Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Suasua Wɔn Gyidi

Onyaa Akokoduru ne Nyansa na Ɔdwenee Ne Nkurɔfo Ho

Onyaa Akokoduru ne Nyansa na Ɔdwenee Ne Nkurɔfo Ho

ESTER yɛɛ bɔkɔbɔkɔ wuraa ahemfie hɔ. Ɔrekɔ nyinaa na ne koma rebɔ paripari. Persia ahemfie a ɛwɔ Susan no yɛɛ dinn ara ma sɛ paane tɔ fam mpo a, wobɛte. Fa w’adwene bu sɛ ahemfie hɔ atɛm dinn ma Ester te ɔno ara ne nan ase a sɛ n’atade twiw ho mpo a, ɔbɛte. Wohwɛ sɛnea wɔasiesie ahemfie hɔ, de nkyeneduru a efi Lebanon nohoa ayɛ ɔdan no nsɛmso a, na ahemfie hɔ yɛ fɛ yiye, nanso ɛnyɛ ɛhɔ mpo na na Ester rehwɛ. Ɔde n’adwene nyinaa sii ɔbarima a ɔte ahengua so no so. Ná ɔbarima yi betumi ama wɔakum Ester.

Bere a Ester rebɛn ahengua no nyinaa na ɔhene agyen n’ani rehwɛ no, na ɔteɛɛ ne sika poma no kyerɛɛ no so. Wohwɛ a, wobɛka sɛ ɛyɛ ade ketewaa bi, nanso ɛno na egyee Ester nkwa. Nea ɛte ne sɛ, na ɛyɛ bɔne sɛ obi bɛkɔ ɔhene anim bere a ɔmfrɛɛ no. Enti ne poma a ɔde kyerɛɛ Ester so no kyerɛe sɛ ɔde ne bɔne akyɛ no. Bere a Ester duu ahengua no anim no, ɔteɛɛ ne nsa kaa poma no ti de kyerɛɛ anisɔ.—Ester 5:1, 2. *

Ná Ɔhene Ahasweros ho biribiara kyerɛ sɛ ɔwɔ sika ne tumi kɛse. Animdefo bi ka sɛ saa bere no, na Persia ahemfo ntade bo yɛ den paa ma wode ba dɔla mu a, ɛyɛ mpempem pii. Nanso Ester hui wɔ ne kunu anim sɛ ɛnsɛ sɛ osuro; ɔhene no maa Ester hui sɛ ɔpɛ n’asɛm paa. Ɔkae sɛ: “Dɛn asɛm, Ɔhemmaa Ester? Dɛn na wuhia? Sɛ m’ahenni no mu fã mpo a, mede bɛma wo!”—Ester 5:3.

Ná Ester akyerɛ dedaw sɛ ɔwɔ gyidi ne akokoduru kɛse. Ná watumi aba ɔhene anim rebɛkasa ama ne nkurɔfo a ebinom pɛ sɛ wɔtɔre wɔn ase no. Ebesi saa bere yi, nneɛma akɔ yiye ama no, nanso nea aka na ɛdɔɔso. Ná ɛsɛ sɛ otumi ma ɔhenkɛse yi hu sɛ ne fotufo a ogye no di paa no yɛ onipa bɔnefo, na wadaadaa no ama wahyɛ mmara sɛ wonkunkum Ester manfo nyinaa. Dɛn na na ɔbɛka ama ɔhene agye no adi, na dɛn na yesua fi ne gyidi mu?

Ɔde Nyansa Paw ‘Bere a Ɔde Bɛkasa’

So na ɛsɛ sɛ Ester ka asɛm no nyinaa kyerɛ ɔhene no wɔ baguafo no anim? Sɛ ɔyɛɛ saa a, anka ɛbɛma ɔhene anim agu ase na ne fotufo Haman nso anya kwan ayi ne ho ano. Enti dɛn na Ester yɛe? Mfe pii ansa na asɛm yi resi no, Onyankopɔn de honhom kaa ɔhene nyansafo Solomon ma ɔkyerɛwee sɛ: “Biribiara wɔ ne bere a wɔahyɛ ato hɔ . . . kommyɛ wɔ ne bere, na ɔkasa nso wɔ ne bere.” (Ɔsɛnkafo 3:1, 7) Ɛbɛyɛ sɛ ɔnokwafo Mordekai a ɔtetee Ester no kyerɛɛ no saa nokwasɛm yi bere a ɔyɛ abofra no. Yebetumi aka sɛ Ester de n’ani too fam huu ‘bere a ɔde bɛkasa.’

Ester kae sɛ: “Sɛ ɔhene bɛpene so a, anka ɔhene ne Haman mmra pon a meretow ama no nnɛ no ase.” (Ester 5:4) Ɔhene no penee so na ɔma wɔkɔfrɛɛ Haman. Wuhu sɛnea Ester de nyansa kasae no? Odii ne kunu ni, na ɔhwehwɛɛ bere pa a ɔde bɛka n’asɛnhia no akyerɛ no.

Yebetumi aka sɛ Ester tɔɔ ne bo ase popoo ne nsa ano, na ɔtoo pon no yɛɛ ɛho biribiara sɛnea ne kunu ani begye ho. Ɔde nsã pa nso baa apontow no ase sɛnea ɛbɛyɛ a n’ani begye. (Dwom 104:15) Ahasweros ani gyee ara ma ɔsan ka kyerɛɛ Ester sɛ ɔnka n’abisade. Ná bere aso sɛ Ester kasa anaa?

Ester anhu no saa. Mmom no, ɔsan too nsa frɛɛ ɔhene ne Haman sɛ ade kye a, wɔmmra apontow foforo ase. (Ester 5:7, 8) Adɛn nti na wanka asɛm no ntɛm? Momma yɛnkae sɛ na wɔahyɛ mmara wɔ ɔhene din mu sɛ wonkunkum Ester manfo nyinaa. Esiane sɛ na ɛyɛ asɛnkɛse nti, na ɛsɛ sɛ Ester hwɛ hu sɛ bere a ɔbɛka asɛm no yɛ bere pa. Enti ɔtwɛn hwehwɛɛ hokwan foforo a ɔde bɛma ne kunu no ahu sɛ obu no paa.

Ntoboase yɛ su pa nanso ɛho yɛ na. Ɛwom sɛ na asɛm no haw Ester na na ɔrepɛ kwan aka n’asɛm de, nanso ɔtɔɔ ne bo ase hwehwɛɛ bere pa a ɔde bɛyɛ saa. Yebetumi asua pii afi nea ɔyɛe no mu, efisɛ yɛn nyinaa hu nneɛma a ɛnkɔ yiye a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ho biribi. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛka ɔhaw bi ho asɛm kyerɛ ɔpanyin bi ma odi ho dwuma a, yebetumi asuasua Ester na yɛanya ntoboase. Mmebusɛm 25:15 ka sɛ: “Ntoboase na wɔde dan ɔsahene ti, na odwo tɛkrɛma tumi bu dompe mu.” Sɛ yɛtɔ yɛn bo ase na yɛde odwo ka asɛm no bere pa mu sɛnea Ester yɛe no a, yebetumi abubu ɔsɔretia a ɛyɛ den sɛ dompe mpo mu. So Ester Nyankopɔn, Yehowa, hyiraa ne ntoboase ne ne nyansa no so?

Ntoboase a Onyae Nti Ɔhene Buu Atɛntrenee Maa No

Ester ntoboase nti nneɛma kɔɔ yiye paa. Bere a Haman refi apontow a edi kan no ase no, na “n’ani agye ma ne koma atɔ ne yam” sɛ ɔhene ne ɔhemmaa ahyɛ no anuonyam saa. Nanso, bere a Haman refi abankɛse no mu akɔ no, ohuu Yudani Mordekai a na ɔmpɛ sɛ ɔbɛbɔ ne mu ase akotow Haman no. Ná ɛnyɛ sɛ Mordekai mmu ade, na mmom na ɔmpɛ sɛ ɔbɛyɛ biribi a etia n’ahonim na asɛe ɔne Yehowa Nyankopɔn ntam. Ne nyinaa akyi no, Haman “bo fuwii.”—Ester 5:9.

Bere a Haman kaa Mordekai aniammɔho yi kyerɛɛ ne yere ne ne nnamfo no, wotuu no fo sɛ ɔmma wɔnyɛ dua a ne tenten boro mita 22 (anammɔn 72) na afei ɔnsrɛ ɔhene na wɔnsɛn Mordekai wɔ so. Haman ani gyee asɛm no ho na ofii hɔ ntɛm kodii ho dwuma.—Ester 5:12-14.

Saa anadwo no, nneɛma ankɔ yiye amma ɔhene no. Bible ka sɛ: “Ɔhene antumi anka n’ani angu so,” enti ɔma wɔkenkanee Ɔman no ho nsɛm a wɔakyerɛw ato hɔ no kyerɛɛ no. Ná emu nsɛm no bi kyerɛ sɛ bere bi nkurɔfo bi bɔɔ pɔw sɛ wobekum Ahasweros. Ɔkaee asɛm no; ɔkaee sɛ wɔkyeree saa nkurɔfo no kum wɔn. Mordekai a ɔbɛkaa asɛm no kyerɛɛ ɔhene no nso ɛ? Ɛhɔ ara na ɔhene ani baa ne ho so, na obisaa nea wɔayɛ ama Mordekai. Obisae no, obehui sɛ wɔnyɛɛ hwee mmaa no.—Ester 6:1-3.

Asɛm no yɛɛ ɔhene ahometew ma obisae sɛ ahemfie mpanyimfo bɛn na wɔwɔ hɔ a wobetumi aboa no ma wadi asɛm yi ho dwuma. Wɔanhu obiara wɔ ahemfie hɔ sɛ Haman. Nea enti a ebia Haman baa hɔ ntɛm saa ne sɛ na ɔrebɛsrɛ hokwan de akokum Mordekai. Haman anka n’asɛm no mpo na ɔhene bisaa no sɛ dɛn paa na wɔnyɛ mma obi a ɔhene pɛ sɛ ɔhyɛ no anuonyam. Ɛyɛɛ Haman sɛ ɔno na ɔhene reka ne ho asɛm. Enti ɔkaa nneɛma akɛse a wɔnyɛ mma onii no. Ɔkae sɛ wɔnhyɛ saa onipa no ahentade mfa no ntena ɔhene pɔnkɔ so, na wɔmma ahemfie panyin bi nni n’anim mfa Susan mmɔnten so, na onyi no ayɛ mma obiara nte. Bere a Haman hui sɛ ɛyɛ Mordekai na ɔhene reka ne ho asɛm no, wo ara hwɛ sɛnea Haman anim bɛyɛ! Hena nso na ɔhene kae sɛ onni Mordekai anim nyi no ayɛ? Haman koro yi ara!—Ester 6:4-10.

Haman de amemenemfe kɔyɛɛ adwuma a ɔhene de hyɛɛ ne nsa no. Eyi maa Mordekai ho yɛɛ no ahi kɛse na ɔde awerɛhow kɔɔ fie ntɛm. Haman yere ne ne nnamfo ka kyerɛɛ no ne sɛ, sɛnea nneɛma rekɔ no kyerɛ sɛ ɛrensi no yiye, na mmom obedi nkogu wɔ Yudani Mordekai anim.—Ester 6:12, 13.

Ntoboase a Ester de twɛn da koro kaa ho ansa na ɔde n’asɛm no reto ɔhene anim no maa Haman ankasa gyee n’animguase. Wunnye nni sɛ Yehowa Nyankopɔn ka ho bi na ɔhene no antumi anna anadwo no? (Mmebusɛm 21:1) Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ Onyankopɔn Asɛm hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmfa ‘ntoboase ntwɛn.’ (Mika 7:7) Sɛ yɛtwɛn Onyankopɔn a, yebehu sɛ ɔkwan a ɔbɛfa so adi yɛn haw ho dwuma no ye koraa kyɛn nea yɛn ankasa betumi ayɛ.

Ɔde Akokoduru Kasae

Apontow a ɛto so abien no ase no, na ɛrenyɛ papa sɛ Ester bɛma ɔhene atwɛn bio, enti afei de na ɛsɛ sɛ ɔka nea ɛwom biara. Nanso ɔkwan bɛn na ɔbɛfa so aka asɛm no? Nea ɛbae ne sɛ, ɔhene san ka kyerɛɛ Ester sɛ ɔnka n’abisade no, na ɛno ma ɛyɛɛ mmerɛw maa no. (Ester 7:2) Afei de, na Ester ‘bere a ɔde bɛkasa’ adu.

Sɛ yedwen ho a yetumi hu sɛ ɛbɛyɛ sɛ Ester bɔɔ ne Nyankopɔn mpae wɔ ne tirim ansa na ɔreka asɛm yi. Ɔkae sɛ: “Ɔhene, sɛ manya w’anim dom na wobɛpene so a, anka m’abisade ne sɛ ma minnya me kra, na mesrɛ ma me manfo nso.” (Ester 7:3) Hyɛ no nsow sɛ Ester maa ɔhene nyaa awerɛhyem sɛ nea obebu atɛn sɛ eye biara no, ogye tom. Hwɛ sɛnea Ester da nsow koraa wɔ ɔhene yere dedaw Wasti ho; ɔno de, ɔhyɛɛ da buu ne kunu animtiaa! (Ester 1:10-12) Afei nso Ester anka biribiara antia ɔhene sɛ ɔde ne werɛ hyɛɛ Haman mu. Mmom ɔsrɛɛ ɔhene sɛ ɔmmɔ ne ho ban na wanhwere ne nkwa.

N’adesrɛde no kaa ɔhene no na ne ho dwiriw no. Ebia ɛbaa ɔhene adwenem sɛ, Hena koraa na ɔde n’asɛm aba ɔhemmaa so yi? Ester toaa n’asɛm so sɛ: “Wɔatɔn me ne me manfo sɛ wonkum yɛn, ntɔre yɛn ase na wɔnsɛe yɛn. Sɛ wɔtɔn yɛn sɛ nkoa anaa mfenaa mpo a, anka mɛyɛ komm. Nanso ɛmfata sɛ biribi besi ama ɔhene mmom ahwere ade kɛse.” (Ester 7:4) Yɛnhyɛ no nsow sɛ Ester kaa ɔhaw no ho asɛm pefee nanso ɔsan kae sɛ wɔtɔn wɔn sɛ nkoa mpo a, anka ɔrenka hwee. Nanso, na saa okunkɛse no bɛma ɔhene ankasa ahwere ade kɛse ma enti na Ester ntumi nyɛ dinn wɔ ho.

Nea Ester yɛe no ma yehu sɛnea yɛne afoforo bɛkasa ama atɔ wɔn asom. Sɛ wode asɛnkɛse bi rekɔto obi a wopɛ n’asɛm anaa ɔpanyin bi anim a, eye sɛ wubenya ntoboase na wode obu akasa ma emu ada hɔ.—Mmebusɛm 16:21, 23.

Ahasweros bisae sɛ: “Hena koraa na wasi ne bo sɛ ɔbɛyɛ biribi a ɛte saa? Ɔwɔ he?” Fa w’ani bu sɛ Ester ateɛ ne nsa akyerɛ Haman so reka asɛm yi: “Ɔtamfo no ne onipa bɔnefo Haman yi.” Afei de na wawae asɛm no anim ma atɔ Haman so. Hwɛ sɛnea ɔhene no anim bɛsesa prɛko pɛ bere a ohui sɛ ne fotufo a ogye no di no adaadaa no ma wahyɛ mmara bi a ɛbɛma wɔakum ɔno ankasa ne yere a ɔdɔ no no! Etuu ɔhene ma ɔde abufuw sɔre kɔɔ ne turo mu kosi sɛ obehu nea ɔbɛyɛ.—Ester 7:5-7.

Ohufo Haman a afei n’anim agu ase yi kobutuw ɔhemmaa nan ase. Bere a ɔhene san baa dan no mu a obehui sɛ Haman butuw Ester nkyɛn wɔ mpa so no, ɔde abufuw bɔɔ Haman sobo sɛ ɔpɛ sɛ ɔto ɔhemmaa no mmonnaa wɔ ɔhene ankasa fie. Afei de, na abɛyɛ owu asɛm ama Haman. Wɔkataa n’anim de no kɔe. Ɔhene mpanyimfo no biako ka kyerɛɛ ɔhene sɛ Haman ayɛ dua kɛse bi sɛ ɔrebɛsɛn Mordekai wɔ so. Ɛhɔ ara na Ahasweros hyɛe sɛ wɔnkɔsɛn Haman no ankasa wɔ dua no so.—Ester 7:8-10.

Ɛnnɛ wiase a atɛnkyea abu so yi mu no, wohwɛ a wobɛka sɛ atɛntrenee remma da. Woate nka saa da anaa? Ester aba mu ammu, wannya afoforo ho adwemmɔne, na ne gyidi nso anhinhim da. Bere dui sɛ ɔka biribi a ɛnkɔ yiye ho asɛm no, ɔde akokoduru kasae, na onyaa gyidi gyaw nea aka no hyɛɛ Yehowa nsa. Momma yɛnyɛ saa ara! Efi Ester bere so besi nnɛ no, Yehowa nsakrae. Ɔda so ara wɔ tumi a ɛboro so a ɔde bɛkyere onipa bɔne ne onitefo wɔ wɔn ankasa akwan mu sɛnea ɔyɛɛ Haman no.—Dwom 7:11-16.

Ɔkyerɛe sɛ Odwen Yehowa ne Ne Manfo Ho

Awiei koraa no, ɔhene behui sɛ Mordekai na wamma wɔankum no, na afei nso ɔno ne Ester papa nua a ɔtetee no. Ahasweros de dibea a na Haman wɔ sɛ ɔman soafo panyin no maa Mordekai. Ɔhene de Haman fie ne n’agyapade bebree no maa Ester, na ɔno nso de hyɛɛ Mordekai nsa.—Ester 8:1, 2.

Seesei a wɔagye Ester ne Mordekai nkwa yi, na ɔhemmaa yi bɛtew atena anaa? Sɛ ɔyɛ saa a, ɛbɛkyerɛ sɛ onnwen ne mamfo ho. Saa bere yi nyinaa, na mmara a Haman hyɛe sɛ wonkunkum Yudafo nyinaa no retrɛw kɔ ahemman no mu baabiara. Ebia na Haman faa ahonhonsɛm so bɔɔ ntonto, anaa Pur de hwehwɛɛ bere pa a ɔde bedi saa bɔne no. (Ester 9:24-26) Ná aka asram bi ansa na bere no aso, nanso na ɛrebɛn ntɛmntɛm. Ná wobetumi adan pɔw bɔne no ani anaa?

Ester dwenee ne manfo ho de ne nkwa too ne nsam bio san kɔɔ ɔhene nkyɛn bere a ɔntoo nsa mfrɛɛ no. Saa bere no, osu maa ne nkurɔfo, na ɔsrɛɛ ne kunu sɛ ontwa saa mmara no mu. Nanso sɛ wɔhyɛ mmara bi wɔ Persia hene din mu a, na wontumi nsesa no. (Daniel 6:12, 15) Enti ɔhene maa Ester ne Mordekai kwan sɛ wɔnhyɛ mmara foforo. Ɛnna wɔsan hyɛɛ mmara kyerɛw kɔmaa Yudafo no sɛ wɔwɔ hokwan sɛ wɔko gye wɔn ho. Apɔnkɔsotefo yɛɛ ntɛm de asɛmpa yi kɔmaa Yudafo no wɔ ahemman no mu baabiara. Afei de, na anidaso aba. (Ester 8:3-16) Enti na Yudafo a wɔwɔ ahemman kɛse no mu baabiara betumi afa wɔn akode asiesie wɔn ho ama ɔko; sɛ wɔanhyɛ mmara foforo yi a anka wɔrentumi nyɛ saa da. Nanso, asɛm no ne sɛ, na “asafo Yehowa” bɛboa ne nkurɔfo anaa?—1 Samuel 17:45.

Bere a wɔahyɛ no dui no, na Onyankopɔn nkurɔfo ayɛ krado. Persia mpanyimfo no pii mpo kɔɔ wɔn afã, efisɛ na asɛm no atrɛw wɔ ahemman no mu nyinaa sɛ Yudani Mordekai na ɔyɛ ɔman soafo panyin foforo. Yehowa maa ne nkurɔfo dii nkonim kɛse. Yebetumi aka sɛ Yehowa hwɛ hui sɛ Yudafo no atamfo bedi nkogu pɔtɔɔ, anyɛ saa a nea ɛbɛba ne nkurɔfo so no bɛyɛ hu. *Ester 9:1-6.

Bio nso anka ɛbɛyɛ hu sɛ Mordekai bɛfa Haman agyapade bere a owudifo Haman mmabarima du no da so te ase. Enti wokunkum wɔn nso. (Ester 9:7-10) Ɛno maa Bible nkɔmhyɛ bi baa mu, efisɛ na Onyankopɔn aka ato hɔ dedaw sɛ wɔbɛsɛe Amalekfo a wokyi ne nkurɔfo no korakora. (Deuteronomium 25:17-19) Ebetumi aba sɛ Haman mma no ka Amalekfo a wokunkum wɔn twaa to no ho.

Ná Ester nnyinii pii nanso adwuma kɛse bɛtɔɔ no so. Emu bi ne mmara a ogyinaa ɔhene ananmu hyɛe a ɛde ntɔkwaw ne akunkumakunkum bae no. Ná ɛnna fam. Nanso nea na Yehowa pɛ ne sɛ ɔbɛbɔ ne nkurɔfo ho ban na wɔn ase anhyew, efisɛ Israel man mu na na Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ no befi aba, na ɔno nso ne adesamma nyinaa anidaso koro pɛ! (Genesis 22:18) Ɛnnɛ, Onyankopɔn nkurɔfo ani gye ho sɛ bere a Yesu a ɔyɛ Mesia no baa asase so no, ɔbaraa n’akyidifo sɛ efi saa bere no, ɛnsɛ sɛ wodi ako bio.—Mateo 26:52.

Ne nyinaa mu no, Kristofo di ako wɔ honhom fam. Satan awe ahinam so sɛ ɔbɛsɛe gyidi a yɛwɔ wɔ Yehowa Nyankopɔn mu no. (2 Korintofo 10:3, 4) Ɛyɛ nhyira pii sɛ yɛanya Ester a yebetumi asuasua no. Momma yennya gyidi te sɛ Ester, na yɛmfa nyansa ne ntoboase nkasa mma ɛntɔ asom, na yennya akokoduru na yennwen Onyankopɔn nkurɔfo ho nkasa mma wɔn.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 4 Yehu wɔ Ester nhoma no mu sɛ bere a Ester bɛyɛɛ agyanka no, ne papa nua ba Mordekai tew no ne no tenae, ɛnna akyiri yi Persia hene Ahasweros waree no. Ɔhene fotufo Haman bɔɔ pɔw bɔne sɛ ɔbɛtɔre Mordekai manfo Yudafo no ase. Mordekai ne Ester kasae ma ohui sɛ ehia sɛ ɔne ɔhene kɔkasa ma ne manfo.

^ nky. 32 Ɔhene no maa Yudafo no da biako kaa ho a wɔde bewie wɔn atamfo no koraa. (Ester 9:12-14) Ɛnnɛ yi nyinaa Yudafo da so di afahyɛ bi de kae saa nkonimdi no. Wɔfrɛ afahyɛ no Purim; edin no fi ntonto a Haman bɔe bere a na ɔpɛ sɛ ɔsɛe Israelfo no, na wodi saa afahyɛ no osutɔ bere mu.

[Adaka wɔ kratafa 28]

Nsɛmmisa a Ɛfa Ester Ho

Dɛn nti na Mordekai maa Ester waree ɔbosonsonni?

Nhomanimfo nni adanse biara a wogyina so ka sɛ anuonyam a Mordekai pɛ nti na ɔmaa Ester waree ɔhene no. Esiane sɛ na Mordekai yɛ Yudani a odi Onyankopɔn mmara so nti, na ɔrempene aware a ɛte saa so. (Deuteronomium 7:3) Yudafo atetesɛm ka sɛ Mordekai bɔɔ mmɔden biara sɛ ɔremma Ester nware ɔhene no. Ná Mordekai ne Ester yɛ ahɔho wɔ ɔman no so, enti na wonni tumi biara wɔ asɛm no ho, efisɛ na sodifo no yɛ otumfoɔ a wobu no sɛ nyame. Sɛnea nneɛma kɔe no ma yehu sɛ Yehowa nam Ester aware no so gyee ne nkurɔfo.—Ester 4:14.

Dɛn nti na Ester nhoma no ammɔ Onyankopɔn din Yehowa no?

Adanse a ɛwɔ hɔ kyerɛ sɛ Mordekai na Onyankopɔn maa ɔkyerɛw Ester nhoma no. Ebetumi aba sɛ wɔde Ester nhoma no kaa Persiafo kyerɛwtohɔ ho ansa na akyiri yi wɔde rekɔ Yerusalem. Sɛ wɔbɔɔ Yehowa din wɔ nhoma no mu a, anka ebia wɔn a wɔsom Persiafo anyame no bɛsɛe nhoma no. Nanso, sɛnea ɛte biara no, yehu sɛ na Yehowa nsa wom. Hyɛ no nsow sɛ, mfitiase Hebri nkyerɛwee a wɔde kyerɛw Ester nhoma no mu no, wɔfaa kwan bi so de Onyankopɔn din no hyɛɛ mu. Ɛte sɛ nea wɔhyɛɛ da hyehyɛɛ nkyerɛwde a edi nsɛmfua no biara anim anaa nea etwa to no ɔkwan bi so a sɛ woka bom a, wubenya nkyerɛwde anan a egyina hɔ ma Onyankopɔn din no.

So abakɔsɛm a ɛwɔ Ester nhoma mu no yɛ nokware?

Nnipa a wɔkasa tia Bible no ka sɛ Ester nhoma no mu abakɔsɛm nyɛ nokware. Nanso animdefo bi kyerɛ sɛ onipa a ɔkyerɛw Ester nhoma no yɛ obi a na onim Persiafo ahensɛm, wɔn adansi ne wɔn amammerɛ ho nneɛma pii. Ɛyɛ ampa, wonhuu Ɔhemmaa Ester din wɔ abakɔsɛm nhoma foforo biara mu, nanso yɛrentumi nka sɛ Ester nkutoo ne ɔdehye a wɔayi ne din afi tete abakɔsɛm mu. Afei nso abakɔsɛm kyerɛ sɛ bere bi, na ɔbarima bi wɔ hɔ a ɔyɛ Susan ahemfie panyin, na na wɔfrɛ no Mardukâ; saa na na Persiafo ka Mordekai. Saa bere no ara nso na Ester nhoma no ka ho asɛm.

[Adaka wɔ kratafa 29]

Nkɔmhyɛ Bi a Ɛbaa Mu

Bere a Ester ne Mordekai reko ama Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa no, na wɔrema Bible nkɔmhyɛ bi aba mu. Bɛboro mfe 1,200 a atwam no, Yehowa maa Yakob hyɛɛ ne ba biako ho nkɔm sɛ: “Benyamin bɛyɛ sɛ pataku a ɔtetew mmoa mu. Anɔpa ɔbɛwe aboa a wakyere no no, na anwummere nso ɔbɛkyɛ asade mu.” (Genesis 49:27) Israelfo ahenni no “anɔpa” anaa ne mfitiase no, Benyamin asefo a wɔbae no bi ne Ɔhene Saul ne nnɔmmarima foforo a wɔko maa Yehowa nkurɔfo. Israelfo ahenni no “anadwo” anaa n’awiei no, Ester ne Mordekai a wɔyɛ Benyamin asefo no ko dii Yehowa atamfo so nkonim. Ɔkwan bi so no, wɔn nso kyɛɛ asade, efisɛ Haman agyapade bebree no bedii wɔn nsam.

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Ester de ahobrɛase kyerɛe sɛ n’ani asɔ ɔhene mmɔborohunu no

[Mfonini wɔ kratafa 26, 27]

Ester de akokoduru kae sɛ Haman ne onipa bɔnefo no

[Mfonini wɔ kratafa 28, 29]

Ester ne Mordekai de mmara a wɔahyɛ no kɔmaa Yudafo a wɔwɔ Persia Ahemman mu no