Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 MOMFA NKYERƐKYERƐ MO MMA

Onyankopɔn Werɛ Tumi How—Dɛn na Yɛbɛyɛ Ama N’ani Agye?

Onyankopɔn Werɛ Tumi How—Dɛn na Yɛbɛyɛ Ama N’ani Agye?

Obi ayɛ wo ade ama ɛho yaw nti woadi awerɛhow asu pɛn? * Ebetumi aba sɛ ebi ato yɛn nyinaa pɛn. Nanso ɛtɔ da a ɛnyɛ yɛn nipadua mu na yɛte yaw no. Ebia na obi akeka wo ho nsɛm a ɛnyɛ nokware akyerɛ nkurɔfo. Sɛ wote biribi saa a, ɛremma wo werɛ nhow anaa?— Sɛ yɛkeka atosɛm fa Onyankopɔn ho a, ɔno nso ne werɛ how. Ma yɛnka eyi ho asɛm kakra na yɛnhwɛ nea yɛyɛ a Onyankopɔn werɛ renhow na mmom n’ani begye.

Bible kyerɛ sɛ nnipa bi kae sɛ wɔdɔ Onyankopɔn, nanso “wɔhow ne werɛ.” Wɔmaa Onyankopɔn “dii wɔn ho yaw” paa! Obiara ntumi nyɛ Yehowa Nyankopɔn biribi mma no nte yaw ne nipadua mu efisɛ ɔno ne ade nyinaa so Tumfoɔ no. Ɛnde, ma yɛnhwɛ nea enti a yɛantie Yehowa a, ɛma ne werɛ how.

Nnipa baanu a Yehowa dii kan bɔɔ wɔn asase so no ma odii yaw pii. Onyankopɔn de wɔn tenaa Paradise asase so baabi a wɔfrɛ hɔ “Eden turom.” Wunim saa nnipa baanu no?— Adam na odi kan, na akyiri yi Hawa nso bae. Ma yɛnhwɛ nea wɔyɛe a ɛmaa Yehowa dii awerɛhow.

Bere a Yehowa de wɔn kɔtenaa turom hɔ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnhwɛ turo no so. Ɔsan ka kyerɛɛ wɔn sɛ anka wɔnwo na wɔne wɔn mma no ntena turom hɔ daa. Nanso adebɔne bi sii ansa na Adam ne Hawa rewo. Wunim nea esii?— Ɔbɔfo bi maa Hawa yɛɛ Yehowa so asoɔden na akyiri yi Adam nso dii n’akyi. Ma yɛnhwɛ nea esii.

Ɔbɔfo no maa ɛyɛɛ sɛ ɔwɔ paa na ɔrekasa. Nea Hawa tee no yɛɛ no dɛ; ɔwɔ no ka kyerɛɛ no sɛ  ‘ɔbɛyɛ sɛ Onyankopɔn.’ Enti ɔyɛɛ nea ɔwɔ no kae no. Wunim nea ɔwɔ no kae sɛ ɔnyɛ?

Aduaba a na Yehowa aka akyerɛ Adam sɛ ɛnsɛ sɛ wodi bi no, Hawa dii. Ansa na Onyankopɔn rebɔ Hawa no, na waka akyerɛ Adam sɛ: “Turom ha nnua nyinaa, di bi. Na papa ne bɔne ho nimdeɛ dua no de, nni bi, efisɛ da a wubedi bi no, owu na wubewu.”

Ná Hawa nim saa mmara no. Nanso ɔkɔɔ so hwɛɛ dua no, na ohui sɛ “dua no ye sɛ wodi bi na wohwɛ a, ɛyɛ akɔnnɔ . . . Enti ɔtew n’aba no bi na odii.” Akyiri yi ɔmaa Adam aduaba no bi, “na odii.” Wohwɛ a, dɛn na ɛmaa Adam yɛɛ saa?— Ná Adam dɔ Hawa sen Yehowa. Enti ɔyɛɛ nea ɛbɛma Hawa ani agye, na ɛnyɛ nea ɛbɛma Onyankopɔn ani agye. Nanso Yehowa na ɛsɛ sɛ yetie no sen obi foforo biara!

Wokae ɔwɔ a ɔkasa kyerɛɛ Hawa no? Sɛnea obi betumi ama ayɛ sɛ akuaba rekasa no, saa ara na obi ma ɛyɛɛ te sɛ nea ɔwɔ no rekasa. Ɛnne a Hawa te fii ɔwɔ no hɔ no, na ɛyɛ hena nne?— Ná ɛyɛ “ɔwɔ dedaw no, nea wɔfrɛ no Ɔbonsam ne Satan” no.

Wunim nea wobɛyɛ ama Yehowa ani agye?— Nea wobɛyɛ ama Yehowa ani agye ne sɛ wobɛyere wo ho atie n’asɛm bere nyinaa. Satan aka sɛ obetumi ama obiara ayɛ nea ɔno pɛ. Enti Yehowa ka kyerɛ yɛn sɛ: “Me ba, yɛ onyansafo, na ma me koma ntɔ me yam, na manya asɛm abua nea otwa me mpoa.” Satan twa Yehowa mpoa anaa odi ne ho fɛw. Ose obetumi ama obiara biara agyae Yehowa som. Enti tie Yehowa na som no na ama n’ani agye! Wobɛyere wo ho atie no na woasom no anaa?

^ nky. 3 Sɛ worekenkan akyerɛ abofra na wuhu sɛ wɔasan baabi sei (—) a, ɛkyerɛ sɛ gyina na ma abofra no nkyerɛ n’adwene.