Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Suasua Yesu Akokoɔduro ne Ne Nhunumu

Suasua Yesu Akokoɔduro ne Ne Nhunumu

“Ɛwom sɛ monhuu no da deɛ, nanso modɔ no. Seesei monhu no deɛ, nanso mogye no di.”—1 PETRO 1:8.

1, 2. (a) Yɛbɛyɛ dɛn anya daa nkwa? (b) Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛawie yɛn akwantuo no?

SƐ YƐBA bɛyɛ Kristofo a, ɛte sɛ nea yɛafiri akwantuo bi ase. Sɛ yɛkɔ so di nokorɛ ma Onyankopɔn a, yɛbɛduru baabi a yɛrekɔ no, na yɛbɛtena ase daa. Yesu kaa sɛ: “Deɛ ɔbɛgyina mu akɔsi awieeɛ no, ɔno na wɔbɛgye no nkwa.” (Mateo 24:13) Sɛ́ ebia yɛbɛwu anaasɛ wiase bɔne yi bɛba awieeɛ no, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so di Onyankopɔn nokorɛ kɔsi “awieeɛ” ansa na yɛawie yɛn akwantuo no. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yie sɛ yɛremma wiase yi ntwetwe yɛn adwene. (1 Yohane 2:15-17) Yɛbɛyɛ dɛn atumi awie yɛn akwantuo no?

2 Yesu yɛɛ nhwɛsoɔ pa too hɔ maa yɛn. Sɛ yɛsua Yesu asetena ho nsɛm a ɛwɔ Bible mu anaa sɛnea ɔbɔɔ ne bra ho adeɛ a, yɛbɛtumi ahu no yie. Ɛno bɛma yɛadɔ no, na yɛanya ne mu gyidie. (Kenkan 1 Petro 1:8, 9.) Ɔsomafo Petro kaa sɛ, Yesu gyaa yɛn nhwɛsoɔ sɛ yɛnni akyire pɛɛ. (1 Petro 2:21) Sɛ yɛsuasua nea Yesu yɛeɛ no yie a, yɛbɛtumi agyina mu akɔsi awieeɛ. * (Hwɛ aseɛ hɔ asɛm no.) Adesua a ɛdi wei anim no, yɛhuu sɛnea yɛbɛtumi asuasua Yesu ahobrɛaseɛ ne n’ayamhyehyeɛ. Wɔ adesua yi mu deɛ, yɛbɛsua n’akokoɔduro ne ne nhunumu ho adeɛ.

YESU WƆ AKOKOƆDURO

3. Deɛn ne akokoɔduro, na yɛyɛ dɛn nya?

3 Sɛ yɛwɔ akokoɔduro a, ɛbɛtumi ahyɛ yɛn den na aboa yɛn ma yɛagyina nsɛnnennen ano. Akokoɔduro boa yɛn ma yɛyɛ nea ɛtene nso. Sɛ yɛhyia sɔhwɛ a, ɛbɛtumi aboa yɛn ma yɛayɛ komm na yɛadi nokorɛ ama Onyankopɔn. Sɛ obi wɔ akokoɔduro a, osuro Onyankopɔn, na ɔwɔ anidasoɔ ne ɔdɔ. Adɛn nti na yɛreka saa? Sɛ yɛsuro sɛ yɛbɛyɛ biribi a Onyankopɔn ani nnye ho a, ɛremma onipa ho suro nhyɛ yɛn so. (1 Samuel 11:7; Mmebusɛm 29:25) Sɛ yɛnya anidasoɔ wɔ Yehowa mu a, sɛ́ anka a yɛde yɛn adwene bɛsi sɔhwɛ ahodoɔ a yɛrefa mu so no, ɛbɛboa yɛn ma yɛde yɛn adwene asi nea yɛbɛnya daakye so mmom. (Dwom 27:14) Sɛ yɛhyia ɔtaa a, ɔdɔ kann kanyan yɛn ma yɛda akokoɔduro adi. (Yohane 15:13) Sɛ yɛde yɛn ho to Onyankopɔn so na yɛsuasua ne Ba no a, yɛbɛnya akokoɔduro.Dwom 28:7.

4. Ɛdeɛn na Yesu yɛɛ wɔ asɔrefie hɔ de kyerɛɛ sɛ ɔwɔ akokoɔduro? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiaseɛ no.)

4 Berɛ a Yesu dii mfeɛ 12 a ɔkɔɔ ‘asɔrefie hɔ kɔtenaa akyerɛkyerɛfoɔ no mfimfini’ no, ɔkyerɛɛ sɛ ɔwɔ akokoɔduro. (Kenkan Luka 2:41-47.) Ná saa nyamesom akyerɛkyerɛfo no nim Mose Mmara no yie, na na wɔnim Yudafo no atetesɛm nso. Saa atetesɛm no maa Mmara no so di yɛɛ den. Nanso nimdeɛ a na akyerɛkyerɛfo no wɔ no amma Yesu anka n’ano antom. Ná ɔnsuro wɔn. Ɔkɔɔ so ‘bisabisaa wɔn nsɛm.’ Nokwasɛm ne sɛ, nsɛm a na Yesu rebisabisa wɔn no kyerɛ sɛ n’adwenem dɔ. Wo deɛ twa ho mfoni hwɛ sɛ Yesu rebisabisa akyerɛkyerɛfo no nsɛm a emu dɔ, na wɔn nso ayɛ aso retie no na wɔredwendwene ho. Sɛ akyerɛkyerɛfo no yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛbisa nsɛm bi de ato Yesu brada ma akɔfa akyinnyegyeɛ bi aba a, ɛnneɛ wɔn nsa sii fam. Sɛnea na Yesu ‘adwenem dɔ na ɔyi nsɛm ano’ no no maa wɔn a na wɔretie no nyinaa ne akyerɛkyerɛfo no ho dwirii wɔn. Nokwasɛm ne sɛ Yesu de akokoɔduro kyerɛkyerɛɛ nokorɛ a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no mu!

5. Berɛ a Yesu reyɛ ne som adwuma no, nneɛma bɛn na ɔyɛeɛ de daa akokoɔduro adi?

5 Berɛ a Yesu reyɛ ne som adwuma no, ɔdaa akokoɔduro adi wɔ akwan pii so. Ebi ne sɛ, ɔmaa nkurɔfo huu sɛ nyamesom akannifo no de wɔn atorɔ nkyerɛkyerɛ redaadaa wɔn. (Mateo 23:13-36) Afei nso, Yesu amma kwan ma wiase no ansɛe ne suban. (Yohane 16:33) Ɛmfa ho sɛ ɔhyiaa ɔsɔretia no, ɔkɔɔ so kaa asɛmpa no. (Yohane 5:15-18; 7:14) Akokoɔduro a ɔwɔ nti, ɔkɔpamoo wɔn a na wɔregu nokorɛ som ho fĩ wɔ asɔrefie hɔ no. Ɔyɛɛ saa mprenu de tee asɔrefie no ho.Mateo 21:12, 13; Yohane 2:14-17.

Yesu de akokoɔduro ka kyerɛɛ Yudafo asɛnnibea kɛseɛ no sɛ ɔno ne Kristo, Onyankopɔn Ba no

6. Yesu asetenam da a ɛtwa toɔ wɔ asase so no, ɛdeɛn na ɔyɛeɛ?

6 Yesu asetenam da a ɛtwa toɔ wɔ asase so no, ɔdaa akokoɔduro adi. Momma yɛnsusu ho nhwɛ. Ná Yesu nim asɛm a ɛbɛsi berɛ a Yuda ayi no ama no. Nanso berɛ a wɔwɔ Twam afahyɛ no ase no, Yesu ka kyerɛɛ Yuda sɛ: “Deɛ woreyɛ no, yɛ no ntɛmntɛm.” (Yohane 13:21-27) Ɛno akyi no, Yesu de akokoɔduro yii ne ho adi kyerɛɛ asraafo a na wɔrebɛkyere no wɔ Getsemane turom hɔ no. Ɛwom sɛ na ɔno ankasa nkwa da asiane mu deɛ, nanso ɔbɔɔ n’asuafo no ho ban, na ɔka kyerɛɛ asraafo no sɛ: “Momma yeinom nkɔ.” (Yohane 18:1-8) Akyire yi, berɛ a Yesu gyina Yudafo asɛnnibea kɛse no anim a na wɔrebisabisa no nsɛm no, ɔde akokoɔduro ka kyerɛɛ wɔn sɛ ɔno ne Kristo, Onyankopɔn Ba no. Ɛwom sɛ na ɔsɔfo panin no repɛ asɛm bi agyina so ma wɔakum Yesu deɛ, nanso na Yesu nsuro. (Marko 14:60-65) Yesu kɔɔ so dii Onyankopɔn nokorɛ, na ɔwuiɛ wɔ dua so. Berɛ a ɔguu ahome a ɛtwa toɔ no, ɔteaam sɛ: “Asa!”Yohane 19:28-30.

SUASUA YESU AKOKOƆDURO NO BI

7. Mmɔfra, mote nka sɛn sɛ moyɛ Yehowa Adansefo? Ɛdeɛn na mobɛtumi ayɛ de akyerɛ sɛ mowɔ akokoɔduro?

7 Yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua Yesu akokoɔduro no bi? Sukuu mu. Mmɔfra, sɛ moka kyerɛ mo sukuufo ne afoforɔ sɛ moyɛ Yehowa Adansefo a, ɛkyerɛ sɛ mowɔ akokoɔduro. Sɛ moyɛ saa na sɛ mpo afoforɔ sere mo a, ɛkyerɛ sɛ mo ani gye ho sɛ Yehowa din da mo so. (Kenkan Dwom 86:12.) Ebia ebinom bɛka akyerɛ mo sɛ nnipa firi mmoa mu. Nanso monim sɛ nea Bible ka fa adebɔ ho no yɛ nokorɛ. Enti mobɛtumi de The Origin of Life—Five Questions Worth Asking nwomawa no akyerɛkyerɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔhu “anidasoɔ a ɛwɔ mo mu no.” (1 Petro 3:15) Sɛ moyɛ saa a, mobɛnya akomatɔyam sɛ mode akokoɔduro akyerɛkyerɛ nokorɛ a ɛwɔ Bible mu no mu!

8. Nneɛma bɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde akokoɔduro ka asɛmpa no?

8 Asɛnka adwuma mu. Yɛn a yɛyɛ nokorɛ Kristofo no, ɛsɛ sɛ ‘yɛde Yehowa tumi kasa akokoɔduro so.’ (Asomafoɔ Nnwuma 14:3) Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde akokoɔduro ka asɛm no? Nea ɛdi kan, yɛnim sɛ asɛm a yɛka no firi Bible mu. Ɛyɛ nokorɛ. (Yohane 17:17) Nea ɛtɔ so mmienu, “yɛyɛ Onyankopɔn mfɛfoɔ adwumayɛfoɔ,” na ɔde ne honhom kronkron ama yɛn sɛ ɛmmoa yɛn. (1 Korintofoɔ 3:9; Asomafoɔ Nnwuma 4:31) Nea ɛtɔ so mmiɛnsa, yɛdɔ Yehowa ne ne nkurɔfo. Ɛno kanyan yɛn ma yɛyɛ nea yɛbɛtumi biara de ka asɛmpa no kyerɛ afoforɔ. (Mateo 22:37-39) Akokoɔduro a yɛwɔ nti, yɛrennyae asɛmpa no ka da. Yɛasi yɛn bo sɛ yɛde nokorɛ no bɛkyerɛkyerɛ wɔn a nyamesom akannifo ‘afira wɔn ani,’ anaa wɔadaadaa wɔn no. (2 Korintofoɔ 4:4) Sɛ nkurɔfo antie asɛmpa no anaasɛ wɔtaa yɛn mpo a, yɛbɛkɔ so aka asɛmpa no.1 Tesalonikafoɔ 2:1, 2.

9. Sɛ yɛhyia sɔhwɛ a, dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛwɔ akokoɔduro?

9 Berɛ a yɛhyia sɔhwɛ. Sɛ yɛde yɛn ho to Onyankopɔn so a, ɔbɛma yɛanya gyidie ne akokoɔduro a yɛde bɛgyina nsɛnnennen ano. Sɛ yɛn busuani anaa yɛn adamfo bi wu a, yɛdi awerɛhoɔ, nanso yɛn abam mmu. Yɛwɔ ahotosoɔ sɛ “awerɛkyekyerɛ nyinaa Nyankopɔn” no bɛhyɛ yɛn den. (2 Korintofoɔ 1:3, 4; 1 Tesalonikafoɔ 4:13) Sɛ yɛyare anaa yɛpira a, ebia yɛn ho bɛtutu yɛn, nanso yɛremma wɔmfa kwan biara a Onyankopɔn ani nnye ho so nsa yɛn yareɛ. (Asomafoɔ Nnwuma 15:28, 29) Sɛ nneɛma ha yɛn a, ebia “yɛn akoma bɛbu yɛn fɔ,” nanso yɛrempa aba. Yɛde yɛn ho to Yehowa so ɛfiri sɛ ‘ɔbɛn wɔn a wɔn akoma abubuo.’ * (Hwɛ aseɛ hɔ asɛm no.)1 Yohane 3:19, 20; Dwom 34:18.

YESU WƆ NHUNUMU

10. Deɛn ne nhunumu? Ɔkwan bɛn so na Kristoni a ɔwɔ nhunumu kasa na ɔyɛ n’adeɛ?

10 Obi a ɔwɔ nhunumu tumi hu nsonsonoeɛ a ɛwɔ papa ne bɔne mu, na ɔhwɛ yɛ ade pa. (Hebrifoɔ 5:14) Kristoni a ɔwɔ nhunumu sisi gyinaeɛ a ɛbɛma ɔne Onyankopɔn ntam akɔ so ayɛ papa. Ɔhwɛ yie sɛ ɔrenka nsɛm bi a ɛbɛpira afoforɔ. Mmom, n’anom nsɛm hyɛ afoforɔ nkuran, enti ɔsɔ Yehowa ani. (Mmebusɛm 11:12, 13) Ɔyɛ obi a ne “bo kyɛre fuo.” (Mmebusɛm 14:29) “Ɔnam tee,” a ɛkyerɛ sɛ ɔsisi gyinae pa ne nkwa nna nyinaa mu. (Mmebusɛm 15:21) Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya nhunumu? Ɛsɛ sɛ yɛsua Onyankopɔn Asɛm na yɛde nea yɛsua no bɔ yɛn bra. (Mmebusɛm 2:1-5, 10, 11) Yɛbɛtumi nso ahwɛ nhunumu a Yesu daa no adi na yɛasuasua no.

11. Ɔkwan bɛn so na Yesu daa nhunumu adi wɔ ne kasa mu?

11 Yesu daa nhunumu adi wɔ ne kasa ne ne nneyɛɛ nyinaa mu. Ne kasa mu. Berɛ a Yesu reka asɛmpa no, ɔkaa nsɛm a ɛhyɛ nkuran maa n’atiefo ho dwirii wɔn. (Mateo 7:28; Luka 4:22) Ná ɔtaa kenkan Onyankopɔn Asɛm no anaasɛ ɔfa mu asɛm ka. Ná ɔnim Bible mu asɛm pɔtee a ɔde bɛdi tebea biara ho dwuma. (Mateo 4:4, 7, 10; 12:1-5; Luka 4:16-21) Afei nso, Yesu nsɛm kaa nkurɔfo a wɔtee sɛ ɔrekyerɛkyerɛ Bible mu no akoma paa. Yesu wusɔreɛ akyi no, ɔkasa kyerɛɛ n’asuafo mmienu wɔ Emaus kwan so. Ɔkyerɛkyerɛɛ Bible mu nsɛm a ɛfa ɔno ankasa ho mu. Akyire yi, asuafo no kaa sɛ: “Berɛ a ɔne yɛn rekasa wɔ kwan so na ɔrekyerɛ Twerɛnsɛm no mu kyerɛ yɛn no, ampusu yɛn akoma anaa?”Luka 24:27, 32.

12, 13. Deɛn na ɛkyerɛ sɛ na Yesu bo kyɛre fu, na ɔte asɛm ase?

12 N’ahohyɛsoɔ ne ne nneyɛɛ. Nhunumu a Yesu wɔ nti, na “ne bo kyɛre fuo.” (Mmebusɛm 16:32) Ná ɔtumi hyɛ ne ho so, na na ‘ɔdwo’ nso. (Mateo 11:29) Asuafo no mfomsoɔ nyinaa akyi no, Yesu nyaa wɔn ho aboterɛ bere nyinaa. (Marko 14:34-38; Luka 22:24-27) Berɛ mpo a nkurɔfo ne Yesu anni no yie no, ɔyɛɛ komm.1 Petro 2:23.

13 Nhunumu a Yesu wɔ nti, na ɔte asɛm ase. Ɔnim nea enti a wɔhyehyɛɛ Mose Mmara no, na ɛno kaa no ma ɔne nkurɔfo dii no yie. Momma yɛmfa ɔbaa bi a na ‘mogya retu no’ no sɛ nhwɛsoɔ. (Kenkan Marko 5:25-34.) Ɔbaa no kɔfaa nipadɔm bi mu de ne nsa kaa Yesu atadeɛ maa ne ho tɔɔ no. Sɛ yɛhwɛ Mmara no mu a, na ɔbaa no ho nte, enti anka ɛnsɛ sɛ ɔde ne ho ka obiara. (Leviticus 15:25-27) Nanso Yesu ankasa antia no. Adɛn ntia? Ɛfiri sɛ na ɔnim sɛ “mmɔborɔhunu ne nokorɛdie” ho hia koraa sene Mmara no a obi bɛdi so dendeenden. (Mateo 23:23) Yesu kaa ɔbaa no akoma too ne yam. Ɔkaa sɛ: “Ɔbabaa, wo gyidie ama wo ho atɔ wo. Fa asomdwoeɛ kɔ, wo ho ntɔ wo na wo yareɛ a emu yɛ den no nkɔ.” Nhunumu a Yesu wɔ nti, hwɛ sɛnea ɔdaa ayamyɛ adi ma ɛyɛɛ fɛ!

14. Adwuma bɛn na Yesu de sii n’ani so? Dɛn na ɛboaa no ma ɔde n’adwene sii so?

14 N’asetena mu. Yesu daa nhunumu adi wɔ n’asetena mu. Asɛmpaka adwuma no na ɔde sii n’ani so. (Luka 4:43) Afei nso, Yesu sisii gyinaeɛ a ɛma ɔde n’adwene sii adwuma no so, na ɛboaa no ma ɔwiee ne som adwuma no. Ɛho nhwɛsoɔ bi ne sɛ, wanhwehwɛ nneɛma akɛseɛ wɔ n’asetenam sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛtumi de ne berɛ ne n’ahoɔden ayɛ asɛnka adwuma no. (Luka 9:58) Ɔhuu sɛ ɛhia sɛ ɔtete afoforɔ na ne wuo akyi no, wɔakɔ so aka asɛmpa no. (Luka 10:1-12; Yohane 14:12) Ɔhyɛɛ n’asuafo no bɔ sɛ ɔbɛboa wɔn ma wɔayɛ asɛmpaka adwuma no ‘de akɔsi wiase nhyehyɛeɛ no awieeɛ.’Mateo 28:19, 20.

SUASUA YESU NHUNUMU NO BI

Nhunumu boa yɛn ma yɛhu nea nkurɔfo hia na yɛahu asɛm a yɛbɛka akyerɛ wɔn (Hwɛ nkyekyɛm 15)

15. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ada nhunumu adi wɔ yɛn kasa mu?

15 Yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua Yesu nhunumu no bi? Yɛn kasa mu. Sɛ yɛne yɛn nuanom rekasa a, ɛsɛ sɛ yɛka nsɛm a ɛbɛhyɛ wɔn nkuran sene sɛ yɛbɛka nea ɛbɛbu wɔn abam. (Efesofoɔ 4:29) Sɛ yɛreka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm akyerɛ afoforɔ a, ɛsɛ sɛ yɛma ‘nkyene ba’ yɛn kasa mu, kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yɛyɛ anifereɛ. (Kolosefoɔ 4:6) Yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛhu nea nkurɔfo hia ne nea wɔn ani gye ho, na afei yɛahu asɛm a yɛbɛka akyerɛ wɔn. Sɛ yɛka nsɛm a ɛyɛ dɛ a, nkurɔfo ani bɛgye ho sɛ wɔbɛtie yɛn, na yɛn asɛm no bɛtumi aka wɔn akoma. Afei nso, sɛ yɛreka yɛn gyidie ho asɛm akyerɛ nkurɔfo a, berɛ biara a ɛbɛyɛ yie no, ɛsɛ sɛ yɛkenkan Bible efisɛ Onyankopɔn Asɛm no na yɛgyina so kasa. Yɛnim sɛ asɛm biara nni hɔ a yɛbɛka a tumi wom sene nea ɛwɔ Bible mu no.Hebrifoɔ 4:12.

16, 17. (a) Deɛn na yɛbɛtumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛyɛ nyaa fa abufuo na yɛwɔ nteaseɛ? (b) Yɛbɛyɛ dɛn atumi akɔ so ayɛ asɛmpaka adwuma no?

16 Ahohyɛsoɔ ne yɛn nneyɛɛ. Sɛ nneɛma hyɛ yɛn so a, nhunumu boa yɛn ma yɛdi yɛn ho so na yɛyɛ ‘nyaa fa abufuo.’ (Yakobo 1:19) Sɛ nkurɔfo fom yɛn a, yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛhu nea enti a wɔka wɔn nsɛm na wɔyɛ wɔn adeɛ saa. Sɛ yɛhu nea enti a wɔyɛ saa a, ɛrenyɛ den sɛ yɛde bɛfiri wɔn na ɛremma yɛmfa wɔn ho abufuo nso. (Mmebusɛm 19:11) Nhunumu boa yɛn ma yɛte afoforɔ ase nso. Ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ yɛn nuanom bɛyɛ wɔn adeɛ pɛpɛɛpɛ. Mmom no, momma yɛnkae sɛ ebia na wɔrefa ɔhaw bi a yɛnnim mu. Ɛsɛ sɛ yɛnya ɔpɛ sɛ yɛbɛtie wɔn adwenkyerɛ. Na sɛ ɛbɛyɛ yie a, yɛgyaa nsɛm mu, kyerɛ sɛ, yɛrenka sɛ nea yɛpɛ nko ara na yɛbɛyɛ.Filipifoɔ 4:5.

17 Yɛn asetena mu. Yɛnim sɛ asɛmpaka adwuma a yɛyɛ no ne adwuma a nidie wom sene biara. Enti ɛsɛ sɛ yɛsisi gyinaeɛ a ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so ayɛ asɛmpaka adwuma no na yɛde Yehowa adi kan wɔ yɛn asetenam biribiara mu. Ɛnsɛ sɛ yɛhwehwɛ nneɛma akɛseɛ wɔ yɛn asetenam sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛtumi de yɛn berɛ ne yɛn ahoɔden ayɛ asɛmpaka adwuma no ansa na awieeɛ no aba.Mateo 6:33; 24:14.

18. Yɛbɛyɛ dɛn atumi akɔ so anante ɔkwan a ɛkɔ daa nkwa mu no so? Deɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ?

18 Yɛn ani agye sɛ yɛasua Yesu suban a ɛyɛ fɛ no bi ho adeɛ! Hwɛ sɛnea yɛbɛtumi anya ne suban a aka no so mfasoɔ na yɛasua sɛ yɛbɛyɛ sɛ ɔno. Enti, momma yɛnsi yɛn bo sɛ yɛbɛsuasua Yesu. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛbɛkɔ so anante daa nkwa kwan no so, na yɛbɛbɛn Yehowa kɛse.

^ nky. 2 Wɔtwerɛɛ 1 Petro 1:8, 9 no maa Kristofo a wɔwɔ anidasoɔ sɛ wɔbɛkɔ soro no. Nanso, asɛm a Petro kaeɛ no bɛtumi afa Kristofo a wɔwɔ anidasoɔ sɛ wɔbɛtena asase so daa no nso ho.

^ nky. 9 Sɛ worepɛ nkurɔfo a wɔdaa akokoɔduro adi berɛ a wɔhyiaa sɔhwɛ ho nsɛm a, hwɛ December 1, 2000, Ɔwɛn-Aban, kratafa 24-28; May 8, 2003, Nyan!, kratafa 26-29; ne January 22, 1995, Awake! kratafa 11-15.