Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Awofo—Montete Mo Mma Mfi Wɔn Mmofraase

Awofo—Montete Mo Mma Mfi Wɔn Mmofraase

BIBLE ka sɛ: “Hwɛ! Mma yɛ agyapade a efi Yehowa hɔ. Ɔyafunu mu aba yɛ akatua.” (Dw. 127:3) Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ awarefo nya ba a na anigye aba fie.

Nanso ɛsan de asɛyɛde a emu yɛ duru to awofo no so. Sɛ abofra benyin ayɛ ɔpanyin a ɔte apɔw a, ehia sɛ daa onya aduan a ahoɔden wom di. Saa ara na sɛ abofra betumi aso nokware som mu yiye a, ohia honhom fam aduan. Bio, ɛsɛ sɛ awofo de Onyankopɔn mmara kyerɛkyerɛ no. (Mmeb. 1:8) Bere bɛn na ɛsɛ sɛ awofo fi ase kyerɛkyerɛ wɔn ba, na dɛn na ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ no?

 AWOFO HIA ONYANKOPƆN MMOA

Ma yɛnhwɛ ɔbarima bi a yɛfrɛ no Manoa a ofi Dan abusuakuw mu. Na ɔte tete Israel kurow bi a yɛfrɛ no Sora mu. Na Manoa yere yɛ obonin, na Yehowa bɔfo ka kyerɛɛ no sɛ ɔbɛwo babarima. (Atem. 13:2, 3) Asɛm yi maa Manoa ne ne yere ani gyei paa, nanso egyaw wɔn adwinnwen. Na wonnim ɔkwan a wɔbɛfa so atete abofra no. Enti Manoa bɔɔ mpae sɛ: “Yehowa, mesrɛ wo, ma nokware Nyankopɔn nipa a wosomaa no no nsan mmra, na ɔmmɛkyerɛ yɛn nea yɛnyɛ abofra a yɛbɛwo no no.” (Atem. 13:8) Manoa ne ne yere de Onyankopɔn mmara kyerɛkyerɛɛ wɔn ba Samson, na biribiara kyerɛ sɛ biribi pa fii mu bae. Bible ma yehu sɛ akyiri yi ‘Yehowa honhom baa Samson so.’ Enti bere a Samson bɛyɛɛ ɔtemmufo wɔ Israel no, otumi yɛɛ anwonwade pii.Atem. 13:25; 14:5, 6; 15:14, 15.

Manoa bɔɔ mpae sɛ Onyankopɔn mma wonhu sɛnea wɔbɛtete abofra a wɔbɛwo no no

Bere bɛn na ɛsɛ sɛ awofo fi ase kyerɛkyerɛ wɔn mma? Timoteo “mmofraase” pɛɛ na ne maame Eunike ne ne nana Lois kyerɛɛ no “nkyerɛwee kronkron no.” (2 Tim. 1:5; 3:15) Enti Timoteo mmofraase pɛɛ na wɔde Kyerɛwnsɛm no tetee no.

Ɛsɛ sɛ awofo bɔ mpae hwehwɛ Onyankopɔn mmoa na wɔtoto nneɛma sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi atete wɔn ba afi ne “mmofraase” pɛɛ. Mmebusɛm 21:5 ka sɛ: “Nsiyɛfo nhyehyɛe de mfaso ba.” Ansa na abofra bepue afi yafunu mu no na awofo no asiesie n’akyi fɛfɛɛfɛ. Ebi mpo a wɔbɛkyerɛkyerɛw nneɛma a abofra no behia nyinaa. Nanso nea ehia sen eyi koraa ne sɛ wɔbɛyɛ nhyehyɛe de Yehowa asɛm akyerɛkyerɛ abofra no. Ɛsɛ sɛ wɔde yɛ wɔn botae sɛ abofra no baa fie ara pɛ wobefi ase akyerɛkyerɛ no.

Nhoma bi ka sɛ: “Yɛwo abofra a, abosome kakra ntam ara na n’adwene afi ase rekeka nneɛma si anim. Eyi ma n’adwene no kyere nneɛma ntɛmntɛm.” (Early Childhood Counts—A Programming Guide on Early Childhood Care for Development) Enti ehia paa sɛ saa bere yi a abofra no adwene kyere nneɛma ntɛmntɛm no, awofo de Yehowa mmara dua ne mu.

Onuawa bi a ɔyɛ daa kwampaefo kaa ne babea kumaa ho asɛm sɛ: “Bere a odii bosome biako pɛ na mifii ase de no kɔɔ asɛnka. Na onnim nea ɛrekɔ so, nanso migye di sɛ eyi boaa no paa. Bere a odii mfe abien no, na ɔno ara tumi de nkratawa ma nkurɔfo wɔ asɛnka mu.”

Sɛ awofo de Onyankopɔn asɛm tete wɔn ba fi ne mmofraase a, ɛsow aba pa. Nanso wonim sɛ eyi nna fam.

‘TƆ BERE A WUBENYA BIARA’

Ɛnyɛ mmerɛw sɛ awofo bɛkyerɛkyerɛ wɔn ba, efisɛ mmofra ntumi ntena wɔn to so nkyɛ; ɛnkyɛ na wɔn adwene afi nea wɔreyɛ so. Worekyerɛ no ade bi no, na n’adwene nam baabi foforo. Saa na mmofra te, wɔpɛ sɛ wohu biribiara. Ɛnde, awofo rekyerɛ wɔn mma ade a, wɔbɛyɛ dɛn aboa wɔn ma wɔde wɔn adwene asi so?

Hwɛ asɛm a Mose kae yi. Deuteronomium 6:6, 7 ka sɛ: “Ma asɛm a mereka akyerɛ wo nnɛ yi nna wo koma so; na fa dua wo ba komam na ka ho asɛm bere a wote wo fie, bere a wonam kwan so, bere a woda hɔ, ne bere a woasɔre.” Asɛm “fa dua” no kyerɛ biribi a wobɛkyerɛ na watĩ mu daa. Abofra te sɛ duforo a ehia sɛ daa wugugu so nsu. Mpanyimfo mpo sɛ yɛrekyerɛ wɔn ade na yetĩ mu mpɛn pii a, ɛka wɔn adwenem na kampɛsɛ mmofra.

Sɛ awofo betumi akyerɛkyerɛ wɔn mma Onyankopɔn ho nokwasɛm a, ehia sɛ wonya mmofra no ho adagyew. Nanso eyi nna fam efisɛ wiase yi mu biribiara di mmirika, enti awofo no ankasa nnya wɔn ho twabere koraa. Nanso ɔsomafo Paulo tuu ne nuanom Kristofo fo sɛ ‘wɔntɔ bere a wobenya biara’ mfa nyɛ nneɛma a ehia. (Efe. 5:15, 16) Awofo bɛyɛ dɛn ayɛ saa? Yɛnhwɛ asafo mu panyin bi a ɔsan yɛ adwuma. Ɔwɔ babea a ɛsɛ sɛ ɔtete no, na asafo mu asɛyɛde pii nso gu no so. Ne yere yɛ daa kwampaefo a onni adagyew koraa. Enti wɔbɛyɛ dɛn  anya bere atete wɔn babea no? Agya no kae sɛ: “Anɔpa biara ansa na mɛkɔ adwuma no, me ne me yere kenkan Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm anaa Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa kyerɛ abofra no. Anwummere nso yɛkenkan ade kyerɛ no ansa na wada. Yɛrekɔ asɛnka nso a yennyaw no fie. Biribiara a ɛsɛ sɛ yɛyɛ de tete no wɔ ne mmofraase no, yɛmpɛ sɛ yebebu yɛn ani agu so koraa.”

‘MMA TE SƐ AGYAN’

Yɛpɛ sɛ yɛn mma nyin bɛyɛ mpanyin pa. Nanso nea ɛda yɛn koma so paa ne sɛ yɛbɛtete yɛn mmofra no ma wɔde wɔn koma nyinaa adɔ Onyankopɔn.Mar. 12:28-30.

Dwom 127:4 ka sɛ: “Mmeranteberem mma te sɛ ɔdɔmmarima nsam agyan.” Bible de mmofra toto agyan ho. Woretow agyan a, ɛsɛ sɛ wogyen w’ani tow no yiye na woamfom. Sɛ obi tow agyan a, ɔrentumi mma ɛnsan n’akyi. Awofo “agyan” ne wɔn mma; mmofra no renkyɛ wɔ wɔn nsam. Enti bere a mo mma wɔ mo nkyɛn yi, ɛsɛ sɛ mugye bere de Onyankopɔn asɛm dua wɔn adwene ne wɔn koma mu.

Ɔsomafo Yohane kaa asɛm bi faa ne ‘honhom mu mma’ ho. Ɔkyerɛwee sɛ: “Biribiara nni hɔ a ɛma minya anisɔ kɛse sen eyinom, sɛ mɛte sɛ me mma nam nokware no mu.” (3 Yoh. 4) Sɛ awofo hu sɛ wɔn mma “nam nokware no mu” a, wɔn nso nya akomatɔyam saa ara.