Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Ɛfata sɛ awofo ne wɔn ba kumaa a wɔatu no tena faako wɔ asafo nhyiam ase?

Sɛ wɔatu obi a, baabi a ɔbɛtena wɔ Ahenni Asa so deɛ, ɛnsɛ sɛ yɛde haw yɛn ho. Yɛn nsɛmma nhoma no hyɛ awofo nkuran sɛ, sɛ wɔatu wɔn ba kumaa na wɔda so ne no te fie a, wɔnhwɛ honhom fam mmoa a wobetumi de ama no. November 15, 1988 Ɔwɛn-Aban no kratafa 19 ne 20 kae sɛ awofo betumi ne wɔn ba kumaa a wɔatu no a wɔne no te fie asua Bible mpo. Eyi betumi aboa abofra no ma wasiesie n’akwan.

Sɛ abofra a wɔatu no ba Ahenni Asa so a, mfomso biara nni ho sɛ ɔbɛyɛ komm atena n’awofo nkyɛn. Mmara biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ obi a wɔatu no tena akyi wɔ Ahenni Asa so, enti sɛ abofra a wɔatu no ne n’awofo tena faako wɔ Ahenni Asa so, anim oo, akyi oo, ɛnsɛ sɛ obiara kasa ho. Awofo pɛ sɛ wɔboa wɔn ba no ma wɔne Yehowa ntam yɛ papa, enti ɛsɛ sɛ awofo no hwɛ ma wɔn ba no yɛ aso tie asɛm wɔ asafo nhyiam ase. Sɛ wɔne abofra no tena faako a, wɔn ani bɛkɔ ne ho yiye sen sɛ ɔbɛtew ne ho atena baabi foforo.

Na sɛ abofra a wɔatu no ne n’awofo nte fie nso ɛ? Eyi kyerɛ sɛ ɔrentumi ne n’awofo ntena faako wɔ Ahenni Asa so anaa? Sɛ wɔatu Kristoni bi busuani na ɔne no nte fie biako mu a, ɔkwan pa a ɛsɛ sɛ ɔfa so ne no di deɛ, yɛn nsɛmma nhoma no akyerɛkyerɛ mu dedaw. * Nanso sɛ obi a wɔatu no tena n’abusuafo nkyɛn dinn wɔ adesua ase a, yɛrentumi nka sɛ wɔrehwehwɛ hokwan bi ne no abɔ anaa wɔne no rebɔ sɛnea ɛnsɛ. Sɛ abusuafo a wɔwɔ asafo no mu ne wɔn busuani a wɔatu no no di sɛnea ɛsɛ na wotie Kyerɛwnsɛm mu afotu a ɛkyerɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛne obi a wɔatu no di a, ɛnde enhia sɛ yɛma baabi a ɔbɛtena yɛ asɛm.—1 Kor. 5:11, 13; 2 Yoh. 11.

Sɛ obi a wɔatu no ba Ahenni Asa so na ɔtena ne baabi dinn a, ɛnde sɛ ne busuani nkyɛn na ɔbɛtena oo, obi foforo nkyɛn na ɔbɛtena oo, ɛnsɛ sɛ yɛma eyi yɛ asɛm. Sɛ yɛhyehyɛ mmara katee wɔ saa asɛm yi ho a, ebetumi akɔfa ɔhaw pii aba. Sɛ nea wɔatu no no abusuafo ne asafo no mufo nyinaa de nea Bible ka fa obi a wɔatu no ho yɛ adwuma na sɛ baabi a nea wɔatu no no bɛtena rento obiara hintidua a, ɛnde ɛho nhia sɛ yɛde asɛm yi haw yɛn ho. *

^ nky. 5 Hwɛ January 1, 1982, Ɔwɛn-Aban no kratafa 5 ne 6.

^ nky. 6 Yɛde eyi resi asɛm a ɛwɔ April 1, 1953 Borɔfo Ɔwɛn-Aban no kratafa 223 ananmu.