔhwɛɛ so yɛɛ nea ɛwɔ anim no wɔ hɔ. Wɔbɛkyerɛ nea ɛrekɔ so wɔ mfonini no mu ne beae ko. Afe 2012 mu no, eyi bɛkae yɛn nyinaa sɛ Yehowa nkurɔfo reka asɛmpa no “wɔ asase so nyinaa.”—Mat. 24:14.

Nsakrae foforo bɛn bio na wɔayɛ wɔ Ɔwɛn-Aban no mu? Wɔde ntĩmu adaka no aba adesua asɛm biara mfiase. Eyi bɛma woahu adesua asɛm no mu nsɛntitiriw a ɛsɛ sɛ wode w’adwene si so bere a woresua no. Ɔwɛn-Aban Adesua so ahwɛfo bɛkɔ so de saa nsɛmmisa yi atĩ adesua no mu bere a wɔawie no. Wubehu sɛ wɔama kwan a ɛdeda ano ano no ayɛ kɛse kakra, na wɔama kratafa ne nkyekyɛm no nɔma nso ayi ne ho yiye.

Sɛnea yɛakyerɛkyerɛ mu wɔ saa Ɔwɛn-Aban yi mu no, yɛde ɔfã bi aba mu a wɔato din “Tete Wɔ Bi Ka.” Ɛkyerɛ nneɛma atitiriw a akɔ so wɔ ɛnnɛ bere yi mu abakɔsɛm a ɛfa Yehowa Adansefo ho. Afei nso, yɛde nsɛm a esisi wɔ nkurɔfo asetena mu bɛba ɔfã a wɔato din “Wotuu Wɔn Ho Mae Koraa” no. Eyi bɛma yɛahu anigye ne akomatɔyam a anuanom a wɔkɔsom wɔ mmeae a wohia Ahenni no ho adawurubɔfo pii anya.

Ma Ɔwɛn-Aban yi mmoa wo na sua Onyankopɔn Asɛm no yiye, na w’ani nnye.

Wɔn a Wotintimii

[Mfonini wɔ kratafa 3]

1879

[Mfonini wɔ kratafa 3]

1895

[Mfonini wɔ kratafa 3]

1931

[Mfonini wɔ kratafa 3]

1950

[Mfonini wɔ kratafa 3]

1974

[Mfonini wɔ kratafa 3]

2008