Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nneɛma Bɔne Bɛba Awiei!

Nneɛma Bɔne Bɛba Awiei!

Nneɛma Bɔne Bɛba Awiei!

ONYANKOPƆN ama yɛn n’Asɛm a ɔnam honhom so kyerɛwee a ɛkyerɛ yɛn nea enti a nnipa yɛ nneɛma bɔne. Wasan ama yɛn hokwan a yetumi de paw nea yɛpɛ ne ahosodi, na eyi ma yetumi paw sɛ yɛrenyɛ nneɛma bɔne. (Deuteronomium 30:15, 16, 19) Esiane eyi nti, yebetumi ahu subammɔne biara a ebia yɛwɔ na yɛayɛ nea ehia de adi ho dwuma. Awiei koraa no, nneyɛe bɔne a yɛbɛtwe yɛn ho afi ho no bɛma yɛne afoforo a yɛne wɔn bɔ no anya anigye.—Dwom 1:1.

Nanso, ɛmfa ho mmɔden kɛse a yɛn mu biara bɔ sɛ yɛrenyɛ nneɛma bɔne no, nneɛma bɔne a yɛn mfɛfo nnipa yɛ no kɔ so haw wiase no. Bible no bɔ kɔkɔ sɛ: “Hu eyi sɛ nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba.” Bere a ɛkyerɛ nea ɛma nna no ‘mu yɛ den’ no, ɛtoa so ka sɛ: “Nnipa bɛyɛ ahopɛ, sikanibere, ahohoahoa, ahantan, wɔn a wɔka abususɛm, awofo so asoɔdenfo, bonniayɛfo, wɔn a wonni nokware, wɔn a wonni tema, wɔn a wontumi ne wɔn nyɛ apam, dinsɛefo, wɔn a wontumi nni wɔn ho so, wɔn a wɔyɛ keka, wɔn a wɔmpɛ papa, wɔn a woyi afoforo ma, wɔn a wɔyɛ asobrakye, wɔn a wɔyɛ ahomaso, wɔn a wɔdɔ anigyede sen Onyankopɔn; wɔde nyamesom pa adura wɔn anim, nanso wɔmfa tumi a ɛwom no nyɛ adwuma; dan wo ho fi saa nnipa yi ho.”—2 Timoteo 3:1-5.

Ebia wuhuu asɛm “nna a edi akyiri” a ɛwɔ nkɔmhyɛsɛm a wɔaka wɔ atifi hɔ no mu no. Dɛn na ɛno kyerɛ ma wo? Sɛnea nnipa dodow no ara te ase no, sɛ wɔka “nna a edi akyiri” a, na ɛkyerɛ sɛ biribi reba awiei. Ɛbɛyɛ dɛn ade? Hyɛ nea Onyankopɔn hyɛ ho bɔ wɔ n’Asɛm mu no nsow.

Wobeyi nnebɔneyɛfo afi hɔ koraa.

“Aka kakraa bi na ɔdebɔneyɛfo nni hɔ bio; na wohwehwɛ ne tenabea a, na onni hɔ. Na ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.”DWOM 37:10, 11.

“Yehowa wɛn wɔn a wɔdɔ no nyinaa, na nnebɔneyɛfo de, ɔbɛsɛe wɔn.”DWOM 145:20.

Nhyɛso befi hɔ.

“Obegye ohiani a osu frɛ no, ne mmɔborɔni ne nea onni boafo nso. Obegye wɔn kra afi nhyɛso ne atirimɔdensɛm mu.”DWOM 72:12, 14.

“Abɔde no ankasa nso benya ahofadi afi ɔporɔw nkoasom mu akɔ Onyankopɔn mma anuonyam ahofadi mu.”ROMAFO 8:21.

Wɔde honam fam nneɛma a nnipa hia bɛma wɔn.

“Wɔn mu biara bɛtena ne bobe ne ne borɔdɔma ase, na obiara renyi wɔn hu.”MIKA 4:4.

“Wobesisi adan atena mu na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba. Wɔrensi mma obi mmɛtena mu, na wɔrennua mma obi nni. Na me man nna bɛyɛ sɛ dua nna, na wɔn a mapaw wɔn no bedi wɔn nsa ano adwuma amee.”YESAIA 65:21, 22.

Wobebu atɛntrenee.

“Nokwasɛm ni,  . .  so [Onyankopɔn remmu] atɛntrenee mma wɔn a wɔapaw wɔn a wɔteɛm frɛ no awia ne anadwo no? Mise mo sɛ, Obebu atɛntrenee ama wɔn ntɛm so.”LUKA 18:7, 8.

“Yehowa dɔ atɛntrenee, na ɔrennyaw n’anokwafo. Ɔbɛhwɛ wɔn so daa.”DWOM 37:28.

Trenee besi pɛsɛmenkominya ananmu.

“Asase sofo nyinaa sua adetrenee.”YESAIA 26:9.

“Sɛnea ne bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo, na eyi mu na trenee bɛtena.”2 PETRO 3:13.

Mprempren Mpo Nnipa Resakra

Akyinnye biara nni ho sɛ bɔhyɛ ahorow a ɛte saa no bɛma yɛn nyinaa ani agye. Nanso, awerɛhyem bɛn na yɛwɔ sɛ eyinom bɛbam? Nokwarem no, mprempren yɛwɔ adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow bɛbam. Ɛyɛ adanse bɛn? Ɛno ne nokwasɛm a ɛkyerɛ sɛ, ɛnnɛ nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa atumi atwe wɔn ho afi pɛsɛmenkominya, ɔbrasɛe ne basabasayɛ ho, na wɔasua sɛ wobedi nokware, wɔbɛyɛ wɔn a wɔpɛ asomdwoe ne ayamye. Ɛnnɛ, Yehowa Adansefo a wɔboro ɔpepem ason yɛ amanaman ntam anuanom a wodi mmusua, nnipa, ɔmampɛ, amammui ne sikasɛm mu mpaapaemu a ɛde nitan, basabasayɛ ne mogyahwiegu pii aba wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no so. * Nsakrae a ɛte saa a ɛrekɔ so nnɛ no ma yenya nea yebegyina so agye adi sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow no bɛbam kɛse.

Nanso, dɛn na ɛma wɔyɛ nsakrae a ɛte saa? Mmuae no wɔ Bible mu bɔhyɛ ahorow no foforo bi a odiyifo Yesaia kyerɛwee no mu. Ɔkyerɛwee sɛ:

“Pataku ne oguammaa bɛtena na ɔsebɔ ne abirekyi ba ada faako, na nantwi ba ne gyata ne aboa a wadɔ bɛbom atena faako na abarimaa ketewaa na aka wɔn. . . . Gyata mpo bɛwe wura sɛ nantwinini. Akokoaa begoru ɔprammiri amoa ano na abofra a watwa nufu de ne nsa aka ahurutoa bɔn. Wɔrenyɛ bɔne na wɔrensɛe ade bio wɔ me bepɔw kronkron no nyinaa so, efisɛ Yehowa ho nimdeɛ bɛhyɛ asase so mã sɛnea nsu akata po so no.”—Yesaia 11:6-9.

So saa nkɔmhyɛ yi reka bere a mmoa ne nnipa bɛtena asomdwoe mu nkutoo ho asɛm? Dabi, ɛka nea ɛsen saa. Hyɛ no nsow sɛ asɛm no fã a etwa to kyerɛ nea ɛde nsakrae no ba: “Yehowa ho nimdeɛ bɛhyɛ asase so mã.” So Yehowa ho nimdeɛ ma aboa tumi sakra ne suban? Dabida. Nanso, ebetumi asakra nnipa na ɛyɛ saa nso! Nkɔmhyɛ yi ka sɛ wɔn a ebia na wɔwɔ mmoa su no renkɔ so nna saa su no adi, na wobenya Kristo nipasu no bi efisɛ wobesua nea Bible kyerɛkyerɛ na wɔde adi dwuma.

Fa Pedro * sɛ nhwɛso. Bere a ɔkɔdɔm amumɔyɛfo kuw bi no, na ogye di sɛ ɔreko apere atɛntrenee. Bere a onyaa ntetee wiei no, wɔhyɛɛ no sɛ ɔnkɔtow ɔtopae nkɔto polisifo atenae bi. Bere a ɔresiesie ne ho akɔyɛ saa no, wɔkyeree no. Pedro daa afiase asram 18, na ɔkɔɔ so tutuu ɔman ase wɔ hɔ. Wɔ saa bere yi mu no, Pedro yere ne Yehowa Adansefo fii ase suaa Bible no. Bere a woyii Pedro no, ɔno nso fii ase suaa Bible no, na nea osua faa Yehowa Nyankopɔn ho no ma ɔyɛɛ nsakrae akɛse wɔ ne suban ne adwene a okura wɔ asetena ho no mu. Pedro ka sɛ: “Meda Yehowa ase sɛ mankum obiara da wɔ bere a na midi amumɔyɛsɛm no mu. Mprempren, mede Onyankopɔn honhom nkrante a ɛne Bible no ka nokware asomdwoe ne atɛntrenee—Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa kyerɛ nkurɔfo.” Pedro kɔɔ polisifo atenae a ɔbɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛsɛe hɔ no mpo sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛka n’asomdwoesɛm ne wiase a basabasayɛ nnim no ho asɛm akyerɛ wɔn.

Tumi kɛse a Onyankopɔn Asɛm betumi anya wɔ nkurɔfo asetena so no ma yehu nea enti a ɛsɛ sɛ yenya Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛne sɛ nneɛma bɔne a wɔyɛ nyinaa bɛba awiei no mu gyidi. Yiw, nnipa renkɔ so nyɛ nneɛma bɔne bio, na mmom wɔbɛsakra ayɛ nnipa pa. Ɛrenkyɛ, Yehowa beyi Satan Ɔbonsam, nea ɔde nsɛmmɔnedi bae, a ɔredaadaa wiase no a yenhu no no afi hɔ. Bible no ka sɛ: “Wiase nyinaa da ɔbɔnefo no tumi mu.” (1 Yohane 5:19) Nanso, ɛrenkyɛ wobeyi no afi hɔ. Wɔn a wobefi hɔ nso ne wɔn a wɔasen wɔn kɔn sɛ wɔbɛkɔ so anantew wɔn akwammɔne so no. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ anigye sɛ yɛbɛtena ase wɔ saa bere no mu!

Dɛn na ɛsɛ sɛ obi yɛ, na wanya daakye a ɛte saa? Kae sɛ ɛyɛ “Yehowa ho nimdeɛ” na ɛrema nkurɔfo yɛ nsakrae nnɛ na ɛno na ɛbɛma nsakrae aba wiase nyinaa daakye. Sɛ wunya Bible mu nokware nimdeɛ na wode di dwuma te sɛ nea Pedro yɛe no a, wo nso wubetumi ahwɛ kwan sɛ wobɛtena wiase a “trenee bɛtena” mu no mu. (2 Petro 3:13) Enti yɛrehyɛ wo nkuran sɛ fa hokwan a ɛda so ara wɔ hɔ no di dwuma fa nya Onyankopɔn ne Yesu Kristo ho nimdeɛ, efisɛ ebetumi ama woanya daa nkwa.—Yohane 17:3.—w10-E 09/1.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 21 Sɛ wopɛ eyi ho nsɛm pii a, hwɛ Yehowa Adansefo—Wɔne Henanom? Wɔn Gyidi Ne Dɛn? nhomawa a Yehowa Adansefo tintimii no mu.

^ nky. 25 Wɔasesa din no.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 9]

Wo nso wubetumi ahwɛ kwan sɛ wobɛtena wiase a “trenee bɛtena” mu no mu.—2 PETRO 3:13