Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wunim?

So Wunim?

Hena ne Persia hene Ahasweros a Bible kaa ne ho asɛm wɔ Ester nhoma mu no?

Kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Ester nhoma mu no kyerɛ sɛ Ahasweros paw Yudani ababaa Ester sɛ ɔhemmaa na Ester gyee ne manfo fii pɔw bi a na nkurɔfo abɔ sɛ wobekunkum wɔn no mu. Mfe pii a atwam no, na nkurɔfo adwene nhyia wɔ Persia hene kõ a wɔfrɛ no Ahasweros no ho. Nanso Persiafo nkaedum ho nkyerɛwee a ɛwɔ kasa abiɛsa mu a seesei wɔate ase no ama wɔahu onipa kõ a na Ahasweros yɛ. Eyi ama obiara ahu sɛ Ahasweros a yɛreka ne ho asɛm no, ɔno ara ne Dario Ɔkɛseɛ (Hystaspis) ba Xerxes I. Sɛnea wɔde Persia nkyerɛwee akyerɛw edin Xerxes no, sɛ wɔdan no yɛ no Hebri nkyerɛwee a, ɛne sɛnea wɔakyerɛw din no wɔ Hebri mu wɔ Ester nhoma mu no di nsɛ paa.

Biribiara a wɔaka afa Ahasweros ho wɔ Ester nhoma mu no ne Xerxes I ho nsɛm hyia. Persia hene no tenaa n’ahenkurow mu wɔ Susa (Susan) wɔ Elam dii Media so hene. N’ahenni no trɛw kɔɔ India ne Mediterranea nsupɔw no so. (Ester 1:2, 3; 8:9; 10:1) Ɔbenfo Lewis Bayles Paton ka sɛ: “Saa nsɛm yi nyinaa mfa Persia hene foforo biara ho sɛ Xerxes. Nneɛma a Ahasweros yɛe a ɛwɔ Ester Nhoma mu no, ɛne nsɛm a Herodotus ne Hela abakɔsɛm akyerɛwfo foforo ka faa Xerxes ho no hyia pɛpɛɛpɛ.”

Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ na wɔyɛ birikisi wɔ tete Egypt?

Bible ka wɔ Exodus nhoma no mu sɛ bere a na Hebrifo yɛ nkoa wɔ Egypt no, Egyptfo no ma wɔyɛɛ birikisi. Wotwaa birikisi dodow bi sii hɔ a da biara na ɛsɛ sɛ nkoa no de dɔte ne sare yɛ.—Exodus 1:14; 5:10-14.

Tete no, na birikisi a wɔyɛ de gu awia mu yɛ adwuma titiriw wɔ mmeae a ɛbɛn Nil nsu no. Nkae adum a wɔde birikisi yi bi yeyɛe da so ara wɔ Egypt. Mfonini bi wɔ Rekhmire ɔboda ho wɔ Thebes a ɛkyerɛ sɛnea na wɔyɛ birikisi no. Afe 1400 A.Y.B. ne afe 1500 A.Y.B. ntam hɔ baabi na wɔyɛɛ saa mfonini no, na emu hɔ baabi na nsɛm a ɛwɔ Exodus no nso sisii.

The International Standard Bible Encyclopedia kyerɛkyerɛ mfonini no mu sɛ: “Ná wɔn a wotwa birikisi no kɔsaw ɔtare mu nsu na wɔde asɔw afɔtɔw dɔte no. Afei nea ɔreyɛ birikisi no soa dɔte no kɔ baabi a eye ma no. Ɔde dɔte no gu taaboo adaka a wɔde twa birikisi no mu mia so kɔ fam. Afei oyi adaka no fi dɔte a adan birikisi no ho ma owia bɔ so kosi sɛ ɛbɛwo. Otwa birikisi no pii gu hɔ, na sɛ ɛwo a, ɔboaboa ano kama na akyiri yi wɔde ayɛ adwuma. Ɛnnɛ yi nyinaa wɔfa saa kwan yi so twa birikisi wɔ Mediterranea aman so.”

Nhoma ahorow a wɔkyerɛwee bɛyɛ mfe 2000 ansa na Kristo reba no nso ka birikisi a na wɔma nkoa de dɔte ne sare yɛ ho asɛm. Ɛsan kyerɛ sɛ na nkoa no wɔ birikisi dodow a da biara wotwa.

[Mfonini wɔ kratafa 22]

Mfonini a ɛwɔ ɔbotan ho yi yɛ Xerxes (ogyina hɔ); ɛnna Dario Ɔkɛseɛ (ɔte hɔ)

[Asɛm Fibea]

Werner Forman/Art Resource, NY

[Mfonini wɔ kratafa 22]

Mfonini a ɛwɔ Rekhmire ɔboda no ho

[Asɛm Fibea]

Erich Lessing/Art Resource, NY