Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 BƐN ONYANKOPƆN

“Mmara no Mu Nea Ɛwɔ He na Edi Kan?”

“Mmara no Mu Nea Ɛwɔ He na Edi Kan?”

Dɛn na Onyankopɔn hwehwɛ fi yɛn hɔ? Onyankopɔn ahyehyɛ mmara buburigyaa ama yɛn sɛ yenni so anaa? Anigyesɛm ne sɛ, ɛnte saa. Sɛnea Onyankopɔn Ba, Yesu Kristo kae no, nea Onyankopɔn hwehwɛ fi yɛn hɔ no, yebetumi ahu wɔ asɛmfua biako pɛ mu.—Kenkan Marko 12:28-31.

Ma yɛnhwɛ nea ɛmaa Yesu kaa saa asɛm no. Nisan 11 no, Yesu kɔɔ asɔrefie hɔ kɔkyerɛkyerɛe. Saa bere no, na aka kakra ama wawu. N’atamfo bebisabisaa no nsɛm de sɔɔ no hwɛe. Nsɛm a wobisaa no no, ɔmaa wɔn mmuae a wɔannya asɛm biara anka bio. Afei obi bisaa Yesu sɛ: “Mmara no mu nea ɛwɔ he na edi kan?”—Nkyekyɛm 28.

Ná asɛmmisa no mu yɛ den. Saa bere no, na Yudafo binom gye akyinnye bisa sɛ Mose Mmara bɛboro 600 no, emu nea ɛwɔ he na edi kan anaa ɛho hia paa. Ebinom wɔ hɔ a, ɛbɛyɛ sɛ na wogye di sɛ mmara no nyinaa yɛ pɛ, enti na ɛyɛ mfomso sɛ obi bɛka sɛ mmara no bi hia sen bi. Mmuae bɛn na na Yesu de bɛma?

Yesu rema asɛm no ho mmuae no, wanka mmara biako pɛ ho asɛm na mmom abien. Odii kan kae sɛ: “Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.” (Nkyekyɛm 30; Deuteronomium 6:5) “Koma,” “adwene,” “ɔkra” ne “ahoɔden” nyinaa betumi akyerɛ ade biako. * Nea ɛkyerɛ ne sɛ: Ɛsɛ sɛ obi a ɔdɔ Yehowa de ne ho nyinaa, kyerɛ sɛ, n’adwene ne ne nipadua ne ne biribiara dɔ no. Bible ho nhoma bi ka sɛ: “Ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho nyinaa ma Onyankopɔn na yɛdɔ no.” Enti sɛ wodɔ Onyankopɔn a, da biara wobɛbɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ nea ɔpɛ.—1 Yohane 5:3.

Asɛm a ɛto so abien a Yesu kae ne sɛ: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” (Nkyekyɛm 31; Leviticus 19:18) Ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn ne dɔ a yɛbɛdɔ yɛn yɔnko no, biako nkɔ nnya biako. Yɛrentumi nnɔ Onyankopɔn bere a yɛnnɔ yɛn yɔnko. (1 Yohane 4:20, 21) Sɛ yɛdɔ yɛn yɔnko sɛ yɛn ho a, sɛnea yɛpɛ sɛ ɔyɛ yɛn no, saa ara na yɛbɛyɛ no. (Mateo 7:12) Onyankopɔn bɔɔ yɛn nyinaa wɔ ne suban so, enti sɛ yɛdɔ yɛn yɔnko a, ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn.—Genesis 1:26.

Nea Yehowa hwehwɛ fi n’asomfo hɔ nyinaa, yebetumi aka sɛ egyina asɛmfua biako so; ɛno ne ɔdɔ

Mmara a ɛka sɛ yɛnnɔ Onyankopɔn ne yɛn yɔnko no, adɛn nti na ɛho hia saa? Yesu kae sɛ: “Mmara biara nni hɔ a ɛyɛ kɛse sen eyinom.” (Nkyekyɛm 31) Yesu kaa saa asɛm no wɔ baabi foforo sɛ mmara a aka no nyinaa sɛn mmara abien yi so.—Mateo 22:40.

Ɛmmoro yɛn so sɛ yɛbɛyɛ Onyankopɔn apɛde. Nea Onyankopɔn hwehwɛ fi yɛn hɔ nyinaa, yebetumi aka sɛ egyina asɛmfua biako so; ɛno ne ɔdɔ. Nea Onyankopɔn hwehwɛ fi n’asomfo hɔ ara ne ɔdɔ, na ɛrensesa da. Nanso ɛnyɛ nea yɛde yɛn ano ka anaa sɛnea yɛte nka kɛkɛ na ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ ɔdɔ, na mmom yɛde nnwuma na ɛkyerɛ. (1 Yohane 3:18) Ɛnde sua sɛnea wubenya ɔdɔ ama ‘ɔdɔ’ Nyankopɔn Yehowa no, na sua sɛnea wobɛda saa ɔdɔ no adi.—1 Yohane 4:8.

March Bible Akenkan

Marko 9-16Luka 1-6

^ nky. 6 Bible mu no, wɔde asɛmfua “ɔkra” gyina hɔ ma nipa mũ no nyinaa. Enti “ɔkra” betumi akyerɛ “koma,” “adwene,” ne “ahoɔden” a wɔaka ne nyinaa abom.