Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 ASƐM A ƐDA SO | SƐ NNIPA WU A NA ASA?

Nnipa Wu a na Ɛnsae!

Nnipa Wu a na Ɛnsae!

Ná Betania yɛ kurow ketewa bi a efi hɔ rekɔ Yerusalem yɛ kilomita 3. (Yohane 11:18) Aka nnansa ama Yesu awu no, awerɛhosɛm bi sii wɔ hɔ. Ná Lasaro yɛ Yesu adamfo a ɔbɛn no paa, na owuyare bɔɔ no mpofirim ma owui.

Yesu tee asɛm no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ Lasaro ada na ɔrekɔ akonyan no. (Yohane 11:11) Nanso Yesu asuafo no ante ase, enti ɔka kyerɛ wɔn pen sɛ: “Lasaro awu.”Yohane 11:14.

Yesu koduu Betania no, na wɔasie Lasaro ma adi nnanan, na ɔkaa awerɛkyekyesɛm kyerɛɛ Lasaro nuabaa Marta. Marta kae sɛ: “Sɛ wowɔ ha a, anka me nua no anwu.” (Yohane 11:17, 21) Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Mene owusɔre ne nkwa. Obiara a onya me mu gyidi no, sɛ owu mpo a, ɔbɛba nkwa mu.”Yohane 11:25.

“Lasaro, fi bra!”

Nea ɛbɛyɛ na Yesu akyerɛ sɛ saa asɛm no yɛ nokware no, ɔkɔɔ ɔboda no ho na ɔteɛɛm sɛ: “Lasaro, fi bra!” (Yohane 11:43) Ɔbarima a wawu no fi bae ma ɛyɛɛ nnipa a wogyinagyina hɔ no nyinaa nwonwa.

Ná Yesu adi kan anyan nnipa baanu dedaw. Biako ne Yairo babea no. Ansa na Yesu renyan no no, ɛno nso ɔkae sɛ abeawa no ada.Luka 8:52.

Yɛahu sɛ Lasaro ne Yairo babea no nyinaa, bere a wowui no, Yesu kaa wɔn ho asɛm te sɛ nea wɔada. Ntease wom sɛ ɔde owu totoo nna ho. Adɛn ntia? Sɛ obi da a, onnim nea ɛrekɔ so; obi da nso a, ɔnte brɛ na onhu amane. (Ɔsɛnkafo 9:5; hwɛ ɔfã a wɔato din  “Wunnim Owu a, Hwɛ Nna.”) Tebea a awufo wom no, na Yesu asuafo no te ase paa. Nhoma bi ka sɛ: ‘Yesu asuafo no de, na wonim sɛ gyidini  bi wu a, ɛkyerɛ sɛ ɔrekɔda adamoa mu ahome.’ *Encyclopedia of Religion and Ethics.

Eyi ma yenya awerɛkyekye sɛ, obi wu a, onkohu amane, na mmom ɔkɔda. Yehu no saa a, ɛsɛ sɛ yeyi owu ho suro biara fi yɛn mu.

“SƐ ƆBARIMA WU A, ƆBƐTENA ASE BIO?”

Edu anadwo a, obiara pɛ sɛ ɔda gye n’ahome, nanso hena na ɔpɛ sɛ ɔda saa ara a ɔnsɔre bio? Lasaro ne Yairo babea no sɔre baa nkwa mu bio. Dɛn na ɛma yehu sɛ awufo a wɔadeda wɔ adamoa mu no nso bɛsan aba nkwa mu bio?

Bere a tete agya Hiob tee nka sɛ ɔrebewu no, ɔno nso bisaa saa asɛm yi sɛ: “Sɛ ɔbarima wu a, ɔbɛtena ase bio?”Hiob 14:14.

Hiob no ara buaa n’asɛm no ka kyerɛɛ ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn sɛ: “Wobɛfrɛ, na me nso megye wo so. Efisɛ w’ani begyina wo nsa ano adwuma.” (Hiob 14:15) Ná Hiob gye di paa sɛ Yehowa ani agyina da a obenyan n’asomfo anokwafo aba nkwa mu bio no. Wohwɛ a, na ɛyɛ dae hunu bi na Hiob reso? Dabida.

Yɛhwɛ sɛnea Yesu nyanee awufo no a, ɛma yehu pefee sɛ Onyankopɔn na ɔmaa no owu so tumi. Bible ka mpo sɛ seesei Yesu kura “owu . . . safe.” (Adiyisɛm 1:18) Enti sɛnea Yesu ma woyii bo no fii Lasaro ɔboda no ano no, saa ara na obebuebue adamoa so.

Owusɔre ho bɔhyɛ no, Bible aka ho asɛm pii. Ɔbɔfo bi ka kyerɛɛ odiyifo Daniel sɛ: “Wobɛhome, na woasɔre abenya wo kyɛfa, nna no awiei.” (Daniel 12:13) Ná Sadukifo no yɛ Yuda man no akannifo, na na wonnye owusɔre ho bɔhyɛ no nni. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Moredi mfomso, efisɛ munnim Kyerɛwnsɛm anaa Onyankopɔn tumi.” (Mateo 22:23, 29) Ɔsomafo Paulo nso kae sɛ: “Mewɔ anidaso wɔ Onyankopɔn mu . . . sɛ bere bi bɛba a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre afi awufo mu.”Asomafo Nnwuma 24:15.

BERE BƐN NA AWUFO BƐSƆRE?

Bere bɛn na wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre afi awufo mu aba? Ɔbɔfo no ka kyerɛɛ ɔtreneeni Daniel sɛ “nna no awiei” no, ɔbɛsɔre aba. Ná Marta nso gye di sɛ “owusɔre mu, da a etwa to no,” ne nuabarima Lasaro bɛsɔre.Yohane 11:24.

Bible ma yehu sɛ saa “da a etwa to no” ne Kristo Ahenni no wɔ biribi yɛ. Paulo kyerɛwee sɛ: “Etwa sɛ [Kristo di] hene kosi sɛ Onyankopɔn de atamfo nyinaa begu ne nan ase. Ɔtamfo a otwa to a obetu no agu ne owu.” (1 Korintofo 15:25, 26) Eyi yɛ nnyinaso pa a ɛno nti ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae srɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni no mmra na n’apɛde nyɛ hɔ asase so. *

Ná Hiob nim paa sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ onyan awufo. Saa da no ba a, obetu owu agu, na saa bere no obiara mmisa bio sɛ, ‘Sɛ nnipa wu a na asa?’

^ nky. 8 Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase amusiei no, ɛkyerɛ “dabere.”

^ nky. 18 Sɛ wopɛ sɛ wusua Onyankopɔn Ahenni no ho ade pii a, hwɛ nhoma a wɔato din Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? no ti 8. Yehowa Adansefo na wotintimii. Wubehu nso wɔ www.ps8318.com.