Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 Momfa Nkyerɛkyerɛ Mo Mma

Adifudepɛ na Ɛsɛee Gehasi

Adifudepɛ na Ɛsɛee Gehasi

WO KƆN adɔ biribi da? * Sɛ ɛba saa a, ɛnyɛ nwonwa. Nanso sɛ worepɛ biribi a, ɛsɛ sɛ wudi atoro sɛnea ɛbɛyɛ a wo nsa bɛka anaa?— Dabi, ɛnsɛ sɛ woyɛ saa. Sɛ obi yɛ saa a, na ɔyɛ odifudepɛfo. Momma yɛnka obi a adifudepɛ sɛee no ho asɛm. Wɔfrɛ no Gehasi, na na ɔyɛ nokware Nyankopɔn Yehowa diyifo Elisa somfo.

Elisa ne Gehasi tenaa ase bɛyɛ mfe apem ansa wɔrewo Onyankopɔn Ba Yesu wɔ asase so. Yehowa de Elisa yɛɛ adwuma paa, efisɛ ɔmaa ɔyɛɛ anwonwade. Ɛho nhwɛso ni: Bible ka sɛ Siria sraani panyin bi tenaa ase a na ɔwɔ ɔyare bɔne a wɔfrɛ no kwata no bi. Obiara antumi ansa no yare, nanso Elisa de, ɔsaa no yare.

Sɛ Elisa de Onyankopɔn tumi sa nkurɔfo yare a, na onnye sika. Wunim nea enti a na Elisa nnye sika?— Efisɛ na onim sɛ ɛnyɛ n’ankasa ahoɔden na ɔde yɛɛ anwonwade no na mmom Yehowa tumi. Bere a ɔsaa Naaman yare no, Naaman ani gyee araa ma ɔpɛe sɛ ɔkyɛ Elisa sika ne dwetɛ ne ntade a ɛyɛ fɛ. Elisa annye biribiara, nanso na Gehasi nya akyɛde no a, anka ɔpɛ paa.

Naaman kɔe no, Gehasi dii n’akyi a wankra Elisa. Bere a Gehasi kɔtoo Naaman no, wunim asɛm a ɔka kyerɛɛ no?— ‘Elisa asoma me sɛ memmɛka nkyerɛ wo sɛ ahɔho baanu aba ne nkyɛn seesei ara. Ɔpɛ sɛ woma no ntade abien na ɔde ma mmarima no.’

Nanso na Gehasi redi atoro! Ná ahɔho biara mmaa hɔ. Nea enti a ɔkaa saa ne sɛ na ɔpɛ  sɛ Naaman de ntade a anka ɔde rema Elisa no ma no. Naaman de, na onnim sɛ Gehasi redi atoro, enti wampopo ne ti sɛ ɔde akyɛde no bɛma. Naaman de nneɛma no bi mpo kaa ho maa Gehasi. Wunim nea esii akyiri yi?

Bere a Gehasi san kɔɔ fie no, Elisa bisaa no sɛ: ‘Wokɔɔ he?’

Gehasi kae sɛ: ‘O mankɔ baabiara.’ Nanso na Yehowa ama Elisa ahu nea Gehasi yɛe no. Enti Elisa ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Ɛnyɛ saa bere yi na ɛsɛ sɛ wogye sika ne ntade!’

Gehasi kogyee sika ne ntade a ɛnyɛ ne dea. Enti Onyankopɔn maa Naaman kwata no baa Gehasi so. Dɛn na yebetumi asua afi asɛm yi mu?— Ade biako a yebetumi asua afi mu ne sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛbɔ yɛn tirim keka nsɛm a ɛnyɛ nokware.

Ɛyɛɛ dɛn na Gehasi bɔɔ ne tirim kekaa nsɛm a ɛnyɛ nokware?— Adifudepɛ nti na Gehasi yɛɛ saa. Ne kɔn dɔɔ biribi a ɛnyɛ ne dea, na odii atoro sɛnea ɛbɛyɛ a, ne nsa bɛka. Eyi ma onyaa yare bɔne bi a amfi ne so kosii sɛ owui.

Yebetumi aka sɛ ade foforo yɛɛ Gehasi a na ɛyɛ hu sen kwata no. Wunim ade koro?— Ɔhweree Onyankopɔn anim dom, enti na Onyankopɔn nnɔ no bio. Ɛnsɛ sɛ yɛyɛ biribiara a ɛbɛma asɛm a ɛte saa ato yɛn! Mmom no, momma yennwen afoforo ho, na sɛ yenya biribi a, yɛmma afoforo bi.

^ nky. 3 Sɛ worekenkan akyerɛ abofra na wuhu sɛ wɔasan baabi sei (—) a, ɛkyerɛ sɛ gyina na ma abofra no nkyerɛ n’adwene.