Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Migye Di”

“Migye Di”

Suasua Wɔn Gyidi

“Migye Di”

NÁ MARTA betumi de n’adwene abu—ɔboda a ne nuabarima no da mu a wɔde ɔbo atweri ano no. Ná awerɛhow ama wabotow. Ná ɛyɛ den ma no sɛ obegye atom sɛ ne nua a ɔdɔ no, Lasaro awu. Ná Lasaro awu nnannan, nanso na nnipa ahyɛ ofie hɔ ma redi awerɛhow te sɛ nea afei na wawu.

Afei de, na ɔbarima a Lasaro nni ne ho agoru koraa na ogyina Marta anim yi. Bere a Marta huu Yesu no, ɛsan maa ne werɛ how kɛse, efisɛ na anka Yesu nkutoo ne obi a obetumi agye ne nuabarima no nkwa. Nanso na Yesu nkyɛn a Marta wɔ wɔ Betania kurow a ɛda bepɔw so no mfikyiri no ama no awerɛkyekye kakra. Yesu anim yɛbea ne tema a ɔdaa no adi wɔ bere tiaa a odii wɔ Marta nkyɛn no nyinaa maa Marta nyaa awerɛkyekye. Obisaa Marta nsɛm bi a ɛboaa no ma ɔde n’adwene sii owusɔre mu gyidi a na ɔwɔ no so. Nkɔmmɔbɔ no maa Marta kaa asɛnhia bi a na ɔnkaa bi da: “Migye di sɛ wone Kristo, Onyankopɔn Ba a ɔreba wiase no.”—Yohane 11:27.

Ná Marta yɛ ɔbea a ɔwɔ gyidi soronko. Ne ho asɛm kakra a Bible no ka no ma yenya asuade kɛse a ebetumi aboa ma yɛahyɛ yɛn gyidi mu den. Nea ɛbɛma yɛahu eyi no, ma yensusuw kyerɛwtohɔ a edi kan a Bible ka fa Marta ho no ho.

“Wudwinnwen Bebree na Wode Nneɛma Pii Haw Wo Ho”

Asram kakra ansa na eyi resi no, na Lasaro te ase a ɔte apɔw. Ná Yesu Kristo a ɔyɛ onipa titiriw no rebɛsra wɔn wɔ wɔn fie a ɛwɔ Betania no. Ná Lasaro, Marta, ne Maria yɛ abusuafo a wɔda nsow—anuanom baasa a wɔn ani afi a ɛda adi sɛ na wɔte fie biako mu. Nhwehwɛmufo bi kyerɛ sɛ, ɛbɛyɛ sɛ na Marta na ɔyɛ anuanom baasa no mu panyin, efisɛ ɛte sɛ nea ɔno na odii anim gyee Yesu hɔho, na afei wɔtaa di kan bɔ ne din. (Yohane 11:5) Wɔankyerɛ wɔ baabiara sɛ na wɔn mu bi aware. Sɛnea ɛte biara no, wɔbɛyɛɛ Yesu nnamfo paa. Bere a Yesu yɛɛ ne som adwuma wɔ Yudea, baabi a ohyiaa ɔtaa ne ɔsɔretia pii no, na ɔtaa soɛ wɔn fie. Akyinnye biara nni ho sɛ n’ani gyee wɔn fie hɔ, efisɛ na onya asomdwoe ne mmoa wɔ hɔ.

Ná Marta bɔ mmɔden sɛ ɔbɛma wɔn fie hɔ tena ayɛ anika na ahɔho nso ani agye hɔ. Esiane sɛ na onni ne ho adagyew nti, na ɛte sɛ nea ɔde nnwuma pii atwa ne ho ahyia. Tebea a ɛte saa ara mu na Yesu kɔsraa wɔn. Ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛyɛ nnuan ahorow a ɛyɛ dɛ ama ɔhɔho titiriw a na ɔrebɛsoɛ wɔn no, ne ebia nnipa a na ɔne wɔn nam no. Saa bere no, na wɔmfa ahɔhoyɛ nni agoru koraa. Sɛ obi nya ɔhɔho a, na ɔfew n’ano de ma no akwaaba, na oyi ɔhɔho no mpaboa, hohoro ne nan ho, na ɔde ngohuam sra ne tirim. (Luka 7:44-47) Ɛdefa baabi a ɔhɔho no bɛda ne aduan a obedi ho de, na ɛnyɛ den koraa.

Ná Marta ne Maria wɔ nnwuma pii a ɛsɛ sɛ wɔyɛ de hwɛ wɔn hɔho titiriw no. Ɛda adi sɛ, ansa na wɔn hɔho titiriw no reba no, Maria a ɔhwɛ nneɛma kɔ akyiri na osusuw nneɛma ho yiye no boaa ne nuabea no. Nanso bere a Yesu bedui no, nneɛma sakrae. Yesu de hokwan no kyerɛkyerɛɛ wɔn a ɔkɔtoo wɔn no. Yesu anyɛ n’ade te sɛ nyamesom akannifo no, na obu mmea, na na wayɛ krado bere nyinaa sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn Onyankopɔn Ahenni ho asɛm a na ɛyɛ n’asɛnka adwuma no asɛmti no. Maria a na n’ani agye hokwan a wanya no ho no tenaa Yesu nan ase tiee biribiara.

Yebetumi de yɛn ani abu nea na abɛhyɛ Marta bo. Esiane nnuan ahorow a na ɛsɛ sɛ osiesie ma n’ahɔho, ne nnwuma a na ɛsɛ sɛ ɔyɛ ma wɔn nti, na ne ho akyere no ma onhu nea ɔnyɛ. Bere a n’ani abere na ɔredi akɔneaba na ɔhwɛ sɛ ne nuabea no te hɔ a ɔnnyɛ hwee mmoa no no, so n’anim sesae, oguu ahome, anaa omunae? Sɛ ɔyɛɛ saa a, anka ɛrenyɛ nwonwa. Ná ɔno nkutoo rentumi nyɛ adwuma no nyinaa!

Awiei koraa no, Marta antumi anhyɛ ne ho so bio. Otwaa Yesu ano, na ɔkae sɛ: “Awurade, wunhu sɛ me nuabea no agyaw me nkutoo na mereyɛ ade? Enti ka kyerɛ no na ɔmmɛka me ho mmoa me.” (Luka 10:40) Nsɛm a Marta kae yi kyerɛ sɛ na n’ani abere. Nkyerɛase ahorow bi kyerɛ n’asɛmmisa no ase sɛ: “Awurade, enti ɛmfa wo ho sɛ . . . ?” Ɛno akyi no ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ ontu Maria fo ma ɔnsɔre mmɛboa no.

Ɛbɛyɛ sɛ mmuae a Yesu de maa Marta no yɛɛ no nwonwa, sɛnea ayɛ Bible akenkanfo pii nwonwa no. Ɔtɔɔ ne bo ase ka kyerɛɛ no sɛ: “Marta, Marta, wudwinnwen bebree na wode nneɛma pii haw wo ho. Nanso, nneɛma kakraa bi na ehia, anaasɛ biako pɛ. Maria de, wapaw nea ɛyɛ papa, na wɔrennye mfi ne nsam.” (Luka 10:41, 42) Ná Yesu repɛ akyerɛ dɛn? So na ɔrepɛ akyerɛ sɛ Marta dwen honam fam nneɛma ho dodo? So na ɔrekyerɛ sɛ adwumaden a Marta reyɛ de asiesie aduanpa no ho nhia?

Dabi. Yesu hui pefee sɛ na Marta kura adwempa. Bio nso, wante nka sɛ nneɛma pii a wɔyɛ de som ahɔho no yɛ mfomso. Bere kakra a atwam no, ofii ne pɛ mu kɔɔ ‘apontow kɛse’ bi a Mateo tow maa no no ase. (Luka 5:29) Ná ɛnyɛ aduan a Marta reyɛ no ne asɛm no; na mmom, na ɛyɛ nneɛma a ɔde di kan wɔ n’asetena mu no. Ɔde n’adwene sii nnuan ahorow a na ɔbɛyɛ no so araa ma wannwen nea na ehia paa no ho. Ná ɛyɛ dɛn?

Yesu a ɔyɛ Yehowa Nyankopɔn Ba a ɔwoo no koro no, kɔɔ Marta fie sɛ ɔrekɔkyerɛkyerɛ nokware no. Ná aduan a ɔresiesie ne nnwuma a ɔreyɛ no mu biara nni hɔ a ɛho hia sen Yesu nkyerɛkyerɛ no. Akyinnye biara nni ho sɛ na Yesu were ahow sɛ Marta rema hokwan soronko a ɛbɛma ne gyidi mu ayɛ den no apa ne ti so, nanso wansi gyinae amma no. Ná Marta nni hokwan sɛ ɔhyɛ Yesu ma ɔkyerɛ nea ɛsɛ sɛ Maria yɛ.

Enti ofi ɔdɔ mu teɛɛ Marta adwene, na ɔtɔɔ ne bo ase tĩĩ ne din mu sɛnea ɛbɛyɛ a obedwudwo ne bo, na ɔmaa no awerɛhyem sɛ ɛho nhia sɛ ‘odwinnwen bebree na ɔde nneɛma pii haw ne ho.’ Sɛ honhom fam aduan wɔ hɔ a, na ɛho nhia sɛ ɔyɛ aduan a ɛkyere so biara. Enti na biribiara nni hɔ a ɛbɛma Yesu akasa atia Maria wɔ “nea ɛyɛ papa” a na wapaw no ho—sɛ́ obesua biribi afi Yesu nkyɛn!

Asuade pii wɔ asɛm kakra a esii wɔ Marta fie hɔ no mu ma Kristo akyidifo a wɔwɔ hɔ nnɛ. Ɛnsɛ sɛ yɛma biribiara sɛe hokwan a yebenya de adi yɛn “honhom mu ahiade” ho dwuma no. (Mateo 5:3) Sɛ yɛpɛ sɛ yesuasua Marta ayamye ne ne nsiyɛ no a, ɛnsɛ sɛ ‘yedwinnwen bebree de nneɛma pii haw yɛn ho’ wɔ nneɛma a ɛho nhia pii wɔ ahɔhoyɛ ho no ho, na amma nneɛma a ɛho hia paa no ampa yɛn ti so. Ɛnnyɛ nnuanpa a yɛde bɛma anaa yebenya afi yɛn mfɛfo gyidifo hɔ titiriw nti na yɛne wɔn bɔ fekuw, na mmom sɛ yɛbɛhyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran, na yɛama yɛn ho yɛn ho honhom mu akyɛde. (Romafo 1:11, 12) Aduan a ne yɛ nyɛ den koraa mpo betumi ama fekubɔ a ɛte saa ama denhyɛ.

Onuabarima Bi Wui—Na Ɔsan Nyanee

So Marta gyee Yesu nteɛso a efi ɔdɔ mu no toom, na osuaa biribi fii mu? Ɛho nhia sɛ yegye eyi ho kyim. Bere a ɔsomafo Yohane reka biribi afa Marta nuabarima ho no, ɔkae sɛ: “Na Yesu dɔ Marta ne ne nuabea ne Lasaro.” (Yohane 11:5) Ná asram kakra atwam fi bere a Yesu kɔɔ Betania sɛnea yɛadi kan aka ho asɛm no. Ɛda adi pefee sɛ, Marta anka n’anim ansi; na wannya Yesu ho menasepɔw sɛ ofi ɔdɔ mu de afotu maa no. Ɔde komapa tiee no. Wɔ saa asɛm yi mu nso, ɔyɛɛ gyidi ho nhwɛso a ɛkyɛn so maa yɛn efisɛ bere ne bere mu no, yɛn nyinaa hia nteɛso.

Bere a Marta nuabarima no yaree no, ɔyeree ne ho hwɛɛ no yiye. Ɔyɛɛ nea obetumi biara sɛ ɔbɛkyekye ne werɛ na waboa no ama ne ho atɔ no. Nanso, ne mmɔdemmɔ nyinaa akyi no, Lasaro yare no mu yɛɛ den. Ne nuabeanom no sii ne ho pɛ hwɛɛ no. Susuw mpɛn dodow a Marta hwɛɛ ne nuabarima no anim a na ayɛ hoyaa ma n’ani atotom no ho, ne sɛnea ɔbɛkae mfe pii a wɔtenaa ase wɔ bere pa ne bere bɔne mu no ho hwɛ!

Bere a Maria ne Marta hui sɛ nneɛma reyɛ agye nsam no, wɔtoo Yesu nkra. Ná ɔreyɛ asɛnka adwuma no wɔ baabi a ɛyɛ nnanu kwan. Asɛm a wɔkɔka kyerɛɛ Yesu ara ne sɛ: “Awurade, hwɛ! nea wopɛ n’asɛm no yare.” (Yohane 11:1, 3) Ná wonim sɛ Yesu dɔ wɔn nuabarima no, na na wɔwɔ gyidi sɛ ɔbɛyɛ nea obetumi biara de aboa n’adamfo no. So na wogye di denneennen sɛ Yesu bɛba ansa na aka akyi dodo? Sɛ ɛte saa a, ɛnde na wɔn nsa besi fam. Efisɛ Lasaro wui.

Marta ne Maria nyinaa suu wɔn nuabarima no yɛɛ n’ayi ho nhyehyɛe, na wogyee ahɔho bebree a wofi Betania ne ne mpɔtam bae no. Ne nyinaa akyi no, na wɔntee Yesu nka. Bere rekɔ so no na Marta ho yeraw no. Awiei koraa no, bere a Lasaro wui akyi nnannan no, Marta tee sɛ Yesu abɛn kurow no. Wɔ saa bere a na Marta regyam ne nuabarima mpo no, ogyae nea ɔreyɛ nyinaa de ahopere kohyiaa Yesu a wammɔ Maria amanneɛ.—Yohane 11:20.

Bere a ohuu ne Wura no, ɔkaa nsɛm a na ɔne Maria de nna pii adwennwenne ho no sɛ: “Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nua no anwu.” Nanso, na Marta da so ara wɔ gyidi, na n’anidaso nsae. Ɔtoaa so sɛ: “Na seesei mpo, minim sɛ ade biara a wubebisa Onyankopɔn no, Onyankopɔn de bɛma wo.” Ɛhɔ ara na Yesu kaa biribi de hyɛɛ n’anidaso no mu den: “Wo nua no bɛsɔre.”—Yohane 11:21-23.

Ná Marta susuw sɛ Yesu reka owusɔre a ɛbɛba daakye no ho asɛm, enti obuae sɛ: “Minim sɛ owusɔre mu, da a etwa to no, ɔbɛsɔre.” (Yohane 11:24) Ná ne gyidi wɔ saa nkyerɛkyerɛ no ho no fata nkamfo. Ná Yudafo nyamesom akannifo binom a wɔfrɛ wɔn Sadukifo no nnye owusɔre no ntom ɛmfa ho sɛ na Kyerɛwnsɛm no kyerɛkyerɛ saa asɛm no mu ma emu da hɔ no. (Daniel 12:13; Marko 12:18) Nanso Marta de, na onim sɛ owusɔre ho anidaso no ka Yesu nkyerɛkyerɛ ho, na mpo na wanyan awufo binom—ɛwom, na onnyanee obi a wawu bere tenten te sɛ Lasaro. Ná onnim nea ebesi akyiri yi.

Afei Yesu kaa asɛm bi a na ɛyɛ nwonwa: “Mene owusɔre ne nkwa.” Nokwarem no, Yehowa Nyankopɔn ama ne Ba no tumi a ɔde benyan awufo wɔ wiase nyinaa daakye. Yesu bisaa Marta sɛ: “So wugye eyi di?” Ɛnna ɔde mmuae a yɛde fii asɛm yi ase no mae. Ná ɔwɔ gyidi sɛ Yesu ne Kristo, anaa Mesia no, ne sɛ na ɔyɛ Yehowa Nyankopɔn Ba, na na adiyifo no ahyɛ ne ho nkɔm sɛ ɔbɛba wiase.—Yohane 5:28, 29; 11:25-27.

So gyidi a ɛte saa no som bo ma Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba Yesu Kristo? Asɛm a akyiri yi esii wɔ Marta anim no ma yenya ho mmuae a ɛtɔ asom. Ɔde ahoɔhare kɔfrɛɛ ne nuabea no. Ɛno akyi no, bere a na Yesu ne Maria ne nnipadɔm a na wɔrebegyam wɔn no rekasa no, Marta hui sɛ awerɛhow ahyɛ Yesu ma. Ohuu sɛnea nusu guu Yesu bere a ɔredi yaw a owu de ba nnipa so ho awerɛhow no. Ɔtee sɛ Yesu reka sɛ wonyi ɔbo no mfi ne nuabarima no da no ano.—Yohane 11:28-39.

Sɛnea yenim Marta no, ɔkae ntɛm ara sɛ, sesɛɛ de, wabɔn, efisɛ adi nnanan. Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Manka ankyerɛ wo sɛ wugye di a, wubehu Onyankopɔn anuonyam?” Ogye dii, na ohuu Yehowa Nyankopɔn anuonyam nso. Ɛhɔ ara na Yehowa maa ne Ba no tumi ma ɔde nyanee Lasaro baa nkwa mu bio! Susuw sɛnea Marta werɛ remfi nsɛm a esisii saa da no wɔ n’asetenam da no ho hwɛ: Yesu nteɛm, “Lasaro, fi bra!”; nnyigyei a wɔtee wɔ ɔboda no mu bere a Lasaro nyanee a ɔrepue a ntama a wɔde kyekyeree n’amu no da so ara wɔ ne ho, na ɔnantew ba ɔboda no ano; ka a Yesu kae sɛ “monsan no na momma ɔnkɔ”; ne sɛnea ɛbɛyɛ sɛ, Marta ne Maria de mmirika tu bam wɔn nuabarima no. (Yohane 11:40-44) Afei de na Marta anya nea ɔrehwehwɛ!

Kyerɛwtohɔ yi kyerɛ sɛ, awufo sɔre no nyɛ nsusuwii hunu bi kɛkɛ; ɛyɛ Bible nkyerɛkyerɛ a ɛka koma, na abakɔsɛm ada no adi sɛ ɛyɛ nokware ankasa. Yehowa ne ne Ba no ani gye ho sɛ wobehyira obiara a ɔbɛkyerɛ wɔn mu gyidi, sɛnea wɔyɛɛ Marta, Maria, ne Lasaro no. Sɛ wunya gyidi a emu yɛ den te sɛ Marta a, wo nso wubenya nhyira a ɛte saa daakye. *

“Marta Som Wɔn”

Bible no san kaa Marta ho asɛm bio. Ná ɛyɛ dapɛn a etwa to wɔ Yesu asase so asetena mu. Bere a na Yesu nim amanehunu a ɔbɛfa mu no, ɔpawee sɛ ɔbɛsan akɔsoɛ saa fie hɔ wɔ Betania. Efi hɔ rekɔ Yerusalem no yɛ kwansin abien. Ná Yesu ne Lasaro redidi wɔ Simon, kwatani no fie, na ɛhɔ na wɔkaa Marta ho asɛm a etwa to yi: “Marta som wɔn.”—Yohane 12:2.

Ɔbea nsiyɛfo bɛn ara ni! Bere a yedii kan tee ne ho asɛm wɔ Bible mu no, na ɔreyɛ adwuma; asɛm a etwa to a ɛfa ne ho no nso, na ɔda so ara reyɛ adwuma. Ná ɔreyɛ nea obetumi biara de adi nnipa a wɔne no wɔ hɔ no ahiade ho dwuma ama wɔn. Yɛwɔ mmea a wɔn ho yɛ den na wɔn yam ye te sɛ Marta wɔ Kristo akyidifo asafo ahorow no mu—wɔwɔ akokoduru na wɔn yam ye, wotu wɔn ho ma yɛ nnwuma a ɛkyerɛ sɛ wɔwɔ gyidi. Ɛda adi sɛ Marta ansesa ne suban. Sɛ saa na ɛte de a, ɛnde na ɔyɛɛ ade nyansa mu, efisɛ na ɔrebehyia sɔhwɛ afoforo.

Wɔ nna kakra bi ntam no, na Yesu a ɔyɛ Marta Wura a ɔdɔ no no rebewu yayaayaw. Afei, nyaatwomfo awudifo a na wɔpɛ sɛ wokum Yesu no sii wɔn bo sɛ wobekum Lasaro nso, efisɛ na ne wusɔre no ama nnipa pii regye Yesu di. (Yohane 12:9-11) Na sɛnea ɛte no, awiei koraa no, owu tetew ɔdɔ a na ɛda Marta ne ne nuanom ntam no. Yennim ɔkwan anaa bere a ɛno sii, nanso yebetumi aka no yiye sɛ: Marta gyidi a ɛsom bo no boaa no ma ogyinaa mu kosii awiei. Ɛno nti na ɛyɛ papa sɛ Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ bɔ mmɔden suasua Marta gyidi no.—w11-E 04/1.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 27 Sɛ wopɛ sɛ wosua nea Bible kyerɛkyerɛ fa owusɔre ho a, hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma a Yehowa Adansefo tintimii no ti 7.

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Bere mpo a na Marta redi awerɛhow no, ɔmaa Yesu boaa no ma ɔde n’adwene sii nsɛm a ɛhyɛ gyidi den so

[Mfonini wɔ kratafa 30]

Ɛwom sɛ na Marta “dwinnwen bebree na ɔde nneɛma pii haw ne ho” de, nanso ofii ahobrɛase mu gyee nteɛso toom

[Mfonini wɔ kratafa 32]

Marta nyaa ne gyidi so mfaso bere a wonyan ne nuabarima maa no no