Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Su Yɛ Fɛ—Ɔyɛ Nokwafo, Ɔde Bɔne Firi

Yehowa Su Yɛ Fɛ—Ɔyɛ Nokwafo, Ɔde Bɔne Firi

“Yehowa, wuye, na wowɔ ɔpɛ sɛ wode bɔne befiri; w’adɔe dɔɔso ma wɔn a wɔfrɛ wo nyinaa.”DW. 86:5.

1, 2. (a) Sɛ yɛwɔ adamfo nokwafo a ɔde bɔne firi a, adɛn nti na yeso ne mu yiye? (b) Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho?

HENA ne ɔyɔnko berɛbo? Onuawa bi a yɛfrɛ no Ashley kae sɛ yɔnko berɛbo ne “obi a nsuo mu oo, awia mu oo, wofrɛ no a ɔba; daa ɔwɔ hɔ ma wo. Ɔyɛ obi a ɔde asɛm kyɛ.” Sɛ yenya adamfo a ɔte saa a, yenni ne ho agoru koraa; yeso ne mu yiye. Ɔyɛ obi a wutumi de wo ho tweri no.Mmeb. 17:17.

2 Sɛ yɛreka adamfo a ɔyɛ nokwafo na ɔde bɔne firi a, yɛrentumi nsan Yehowa ho. Odwontofo no kae sɛ: “O Yehowa, wuye, na wowɔ ɔpɛ sɛ wode bɔne befiri; w’adɔe dɔɔso ma wɔn a wɔfrɛ wo nyinaa.” (Dw. 86:5) Sɛ yɛka sɛ obi yɛ ɔnokwafo na ɔde bɔne firi a, ɛkyerɛ sɛn? Ɔkwan bɛn so na Yehowa da su fɛfɛɛfɛ yi adi? Yɛbɛyɛ dɛn asuasua no? Esiane sɛ Yehowa ne yɛn adamfo a ɔsen biara nti, sɛ yenya nsɛmmisa yi ho mmuae a, ɛbɛka yɛn afam ne ho denneennen. Afei nso ɛbɛma yɛne yɛn nuanom ntam ayɛ kama.1 Yoh. 4:7, 8.

YEHOWA YƐ NOKWAFO

3. Dɛn na obi yɛ de kyerɛ sɛ ɔyɛ ɔnokwafo?

3 Sɛ yɛka sɛ obi yɛ nokwafo a, ɛkyerɛ nneɛma pii. Ɔyɛ obi a oyi ne yam de ne ho bata obi ho; ɛdan sɛ boɔ koraa a, ɔrentwe ne ho da. Obi a ɔyɛ nokwafo nnyi ne yɔnko mma. Ɛtɔ sikyi oo, ɛtɔ mfuate oo, ɔrenyi ne yɔnko mma da. Bible ka sɛ Yehowa yɛ “ɔnokwafo”; n’akyi no, obiara nni hɔ.Adi. 16:5.

4, 5. (a) Dɛn na Yehowa yɛ de kyerɛ sɛ ɔyɛ nokwafo? (b) Sɛ yedwinnwen Onyankopɔn nokwaredi ho a, ɔkwan bɛn so na ɛhyɛ yɛn mpamden?

4 Dɛn na Yehowa yɛ de kyerɛ sɛ ɔyɛ ɔnokwafo? Ogyina n’asomfo anokwafo akyi bere nyinaa. Yehowa somfo nokwafo biako a odii eyi ho adanse  ne Ɔhene Dawid. (Monkenkan 2 Samuel 22:26.) Dawid amanehunu ne n’abɛbrɛsɛ nyinaa mu no, Yehowa boaa no, ɔbɔɔ ne ho ban, na ogyee no; wannyae Dawid akyi di da. (2 Sam. 22:1) Dawid hui sɛ ɛnyɛ Yehowa ano kɛkɛ na ɔde ka sɛ ɔyɛ nokwafo na mmom ɔyɛ biribi ankasa de boa ne nkoa. Adɛn nti na Yehowa gyinaa Dawid akyi bere nyinaa, anaa yɛbɛka a, adɛn nti na odii Dawid nokware? Asɛm no ara ne sɛ na Dawid ankasa yɛ “ɔnokwafo.” Yehowa asomfo nokwaredi nti onsi wɔn fam; wɔn a wodi no nokware no, ɔno nso di wɔn nokware.Mmeb. 2:6-8.

5 Sɛ yɛtena ase dwinnwen Yehowa nokwaredi ho a, ɛhyɛ yɛn mpamden. Onua bi a yɛfrɛ no Reed kae sɛ: “Sɛ mekenkan Bible na mehwɛ sɛnea Yehowa boaa Dawid wɔ n’ahohia bere mu a, ɛboa me paa. Bere a Dawid reguan a odii abodan mu ahyɛmfiri nyinaa, Yehowa annyaw no da. Mekenkan saa asɛm no a, ɛhyɛ me den paa! Ɛma mihu sɛ, ɔhaw ne abɛbrɛsɛ biara a mehyia no, sɛ mekɔ so di Yehowa nokware a, ɔrennyaw me da.” Yegye di sɛ saa ara na wo nso wuhu no.Rom. 8:38, 39.

6. Dɛn na Yehowa yɛ de kyerɛ sɛ ɔyɛ nokwafo? Eyi boa n’asomfo sɛn?

6 Dɛn bio na Yehowa yɛ de kyerɛ sɛ ɔyɛ nokwafo? Yehowa si pi, kyerɛ sɛ ɔnyɛ obi a ɛnnɛ ɔka sɛɛ, ɔkyena na wasesa n’ano. Ɔma yɛn awerɛhyem sɛ: “Mete sɛnea mete.” (Yes. 46:4) Ade a ɔde kari papa ne bɔne nsesa, enti osi gyinae biara a, esi pi. (Mal. 3:6) Ade foforo a Yehowa yɛ de kyerɛ sɛ ɔyɛ nokwafo ne sɛ ɔhyɛ bɔ a, odi so. (Yes. 55:11) Yehowa di nokware wɔ biribiara mu, na eyi boa n’asomfo anokwafo nyinaa. Ɔkwan bɛn so? Ɛne sɛ, sɛ yɛyere yɛn ho di Yehowa mmara so a, yebetumi asi yɛn adwene pi sɛ ɔno nso bedi ne bɔhyɛ so na wahyira yɛn.Yes. 48:17, 18.

SUASUA YEHOWA, DI NOKWARE

7. Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛyɛ anokwafo te sɛ Onyankopɔn?

 7 Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yehowa na yɛayɛ anokwafo? Ɔkwan biako ne sɛ yɛbɛyɛ biribi aboa wɔn a wɔwɔ ahokyere mu. (Mmeb. 3:27) Wunim onua anaa onuawa bi a yare anaa n’ankasa mmerɛwyɛ bi nti n’abam abu? Anaa wunim onua bi a n’abusuafo resɔre tia no? Adɛn nti na wonkɔ ne nkyɛn nkɔka “anigyesɛm ne awerɛkyekyesɛm” bi nkyerɛ no? (Sak. 1:13) * Woyɛ saa a, ɛbɛkyerɛ sɛ woyɛ yɔnko berɛbo anaa adamfo a ‘wofam ne ho sen onua’ mpo.Mmeb. 18:24.

8. Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yehowa na yɛadi nokware wɔ yɛn aware mu?

8 Ade foforo wɔ hɔ a yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yedi wɔn a yɛdɔ wɔn nokware. Sɛ yɛaware a, yenim sɛ ɛnsɛ sɛ yɛma biribiara tetew yɛne yɛn hokafo ntam. (Mmeb. 5:15-18) Enti sɛ yehu ade ketewaa bi mpo a ebetumi de yɛn akɔ awaresɛe mu a, yɛnsosɔ so koraa. (Mat. 5:28) Dɛn bio na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yedi yɛn nuanom nokware? Ɛnsɛ sɛ yedi yɛn nuanom ho nseku anaa yɛsɛe wɔn din, na sɛ obi rekeka wɔn ho nsɛm a, ɛnsɛ sɛ yɛsosɔ so.Mmeb. 12:18.

9, 10. (a) Hena paa na yɛpɛ sɛ yedi no nokware? (b) Dɛn nti na ɛtɔ da a ɛnyɛ mmerɛw sɛ yebetie Yehowa?

9 Sɛ yɛreka nea ɛsɛ sɛ yedi no nokware paa a, ɛyɛ Yehowa. Yɛbɛyɛ dɛn  ayɛ saa? Ɛno ara ne sɛ yɛbɛdɔ nea Yehowa dɔ na yɛakyi nea okyi, na yɛabɔ yɛn bra ma asɔ n’ani. (Monkenkan Dwom 97:10.) Sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yebesusuw nneɛma ho sɛnea Yehowa susuw nneɛma ho a, ɛrenyɛ den sɛ yebetie no.Dw. 119:104.

10 Nokwasɛm ni, ɛnyɛ mmerɛw sɛ yebedi Yehowa nokware; egye animia na yɛatumi ayɛ saa. Wo de yɛnhwɛ, anuanom bi wɔ hɔ a wɔn kɔ dɔ sɛ wɔbɛware nanso wonnyaa obi a wɔpɛ wɔ Yehowa asafo no mu. (1 Kor. 7:39) Hwɛ yɛn nuabea bi a ɔnwaree a ɔwɔ adwumam. Ebia ne mfɛfo adwumayɛfo a wɔnyɛ gyidifo de ɔbarima bi beguan ne ho anaa wɔbɛka ɔbarima bi ama no mpo. Ebia wobɛhwɛ koraa na onuawa a yɛreka yi ani nka; sɛ obi wɔ ne nkyɛn a anka ɔpɛ. Nanso wasi ne bo sɛ obi a ɔnsom Onyankopɔn paa de, ɔrenware no, efisɛ ɔpɛ sɛ odi Yehowa nokware. Sɛ yehu anuanom a wodi nokware saa a, yɛn ani nnye wɔn ho anaa? Obiara a amanehunu ne abɛbrɛsɛ nyinaa mu odi nokware no, Yehowa behyira no.Heb. 11:6.

“Adamfo bi . . . wɔ hɔ a ɔfam ho sen onua.”—Mmeb. 18:24 (Hwɛ nkyekyɛm 7)

“Mumfi mo pɛ mu mfa bɔne mfirifiri mo ho.”—Efe. 4:32 (Hwɛ nkyekyɛm 16)

YEHOWA DE BƆNE FIRI

11. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ obi wɔ fafiri?

11 Yehowa su biako a ɛyɛ fɛ paa ne fafiri. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ obi wɔ fafiri? Sɛ obi wɔ fafiri a, ɔmfa asɛm nhyɛ ne mu, na mmom ɔde kyɛ. Nea yɛreka yi nkyerɛ sɛ, sɛ obi wɔ fafiri a ɔfoa bɔne so anaa obu n’ani gu bɔne so koraa. Mmom obi yɛ no ade a, ɔmfa ne ho tirimka. Bible ka sɛ, sɛ obi yɛ bɔne na onu ne ho ankasa a, Yehowa ayɛ krado sɛ ɔde ne bɔne befiri no.Dw. 86:5.

12. (a) Yehowa fafiri te sɛn? (b) Sɛ Bible ka sɛ ‘wɔapopa’ obi bɔne a, dɛn na ɛkyerɛ?

12 Yehowa fafiri te sɛn? Yehowa de bɔne firi a, ɔde firi ‘boro so.’ Eyi kyerɛ sɛ ɔde firi korakora. Sɛ ɔde firi a na asa, ɔnsan nkɔfa mma bio. (Yes. 55:7) Yɛyɛ dɛn hu sɛ, sɛ Yehowa de bɔne firi a, ɔde firi korakora? Wo de, hwɛ asɛm a ɛwɔ  Asomafo Nnwuma 3:19. (Monkenkan.) Ɔsomafo Petro tuu nnipa a na ɔrekasa kyerɛ wɔn no fo sɛ ‘wɔnsakra wɔn adwene na wɔnnan wɔn ho.’ Sɛ yɛka sɛ ɔbɔnefo bi asakra n’adwene a, ɛkyerɛ sɛ wanu ne ho paa na ɛyɛ ne yaw sɛ ɔyɛɛ bɔne no. Afei nso wasi ne bo sɛ ɔrenkɔ bɔne no ho bio. (2 Kor. 7:10, 11) Onipa a ɔte saa ‘dan ne ho’ fi ne bɔne ho, na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani. Sɛ obi da ahonu a ɛte saa adi a, dɛn na ebefi mu aba? Bible ka sɛ ‘wɔbɛpopa’ ne bɔne. Enti sɛ Yehowa de bɔne firi a, ɛte sɛ nea wapopa koraa a worenhu bio. Ɔde firi korakora.Heb. 10:22; 1 Yoh. 1:7.

13. Sɛ Bible ka sɛ “wɔn bɔne nso, merenkae bio” a, dɛn na ɛkyerɛ?

13 Yɛyɛ dɛn hu sɛ, sɛ Yehowa de obi bɔne firi no a, ɔnsan nkɔfa mma bio? Ma yɛnhwɛ Yeremia nkɔmhyɛ bi a ɛfa Kristofo a wɔasra wɔn ho. Eyi ma yehu sɛnea Yehowa de wɔn a wɔkyerɛ agyede afɔre no mu gyidi bɔne firi wɔn. (Monkenkan Yeremia 31:34.) Yehowa kae sɛ: “Mede wɔn mfomso befiri wɔn, na wɔn bɔne nso, merenkae bio.” Nea Yehowa reka wɔ ha ne sɛ, sɛ ɔde yɛn bɔne firi a, ɛnyɛ ade a daakye ɔbɛsan akɔfa ho asɛm aba abɛtwe yɛn aso. Mmom Yehowa de bɔne firi a, ɛte sɛ nea wagyaw bɔne no wɔ n’akyi, ɔnsan nkɔfa ho asɛm mma bio.Rom. 4:7, 8.

14. Sɛ yedwinnwen Yehowa fafiri ho a, adɛn nti na ɛkyekye yɛn werɛ? Ma nhwɛso.

14 Sɛ yegye bere susuw Yehowa fafiri ho a, ɛkyekye yɛn werɛ paa. Wo de, ma yɛnhwɛ onuawa bi asɛm. Yɛbɛfrɛ onuawa no Elaine. Bere bi wotuu Elaine fii asafo no mu, na mfe pii akyi no, wɔsan gyee no. Bere a ɔbae no na onnye nni sɛ Yehowa de ne bɔne akyɛ no. Na ɛyɛ no sɛ Yehowa dɔ ebinom sen no. Nanso bere a Elaine kenkan Bible mu nsɛm a ɛkyerɛkyerɛ Yehowa fafiri mu na ogyee bere dwinnwen ho no, ɛkyekyee ne werɛ. Elaine kae sɛ: “Ɛyɛɛ me sɛ nea Yehowa de ne nsa ato me kɔn mu rekorɔkorɔ me. Ná minhuu biribi a ɛte saa da.” Ɔkenkan saa asɛm yi ma ɛkaa ne koma paa: “Sɛ Yehowa de yɛn bɔne firi yɛn a, ɛnsɛ sɛ yɛte nka sɛ bɔne a ɛte saa no bɛtena yɛn so yɛn nkwa nna a aka nyinaa.” * Elaine kae sɛ: “Na minnye nni sɛ Yehowa betumi de me bɔne afiri me korakora; na misusuw sɛ mɛsoa bɔne no me nkwa nna nyinaa. Seesei mahu sɛ nkakrankakra metumi abɛn Yehowa. Ɛte sɛ nea adesoa duruduru bi afi me so.” Ampa, yɛn Nyankopɔn dɔ yɛn, na ɔde bɔne firi!Dw. 103:9.

SUASUA YEHOWA, FA BƆNE FIRI

15. Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yehowa na yɛde bɔne afiri?

15 Bere biara a ɛho behia sɛ yɛde yɛn nua bɔne firi no no, ɛsɛ sɛ yesuasua Yehowa na yɛyɛ saa. (Monkenkan Luka 17:3, 4.) Kae sɛ, sɛ Yehowa de bɔne firi a, ɔnkae bio, kyerɛ sɛ ɔnsan nkɔfa asɛm no mma bio. Yɛn nso sɛ yɛde afoforo bɔne firi wɔn a, yɛbɛma yɛn werɛ afi, kyerɛ sɛ yebeyi yɛn adwene afi so, na yɛrensan nkɔfa mma daakye.

16. (a) Dɛn na fafiri kyerɛ? Dɛn na ɛnkyerɛ? (b) Sɛ yɛpɛ sɛ Yehowa de yɛn bɔne firi yɛn a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

 16 Sɛ yɛwɔ fafiri a, ɛnkyerɛ sɛ yɛfoa bɔne so anaa yɛyɛ nhwɛhãã ma afoforo sisi yɛn. Dabi. Mmom ɛkyerɛ sɛ yeyi menasepɔw biara fi yɛn mu. Nokwasɛm bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛkae: Sɛ yɛpɛ sɛ Yehowa de yɛn bɔne firi yɛn a, ɛsɛ sɛ yesuasua no na yɛde afoforo bɔne firi  wɔn. (Mat. 6:14, 15) Yehowa mmɔborɔhunu sõ; daa ɔkae sɛ “yɛyɛ mfutuma.” (Dw. 103:14) Ɛnde, wunnye nni sɛ ɛsɛ sɛ yɛn nso yehu afoforo mmɔbɔ na yɛkae sɛ mfomso wɔ wɔn ho na yeyi yɛn yam de wɔn bɔne firi wɔn?Efe. 4:32; Kol. 3:13.

Obi fom wo a, fi wo komam bɔ mpae ma no (Hwɛ nkyekyɛm 17)

17. Sɛ yɛn nua Kristoni bi afom yɛn a, dɛn na ɛbɛboa ma yɛde akyɛ no?

 17 Nokwasɛm ni, ɛtɔ da a, egye animia na obi de asɛm akyɛ. Ɔsomafo Paulo bere so no, na ɛnyɛ mmerɛw mma Kristofo a wɔasra wɔn mpo sɛ wobesiesie wɔn ntam nsɛmnsɛm. (Filip. 4:2) Sɛ yɛn nua Kristoni bi afom yɛn a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Wo de, ma yɛnhwɛ nea ɛtoo Hiob. Elifas, Bildad, ne Sofar yɛɛ wɔn ho sɛ Hiob nnamfo, nanso wɔkekaa nsɛm a ennim too Hiob so, na wɔteetee ne kra. (Hiob 10:1; 19:2) Yehowa kaa mmarima yi anim, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔ Hiob hɔ na wɔmmɔ wɔn bɔne ho afɔre. (Hiob 42:7-9) Nanso na Yehowa pɛ sɛ Hiob nso yɛ biribi. Ɛyɛ dɛn? Yehowa kae sɛ Hiob mmɔ mpae mma mmarima no. Hiob yɛɛ nea Yehowa kae no, na Yehowa hyiraa no sɛ ɔde mmarima no bɔne kyɛɛ wɔn. (Monkenkan Hiob 42:10, 12, 16, 17.) Dɛn na yebetumi asua afi asɛm yi mu? Sɛ obi fom yɛn na yefi yɛn komam bɔ mpae ma no a, ɛbɛboa ma yɛayi ne ho menasepɔw biara afi yɛn mu.

SUA YEHOWA SU FƐFƐ NO DAA

18, 19. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yɛ?

18 Yɛahu sɛ Yehowa wɔ su ahorow a ɛyɛ fɛ paa. Nea yɛasua yi nkaa wo koma anaa? Yɛahu sɛ n’anim kɔ nyɛ den, ɔnyɛ animhwɛ, ne yam ye, ɔwɔ ntease, ɔyɛ nokwafo, na ɔde bɔne firi. Nanso yɛbɛka a, eyi yɛ aniani kɛkɛ. Yebenya hokwan asua Yehowa ho ade afebɔɔ. (Ɔsɛnk. 3:11) Yebetumi ne ɔsomafo Paulo ayɛ adwene na yɛaka sɛ: “O hwɛ sɛnea Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ mu dɔ fa!” Saa ara na ne dɔ ne ne su asia a yɛasusuw ho no nso mu dɔ.Rom. 11:33.

19 Enti momma yɛn nyinaa nkɔ so mpɛɛpɛɛ Yehowa su ahorow mu nnwinnwen ho na yensuasua mfa mmɔ yɛn bra. (Efe. 5:1) Yɛyɛ saa a, yɛn ani begye Yehowa ho paa, na yɛbɛka asɛm a odwontofo no kae yi bi: “Me de, Onyankopɔn a mɛbɛn no no ye ma me.”Dw. 73:28.

^ nky. 7 Sɛ wopɛ nsɛm a wubetumi de ahyɛ obi nkuran a, hwɛ asɛm a wɔato din “Woahyɛ Obi Nkuran Nnansa Yi?” wɔ January  15, 1995, Ɔwɛn-Aban mu; ne asɛm a wɔato din “Kanyan Afoforo kɔ Ɔdɔ ne Nnwuma Pa Mu—Ɔkwan Bɛn So?” wɔ April 1, 1995, Ɔwɛn-Aban mu.