Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

4 Dɛn na Ɛsɛ sɛ Yɛbɔ Ho Mpae?

4 Dɛn na Ɛsɛ sɛ Yɛbɔ Ho Mpae?

WƆTAA frɛ no Kristofo mpae a wɔabɔ sen biara. Sɛ́ ɛyɛ nokware anaa ɛnyɛ nokware no, nnipa pii nte Yesu mpaebɔ a ɛtɔ mmere bi a wɔfrɛ no Awurade Mpaebɔ anaa Yɛn Agya a ɔwɔ soro no ase. Nnipa ɔpepem pii ka no mpɛn pii da biara da a wonsusuw ho. Nanso na ɛnyɛ Yesu adwene ne sɛ wɔbɛbɔ mpae no wɔ saa kwan no so. Yɛyɛ dɛn hu?

Ansa na Yesu rebɛka saa mpaebɔ no ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Sɛ worebɔ mpae a, ntĩ nsɛm koro no ara mu nka no mpɛn pii.” (Mateo 6:7) So Yesu de nsɛm mfuamfua mae sɛ yɛnkyere ngu yɛn tirim na yentĩ mu nka bere a n’ankasa kasa tia saa adeyɛ no? Dabida! Mmom no, na Yesu rekyerɛ yɛn nea yɛmmɔ ho mpae, na na ɔrema yɛn nsɛm bi a ɛho hia a ɛsɛ sɛ yɛma ɛtena yɛn adwenem bere a yɛrebɔ mpae no. Momma yensusuw nea ɔkae no ho yiye nhwɛ. Wɔayɛ mpaebɔ no ho kyerɛwtohɔ wɔ Mateo 6:9-13.

“Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew.”

Yesu nam eyi so kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ ɛsɛ sɛ wɔbɔ n’Agya Yehowa, nkutoo mpae. Nanso, so wunim nea enti a Onyankopɔn din ho hia saa, ne nea enti a ehia sɛ wɔtew ho, anaa wɔyɛ no kronkron no?

Efi nnipa abakɔsɛm mfiase pɛɛ na wɔde atorodi agu Onyankopɔn din kronkron no ho fĩ. Onyankopɔn tamfo, Satan, aka Yehowa ho asɛm sɛ ɔyɛ Sodifo ɔtorofo ne pɛsɛmenkominyafo a onni hokwan biara sɛ odi N’abɔde so. (Genesis 3:1-6) Nnipa pii akogyina Satan akyi, na wɔkyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn nni tema, ne tirim yɛ den, na ɔmfa bɔne nkyɛ anaa wonnye nni sɛ Ɔno ne Ɔbɔadeɛ no. Afoforo ama Onyankopɔn din ho aba asɛm, wɔayi Yehowa din no afi Bible nkyerɛase mu, na wɔabara sɛ ɛnsɛ sɛ wɔde di dwuma.

Bible kyerɛ sɛ Onyankopɔn besiesie saa atɛnkyea yi nyinaa. (Hesekiel 39:7) Ɔnam saayɛ so bedi w’ahiade ne wo haw biara nso ho dwuma. Ɔkwan bɛn so? Yesu mpaebɔ no mu nsɛm a edi hɔ no de ho mmuae bɛma.

“W’ahenni mmra.”

Ɛnnɛ, nyamesom akyerɛkyerɛfo adwene atu afra paa wɔ Onyankopɔn Ahenni ho. Nanso sɛnea na Yesu atiefo nim dedaw no, na Onyankopɔn adiyifo fi bere tenten ahyɛ nkɔm sɛ, Mesia, Ogyefo a Onyankopɔn apaw no no bedi Ahenni bi a ɛbɛsesa wiase no so. (Yesaia 9:6, 7; Daniel 2:44) Ɛbɛtew Onyankopɔn din ho denam Satan atorodi a ɔbɛma ho ada hɔ na wayi Satan ne ne nnwuma nyinaa afi hɔ no so. Onyankopɔn Ahenni beyi ɔko, ɔyare, ɔkɔm—mpo owu, ankasa afi hɔ. (Dwom 46:9; 72:12-16; Yesaia 25:8; 33:24) Sɛ wobɔ mpae sɛ Onyankopɔn Ahenni mmra a, na worebɔ mpae sɛ saa bɔhyɛ no nyinaa mmra mu.

“W’apɛde nyɛ hɔ wɔ asase so te sɛ ɔsoro.”

Yesu nsɛm yi kyerɛ sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde wɔ asase so sɛnea wɔyɛ wɔ soro, faako a Onyankopɔn te no. Biribiara ntumi nsiw Onyankopɔn apɛdeyɛ kwan wɔ ɔsoro; ɛhɔ na Onyankopɔn Ba no ne Satan ne n’apamfo no dii ako na ɔtow wɔn guu asase so. (Adiyisɛm 12:9-12) Adesrɛde a ɛto so abiɛsa wɔ saa mpaebɔ yi mu no te sɛ abien a edi kan no ara, na ɛboa ma yɛde yɛn adwene si nsɛm a ɛho hia kɛse so—ɛnyɛ nea yɛpɛ, na mmom nea Onyankopɔn pɛ. N’apɛde na bere nyinaa ɛde nneɛma pa brɛ abɔde nyinaa. Enti Yesu mpo a ɔyɛ pɛ no ka kyerɛɛ n’Agya sɛ: “Ɛnyɛ me pɛ, na mmom ma wo pɛ nyɛ.”—Luka 22:42.

“Ma yɛn nnɛ aduan wɔ da yi mu.”

Afei Yesu kyerɛe sɛ yebetumi abɔ yɛn ahiade ho mpae. Mfomso biara nni ho sɛ yɛbɛbɔ Onyankopɔn mpae abisa no ma ɔde yɛn ahiade ama yɛn daa. Nokwarem no, saa a yɛbɛyɛ no kae yɛn sɛ Yehowa na “ɔma nnipa nyinaa nkwa ne ahome ne nneɛma nyinaa.” (Asomafo Nnwuma 17:25) Bible no da no adi sɛ ɔyɛ ɔwofo a ɔwɔ ɔdɔ a n’ani gye ho sɛ ɔbɛma ne mma nea wohia. Nanso sɛ́ ɔwofo pa no, ɔremma ne mma nea ebepira wɔn.

“Fa yɛn aka firi yɛn.”

So wode Onyankopɔn ka ankasa? So wuhia ne hɔ fafiri? Ɛnnɛ nnipa pii nte nea bɔne yɛ ase na wonhu aniberesɛm a ɛyɛ. Nanso Bible kyerɛkyerɛ sɛ bɔne na ɛde yɛn haw a emu yɛ den nyinaa ba, na ɛno ne ade titiriw a ɛma nnipa wuwu. Esiane sɛ wɔwoo yɛn wɔ bɔne mu nti, yɛn nyinaa taa yɛ bɔne, na sɛ yebenya daakye a enni awiei a, egyina yɛn bɔne a Onyankopɔn de befiri yɛn so. (Romafo 3:23; 5:12; 6:23) Asɛm a Bible ka yi ma abotɔyam: “O Yehowa, wuye, na wowɔ ɔpɛ sɛ wode bɔne befiri.”—Dwom 86:5.

“Gye yɛn fi ɔbɔnefo no nsam.”

So wuhu sɛnea wuhia Onyankopɔn ahobammɔ denneennen no? Nnipa pii nnye ntom koraa sɛ “ɔbɔnefo,” a ɔyɛ Satan no wɔ hɔ ankasa. Nanso Yesu kyerɛkyerɛe sɛ Satan wɔ hɔ ankasa, mpo ɔfrɛɛ no “wiase sodifo.” (Yohane 12:31; 16:11) Satan asɛe wiase yi a odi so no, na ɔpɛ sɛ ɔkwan biara so no ɔsɛe wo, na ɔtwe wo fi w’Agya, Yehowa ho. (1 Petro 5:8) Nanso Yehowa wɔ tumi sen Satan koraa, na n’ani gye ho sɛ ɔbɛbɔ wɔn a wɔdɔ No no ho ban.

Ɛnyɛ tebea biara mu na yebetumi afa Yesu mpaebɔ a yɛaka ho asɛm tiawa yi mu nsɛntitiriw abɔ ho mpae. Kae sɛ, 1 Yohane 5:14 ka fa Onyankopɔn ho sɛ: “Biribiara a yebisa sɛnea n’apɛde te no, otie yɛn.” Enti mma ɛnhaw wo sɛ wo haw ahorow no sua dodow sɛ wode bɛkɔ Onyankopɔn anim.—1 Petro 5:7.

Na bere ne beae a ɛsɛ sɛ yegyina bɔ mpae no nso ɛ? So bere a yɛde bɔ mpae ne beae a yɛbɔ mpae no ho hia?