Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 SUASUA WƆN GYIDI | YOSEF

“Ɛbɛyɛ Dɛn na Matumi Adi Amumɔyɛsɛm a Ɛte Sɛɛ?”

“Ɛbɛyɛ Dɛn na Matumi Adi Amumɔyɛsɛm a Ɛte Sɛɛ?”

FA W’ANI bu sɛ Yosef nam Nil asuasu ho. Mframa a emu yɛ hyew rebɔ fa ne ho na afifide huamhuam nso agye hɔ nyinaa. Aguadifo a wɔne Yosef nam no, na wɔn yoma ka wɔn ho, na wɔfi Egypt kurow baako so rekɔ foforo so. Nsu a wɔnam ho no, ɛwom ara a, na nnomaa a wɔnenam mu no bi atu kɔ wim. Ɛbɛyɛ sɛ Yosef ani kɔtɔɔ ne kurom Hebron a ɛda bepɔw so no. Seesei deɛ ɔmmɛn hɔ baabiara, na biribiara ayɛ no foforo.

Afei hwɛ sɛ nkontromfi rehurihuri yɛ dede wɔ nnua so. Sɛnea mmoa no reyɛ tweetwee a Yosef nte ase no, saa nso na baabi a wɔnam no ɔnte ɛhɔfo kasa. Kasa no yɛɛ Yosef asom foforo koraa, nanso ɔyɛ dɛn ara a, sua ara na ɛsɛ sɛ ɔsua. Seesei deɛ ɔnni anidaso biara sɛ ɔbɛsan akɔ ne kurom.

Ná Yosef nnyinii pii. Wanya ara ne mfe 17 anaa 18, nanso nea ɔfaa mu no, mpanyimfo bebree mpo ntumi. Ná Yosef yɛ ne papa dɔba. Ɛho ahoɔyaw nti, anka ne nuanom rekum no. Wannya ankum no deɛ nso wɔtɔn no maa aguadifo. (Genesis 37:2, 5, 18-28) Seesei deɛ aguadifo no atwa akwansin pii na wɔreyɛ aduru baabi a wɔrekɔ. Wɔn ani agye efisɛ ɛrenkyɛ koraa wɔbɛtɔn Yosef ne wɔn nneɛma a wɔde nam no anya mfaso bum. Dɛn na ɛmaa Yosef tumi faa ɔhaw yi nyinaa mu nso n’abam ammu? Yɛn nso, yɛbɛyɛ dɛn agyina ɔhaw ne dadwen a ɛnnɛ yɛrehyia no ano na yɛn gyidi ansɛe? Yosef atwa sa pa bi ama yɛn a ɛbɛtumi aboa yɛn kɛse.

“YEHOWA DII YOSEF AKYI”

“Wɔde Yosef kɔɔ Egypt, na Egyptni Potifar a ɔyɛ Farao mpanyimfo no mu biako, awɛmfo so panyin no, tɔɔ no fii Ismaelfo a wɔde no kɔe no nkyɛn.” (Genesis 39:1) Asɛm tiatia yi ma yɛhu animguase a ɛtoo aberantewa no; wɔsan tɔn no sɛ agyapade! Nea ɔtɔɔ no no, na ɔyɛ Egypt ahemfie panyin. Wo deɛ twa ho mfonini sɛ aguadifo ne nnipa foforo ayɛ kurom manyamanya, na Yosef di ne wura akyi. Ná wɔrekɔ baabi a wɔde Yosef rekɔtena.

Baabi a wɔde Yosef kɔe no, na ɛnte sɛ baabi a ɔfi no koraa! Abusua a ɔfi mu no, na wɔyɛ nguanhwɛfo a wɔdi atutena. Enti ntamadan mu na na wɔte. Egypt ha nso deɛ adan akɛse a wɔaka ho hyerɛnn na na asikafo te sɛ Potifar tete mu. Wɔn a wɔtutu fam hwehwɛ tete nneɛma kyerɛ sɛ, tete Egyptfo no, na wɔpɛ turo a wɔagye ho aduadua nnua ne nhwiren pii wom. Ná nsu nso deda nturo no mu a wɔaduadua afifide ahorow wɔ ho. Ɛtɔ da bi a na wɔtumi si fie wɔ turo no mfinimfini, na wɔayɛ abrannaa bi a wɔtena so gye mframa. Adan no nso, na wɔtumi yɛ mpomma a ɛwowɔ soro na ama mframa atumi aba mu. Afei nso na adan pii hyehyɛ mu; ebi yɛ adididan akɛse, na ebi nso yɛ baabi a nkoa tena.

Afɛfɛde a Yosef hui no maa ne tirim yɛɛ no dɛ anaa? Biribiara nkyerɛ saa. Ebi mpo a ɔtee nka sɛ watɔ mu. Egyptfo kasa oo, wɔn ahosiesie oo, ne nyinaa yɛɛ no foforo koraa. Wɔn som koraa deɛ na ɛkyɛn. Ná wɔsom anyame bebree,  na na wɔn ani gye nkonyaayi ne asumansɛm ho paa. Afei nso na wɔkura owu ho atetesɛm mu denneennen. Nanso, ade baako bi boaa Yosef, enti ankonamyɛ anhyɛ ne so. Bible ka sɛ: “Yehowa dii Yosef akyi.” (Genesis 39:2) Ɛno nti yɛbɛtumi aka sɛ Yosef fi ne koma mu bɔɔ Onyankopɔn mpae, efisɛ Bible ka sɛ: “Yehowa bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa.” (Dwom 145:18) Dɛn bio na Yosef yɛe a ɛmaa ɔbɛn ne Nyankopɔn?

Yosef ammotow. Mmom no, adwuma biara a wɔde hyɛɛ ne nsa no, ɔyeree ne ho yɛɛ no yiye. Yehowa nso hwɛɛ ho hyiraa no. Ɛno nti, ankyɛ na ɔnyaa ne wura Potifar anim dom. Potifar huu sɛ Yosef Nyankopɔn Yehowa rehyira aberantewa no. Saa nhyira no bi kaa Potifar ma ɔnyaa ahode no bi kaa ho. Nkakrankakra, Potifar bɛgyee Yosef dii. Enti ɔde nea ɔwɔ nyinaa hyɛɛ aberante mmɔdenbɔfo yi nsa.Genesis 39:3-6.

Yosef atwa sa pa ato hɔ ama mmerante ne mmabaa a wɔsom Onyankopɔn nnɛ. Wɔkɔ sukuu mu a, ebia wɔbɛte nka sɛ wɔatɔ mu, efisɛ nnipa dodow no ara de wɔn ho hyehyɛ asumansɛm anaa ahonhonsɛm mu. Afei nso, nkurɔfo pii nni anidaso biara wɔ asetena mu. Sɛ tebea saa na wowom a, kae sɛ Yehowa nsesae. (Yakobo 1:17) Ɛnnɛ nso, sɛ obi di nokware ma Onyankopɔn na ɔyɛ nsi wɔ biribiara a ɔyɛ mu a, ɔbɛtaa n’akyi. Nnipa a wɔyɛ saa no, Yehowa hyira wɔn pii, na saa ara na ɔbɛhyira wo nso.

Bible ka sɛ Yosef nyin bɛyɛɛ “ɔbarima hoɔfɛfo fi soro besi fam.” Saa asɛm no ma yɛhu sɛ na asɛm da Yosef so, efisɛ obi ho yɛ fɛ a, nkurɔfo mma ɔmfa ne ho nni.

Potifar yere huu sɛ aberantewa Yosef som ne wura yiye

“WAMPENE”

Ná Yosef mpɛ bɔne, nanso Potifar yere deɛ na ɛnyɛ ɛhɔ mpo na ɔhwɛ. Bible ka sɛ: “[Yosef] wura yere de n’ani sii Yosef so na ɔkae sɛ: ‘Wo ne me mmɛda.’” (Genesis 39:7) Ɛyɛɛ Yosef sɛ ɔmpene so mma ɔbaa bosonsonni no anaa? Yɛnim sɛ na Yosef yɛ aberantewa, na Bible anka sɛ akɔnnɔ ne atenka a mmabun wɔ no, ɔno deɛ na ɔnni bi. Potifar yere nso, Bible anka sɛ ne ho nyɛ fɛ. Ahemfie panyin a ɔwɔ sika ne tumi saa yere deɛ, na ɔbɛyɛ ɔbaa hoɔfɛfo a wɔkorɔkorɔ no. Wohwɛ a ɛbaa Yosef tirim sɛ ɔbɛtumi ne ne wura yere ayɛ biribi asie ne wura? Sɛ Yosef ne no bu saa bra no a, ebia anka ɔbɛnya ahonyade. Wohwɛ a, Yosef de n’adwene kɔɔ so anaa?

Nea ɛwom ne sɛ, yɛrentumi nhu biribiara a ɛkɔɔ so wɔ Yosef adwenem. Nanso, asɛm a ɔka  kyerɛɛ ɔbaa no ma yɛhu nea na ɛwɔ ne koma mu. Ɔkaa sɛ: “Hwɛ, me nti, me wura nhwɛ nea ɛrekɔ so wɔ fie ha, na ɔde biribiara a ɔwɔ ahyɛ me nsa. Obiara nni hɔ a ɔyɛ kɛse sen me wɔ fie ha, na ɔmfa biribiara nkame me gye wo, efisɛ woyɛ ne yere. Enti ɛbɛyɛ dɛn na matumi adi amumɔyɛsɛm a ɛte sɛɛ na mayɛ bɔne atia Onyankopɔn?” (Genesis 39:8, 9) Fa w’ani bu sɛ aberantewa Yosef ani abere reka saa asɛm no. Wampɛ sɛ ɔde n’adwene mpo bɛkɔ adebɔne a ɛte saa so. Adɛn ntia?

Asɛm a Yosef kae no ma yɛhu sɛ na ne wura gye no di paa. Potifar de ne fie nneɛma nyinaa hyɛɛ ne nsa, na wamfa biribiara ankame no gye ne yere nko ara. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔyi ne wura bonniayɛ? Yosef annwene ho da sɛ ɔbɛyɛ biribi saa. Nanso ɛnyɛ ɛno mpo na na ɛhaw no kɛse. Nea na ɔkyi koraa ne sɛ ɔbɛyɛ bɔne atia ne Nyankopɔn Yehowa. Ná Yosef awofo akyerɛ no Onyankopɔn adwene wɔ aware ho. Yehowa na ɔhyehyɛɛ aware a ɛdi kan, na ɔkyerɛɛ sɛnea ɔpɛ sɛ aware yɛ. Ɛne sɛ, ɛsɛ sɛ okunu ne ɔyere yɛ “ɔhonam koro” na wɔtena bom. (Genesis 2:24) Wɔn a na wɔpɛ sɛ wɔbu saa nhyehyɛe no so no, sɛ wɔyɛɛ saa a, anka Onyankopɔn mma wɔmfa wɔn ho nni. Yosef papa nana Abraham sei, bere bi ɛkaa dɛ anka obi refa ne yere. Anka biribi saa reyɛ ato Yosef papa maame nso. Mmarima a na wɔpɛ sɛ wɔyɛ saa no, anka asɛm reyɛ ato wɔn. (Genesis 20:1-3; 26:7-11) Yosef suaa biribi fii saa asɛm no mu, na ɔbɔɔ ne tirim sɛ ɔde bɛbɔ ne bra.

Asɛm a Yosef kae no anyɛ Potifar yere dɛ. Akoa saa deɛ, ɛyɛ dɛn na ɔtumi gyina ɔno Potifar yere anim ka sɛ ɔne no renna? Nea ɛsɛee asɛm no koraa ne sɛ, ɔtumi mpo ka sii n’anim sɛ ade a ɔpɛ sɛ wɔyɛ no yɛ “bɔne.” Ne nyinaa akyi no, Potifar yere annyae. Ebia ɔtee nka sɛ Yosef abu no animtiaa, enti ɔyɛe ara sɛ ɔbɛma Yosef apene so ama no. Ɔyɛɛ n’ade te sɛ Satan. Bere a ɔsɔɔ Yesu hwɛe a Yesu ampene no, wannyae. Mmom, ɔtwɛn “kosii bere foforo.” (Luka 4:13) Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo nyinaa si wɔn bo sɛ sɔhwɛ biara a ɛbɛba wɔn akwan mu no, wɔbɛgyina pintinn. Saa pɛpɛɛpɛ na Yosef yɛe. Bible se “da biara” na ɔbaa no guan ne ho, nanso “wampene.” (Genesis 39:10) Potifar yere nso deɛ, na ɔnte gyae.

Ɔtwɛn maa fie hɔ nkoa nyinaa puei. Ná ɔnim sɛ nea ɛbɛyɛ biara Yosef bɛba dan mu abɛyɛ adwuma. Enti Yosef wuraa mu ara pɛ na ɔsɔɔ ne mu kaa sɛ: “Wo ne me mmɛda!” Ntɛm ara na Yosef gyee ne ho. Nanso, Potifar yere sɔɔ n’atade mu. Yosef gyaw atade no maa no, na oguan fii hɔ!Genesis 39:11, 12.

Ɛno ma yɛkae asɛm a honhom kaa ɔsomafo Paulo ma ɔkyerɛwee no. Ɔkaa sɛ: “Munguan aguamammɔ.” (1 Korintofo 6:18) Anokwa, Yosef atwa sa pa ama nokware Kristofo nyinaa! Ebia abrabɔ bɛma yɛakɔpue wɔn a wɔmfa Onyankopɔn mmara nyɛ hwee mu. Nanso ɛba saa a, ɛno nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛsuasua wɔn subammɔne no. Ebia ɛbɛma yɛahwere biribi deɛ, nanso ɛsɛ sɛ yeguan.

Yosef sei, bɔne a wannyɛ no kɔfaa nsɛm pii bae. Potifar yere we hinam so sɛ ɔbɛyɛ no biribi atua ka. Ɔhyɛɛ ase teɛteɛɛm maa fie hɔ nkoa no bae. Ɔtwaa asɛm too Yosef so sɛ ɔpɛ sɛ ɔto no mmonnaa, nanso wateɛteɛm ama waguan. Ɔde Yosef atade a ɛkaa ne nsam no guu hɔ twɛn ne kunu sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛnya biribi de ayɛ adanse. Potifar bɛduu fie no, ne yere san sii atosɛm no so bio, na ɔkae nso sɛ nea aba no nyinaa fi ne kunu, efisɛ ɔno na ɔkɔfaa saa ɔnanani no baa fie hɔ. Dɛn na Potifar nso yɛe? Bible ka sɛ: “Ne bo fuwii,” na ɔma wɔde Yosef kɔtoo afiase.Genesis 39:13-20.

“WƆDE NKƆNSƆNKƆNSƆN GUU NE NAN”

Yɛnhyɛ da nnim sɛnea na Egyptfo afiase te saa bere no. Wɔn a wɔtutu fam hwehwɛ tete nneɛma akɔhu baabi a tete no na saa afiase no bi wɔ. Ɛyɛ adan akɛse a nneduadan a emu yɛ sum hyehyɛ ase. Akyiri yi a Yosef reka afiase no ho asɛm no, ɔfrɛɛ hɔ “amoa” anaa amena. Asɛmfua a ɔde kaa n’asɛm no kyerɛ baabi a ɛhɔ yɛ tumm a ɛnsɛ sɛ yɛde nnipa to. (Genesis 40:15) Bible ka wɔ Nnwom nhoma no mu sɛ  wɔyɛɛ Yosef ayayade pii. Ɛka sɛ: “Wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guu ne nan, na wɔde dade kyekyeree no.” (Dwom 105:17, 18) Egyptfo no, na wɔtumi de nneduafo nsa gu wɔn akyi de nkɔnsɔnkɔnsɔn gu wɔn abasa; ebi wɔ hɔ nso a, na wɔtumi de dade sɛn wɔn kɔn mu te sɛ kɔnmuade. Hwɛ sɛ Yosef nyɛɛ hwee na wɔredi n’ani sei. Ɛbɛyɛ sɛ ɔteetee paa.

Nea ɛhaw adwene koraa ne sɛ, nea ɛtoo Yosef no, na ɛnyɛ ɛnnɛ ne kyena asɛm. Bible ka sɛ Yosef kɔɔ so ‘daa afiase hɔ.’ Ɔdii mfe pii wɔ saa beae tantan no. * Ná Yosef nnim da a wɔbɛyi no. Ɛyɛɛ te sɛ nea anidaso asa, nanso wampa abaw. Dɛn na ɛboaa no?

Bible ma yɛnya asɛm no ho mmuae a ɛka koma. Ɛka sɛ: “Yehowa kɔɔ so ara dii Yosef akyi, na oyii n’adɔe kyerɛɛ no.” (Genesis 39:21) Wɔn a wɔsom Yehowa no, sɛ wɔde wɔn to afiase a emu yɛ sum oo, wɔgu wɔn mpokyerɛ oo, wɔyɛ wɔn dɛn oo, biribiara nni hɔ a ɛbɛtumi asi ɔdɔ a Yehowa wɔ ma wɔn no kwan. (Romafo 8:38, 39) Fa w’ani bu sɛ Yosef fi ne komam reka n’akosɛm kyerɛ ne soro Agya wɔ mpaebɔ mu. Afei yɛ ho mfonini wɔ w’adwenem sɛ “awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn” no atie ne sufrɛ ama wanya asomdwoe. (2 Korintofo 1:3, 4; Filipifo 4:6, 7) Dɛn bio na Yehowa yɛ maa Yosef? Bible ka sɛ ɔkɔɔ so hyiraa no ma “onyaa ɔpanyin a ɔhwɛ afiase hɔ no anim dom.”

Ɛbɛyɛ sɛ na wɔma nneduafo no adwuma wɔ afiase hɔ, na ɛhɔ nso nea Yosef yɛe nti, Yehowa hyiraa no. Adwuma biara a wɔde maa no no, ɔyeree ne ho yɛe, na ɔgyaee nea aka maa Yehowa. Yehowa nhyira nti, na nkurɔfo bu no wɔ afiase hɔ, na na wɔgye no di sɛnea na ɛte wɔ Potifar fie no. Bible ka sɛ: “Afei ɔpanyin a ɔhwɛ afiase hɔ no de nneduafo a wɔwɔ afiase hɔ nyinaa hyɛɛ Yosef nsa, na ɔno na na ɔhwɛ ma wɔyɛ biribiara wɔ hɔ. Na biribiara a ɛhyɛ ne nsa no, afiase panyin no anhaw ne ho wɔ ho, efisɛ na Yehowa di Yosef akyi, na nea ɔyɛe biara, Yehowa hwɛ ma ɛyɛɛ yiye.” (Genesis 39:22, 23) Bere a Yosef huu sɛ Yehowa hwɛ ne so no, hwɛ sɛnea ne koma bɛtɔ ne yam afa!

Yosef yeree ne ho yɛɛ adwuma wɔ afiase, na Yehowa nso hyiraa no

Ɛnyɛ da biara na nneɛma bɛkɔ yiye ama yɛn wɔ asetena mu. Ɛtɔ da bi mpo a, nkurɔfo ne yɛn renni no yiye, nanso sɛ ɛba saa a, yɛbɛtumi asua biribi afi Yosef gyidi mu. Sɛ yɛkɔ so bɔ Yehowa mpae yɛ n’apɛde, na yɛyere yɛn ho yɛ adepa a, ɛbɛma Yehowa ahyira yɛn. Yosef fam no, na Yehowa wɔ nhyira pii ma no. Ɔwɛn-Aban foforo bɛba abɛka saa nhyira no ho asɛm.

^ nky. 23 Bible kyerɛ sɛ bere a wɔtɔn Yosef kɔɔ Potifar fie no, na wanya mfe 17 anaa 18 bi pɛ. Ɔtenaa hɔ ara kɔpem sɛ ɔnyinii. Wɔyii no fii afiase no, na wadi mfe 30.Genesis 37:2; 39:6; 41:46.