Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO | NYANSAHU ABƐSI BIBLE ANANMU ANAA?

Ɛnyɛ Biribiara na Nyansahufo Tumi Hu

Ɛnyɛ Biribiara na Nyansahufo Tumi Hu

Nnansa yi, kuo bi a wɔnnye Onyankopɔn nni akyerɛw nwoma pii akyekyɛ de rebɔ dawuru sɛ Onyankopɔn nni hɔ. Nnipa pii adwene akɔ saa nwoma ahorow yi so, na akyinnyegye a akɔfa aba deɛ, ɛnyɛ asɛm ketewa. Wei nti, amemene ho nimdefo David Eagleman ka sɛ: “Asɛm no yɛ akenkanfo bi ahi . . . na wɔte nka sɛ nyansahufo adwene yɛ wɔn sɛ wɔnim biribiara.” Afei ɔtoaa so sɛ: “Nyansahufo ankasa deɛ, bere nyinaa wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ nhwehwɛmu na wɔahu nneɛma foforo.”

Ɛyɛ nokware, efi tete bɛsi nnɛ, nyansahufo a wɔaben paa atumi anya abɔde ho nsɛmmisa pii a na ɛkyere wɔn adwene no ho mmuaeɛ. Nanso, ebinom yɛɛ mfomso akɛse akɛse bere a wɔreyɛ nhwehwɛmu no. Sɛ yɛka nyansahufo akukudam a wɔaba pɛn a, yɛntumi nyi Isaac Newton mfi mu. Ɔkyerɛɛ sɛ, tumi a ɛtwe ade ba fam no na ɛka okyinnsoromma, nsoromma, ne nsoromma kuo ahorow no bom ma ɛyɛ amansan no. Ɔno na ɔyɛɛ biribi a wɔfrɛ no calculus; ɛno na wɔgyinaa so yɛɛ kɔmputa, wimhyɛn, ne nuklea ho nneɛma. Nanso, Newton san bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛhwɛ nsoromma mu, na wafa ahonhonsɛmdi so ayi nkonyaa ama nnade bi adan sika kɔkɔɔ.

Mfe bɛboro 1,500 ansa na Newton reba no, na Greece nsoromma ho nimdefo a wɔfrɛ no Ptolemy de ani kann ayɛ nsoromma ho nhwehwɛmu. Sɛ edu anadwo a, na ɔde n’ani di okyinnsoromma ahorow no akyi wɔ wim, na na ɔnim sɛnea wɔyɛ asase mfonini yie. Nanso na ɔgye di sɛ asase na ɛyɛ amansan no mfinimfini. Okyinnsoromma ho nimdefo Carl Sagan kyerɛw faa Ptolemy ho sɛ: “Ná n’asɛm no yɛ atoro, nanso nkurɔfo gye toom bɛyɛ mfe 1,500. Wei kyerɛ sɛ obi a ɔwɔ biribi ho nimdeɛ paa mpo no, ɛnyɛ ne nsɛm nyinaa na yɛbɛtumi de yɛn ho ato so.”

Ɛnnɛ nso, ɔhaw koro no ara na nyansahufo rehyia. Enti bere bi bɛba a wɔbɛhu amansan no ho nsɛm nyinaa? Ɛwom, nyansahu anya nkɔanim na yɛanya so mfaso deɛ, nanso ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ ɛnyɛ biribiara na nyansahufo bɛtumi ahu. Nyansahufo Paul Davies kaa sɛ: “Obiara nni hɔ a ɔbɛtumi akyerɛkyerɛ amansan no mu akɔsi ase.” Saa nsɛm no yɛ nokware turodoo; onipa biara rentumi nhu abɔde mu nwie da. Enti sɛ obi ka sɛ nyansahufo bɛtumi anya biribiara ho nkyerɛkyerɛmu a, ɛnneɛ yɛbɛtumi aka sɛ ɔnnim nea ɔreka.

Ɛda adi sɛ Bible ma yɛn nsa ka nea nyansahu ntumi mma yɛnnya

Bible ka sɛnea abɔde yɛ nwonwa no ho asɛm sɛ: “Hwɛ! Yeinom yɛ [Onyankopɔn] nnwuma mu ketewaa bi, na ne ho asɛm kakraa bi na atwa onipa asom!” (Hiob 26:14) Nneɛma pii wɔ hɔ a ɛboro nnipa adwene ne wɔn ntease so. Ampa, asɛm a ɔsomafo Paulo kyerɛwee bɛyɛ mfe 2,000 a atwam ni no da so ara yɛ nokware. Ɔkaa sɛ: “O hwɛ sɛdeɛ Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ mu dɔ fa! Hwɛ, wɔrentumi mpɛɛpɛɛ n’atemmuo mu, na wɔrentumi nhwehwɛ n’akwan mu nwie da!”—Romafoɔ 11:33.