Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Ɛma Abusua Nya Anigye

Ka Ɔbea ne Ɔbarima Nna Ho Asɛm Kyerɛ Wo Mma

Ka Ɔbea ne Ɔbarima Nna Ho Asɛm Kyerɛ Wo Mma

Ababaa bi a wɔfrɛ no Alicia, * ka sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a na mepɛ sɛ mihu biribi fa ɔbea ne ɔbarima nna ho, nanso ɛyɛ a na misuro sɛ, sɛ mibisa m’awofo a, wobesusuw sɛ gyama mereyɛ bɔne bi.”

Alicia maame Inez ka sɛ: “M’ani begye ho sɛ me ne me babea bɛtena ase aka ɔbea ne ɔbarima nna ho asɛm, nanso me ba no nni ne ho adagyew koraa. Ɛyɛ den sɛ menya no ne no akasa.”

ƐNNƐ, yehu ɔbea ne ɔbarima nna wɔ baabiara—TV so, sini ahorow mu, ne dawurubɔ nkrataa ahorow mu. Ɛte sɛ nea baabi a wonte sɛ wɔreka ɔbea ne ɔbarima nna ho asɛm nkutoo ne bere a awofo ne wɔn mma rebɔ nkɔmmɔ. Aberante bi a ɔwɔ Canada a wɔfrɛ no Michael ka sɛ: “Minyae a, anka awofo nim sɛnea ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛbɛka ɔbea ne ɔbarima nna ho asɛm akyerɛ wɔn no. Nanso ɛnyɛ den koraa sɛ wobɛka ho asɛm akyerɛ w’adamfo.”

Mpɛn pii no ɛyɛ den ma awofo ne wɔn mma nyinaa sɛ wɔbɛka ho asɛm. Akwahosan ho kyerɛkyerɛfo bi a wɔfrɛ no Debra W. Haffner ka wɔ ne nhoma Beyond the Big Talk mu sɛ: “Awofo pii aka akyerɛ me sɛ wɔatɔ nhoma a ɛka ɔbea ne ɔbarima nna ho asɛm anaa nea ɛka mmofra a wɔadu wɔn mpanyin afe so ho asɛm ama wɔn mma. Wɔkyerɛ sɛ ɛyɛ a wokogyaw to wɔn mma no dan mu, nanso wɔne wɔn nka ho asɛm biara.” Haffner ka sɛ asɛm a wɔrepɛ aka akyerɛ mmofra no ara ne sɛ: “Yɛpɛ sɛ mo ara muhu biribi fa mo nipadua ne ɔbea ne ɔbarima nna ho; na yɛmpɛ sɛ yɛne mo bɛka ho asɛm.”

Sɛ woyɛ ɔwofo a, ɛnsɛ sɛ woyɛ w’ade saa. Nokwarem no, ɛho hia paa sɛ woka ɔbea ne ɔbarima nna ho asɛm kyerɛ wo mma. Susuw nneɛma abiɛsa a enti ɛsɛ sɛ woyɛ saa no ho hwɛ:

  1. Adwene a wiase no wɔ wɔ ɔbea ne ɔbarima nna ho no asesa. James a wadi mfe 20 no ka sɛ: “Wommu ɔbea ne ɔbarima nna sɛ ade a okunu ne ɔyere nkutoo yɛ bio. Ɛnnɛ, mmea taforo mmarima dua ho na mmarima nso taforo mmea ananmu, mmarima ne mmarima da, wɔhwɛ ɔbea ne ɔbarima nna wɔ Intanɛt so—mpo ‘wɔka aguamansɛm’ wɔ telefon so de ho mfonini mena mena.”

  2. Ɛda adi sɛ wo mma betumi ate ho nsɛm a ɛnyɛ nokware bere a wɔyɛ mmofra nketenkete koraa no. Ɛna bi a wɔfrɛ no Sheila ka sɛ: “Sɛ wofi sukuu ase pɛ a, wɔbɛte nna ho asɛm, nanso ɛrenyɛ sɛnea anka wobɛpɛ sɛ wonya ho adwene no.”

  3. Wo mma wɔ ɔbea ne ɔbarima nna ho nsɛmmisa pii, nanso wonhu ɔkwan a wɔbɛfa so ne wo aka ho asɛm. Ana a wadi mfi 15 a ɔwɔ Brazil no ka sɛ: “Nokwasɛm ni, minnim ɔkwan a mɛfa so ne m’awofo abɔ nna ho nkɔmmɔ.”

Nokwarem no, ɔbea ne ɔbarima nna ho asɛm a wo ne wo mma bɛka no ka asɛyɛde a Onyankopɔn de ama wo sɛ ɔwofo no ho. (Efesofo 6:4) Ɛwom, ebetumi ayɛ den ama wo ne wo mma no nyinaa sɛ mobɛka ho asɛm. Nanso ɛnyɛ bere nyinaa na ɛte saa. Mmabun pii ne Danielle a wadi mfe 14 no yɛ adwene. Ɔka sɛ: “Yɛpɛ sɛ yesua ɔbea ne ɔbarima nna ho nsɛm fi yɛn awofo hɔ—na ɛnyɛ akyerɛkyerɛfo bi anaa TV so dwumadi so.” Ɛnde ɔkwan bɛn so na wobɛfa ne wo mma aka asɛm a ne ka yɛ den yi? *

Ma Mfe a Mmofra no Adi Ntena W’adwenem

Mmofra fi ase te ɔbea ne ɔbarima nna ho nsɛm fi wɔn mmofraase pɛɛ, gye sɛ ebia wɔatew wɔn afi nnipa mu. Nea ɛhaw adwene koraa ne sɛ, wɔ “nna a edi akyiri” yi mu no, ‘nnipa bɔne asisifo akɔ wɔn anim wɔ bɔne mu.’ (2 Timoteo 3:1, 13) Awerɛhosɛm ne sɛ, mpanyimfo binom ato mmofra pii mmonnaa anaa wɔde nna ho asɛm ateetee wɔn.

Enti ɛho hia sɛ wufi ase kyerɛkyerɛ wo mma fi wɔn mmofraase pɛɛ. Ɛna bi a ɔwɔ Germany a wɔfrɛ no Renate ka sɛ: “Ɛnsɛ sɛ wotwɛn kosi bere a wɔrebɛn wɔn mpanyin afe so no, efisɛ edu saa bere no a, wɔfɛre ade na ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛka nna ho asɛm.”

Nea ehia ne sɛ wobɛma mfe a mmofra no adi atena w’adwenem.

Wɔn a womfii sukuu ase:

Fa w’adwene si ɔbea ne ɔbarima bɔbeasu din ankasa a wobɛkyerɛ wɔn no so, na si so dua sɛ ɛnsɛ sɛ obi de ne nsa ka bɔbeasu yi. Ɛna bi a ɔwɔ Mexico a wɔfrɛ no Julia ka sɛ: “Mifii ase kyerɛɛ me babarima no ne bɔbeasu din bere a na wadi mfe abiɛsa no. Esiane sɛ na minim sɛ akyerɛkyerɛfo, wɔn a wɔhwɛ mmofra so, anaa mmofra a wɔanyin betumi apira no no nti, na ɛho asɛm hia me paa. Ná ɛsɛ sɛ ohu sɛnea ɔbɛbɔ ne ho ban.”

SƆ EYI HWƐ: Kyerɛkyerɛ wo ba no, na sɛ obi pɛ sɛ ogoru ne dua ho anaa ɔde ne nsa hyehyɛ n’ase a, wako atia no denneennen. Sɛ nhwɛso no, wubetumi akyerɛkyerɛ wo ba no na sɛ obi pɛ sɛ osuso ne mu ɔkwan a ɛmfata so a, watumi aka akyerɛ no sɛ: “Gyae nea woyɛ no! Mɛka!” Ma wo ba no nhu sɛ ɛfata sɛ ɔka nea ebesi biara ho asɛm kyerɛ wo—mpo sɛ onii no hunahuna no anaasɛ ɔhyɛ no bɔ sɛ ɔbɛkyɛ no nneɛma bi a, ɛsɛ sɛ ɔka ho asɛm kyerɛ wo. *

Mmofra a wɔkɔ mfitiase sukuu:

Fa hokwan yi kyerɛkyerɛ wo ba no ma onnya nimdeɛ no bi nka ho nkakrankakra. Agya bi a wɔfrɛ no Peter ka sɛ: “Ansa na wo ne mmofra bɛkasa no, di kan hu nea wonim fa asɛm no ho ansa, na hwɛ sɛ ebia wɔbɛpɛ sɛ wosua biribi foforo ka ho anaa. Nhyɛ wɔn ne wɔn nkasa. Sɛ wotaa nya bere ma wo mma no a, wɔn ankasa de asɛm no bɛba.”

SƆ EYI HWƐ: Wo ne wɔn ntaa mmɔ nkɔmmɔ ntiantiaa sen sɛ wubegye bere ne wɔn ‘akasa pii.’ (Deuteronomium 6:6-9) Sɛ woyɛ saa a, worenhyɛ wɔn abufuw. Bio nso bere a wɔrenyin no, wobenya nimdeɛ a ɛfata sɛ wonya.

Mmabun:

Saa bere yi na ɛsɛ sɛ wohwɛ hu sɛ wo ba no wɔ nna ho nimdeɛ a ɛfata wɔ honam fam, nkate fam, ne abrabɔ fam. Ana a wadi mfe 15 a yɛfaa n’asɛm kae no ka sɛ: “Mmarimaa ne mmeawa a wɔwɔ me sukuu mu no afi ase de wɔn ho ahyɛ ɔbea ne ɔbarima nna mu dedaw. Na misusuw sɛ sɛ́ Kristoni no, ɛsɛ sɛ minya ho nimdeɛ pii. Ɛwom sɛ ɔbea ne ɔbarima nna ho asɛm ka yɛ fɛre de, nanso ɛsɛ sɛ minya ho nimdeɛ.” *

Hyɛ no nsow: Mmofra a wonnya nnii mfe 20 no ntaa mmisa nna ho nsɛm efisɛ wosuro sɛ wɔn awofo besusuw sɛ wɔrebu brabɔne. Saa na agya bi a wɔfrɛ no Steven hui. Ɔka sɛ: “Ná yɛn ba barima no twentwɛn ne nan ase sɛ ɔne yɛn bɛka nna ho asɛm. Nanso akyiri yi yehui sɛ, na ɔte nka sɛ yennye no nni. Yɛma ɔtee ase sɛ, ɛnyɛ sɛ yɛwɔ ne ho adwemmɔne bi nti na yɛne no ka nna ho asɛm no; ná yɛpɛ sɛ yehu sɛ ɔwɔ asɛm no ho nimdeɛ a ɛfata a obetumi de ako atia nkɛntɛnso bɔne a atwa ne ho ahyia no.”

SƆ EYI HWƐ: Sɛ́ anka wubebisa wo ba a wadu mpanyin afe so nna ho asɛm tẽẽ no, bisa adwene a ne mfɛfo sukuufo kura wɔ asɛm no ho mmom. Sɛ nhwɛso no, wubetumi aka sɛ: “Ɛnnɛ nnipa pii te nka sɛ ɔbea taforo ɔbarima dua ho na ɔbarima nso taforo ɔbea ananmu a, ɛnkyerɛ sɛ ɔne onii no ada ankasa. So saa na wo mfɛfo sukuufo no te nka?” Nsɛmmisa a ɛte saa a wode anifere bebisa no betumi ama wo ba a wadu ne mpanyin afe so no ne wo abɔ nkɔmmɔ na wada ne nsusuwii ankasa adi.

Fɛre no a Wubedi So

Nokwarem no, nna ho nsɛm a wobɛka akyerɛ wo ba no betumi ayɛ awofo adwuma a ne yɛ yɛ den sen biara no mu biako. Nanso ɛfata sɛ wobɔ mmɔden yɛ. Ɛna bi a wɔfrɛ no Diane ka sɛ: “Bere rekɔ so no, ne ka renyɛ den bio, na ebetumi ahyɛ mo ntam abusuabɔ mu den.” Steven a yɛafa n’asɛm aka dedaw no gye tom sɛ: “Sɛ wotaa fi wo pɛ mu ka asɛm biara a ɛba abusua no mu ho asɛm mpo a, ɛno nkyerɛ sɛ nna ho asɛm a ne ka yɛ den no befi hɔ koraa, nanso nkɔmmɔ a mubefi komam abɔ no ho hia wɔ Kristofo abusua mu.”—w10-E 11/1.

^ nky. 3 Wɔasesa din a ɛwɔ asɛm yi mu no.

^ nky. 11 Asɛm yi bɛkyerɛkyerɛ hia a ehia sɛ woka ɔbea ne ɔbarima nna ho asɛm kyerɛ wo mma no mu. Asɛm a ɛte saa a yɛbɛka ho asɛm akyiri yi nso bɛkyerɛkyerɛ ɔkwan a wobɛfa so de ɔbrapa ho nsɛm aka nkɔmmɔbɔ a ɛte saa ho.

^ nky. 17 Wɔfa fii Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No nhoma a Yehowa Adansefo tintimii no kratafa 171.

^ nky. 20 Wo ne wo mma a wɔadu mpanyin afe so no mmɔ ɔbea ne ɔbarima nna ho nkɔmmɔ wɔ Questions Young People Ask—Answers That Work Po 2 a Yehowa Adansefo tintimii no mu, wɔ ti 1-5, 28, 29, ne 33 no.

BISA WO HO SƐ . . .

Kenkan nsɛm a edidi so a efi mmabun a wɔwɔ wiase nyinaa hɔ yi, na bisa wo ho nsɛm a ɛka ho no.

“M’awofo ka kyerɛɛ me sɛ, menkenkan nhoma a ɛfa ɔbea ne ɔbarima nna ho na sɛ mewɔ ho asɛm bi a, mabisa wɔn. Nanso minyae a, anka wɔn ankasa kaa ho asɛm pii kyerɛɛ me.”​—Ana, Brazil.

So wususuw sɛ, ɛho hia sɛ woyɛ nea ɛsen sɛ wode nhoma a ɛka nna ho asɛm bɛma wo ba sɛ ɔnkenkan kɛkɛ?

“Mate ɔbea ne ɔbarima nna ho nsɛm a wɔakyinkyim no pii—nsɛm a misusuw sɛ me papa mpo nnim ho hwee. Sɛ mibisa no ɛho asɛm a, ne ho bedwiriw no.”​—Ken, Canada.

Dɛn na ɛma wo ba suro sɛ ɔne wo bɛka biribi a ɛkyere n’adwene ho asɛm?

“Bere a awiei koraa no minyaa akokoduru bisaa m’awofo asɛm bi faa ɔbea ne ɔbarima nna ho no, mmuae a wɔde maa me no te sɛ nea wɔrebɔ me sobo, ‘Dɛn nti na wubisa asɛm a ɛte saa? Adɛn biribi asi anaa?’”​—Masami, Japan.

Sɛ wo ba bisa wo ɔbea ne ɔbarima nna ho asɛm a, ɔkwan bɛn so na sɛnea wobɛyɛ wade no bɛma watumi abɛn wo daakye anaa apam no afi wo ho?

“Sɛ m’awofo ma minya awerɛhyem sɛ bere a na wɔte sɛ me no na wobisa nsɛm koro no ara ma enti ɛnyɛ mfomso sɛ mebisa nsɛm a ɛte saa a, ɛbɛboa me.”​—Lisette, France.

Wobɛyɛ dɛn ama wo ba anya abotɔyam, na watumi ne wo aka nna ho asɛm a ɔmfɛre?

“Me maame taa bisa me ɔbea ne ɔbarima nna ho asɛm—nanso ɔka no adamfofa kwan so. Mete nka sɛ eyi ho hia, sɛnea ɛbɛyɛ a abofra no rente nka sɛ wɔreka n’anim.”​—Gerald, France.

Sɛ wo ne wo ba reka ɔbea ne ɔbarima nna ho asɛm a, ɔkwan bɛn so na wo ne no kasa? So ɛho behia sɛ woyɛ ho biribi?