Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Wubetumi Ayɛ Asɛmpatrɛw Adwuma No

Sɛnea Wubetumi Ayɛ Asɛmpatrɛw Adwuma No

Gilead Adesua Awiei A Ɛto So 126

Sɛnea Wubetumi Ayɛ Asɛmpatrɛw Adwuma No

NNIPADƆM a wɔn ani agye hyiae wɔ adeyɛ titiriw bi ase wɔ Watchtower Educational Center a ɛwɔ Patterson, New York no. Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu adesuakuw a ɛto so 126 no na na wɔrewie wɔn adesua wɔ Memeneda, March 14, 2009. Ná wɔrebɛma adesuafo a wɔawie sukuu no akɔ aman 22 so akɔka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa.—Mateo 24:14.

Adesuafo no de nsi suaa Bible no kɔɔ akyiri wɔ asram anum mu sɛnea ɛbɛboa wɔn ma wɔayɛ Kristofo asɛmpatrɛw adwuma no. Sɛ́ adesuakuw no, wonyaa hokwan a etwa to koraa a na wɔde betie afotusɛm a nyansa wom a ɛbɛboa wɔn ma wɔayɛ asɛmpatrɛwfo a wɔwɔ anigye.

Anthony Morris a ɔyɛ Yehowa Adansefo Sodikuw no muni na na ɔyɛ dwumadi no guamtenani. Ɔkae sɛ, wofii ase de Gilead Sukuu no tetee asɛmpatrɛwfo wɔ afe 1943 mu. Efi saa bere no, adesuafo a wɔawie sukuu no ayɛ nneɛma pii de aboa asɛnka adwuma no wɔ wiase nyinaa.

Ɔkasafo no kae sɛ, ɛwom sɛ na akyerɛwfo ne Farisifo no bu Yesu asuafo no sɛ “nnipa a wonsuaa nhoma na wɔyɛ mpapahwekwa” de, nanso saa asɔretiafo no gye toom sɛ esiane sɛ na asomafo no ka Yesu ho nti na na wɔkasa akokoduru so no. (Asomafo Nnwuma 4:13) Ntetee a sukuufo no nya no ma wotumi ka asɛm no akokoduru so.

Asɛmti a ɛkanyan adwene a Robert Ciranko a ɔyɛ Sodikuw no Nhomakyerɛw Boayikuw no boafo kyerɛkyerɛɛ mu ne, “Monnyɛ Animhwɛ.” Ɔkae sɛ ɛrenkyɛ adesuafo no behyia nnipa a ɛsono wɔn amanne ne wɔn amammerɛ. Nanso, sɛ adesuafo no suasua Yehowa su a, ɛrenyɛ den sɛ wɔbɛka asɛm no akyerɛ nnipa a wɔtete saa. Bible bi kyerɛ Asomafo Nnwuma 10:34 ase ankasa sɛ, “Onyankopɔn nyɛ nhwɛanim,” kyerɛ sɛ, ɔnhwɛ nnipa anim nyɛ nyiyim. “Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim.” (Asomafo Nnwuma 10:35) Onua Ciranko kae sɛ: “Sɛ wusuasua Onyankopɔn na wubu obiara a wubehyia no wɔ w’asasesin mu sɛ obetumi anya Onyankopɔn anim dom a, akyinnye biara nni ho sɛ w’ani begye sɛ woyɛ n’asɛmpatrɛwfo.”

“Mowɔ Nea Muhia Nyinaa”

Samuel Herd a ɔyɛ Sodikuw no muni no fii n’asɛm ase sɛ, “Ebinom bu yoma sɛ ne ho nyɛ fɛ, nanso ne ho wɔ mfaso paa wɔ anhweatam so.” Saa ara na asɛmpatrɛwfo a wɔawie sukuu foforo yi wɔ nea wohia nyinaa a ebetumi ama wɔde anigye ayɛ wɔn asasesin mu adwuma. Nneɛma anum yi betumi aboa wɔn.

1. Yehowa ho dɔ. (Mateo 22:37, 38) Adesuafo no akyerɛ dedaw sɛ wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛsom Yehowa.

2. Onyankopɔn Asɛm mu nimdeɛ a wɔanya. Yoma de aduan sie n’akyakya a ɛwɔ n’akyi no mu. Nanso onnyae aduandi mfa ne ho nto n’akyakya no so. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ asɛmpatrɛwfo no de wɔn ho to nimdeɛ a wɔanya wɔ Gilead Sukuu mu no nkutoo so, na mmom ɛsɛ sɛ wɔkɔ so didi wɔ honhom fam.

3. Nnipa ho dɔ. (Mateo 22:39) Adesuafo no wɔ ayamhyehye ma nkurɔfo.

4. Ahofama. (Dwom 110:3) Sɛ ɔsɛmpatrɛwfo bi brɛ a, Yehowa bɛma wanya ahoɔden mmoroso.—Yesaia 40:29.

5. Babunbere mu ahoɔden. Sɛnea yoma tumi de obi twa kwan wɔ anhweatam so no, saa ara na ebetumi aba sɛ ɔsɛmpatrɛwfo bi betumi aboa ne yɔnko Kristoni a ɔrehyia nsɛnnennen wɔ ne som mu. Eyi a ɔbɛyɛ no gye mmɔdenbɔ paa, nanso asɛmpatrɛwfo yi wɔ babunbere mu ahoɔden.

Dwumadi no Afã Afoforo

Michael Burnett a ɔyɛ Gilead Sukuu no kyerɛkyerɛfo kae sɛ, na ɔsonkoran ka nneɛma pa a Yakob soma ma wɔde kɔmaa Egypt sodifo bi no ho. (Genesis 43:11) Nnepa pii wɔ ɔsonkoran aba nketenkete no mu. Adesuafo no awe honhom fam ɔsonkoran aba pii bere a na woresua ade no. Nneɛma pa pii a wosuae a ɛsɛ sɛ wɔde ka wɔn ho kɔ no bi ne hia a ehia sɛ wɔma wɔn ani sɔ Yehowa nsiesie ahorow, na wɔma wɔn ani gye baabi foforo a wɔrekɔ no ho.

Mark Noumair a ɔno nso yɛ Gilead Sukuu no kyerɛkyerɛfo no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, Onyankopɔn Asɛm no te sɛ “nyansa kotoku mã.” (Hiob 28:18) Ɛho hia sɛ yebue kotoku yi mu na yɛde nea ɛwom no di dwuma. Sɛ ɛkɔba sɛ asɛmpatrɛwfo no kohyia tebea bi a wɔnhwɛ kwan a, wobetumi asusuw ɔsomafo Paulo ho. Yesu asuafo no ma ɔkɔyɛɛ adwuma wɔ ne kurom mfe akron. Sɛ́ anka Paulo bɛte nka sɛ ɔyɛ “anwenne a wɔapaw” no nti ɛsɛ sɛ ɔyɛ adwuma wɔ baabi foforo no, ɔyeree ne ho yɛɛ adwuma no wɔ baabiara a na ɔwɔ. (Asomafo Nnwuma 9:15, 28-30) Ebia ɛbɛyɛ den sɛ yebegye wɔn a Yehowa apaw wɔn no atom. Obi a ɔyɛɛ eyi ho nhwɛso pa ne Yonatan. Bere a ohui sɛ Yehowa apaw Dawid sɛ ɔhene no, anhaw no, na mmom ɔboaa no.

Wɔ ɔkasa a ɛne “Onyankopɔn Asomfo De Akokoduru Kasa” no mu no, adesuafo no yɛɛ osuahu a wonyae wɔ asɛnka adwuma no mu bere a na wɔwɔ Gilead Sukuu mu no ho ɔyɛkyerɛ. Wɔn mu pii fii Bible adesua ase. Wobisabisaa asɛmpatrɛwfo baasa a wɔde bere tenten asom no nsɛm wɔ ɔfã a ɛne, “Yehowa Asafo no Asiesie Wɔn” no mu. Wɔn mu biara kyerɛkyerɛɛ sɛnea wɔatete no ma ɔne Onyankopɔn ahyehyɛde no ayɛ biako no mu.

“Yɛ Ɔsɛmpatrɛwfo a Ɔwɔ Anigye”

Gerrit Lösch a ɔno nso yɛ Sodikuw no muni no na ɔmaa dwumadi no ho ɔkasa titiriw no. Ɔkasa no asɛmti ne, “Yɛ Ɔsɛmpatrɛwfo a Ɔwɔ Anigye.” Ɔkae sɛ, nneɛma pii a yɛyɛ de “gyigye yɛn ani” no mma yennya anigye ankasa. (Mmebusɛm 14:13; Ɔsɛnkafo 2:10, 11) Ɛwom sɛ ɛnyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛyɛ Onyankopɔn apɛde bere nyinaa de, nanso ɛno na ɛma yenya anigye a enni awiei. Ɛwom sɛ Gilead adesua no yɛ den de, nanso ɛma abotɔyam kɛse.

Nneɛma pii na ɛma nokware Kristofo ani gye. Wɔsom anigye Nyankopɔn no. (Dwom 33:12; 1 Timoteo 1:11) Wɔte honhom fam paradise mu, na Bible no hyɛ bɔ sɛ ɛrenkyɛ, asase nyinaa bɛdan paradise ankasa. Wonim nea enti a wɔte ase—sɛ wɔbɛsom Yehowa na wɔayi no ayɛ. Bio nso, Yehowa ne Yesu dɔ wɔn.

Ɔkasafo no de kaa ho sɛ, “Sɛ moma mo ani sɔ nea mowɔ a, mobɛyɛ asɛmpatrɛwfo a wɔwɔ anigye.” Sɛ moda ɔdɔ adi kyerɛ afoforo na wɔn nso dɔ mo a, mo ani begye. Enti sɛ́ anka mode mo adwene besi afoforo mfomso so no, mummu mo ani ngu so. Monyɛ afoforo papa, mommoa wɔn a wɔyɛ mmerɛw, na monka osuahu ahorow a ɛyɛ anigye no bi nkyerɛ wɔn. (Dwom 41:1, 2; Asomafo Nnwuma 20:35) Sɛ yɛyere yɛn ho yɛ asɛnka adwuma no a, ɛma yɛn ani gye.—Luka 11:28.

Onua Lösch de ne kasa no baa awiei sɛ, “Momfa anigye nkɔyɛ asɛmpatrɛw adwuma no. Mommfa mo adwene nsi anigyede so pii, na mmom momfa nsi ayeyi a mode bɛma Yehowa, yɛn Nyankopɔn a ɔwɔ anigye, ne afoforo a mobɛboa wɔn ma wɔn nso ani agye no so kɛse.”

Bere a Anthony Morris de Adansefo a wɔwɔ aman foforo so nkyia ma wiei no, ɔde adesuafo no adansedi nkrataa maa wɔn. Ɛno akyi no, adesuakuw a ɛto so 126 no nanmusini kenkan krataa a wɔakyerɛw de rekɔma Sodikuw no. Ná krataa no kyerɛ anisɔ a adesuakuw no anya sɛ wɔma wɔkɔɔ Gilead Sukuu no bi.

Oguamtenani no de n’asɛm no baa awiei sɛ, nhyehyɛe a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ayɛ de ma Yehowa nkurɔfo aduan ne akwankyerɛ, no te sɛ ‘akwaa ntini ahorow’ a ɛka nipadua bom no ara pɛ. (Kolosefo 2:18, 19; Mateo 24:45) Sɛ Gilead adesuafo a wɔawie sukuu no ne Onyankopɔn ananmusifo a wɔapaw wɔn no yɛ biako a, wobetumi ayɛ wɔn som adwuma no pɛpɛɛpɛ.—2 Timoteo 4:5.—w09 9/1-E.

[Adaka a ɛwɔ kratafa 30]

ADESUAKUW NO HO NSƐM

Aman dodow a wofi so: 6

Aman dodow a wɔama wɔn dwumadi wɔ so: 22

Adesuafo no dodow: 56

Awarefo dodow: 28

Mfe dodow a wɔadi nkyekyɛm: 32.8

Mfe dodow a wɔadi wɔ nokware no mu nkyekyɛm: 17.9

Mfe dodow a wɔde ayɛ bere nyinaa som adwuma no nkyekyɛm: 13.5

AMAN A SUKUUFO NO BƐKƆ SO

Wɔmaa adesuafo no dwumadi wɔ Benin, Bolivia, Bulgaria, Burkina Faso, Cameroon, Costa Rica, Ghana, Guatemala, Honduras, Kenya, Liberia, Madagascar, Mozambique, Nicaragua, Panama, Paraguay, Peru, Romania, Sierra Leone, South Africa, Togo, ne Uganda.

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu Adesuakuw a Ɛto so 126 a Wɔawie Wɔn Adesua

Wɔahyehyɛ akuw no fi anim kɔ akyi, na edin a ɛwɔ kuw biara mu no fi benkum kɔ nifa so.

(1) Kirchhoff, K.; Nichols, C.; Guzmán, Y.; Coil, H.; Becker, O.; De Simone, A. (2) Manzanares, A.; Bouvier, E.; Peddle, J.; Mason, H.; Braz, J. (3) Lee, J.; Forte, A.; Boucher, T.; Marsh, A.; Leighton, S.; Glover, M. (4) Kambach, H.; Jones, T.; Ferreira, A.; Morales, J.; Chicas, S.; Davis, B.; Dormanen, E. (5) Dormanen, B.; Nichols, J.; Pacho, T.; Titmas, L.; Bouvier, E.; Kirchhoff, A. (6) Leighton, G.; Pacho, A.; Van Campen, B.; Manzanares, A.; Rivard, A.; Lee, Y.; Titmas, L. (7) Boucher, M.; Coil, K.; Marsh, C.; Guzmán, J.; Jones, W.; Kambach, J. (8) Glover, A.; Ferreira, G.; Mason, E.; Forte, D.; Davis, N.; Chicas, O.; Rivard, Y. (9) Braz, D.; Van Campen, D.; Morales, A.; De Simone, M.; Becker, M.; Peddle, D.