Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Onyankopɔn Dwen Wo Ho Ankasa?

So Onyankopɔn Dwen Wo Ho Ankasa?

So Onyankopɔn Dwen Wo Ho Ankasa?

SO WOTE nka sɛ wɔdɔ wo? Anaasɛ ɛtɔ mmere bi a wote nka sɛ obiara nnwen wo ho? Wɔ ɛnnɛ wiase a adagyew nnim koraa na obiara nnwen ne yɔnko ho no, ɛnyɛ den koraa sɛ wubenya adwene sɛ womfata na obiara mmu wo ho akontaa. Sɛnea Bible ka yɛn bere yi ho asɛm no, nnipa pii dwen wɔn nkutoo ho araa ma wonnwen afoforo ho.—2 Timoteo 3:1, 2.

Ɛmfa ho mfe a obi adi, baabi a ofi, kasa a ɔka anaa abusua a ofi mu no, yɛn nyinaa pɛ sɛ yɛdɔ afoforo na afoforo nso dɔ yɛn. Sɛnea amanneɛbɔ bi kyerɛ no, wɔbɔɔ yɛn sɛnea ɛbɛyɛ na sɛ wɔda ɔdɔ adi kyerɛ yɛn anaa wɔne yɛn di no yiye a, yebehu. Yehowa Nyankopɔn a ɔbɔɔ yɛn no te sɛnea ehia sɛ wɔdɔ yɛn na wɔkyerɛ yɛn ho anisɔ no ase sen obiara. Sɛ ɔka kyerɛ wo sɛ wosom bo ma no a, wobɛte nka dɛn? Akyinnye biara nni ho sɛ w’ani begye ho paa sɛ Yehowa gye wo tom saa. So yebetumi agye adi paa sɛ Yehowa dwen nnipa a yɛnyɛ pɛ ho? So odwen yɛn ho sɛ ankorankoro? Sɛ saa a, dɛn na ɛma ɔpɛ obi asɛm?

Yehowa Dwen Wo Ho

Bɛyɛ mfe 3,000 a abɛsen kɔ no, odwontofo bi a osuro Nyankopɔn ho dwiriw no bere a ɔhwɛɛ ɔsoro anadwo na ohuu sɛnea ɔsoro trɛw ne nsoromma a ɛhyerɛn no. Wannye sɛnea Onii a ɔbɔɔ nsoromma huhaa no korɔn sen biara no ho kyim. Bere a odwontofo no susuw sɛnea Yehowa yɛ kɛse koraa sen nnipa ho no, ɔdaa sɛnea Yehowa fi ɔdɔ mu dwene afoforo ho no adi sɛ: “Sɛ mihu wo soro, wo nsateaa ano adwuma, ɔsram ne nsoromma a woasiesie no a, onipa ne hena a wokae no, na ɔdesani ne hena a wohwɛ no?” (Dwom 8:3, 4) Ɛnyɛ den koraa sɛ yɛbɛka sɛ Opumpuni no wɔ akyirikyiri dodo anaa onni adagyew sɛ obedwen nnipa a yɛtɔ sin ho. Nanso na odwontofo no nim sɛ, ɛmfa ho sɛ onipa sua koraa na ne nkwa nna yɛ tiaa no, ne ho hia Nyankopɔn.

Odwontofo foforo kae sɛ: “Yehowa ani gye wɔn a wosuro no ho na n’ani gye wɔn a wɔtwɛn n’adɔe no ho.” (Dwom 147:11) Nsɛm a ɛwɔ nnwom abien yi mu nyinaa ka koma. Ɛmfa ho sɛ Yehowa korɔn no, ommu n’ani ngu nnipa so. Mmom no, ‘ɔhwɛ wɔn’ na ‘n’ani gye wɔn ho.’

Bible nkɔmhyɛ bi a ɛkyerɛ nneɛma a ɛrekɔ so wɔ yɛn bere yi so no nso si saa nokwasɛm yi so dua. Yehowa nam odiyifo Hagai so daa no adi sɛ, wɔbɛka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa wɔ wiase nyinaa. Dɛn na afi mu aba? Hyɛ ade biako a afi mu aba yi nsow: “Aman nyinaa mu nnepa bɛba, na mede anuonyam bɛhyɛ ofie yi mã.”—Hagai 2:7.

Dɛn ne saa “nnepa” a wɔreboa ano afi aman nyinaa mu no? Eyi rentumi nyɛ honam fam ahonyade. (Hagai 2:8) Ɛnyɛ dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ankasa na ɛma Yehowa ani gye. N’ani gye nnipa a ɛmfa ho sɛ wɔtɔ sin no, wofi ɔdɔ mu som no no ho. (Mmebusɛm 27:11) Ɛyɛ “nnepa” a ɛde anuonyam brɛ no no, na n’ani sɔ wɔn ahofama ne nsi a wɔde som no no. So woka wɔn ho?

Ɛyɛ den sɛ yebegye adi sɛ Amansan Bɔfo no behu nnipa sɛ nnepa wɔ asase yi so. Nanso, ɛsɛ sɛ nokwasɛm yi ka yɛn ma yegye nsa a Yehowa ato afrɛ yɛn sɛ yɛmmɛn no no tom.—Yesaia 55:6; Yakobo 4:8.

“Wɔpɛ W’asɛm Paa”

Wɔ odiyifo Daniel nkwakoraabere mu no, da koro anwummere bi ohuu biribi a ɛyɛ hu. Bere a na Daniel rebɔ mpae no, ɔhɔho soronko bi bepuee ne so mpofirim. Ná ne din de Gabriel. Ná Daniel ahu no da, enti ɔkaee sɛ ɔyɛ Yehowa bɔfo. Gabriel kyerɛɛ nea enti a wabepue hɔ mpofirim no mu sɛ: “Daniel, mafi aba sɛ merebɛma woanya nhumu ne ntease. Wo nkotɔsrɛ mfiase no, minyaa nkra, na maba sɛ merebɛka akyerɛ wo, efisɛ wɔpɛ w’asɛm paa.”—Daniel 9:21-23.

Wɔ bere foforo bi mu no, Yehowa bɔfo bi ka kyerɛɛ Daniel sɛ: “Daniel, ɔbarima a wɔpɛ w’asɛm paa.” Afei bere a ɔbɔfo no rehyɛ Daniel den no ɔkae sɛ: “Ɔbarima a wɔpɛ w’asɛm paa, nsuro. Asomdwoe nka wo.” (Daniel 10:11, 19) Enti wɔkaa Daniel ho asɛm mpɛn abiɛsa sɛ ‘wɔpɛ n’asɛm paa.’ Saa asɛm yi nso betumi akyerɛ sɛ “wɔdɔ no kɛse,” “wobu no kɛse,” “wɔpɛ n’asɛm yiye” mpo.

Ɛda adi sɛ, na Daniel te nka dedaw sɛ ɔbɛn ne Nyankopɔn no, na na akyinnye biara nni ho sɛ, onim sɛ Yehowa gye ahofama a ɔde som no no tom. Nanso ɛda adi sɛ asɛm a wɔnam ɔbɔfo no so ka kyerɛɛ no sɛ Onyankopɔn pɛ n’asɛm paa no hyɛɛ no den kɛse. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Daniel gyee so sɛ: “Woahyɛ me den.”—Daniel 10:19.

Wɔayɛ ayamhyehye a na Yehowa wɔ ma ne diyifo nokwafo no ho kyerɛwtohɔ a ɛka koma wɔ Onyankopɔn Asɛm mu na ama yɛanya so mfaso. (Romafo 15:4) Sɛ yesusuw Daniel nhwɛso no ho a, ɛbɛma yɛate nea enti a yɛn soro Agya a ɔyɛ ɔdɔ no pɛ obi asɛm no ase.

Sua Onyankopɔn Asɛm Daa

Ná Daniel de nsi sua Kyerɛwnsɛm no. Yenim eyi efisɛ n’ankasa kyerɛwee sɛ: “Me Daniel, mehwehwɛɛ nhoma ahorow no mu wɔ n’ahenni afe a edi kan yi mu huu mfe dodow a . . . Yerusalem amamfoyɛ no bedi.” (Daniel 9:2) Ɛda adi sɛ, na nhoma a ɛwɔ hɔ saa bere no a obenya akenkan ne nea honhom kaa Mose, Dawid, Solomon, Yesaia, Yeremia, Hesekiel, ne adiyifo a aka no ma wɔkyerɛwee no. Yebetumi ayɛ Daniel a nhoma mmobɔwee ahorow atwa ne ho ahyia na ɔrekenkan de nkɔmhyɛ ahorow no atoto sɛnea ɛfa nokware som a wɔbɛsan de asi hɔ wɔ Yerusalem ho no ho mfonini wɔ yɛn adwenem. Ebetumi aba sɛ na ɔwɔ n’abansoro pia bi mu baabi a ɛhɔ yɛ koom redwennwen nea saa asɛm no kyerɛ no ho. N’adesua a na mfaso wɔ so no hyɛɛ ne gyidi den na ɛtwee no bataa Yehowa ho.

Onyankopɔn Asɛm a Daniel suae no nso siesiee ne nipasu na ɛkaa n’asetena kwan nyinaa. Kyerɛwnsɛm mu akwankyerɛ a onyae fi ne mmofraase no ma osii ne bo sɛ obedi Onyankopɔn Mmara a ɛfa aduan ho saa bere no so. (Daniel 1:8) Akyiri yi, ɔde akokoduru kaa Onyankopɔn asɛm kyerɛɛ Babilon ahemfo a wansuro. (Mmebusɛm 29:25; Daniel 4:19-25; 5:22-28) Ná nnipa pii nim no sɛ obi a ɔyɛ nsi, odi nokware, na wobetumi de wɔn ho ato no so. (Daniel 6:4) Nea ɛsen ne nyinaa no, sɛ́ anka Daniel begyae ne gyidi mu de apere ne nkwa no, ɔde ne ho nyinaa too Yehowa so. (Mmebusɛm 3:5, 6; Daniel 6:23) Ɛnyɛ nwonwa sɛ na ɔyɛ obi a Onyankopɔn ‘pɛ n‘asɛm paa.’

Wɔ ɔkwan bi so no, ɛnnɛ Bible adesua nyɛ den te sɛ Daniel bere so. Wɔde nhoma ahorow a ne kura nyɛ den asi nhoma mmobɔwee akɛseakɛse no ananmu. Seesei yɛwɔ Bible mũ no nyinaa, a kyerɛwtohɔ a ɛfa sɛnea Daniel nkɔmhyɛ ahorow no bi nyaa mmamu no nso ka ho. Afei nso yɛwɔ nhoma a yɛde sua Bible ne nea yɛde yɛ nhwehwɛmu ahorow. * So wode eyinom di dwuma yiye? So wokenkan Bible daa dwennwen ho? Ɛnde wubenya so mfaso te sɛ nea Daniel nyae no ara. Ɛbɛma wo gyidi ayɛ den na wo ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ nso ayɛ papa. Onyankopɔn Asɛm bɛma wo akwankyerɛ pa wɔ w’asetena mu, ɛbɛma woanya ne dɔ so mfaso.

Kura Mpaebɔ Mu Denneennen

Ná mpaebɔ yɛ ade titiriw wɔ Daniel asetena mu. Ɔde abisade ahorow a ɛfata too Onyankopɔn anim. Bere a na ɔyɛ aberante no, na ɛsɛ sɛ ɔkyerɛ Babilon hene Nebukadnesar dae ase anyɛ saa a, wobekum no. Daniel antwentwɛn ne nan ase koraa, na ɔsrɛɛ Yehowa hɔ mmoa ne ahobammɔ. (Daniel 2:17, 18) Mfe bi akyi no, esiane sɛ na odiyifo nokwafo yi nim sɛ ɔyɛ onipa a ɔtɔ sin nti, ɔkaa ɔne ne manfo bɔne kyerɛɛ Yehowa, na ɔsrɛɛ bɔne fafiri. (Daniel 9:3-6, 20) Sɛ Daniel nte nsɛm a wofi honhom mu aka akyerɛ no no bi ase a, na ɔsrɛ Onyankopɔn hɔ mmoa. Bere bi, ɔbɔfo bi a ɔbaa Daniel nkyɛn bɛboaa no ma ɔtee nsɛm ase yiye no sii so dua sɛ: “Wɔate wo nsɛm no.”—Daniel 10:12.

Nanso ɛnyɛ adesrɛde nko na ɔnokwafo Daniel de too Onyankopɔn anim. Daniel 6:10 ka sɛ: “Ɔkotow ne nkotodwe anim mprɛnsa da koro, na ɔbɔɔ mpae daa ase, ne Nyankopɔn anim sɛnea na ɔyɛ kan no ara.” Daniel nyaa nneɛma pii a ogyinaa so daa Yehowa ase na ɛma oyii no ayɛ. Na ɔyɛɛ saa daa. Yiw, na mpaebɔ yɛ ne som no fã a ehia no paa, ma enti bere a na ne nkwa da asiane mu mpo no, wannyae mpaebɔ. Akyinnye biara nni ho sɛ, ne mudi mu a okurae no maa Yehowa pɛɛ n’asɛm.

Hwɛ sɛnea mpaebɔ yɛ akyɛde a ɛsom bo! Mma da koro mpo ntwam a wommɔ wo soro Agya no mpae. Kae sɛ wobɛda no ase ayi no ayɛ wɔ ne papayɛ ho. Fi wo koma mu ka wo dadwen ne wo haw kyerɛ no. Susuw sɛnea wadi w’adesrɛde ne w’ahiade ho dwuma ama wo no ho, na da no ase wɔ ho. Gye bere fa bɔ mpae. Sɛ yɛka yɛn komam asɛm kyerɛ Yehowa wɔ mpaebɔ mu a, yehu sɛnea ɔdɔ yɛn no wɔ ɔkwan soronko so. Hwɛ sɛnea eyi hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘Yenkura mpaebɔ mu denneennen’!—Romafo 12:12.

Hyɛ Yehowa Din Anuonyam

Sɛ nnipa baanu fa adamfo na obiako dwene ne nkutoo ho a, adamfofa no rennyɛ yiye. Saa ara na yɛne Yehowa ntam abusuabɔ nso te. Ná Daniel nim nokwasɛm yi. Susuw sɛnea na Yehowa din a ɔbɛhyɛ no anuonyam no ho hia no kɛse.

Bere a Onyankopɔn buaa Daniel mpaebɔ na ɔma ohuu nea Nebukadnesar dae no kyerɛ no, Daniel kae sɛ: “Nhyira nka Onyankopɔn din daa daa, efisɛ ɔno na nyansa ne tumi wɔ no.” Akyiri yi bere a Daniel reka Nebukadnesar dae a ɔsoe ne ne nkyerɛase akyerɛ no no, ɔkɔɔ so hyɛɛ Yehowa anuonyam sii so dua sɛ, Yehowa nkutoo na “oyi ahintasɛm adi.” Saa ara na bere a Daniel resrɛ bɔne fafiri ne ogye no, ɔbɔɔ mpae sɛ: “O me Nyankopɔn, wo din nti, ntwentwɛn wo nan ase, efisɛ wo din na ɛda wo kurow ne wo man so.”—Daniel 2:20, 28; 9:19.

Yɛwɔ hokwan pii a yebetumi de asuasua Daniel wɔ saa kwan yi so. Sɛ yɛrebɔ mpae a, yebetumi aka sɛ Onyankopɔn “din ho ntew.” (Mateo 6:9, 10) Ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn abrabɔ gu Yehowa din kronkron no ho fĩ da biara da. Mmom no, bere nyinaa momma yɛnka nea yɛate afa n’Ahenni ho asɛmpa ho no nkyerɛ afoforo mfa nhyɛ Yehowa din anuonyam.

Nokwarem no, ɔdɔ ho ayɛ na wɔ wiase yi mu, na onipa nnwen ne yɔnko ho bio. Nanso Yehowa a yehu sɛ odwen n’asomfo ho sɛ ankorankoro no ma yenya awerɛkyekye kɛse. Sɛnea odwontofo no kae no: “Yehowa ani agye ne man ho. Ɔde nkwagye fura ahobrɛasefo ma wɔn ho yɛ fɛ.”—Dwom 149:4.—w11-E 01/1.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 18 Yehowa Adansefo atintim nhoma pii a wɔde yɛ nhwehwɛmu, ne nhoma ahorow a ebetumi aboa wo ma woanya Bible akenkan ne ne sua so mfaso pii. Sɛ w’ani gye ho sɛ wubenya nhoma a ɛte saa no bi a, fi wo pɛ mu bisa Yehowa Dansefo biara.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 11]

Onyankopɔn somaa ɔbɔfo Gabriel ma ɔkɔhyɛɛ Daniel den de kyerɛe sɛ ɔdɔ no

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 13]

Nsi a na Daniel de sua ade ne mpae a ɔtaa bɔ no siesiee no na ɛmaa Onyankopɔn pɛɛ n’asɛm