Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Tetefo Baasa a Wɔpɛɛ Nokware Akyi Kwan—Ekosii Sɛn?

Tetefo Baasa a Wɔpɛɛ Nokware Akyi Kwan—Ekosii Sɛn?

“DƐN ne nokware?” Ɛno ne asɛm a Pontio Pilato bisaa Yesu. Saa bere no, na ɔno ne Yudea amrado, na na wɔde Yesu abrɛ no sɛ onni n’asɛm. (Yohane 18:38) Nanso, na ɛnyɛ nokware bi na Pilato repɛ ahu. Obisaa n’asɛm no de dii fɛw, na ɔde kyerɛe sɛ onnye nni sɛ nokware bi wɔ hɔ. Pilato ani so de, nea obi pɛ sɛ ogye di anaa nea wɔde akyerɛkyerɛ no biara yɛ nokware. Ɛnnɛ nso, nnipa pii kura saa adwene no; wonnye nni sɛ nokware bi wɔ hɔ.

Bɛboro mfe 500 ni no, na nkyerɛkyerɛ ayɛ bebree ma asɔrekɔfo a wɔwɔ Europe nhu emu nokware. Efi wɔn mmofraase no, na wɔakyerɛkyerɛ wɔn sɛ ɛba ɔsom mu a, nea pope bɛka no, ɛno ara ne no. Ná wɔde asɔre nkyerɛkyerɛ nso awura wɔn mu. Nanso afei de, na ɔsom mu nsakrae kɛse bi rekɔ so wɔ Europe ma akɔfa ntease foforo koraa aba. Dɛn na afei wobegye adi? Wɔbɛyɛ dɛn ahu emu nokware?

Saa bere no, na nkurɔfo repɛ nokware akyi kwan denneennen, * na na mmarima baasa bi nso ka ho. Dɛn na wɔyɛ de hwehwɛɛ nokware no? Ekosii sɛn? Ma yɛnhwɛ.

‘BIBLE NA ƐSƐ SƐ ƐKASA’

Ná Wolfgang Capito yɛ aberante a ɔmfa ne som nni agoru koraa. Osuaa ayaresa, mmara, ne nyamekyerɛ, na afe 1512 mu no, ɔbɛyɛɛ ɔsɔfo. Akyiri yi, ɔbɛyɛɛ Mainz sɔfopɔn no boafo.

Saa bere no, na ebinom rekyerɛkyerɛ nneɛma a ɛne Katolek gyidi nhyia. Mfiase no, Capito bɔɔ mmɔden sɛ obebu wɔn abam, nanso ɛyɛɛ kakra no, ɔno nso de n’ano toom sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ nsakrae wɔ asɔre nkyerɛkyerɛ mu. Dɛn na ɔyɛe? Abakɔsɛm kyerɛwfo James M. Kittelson kyerɛwee sɛ na Capito gye di sɛ, “Bible nkutoo na edi mu a yebetumi de yɛn ho ato so. Enti ɛno na ɛsɛ sɛ wɔde wɔn nkyerɛkyerɛ to ho de hwɛ sɛ ɛyɛ papa anaa.” Ɛno maa Capito hui sɛ asɔre nkyerɛkyerɛ bi wɔ hɔ a, ennyina Bible so. Ebi ne Awurade adidi ase paanoo ne nsa a wɔkyerɛ sɛ ɛdan Yesu nipadua ne ne mogya. Foforo nso ne ahotefo a wɔsom wɔn. (Hwɛ adaka a wɔato din “ Hwɛ sɛ Nsɛm no Te Saa Anaa.”) Afe 1523 no, Capito de ne dibea too hɔ na otu kɔtenaa Strasbourg. Saa bere no, na Strasbourg yɛ baabi a nnipa a wɔrepere ɔsom mu nsakrae no aboa wɔn ho ano.

Ofie a na Capito te mu wɔ Strasbourg no, ɛhɔ bɛyɛɛ baabi a wɔn a wonnye asɔre nkyerɛkyerɛ bi ntom no taa hyiam. Ɛbɛyɛ sɛ na wɔtaa susuw ɔsom ne Bible nkyerɛkyerɛ pii ho. Ná ebinom a wɔrepere ɔsom mu nsakrae no da so ara kyerɛkyerɛ Baasakoro no. Nanso, nhoma bi ka sɛ Capito “anka biribiara amfa Baasakoro nkyerɛkyerɛ no ho” wɔ ne  nhoma biara mu. (The Radical Reformation) Adɛn ntia? Capito ani gyee sɛnea Spain nyamekyerɛfo Michael Servetus de Bible bɔɔ Baasakoro nkyerɛkyerɛ gui no ho. *

Saa bere no, sɛ obi nnim na ɔkasa tia Baasakoro nkyerɛkyerɛ no a, wawu. Enti nea Capito hu faa Baasakoro ho no, wantumi amfa anto gua. Nanso, nsɛm a ɔkyerɛwee no kyerɛ sɛ onnya nhyiaa Servetus mpo, na n’adwenem ntene no wɔ Baasakoro ho. Akyiri yi, Katolek sɔfo bi kaa Capito ne ne mfɛfo ho asɛm sɛ, “wohyiaam kokoam susuw ɔsom mu ahintasɛm ahorow a emu dɔ paa no ho, na wɔpoo Baasakoro Kronkron no.” Mfe ɔha akyi no, sɛ wɔrebobɔ akyerɛwfo a wɔkasa tiaa Baasakoro din a, Capito din na na wɔde di kan.

Ná Wolfgang Capito gye di sɛ asɔre “no haw kɛse paa ne Kyerɛwnsɛm no a wɔde too nkyɛn”

Ná Capito gye di sɛ obi pɛ nokware a, Bible mu na ɛsɛ sɛ ɔkɔ. Ɔkaa sɛ: “Nkyerɛkyerɛ nyinaa mu no, Bible ne Kristo mmara na ɛsɛ sɛ yɛma ɛkasa.” Ɔbenfo Kittelson kyerɛ sɛ asɛm a na Capito taa ka ara ne sɛ, “nyamekyerɛfo no haw kɛse paa ne Kyerɛwnsɛm no a wɔde too nkyɛn.”

Afe 1526 no, aberante bi tenaa Capito fie a ne din de Martin Cellarius (wɔsan frɛ no Martin Borrhaus). Ɔno nso, na n’ani gye ho paa sɛ obesua Onyankopɔn Asɛm ahu mu nokware.

“NOKWARE NYANKOPƆN HO NIMDEƐ”

Martin Cellarius nhoma a wɔato din On the Works of God (Onyankopɔn Nnwuma) no asɛmti afã. Nhoma yi mu na ɔde asɔre nkyerɛkyerɛ totoo Bible no ho

Wɔwoo Cellarius afe 1499. Osuaa nyamekyerɛ ne nyansapɛ, na na waben mu paa. Akyiri yi, ɔkɔkyerɛɛ ade wɔ Wittenberg, Germany. Saa kurow no mu na ɔsom mu nsakrae a na nkurɔfo repere no hyɛɛ ase. Cellarius kɔɔ hɔ no, ankyɛ na ohyiaa Martin Luther ne nnipa foforo a wɔn nso pɛ sɛ wɔsesa asɔre nkyerɛkyerɛ no. Ná Cellarius bɛyɛ dɛn ahu sɛ nkyerɛkyerɛ bi yɛ nnipa nsusuwii anaa ɛyɛ nokwasɛm a ɛwɔ Bible mu?

Nhoma bi ka sɛ na Cellarius gye di sɛ, sɛ obi pɛ sɛ onya ntease a edi mu a, ɛsɛ sɛ “ɔyere ne ho kenkan Kyerɛwnsɛm no; ɔkenkan Kyerɛwsɛm bi nso a, ɛsɛ sɛ ɔde toto Kyerɛwsɛm afoforo ho. Afei, ɛsɛ sɛ onya adwensakra na ɔbɔ mpae.” (Teaching the Reformation) Bere a Cellarius hwehwɛɛ Bible mu no, dɛn na ohui?

Nea Cellarius hui no, ɔde kyerɛw nhoma wɔ July 1527 mu. Wɔato nhoma no din On the Works of God (Onyankopɔn Nnwuma). Ná asɔre no kyerɛ sɛ Awurade adidi ase no, sɛ obi de paanoo ne nsa no bi ka n’ano a, ɛdan Yesu nipadua ne ne mogya. Nanso Cellarius kyerɛwee wɔ ne nhoma no mu sɛ nneɛma a ɛtete saa no nyinaa yɛ amanne kɛkɛ. Ɔbenfo Robin Barnes ka sɛ, Cellarius nhoma no “kyerɛɛ Bible nkɔmhyɛ ase sɛ bere bi bɛba a, ɔhaw ne amanehunu bɛdɔɔso, nanso ɛno akyi no, nneɛma bɛsesa koraa ama biribiara akɔ yiye.”—2 Petro 3:10-13.

Cellarius kaa nsɛm pii, na biako a ɛho hia paa ne onii a Yesu Kristo yɛ. Wanhyɛ da ankasa antia Baasakoro no, nanso ɔkyerɛe sɛ nsonsonoe da “Ɔsoro Agya” no ne “ne Ba Yesu Kristo” ntam. Ɔkyerɛwee sɛ ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn wɔ mma ne anyame pii a wɔhyɛ n’ase, na Yesu yɛ wɔn mu biako.—Yohane 10:34, 35.

Robert Wallace kyerɛwee wɔ ne nhoma bi mu sɛ, sɛnea Cellarius kyerɛw Baasakoro ho asɛm wɔ ne nhoma mu no, ɛnyɛ saa na na nkurɔfo kyerɛw ho asɛm saa bere no. * (Antitrinitarian Biography—1850) Ɛno nti, nhomanimfo pii hu Cellarius sɛ obi a ɛbɛyɛ sɛ ɔpoo Baasakoro nkyerɛkyerɛ no.  Wɔka sɛ, wɔn a Onyankopɔn faa wɔn so “de nokware Nyankopɔn ne Kristo ho nimdeɛ duaa nkurɔfo mu” no, Cellarius yɛ wɔn mu biako.

ONYAE A, ANKA WƆSAN KƆFAA DEDAW NO

Bɛyɛ afe 1527 mu no, nyamekyerɛfo Johannes Campanus a na wobu no sɛ ɔyɛ nhomanimfo kukudam no kɔtenaa Wittenberg. Bere a ɔkɔɔ hɔ no, na wɔn a wɔrepere ɔsom mu nsakrae te sɛ Martin Luther no nkyerɛkyerɛ agye agua wɔ hɔ. Nanso Campanus annye Martin Luther nkyerɛkyerɛ no bi antom. Ɛbaa no sɛn?

Ná asɔre no kyerɛkyerɛ sɛ Awurade adidi ase paanoo ne nsã no dan Yesu nipadua ne ne mogya. Martin Luther nso kyerɛkyerɛe sɛ Yesu nipadua no ba bɛka adidi no ho mmom. Nanso, Campanus annye emu biara anni. Nhomakyerɛwfo André Séguenny ka sɛ, na Campanus gye di sɛ, “adidi no ase Paanoo no nsesa nyɛ biribi foforo biara, na mmom ɛyɛ sɛnkyerɛnne a egyina hɔ ma Kristo nipadua.” Afe 1529 mu no, wɔyɛɛ nhyiam bi wɔ Marburg de dwennwenee saa nsɛm no ho, nanso wɔamma Campanus kwan amma wamfa nea wasua afi Kyerɛwnsɛm mu no anto gua. Efi ɛno so no, nnipa a wɔne no repere ɔsom mu nsakrae wɔ Wittenberg no ne no ammɔ bio.

Johannes Campanus kaa nsɛm bi wɔ ne nhoma a wɔato din Restitution (San Kɔfa) mu de kyerɛe sɛ onnye Baasakoro nkyerɛkyerɛ no ntom

Ade a ɛhyɛɛ wɔn abufuw koraa ne adwene a na Campanus kura wɔ Agya, Ɔba ne honhom kronkron ho no. Afe 1532 mu no, Campanus kyerɛw nhoma bi a wɔfrɛ no Restitution (San Kɔfa). Ɔkaa wɔ nhoma no mu sɛ, ɛsono Yesu, ɛnna ɛsono n’Agya. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ, sɛnea okunu ne ɔyere yɛ “ɔhonam koro” no, saa ara na Agya no ne Ɔba no nso “yɛ biako.” Wɔn adwene hyia, nanso ɛsono wɔn mu biara. (Yohane 10:30; Mateo 19:5) Campanus kaa sɛ, Kyerɛwnsɛm no mpo yɛ ntotoho saa de kyerɛ sɛ Ɔba no hyɛ Agya no ase. Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: “Ɔbea nso ti ne ɔbarima; Kristo nso ti ne Onyankopɔn.”—1 Korintofo 11:3.

Honhom kronkron no nso ɛ? Ɛno nso, Campanus twee adwene sii Bible no so sɛ: “Biribiara nni Kyerɛwnsɛm mu a ɛka sɛ Honhom Kronkron no ka Baasakoro bi ho . . . Onyankopɔn honhom no di nneɛma ho dwuma, kyerɛ sɛ, ɛyɛ ne tumi a ɔde hyɛ biribiara ase de wie.”—Genesis 1:2.

Luther kae sɛ Campanus yɛ obi a ɔka abususɛm, na ɔyɛ Onyankopɔn Ba no tamfo. Onipa foforo a na ɔno nso repere nsakrae kae sɛ wonkum no. Nanso ammɔ Campanus hu koraa. Nhoma bi ka sɛ: “Ná Campanus gye di sɛ, ntease a na asomafo no wɔ ne nea Bible ka fa Onyankopɔn ne nnipa ho no, Asɔre no de ato nkyɛn. Ɛno na ama wɔafom kwan.”—The Radical Reformation.

Campanus anyɛ n’adwene sɛ ɔbɛtew asɔre biara. Ɔkae sɛ wakyinkyin “mate-me-ho akuw ne wɔn a wɔapo asɔre nkyerɛkyerɛ nyinaa so” de apɛ nokware akyi kwan, nanso ɔkwa. Enti na ɔhwɛ kwan sɛ Katolek Asɔre no bɛsan akɔfa nokware Kristosom nkyerɛkyerɛ dedaw no. Nanso, akyiri yi, Katolek mpanyimfo kyeree Campanus, na ɔkɔdaa afiase bɛyɛ mfe 20. Abakɔsɛm akyerɛwfo gye di sɛ ebia owui wɔ afe 1575 mu.

 “MONSƆ ADE NYINAA NHWƐ”

Esiane sɛ Capito, Cellarius, Campanus, ne afoforo yeree wɔn ho suaa Bible nti, ɛboaa wɔn ma wohuu nokware no. Ɛwom, ɛnyɛ ntease a wonyae nyinaa na ɛne Bible hyia pɛpɛɛpɛ, nanso ahobrɛasefo yi hwehwɛɛ Kyerɛwnsɛm no mu de pɛɛ nokware akyi kwan. Nokware a wohui nso, wosoo mu yiye.

Ɔsomafo Paulo hyɛɛ ne nuanom Kristofo nkuran sɛ: “Monsɔ ade nyinaa nhwɛ; munkura nea eye mu pintinn.” (1 Tesalonikafo 5:21) Nea ɛbɛboa wo ma woahwehwɛ nokware no, Yehowa Adansefo atintim nhoma bi a n’asɛmti fata paa. Wɔato din Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? Sɛ wopɛ sɛ wunya bi a wuntua hwee a, yɛsrɛ wo, hwɛ nhoma yi kratafa 16 anaa kɔ yɛn wɛbsaet, jw.org/tw.

^ nky. 4 Hwɛ January 15, 2012 Ɔwɛn-Aban no kratafa 7-8, nkyekyɛm 14-17. Yehowa Adansefo na wotintimii.

^ nky. 8 Hwɛ adaka a wɔato din “Baasakoro no mu Mfomso Ahorow.” Ɛwɔ Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ nhoma no kratafa 322. Yehowa Adansefo na wotintimii.

^ nky. 17 Robert Wallace nhoma no ka sɛ, Cellarius rekyerɛw Kristo ho asɛm a, na ɔkyerɛw no “deus” (onyame), na ɛnyɛ “Deus” (Onyankopɔn).”