Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Anwonwade Betumi Asisi Ampa?​—Nneɛma Abiɛsa a Wɔtaa De Bɔ Gu

Anwonwade Betumi Asisi Ampa?​—Nneɛma Abiɛsa a Wɔtaa De Bɔ Gu

Anwonwade Betumi Asisi Ampa?​—Nneɛma Abiɛsa a Wɔtaa De Bɔ Gu

NEA EDI KAN: Anwonwade ntumi nsisi, efisɛ etia abɔde mu mmara. Abɔde mu mmara ho ntease a yɛwɔ no, nea egyina so ne nea nyansahufo aka sɛ ɛrekɔ so wɔ abɔde a atwa yɛn ho ahyia mu. Nanso saa mmara no te sɛ kasa mmara; ɛnyɛ bere nyinaa na mmara no tumi yɛ adwuma. Abɔde mu “mmara” no mpo, yentumi nte ase nwie. (Hiob 38:4) Obi a ɔde ne ho nyinaa awura nyansahu mu betumi de ne nkwa nna nyinaa asua abɔde mu mmara bi. Nanso nea ehia ara ne sɛ obehu ade biako a ɛne mmara no nkɔ. Ɛba saa a, ɛbɔ ntease a na ɔwɔ no nyinaa gu efisɛ ade biako pɛ betumi ama ntease a ɔwɔ no asesa koraa.

Sɛ obi nnim biribi mu yiye a, ebetumi ama wanya ɛho adwene a enni mu; yebetumi de aseresɛm bi ayɛ mfatoho. John Locke (ɔtenaa ase afe 1632-1704) kaa saa asɛm yi faa Holland aban panyin bi ne tete Thailand hene ho: Ná aban panyin no reka ne kurom Holland ho asɛm akyerɛ ɔhene no. Ɔka kyerɛɛ ɔhene no sɛ edu mmere bi a, ɔsono mpo betumi anantew nsu so. Ɔhene no ne no anyɛ adwene na ɔtee nka sɛ aban panyin no redaadaa no. Nanso nea ɛwom ara ne sɛ na ɔpanyin no reka biribi a ɔhene no nni ho adwene biara. Ná ɔhene no nnim sɛ, sɛ nsu dan nsukyenee a, ɔsono betumi anantew so ama ayɛ yiye. Ɔhene no ani so no, na ɛrentumi nyɛ yiye efisɛ na ɔntee bi da.

Ma yɛnhwɛ nneɛma bi a ɛnnɛ yɛatumi ayɛ a mfe kakra a atwam ni no anka yɛbɛka sɛ ɛrentumi nyɛ yiye:

● Wimhyɛn betumi de akwantufo bɛboro 800 atu kwan afi New York akɔ Singapore a ennyina; etumi de dɔnhwerew biako twa kilomita 900.

● Video tumi boa nnipa a wɔwɔ aman ahorow so ma wɔbɔ nkɔmmɔ anim ne anim.

● Yɛwɔ mfiri nketenkete bi a ne kɛse nnu mankyes adaka a yetumi de nnwom mpempem pii gu so.

● Nnuruyɛfo tumi yi obi koma anaa ne nipadua kwaa foforo de obi de hyɛ anan.

Dɛn na yebetumi aka afa saa nsɛm yi ho? Nnipa atumi ayɛ nneɛma bi a mfe bi a atwam no anka yɛbɛka sɛ ɛrentumi nyɛ yiye. Ɛnde ɛnyɛ den koraa sɛ Onyankopɔn a ɔbɔɔ amansan yi ne nneɛma a ɛwom nyinaa no bɛyɛ nneɛma akɛse a yɛntee bi da anaa nneɛma a ɛnnɛ yɛrentumi nyɛ bi. *Genesis 18:14; Mateo 19:26.

NEA ƐTO SO ABIEN: Bible ka anwonwade ho asɛm sɛnea ɛbɛma nnipa agye Bible adi. Bible nka sɛ yennye anwonwade nyinaa nni. Ɛka sɛ yɛnyɛ ahwɛyiye mpo. Bible bɔ yɛn kɔkɔ sɛ yɛnyɛ ahwɛyiye paa wɔ anwonwade ne nsɛnkyerɛnne akɛse ho. Hyɛ kɔkɔbɔ a edi hɔ yi nsow: “Ɔkwan a nea onni mmara so no nam so ba ne Satan nnwuma a ahoɔdenne ne atoro nsɛnkyerɛnne ne anwonwade nyinaa ka ho ne nnaadaa bɔne nyinaa.”—2 Tesalonikafo 2:9, 10.

Yesu Kristo nso kae sɛ nnipa pii bɛka sɛ wɔyɛ n’akyidifo nanso na wɔntee da. Ɔkae mpo sɛ ebinom bɛka akyerɛ no sɛ: “Awurade, Awurade, yɛanhyɛ nkɔm wo din mu, na yɛampam adaemone wo din mu, na yɛanyɛ anwonwade bebree?” (Mateo 7:22NIV) Nanso Yesu kae sɛ ɔrennye wɔn ntom sɛ n’akyidifo. (Mateo 7:23) Eyi kyerɛ sɛ Yesu ankyerɛkyerɛ sɛ anwonwade nyinaa fi Onyankopɔn.

Onyankopɔn nka nkyerɛ n’asomfo sɛ wɔmfa wɔn gyidi nnyina anwonwade nkutoo so. Mmom no, ɔpɛ sɛ wɔde gyina nokwasɛm so.—Hebrifo 11:1.

Ma yɛmfa anwonwade ahorow a ɛwɔ Bible mu no biako nyɛ nhwɛso; ɛno ne Yesu Kristo wusɔre a nnipa pii ate ho asɛm no. Mfe bi akyi no, Kristofo bi a wɔwɔ Korinto fii ase gyee akyinnye sɛ wɔannyan Yesu. Asɛm bɛn na ɔsomafo Paulo ka de boaa saa Kristofo no? Wanka ankyerɛ wɔn kɛkɛ sɛ, “Monhyɛ mo gyidi den.” Hwɛ sɛnea ɔtwee wɔn adwene sii nokwasɛm ahorow bi so. Ɔkaa Yesu wusɔre no ho asɛm sɛ “wosiee no, na da a ɛto so abiɛsa no, wonyan no, sɛnea Kyerɛwnsɛm no ka no; na oyii ne ho adi kyerɛɛ Kefa ne afei dumien no. Ɛno akyi no, oyii ne ho adi kyerɛɛ anuanom bɛboro ahanum bere koro mu, na wɔn mu dodow no ara da so te ase.”—1 Korintofo 15:4-8.

Sɛ Kristofo a na wɔ hɔ no annye saa anwonwade no anni a, anka ɛbɛsɛe biribi anaa? Paulo toaa so sɛ: “Sɛ wɔannyan Kristo nso a, yɛn asɛnka yɛ kwa, na yɛn gyidi nso yɛ kwa.” (1 Korintofo 15:14) Enti Paulo faa asɛm no aniberesɛm. Ná ehia sɛ wohu asɛm no mu nokware sɛ Yesu nyanee anaa wannyan. Paulo de, na onim sɛ ɛyɛ nokware, efisɛ nnipa pii de wɔn ani hui, na na wɔda so te ase saa bere no. Ná saa nnipa no asi wɔn bo mpo sɛ wobewu mmom sen sɛ wɔbɛka sɛ nea wohui no nyɛ nokware.—1 Korintofo 15:17-19.

NEA ƐTO SO ABIƐSA: Nnipa a wonnim nhoma de, asɛm ketewa biara si a, wose ɛyɛ anwonwade. Nhomanimfo binom kyerɛ sɛ nea Bible ka sɛ ɛyɛ anwonwade no bi yɛ nneɛma a esisi daa no bi, na emfi Onyankopɔn biara. Wɔte nka sɛ Bible ka ho asɛm ɔkwan bi so a ɛbɛma nkurɔfo agye Bible no adi. Ɛyɛ nokware sɛ anwonwade ahorow no bi tumi yɛ nneɛma a ɛto nnipa daa—ebi ne asasewosow, nsanyare ne mmepɔw a edwiriw gu. Nanso wɔkeka saa a na wɔrebu wɔn ani agu ade titiriw bi so; ɛno ne bere pɔtee a Kyerɛwnsɛm no ka sɛ anwonwade no sii no.

Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, ebinom ka sɛ ɔhaw a edi kan a ɛbaa Egyptfo so maa Asubɔnten Nil dan mogya no, na ɛnyɛ mogya, na mmom dɔte kɔkɔɔ bi a mmoawa nketenkete bi wom na edwiriw beguu nsu no mu. Nanso Bible ka sɛ asubɔnten no danee mogya, na ɛnka sɛ ɛdanee dɔte kɔkɔɔ. Sɛ wotɔ wo bo ase kenkan Exodus 7:14-21 a, wubehu sɛ Mose maa Aaron de ne poma bɔɔ Asubɔnten Nil no mu ansa na anwonwade no resi. Ɛyɛ ampa sɛ dɔte kɔkɔɔ na ɛsesaa nsu no ani mpo a, Aaron poma no a ɔde bɔɔ mu ansa na ɛreba saa no kyerɛ sɛ ɛyɛ anwonwade!

Nhwɛso foforo nso ne bere a na Israelfo no rebɛhyɛn Bɔhyɛ Asase no so no; ɛno nso bere a anwonwade no sii no ho hia paa. Ná Yordan asubɔnten no ayiri asram so, enti na wontumi ntwa. Bible ka nea esii saa bere no kyerɛ yɛn: “Bere a wɔn a wɔso adaka no duu Yordan nsu no ano na asɔfo a wɔso adaka no de wɔn nan sii nsu no mu ara pɛ, nsu a efi atifi reba no nyinaa begyinaa faako. Ɛyɛɛ ɔtare kɛse wɔ akyirikyiri, wɔ Adam.” (Yosua 3:15, 16) Asasewosow anaa bepɔw bi a edwiriwii na ɛma ɛbaa saa anaa? Bible no nka. Nanso bere a asɛm no sii no ma yehu sɛ ɛyɛ anwonwade. Bere a Yehowa kae sɛ ɛbɛba no ara na ɛbae.—Yosua 3:7, 8, 13.

Enti anwonwade wɔ hɔ ampa? Bible ka sɛ anwonwade wɔ hɔ. Nea Bible ka no kyerɛ sɛ ɛnyɛ nneɛma a esisi daa no bi kɛkɛ. Yenim sɛ ɛnyɛ da biara na anwonwade sisi. Ɛnde wugye di sɛ ntease wom sɛ obi bɛka sɛ ɛrentumi nsisi?

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 9 Sɛ wunnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ a, hwɛ nhoma a wɔato din So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa? ne Was Life Created? anaa bisa nea ɔde saa nhoma yi maa wo no ma ɔnkyerɛkyerɛ mu nkyerɛ wo.

[Kratafa 5 mfonini]

Sɛ yɛrekɔ yɛn akyi mfe kakra a, anka nnipa pii bɛka sɛ ɛrentumi nyɛ yiye sɛ nnipa bɛtena wimhyɛn mu de dɔnhwerew biako pɛ atwa kilomita 900