Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae

Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae

Enti ɛyɛ ampa sɛ yebetumi ate Bible ase?

Bible yɛ Onyankopɔn Asɛm. Ɛte sɛ krataa a agya pa bi akyerɛw ama ne ba. (2 Timoteo 3:16) Yɛkenkan Bible a, yehu sɛ Onyankopɔn kyerɛ yɛn nea ɔpɛ sɛ yɛyɛ, nea enti a ɔma amumɔyɛ ho kwan, ne nea ɔbɛyɛ ama adesamma daakye. Nanso nyamesom akyerɛkyerɛfo akyinkyim Bible nkyerɛkyerɛ. Ama nnipa pii aba mu abu sɛ wɔrentumi nte Bible ase da.—Asomafo Nnwuma 20:29, 30.

Yehowa Nyankopɔn pɛ sɛ yehu ne ho nokwasɛm. Ɛno nti, wama yɛn nhoma a yebetumi akenkan ate ase.—Kenkan 1 Timoteo 2:3, 4.

Wobɛyɛ dɛn na woate Bible ase?

Bible a Yehowa de ama yɛn no, wama yɛn nea ɛbɛboa yɛn ama yɛate ase nso. Ɔsomaa Yesu sɛ ɔmmɛkyerɛkyerɛ yɛn. (Luka 4:16-21) Yesu boaa nnipa a wotiee no no ma wɔtee Bible no ase, na ɔtwee adwene sii kyerɛw nsɛm pii so.—Kenkan Luka 24:27, 32, 45.

Yesu de Kristofo asafo no sii hɔ na ama adwuma a ofii ase no akɔ so. (Mateo 28:19, 20) Ɛnnɛ, Yesu akyidifo anokwafo reboa nkurɔfo ama wɔahu nea Bible ka fa Onyankopɔn ho. Sɛ wopɛ sɛ wote Bible ase a, Yehowa Adansefo ani begye ho sɛ wɔbɛboa wo.—Kenkan Asomafo Nnwuma 8:30, 31.