Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wonni Ahotoso wɔ Onyankopɔn Mu Bio?

Wonni Ahotoso wɔ Onyankopɔn Mu Bio?

“ADƐN NTI na me na saa asɛm yi ato me? Dɛn nti na Onyankopɔn ama kwan ma asɛm yi ato me?” Wei ne nsɛm a Sidnei a wadi mfe 24 a ɔwɔ Brazil no bisae. Bere bi a ɔredi agorɔ bi wɔ nsuo mu no, ɔnyaa akwanhyia, na ama waka mmubuafo akonnwa mu.

Akwanhyia, yareɛ, ɔdɔfo bi wuo, atoyerɛnkyɛm, anaa ɔko ma nnipa hu amane. Ɛba saa a, ɛtumi ma ahotoso a nkurɔfo wɔ wɔ Onyankopɔn mu no tu yera. Wei nyɛ ade foforo. Hiob a ɔtenaa ase tete no hyiaa amanehunu toatoaa so. Ɛno ma ɔdii mfomso bɔɔ Onyankopɔn sobo sɛ: “Mesu frɛ wo sɛ boa me, nanso wonnye me so; masɔre agyina hɔ sɛ tie me. Woadane otirimuɔdenfoɔ ama me; wode wo nsa mu ahoɔden nyinaa anya me ho menasepɔ.”—Hiob 30:20, 21.

Ná Hiob nnim baabi a ne haw no fi ne nea enti a saa nneɛma no aba ne so anaa wɔama ho kwan. Anigyesɛm ne sɛ, Bible ma yɛhu nea enti a saa nsɛm no sisi ne nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ ho.

ONYANKOPƆN BƆƆ NNIPA SƐ WƆMMƐHU AMANE ANAA?

Bible ka Onyankopɔn ho asɛm kyerɛ yɛn sɛ: “N’adeyɛ yɛ pɛ, n’akwan nyinaa tene. Ɔyɛ Onyankopɔn nokwafoɔ a nkontomposɛm biara nni n’akwan mu, ɔteneneeni a ɔbu atɛntenenee.” (Deuteronomium 32:4) Sɛ saa na ɛte a, ɛnde wosusu sɛ ntease wom sɛ Onyankopɔn a ɔyɛ “ɔteneneeni a ɔbu atɛntenenee” no bɛbɔ nnipa sɛ wɔmmɛhu amane anaa ɔde adebɔne bɛtwe wɔn asõ, anaasɛ ɔbɛyɛ biribi saa aka sɛ ɔde retew wɔn ho?

Dabi da. Bible ka sɛ: “Sɛ sɔhwɛ to obi a, ɛnsɛ sɛ ɔka sɛ: ‘Onyankopɔn na ɔresɔ me ahwɛ.’ Ɛfiri sɛ wɔntumi mfa nnebɔne nsɔ Onyankopɔn nhwɛ, na ɔno nso nsɔ obiara nhwɛ.” (Yakobo 1:13) Nokwasɛm ne sɛ, Bible ma yɛhu sɛ Onyankopɔn maa adasamma nhyɛase pa. Ɔmaa nnipa a wɔdi kan, Adam ne Hawa, ofie a ɛyɛ fɛ, nea wɔhia biara wɔ asetenam, ne adwuma a abotɔyam wom. Afei Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monwo na monnɔɔso na monhyɛ asase so mã na monni so.” Ná Adam ne Hawa wɔ nea enti paa a wɔbɛtumi de wɔn ho ato Onyankopɔn so.—Genesis 1:28.

Nanso ɛnnɛ, nneɛma asɛe koraa. Nokwasɛm ne sɛ ɛfiri tete bɛsi nnɛ, nneɛma mu akɔ so ayɛ den ama adasamma. Ɛno ma Bible mu asɛm yi yɛ nokware sɛ: “Abɔdeɛ nyinaa kɔ so penepene, na wɔhunu amane bɛsi nnɛ.” (Romafoɔ 8:22) Dɛn na ɛsii?

ADƐN NTI NA YƐHU AMANE?

Sɛ yɛpɛ sɛ yɛte nea enti a yɛrehu amane no ase a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ bere a ɛfirii ase no. Onyankopɔn hyɛɛ Adam ne Hawa sɛ ɛnsɛ sɛ wɔdi “papa ne bɔne ho nimdeɛ dua” no. Nanso ɔbɔfo tuatewfo bi a akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no Satan Ɔbonsam no daadaa wɔn ma wɔpoo Onyankopɔn mmara a ɛfa papa ne bɔne ho no. Ɔbonsam ka kyerɛɛ Hawa sɛ, sɛ wɔyɛ Onyankopɔn so asoɔden a wɔrenwu, enti na ɔrepɛ akyerɛ sɛ Onyankopɔn yɛ ɔtorofo. Satan san bɔɔ Onyankopɔn sobo sɛ ɔde hokwan a n’asomfo wɔ sɛ wɔkyerɛ nea ɛyɛ papa ne bɔne no akame wɔn. (Genesis 2:17; 3:1-6) Nea na Satan reka ara ne sɛ, sɛ Onyankopɔn di nnipa so a, wɔn ho rentɔ wɔn. Wei nyinaa maa asɛm titiriw bi sɔree. Ɛne sɛ, ‘Enti Onyankopɔn fata sɛ ɔdi tumi?’

Ɔbonsam maa asɛm foforo bi nso sɔree. Ɔkaa sɛ, nea Onyankopɔn de ma nnipa nti na wɔsom no. Ɛdefa ɔnokwafo Hiob ho no, Ɔbonsam ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: “Ɛnyɛ wo na woabɔ ɔno ne ne fie ne deɛ ɔwɔ nyinaa ho ban ahyia? . . . Afei wopɛ a, fa wo nsa ka deɛ ɔwɔ nyinaa, na hwɛ sɛ ɔrennyina w’anim nnome wo anaa.” (Hiob 1:10, 11) Ɛwom sɛ ɛyɛ Hiob ho asɛm na na Satan reka deɛ, nanso na ɔrepɛ akyerɛ sɛ nea onipa biara nya firi Onyankopɔn hɔ nti na ɔresom no.

SƐNEA ONYANKOPƆN SIESIEE ASƐM NO

Ɔkwampa bɛn na na ɔbɛfa so asiesie asɛnhia a asɔre no korakora? Ná Onyankopɔn a ɔnim nyansa sen obiara no wɔ ɔhaw a asɔre no ano aduro; ná nea ɔbɛyɛ no bɛma yɛanya ne mu ahotoso. (Romafoɔ 11:33) Ɔsii gyinae sɛ ɔbɛma kwan ama nnipa adi wɔn ho so akɔsi bere bi, na nea ɛbɛfi mu aba no bɛma obiara ahu nniso a ɛyɛ papa.

Ɛnnɛ, ɔhaw a ahyɛ asase so ma no di adanse pefee sɛ nnipa nniso adi nkogu koraa. Wiase nniso nti, yɛnni asomdwoe, ahobammɔ, ne anigye, na wɔresɛe asase no nso. Wei si Bible mu nokwasɛm yi so dua sɛ: “Ɛnni onipa nsam, sɛdeɛ ɔnam a ɔbɛtutu n’anammɔn.” (Yeremia 10:23) Onyankopɔn nniso nko ara na ɛbɛtumi de asomdwoe, anigye, ne ahotɔ a ɛdi mũ abrɛ adasamma, efisɛ ɛno ne Onyankopɔn atirimpɔ.—Yesaia 45:18.

Ɛnneɛ dɛn na Onyankopɔn bɛyɛ na ama nea enti a ɔbɔɔ nnipa no abam? Kae sɛ Yesu kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ wɔmmɔ mpae sɛ: “W’ahennie mmra. W’apɛdeɛ nyɛ hɔ wɔ asase so te sɛ ɔsoro.” (Mateo 6:10) Wɔ bere a ɛfata mu no, Onyankopɔn nam n’Ahenni no so bɛyi nea ɛde amanehunu ba no nyinaa afiri hɔ. (Daniel 2:44) Ohia, yareɛ, ne owuo nyinaa to bɛtwa. Ahiafo nso, Bible ka sɛ Onyankopɔn ‘bɛgye ohiani a ɔsu frɛ no.’ (Dwom 72:12-14) Wɔn a wɔyare nso, Bible ka sɛ: “Ɔmanfoɔ no mu biara renka sɛ: ‘Meyare.’” (Yesaia 33:24) Na ɛdefa awufo a wɔwɔ Onyankopɔn nkae mu ho no, Yesu kaa sɛ: “Dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ nkaeɛ ada mu nyinaa bɛte ne nne na wɔafiri adi.” (Yohane 5:28, 29) Bɔhyɛ a ɛma abotɔyam bɛn ara ni!

Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow mu gyidi a yɛbɛnya no bɛma yɛanya ne mu ahotoso

NEA ƐBƐMA YƐANYA ONYANKOPƆN MU AHOTOSO

Sidnei a yɛadi kan aka ne ho asɛm no nyaa akwanhyia no, mfe 17 akyi no ɔkaa sɛ: “Manka da sɛ Yehowa Nyankopɔn na ɔma menyaa akwanhyia no, nanso mfiase no deɛ, ahotoso a mewɔ wɔ ne mu no sae. Ɛtɔ da a, me werɛ how paa, na sɛ medwene dɛm a madi no ho a, ɛma mete nisuo. Nanso, Bible no ama mabɛhu sɛ m’akwanhyia no nyɛ Onyankopɔn asotwe. Sɛnea Bible ka no, ‘asiane to yɛn nyinaa berɛ a yɛnhwɛ kwan.’ Mpae a mebɔ Yehowa, ne kyerɛw nsɛm ahorow bi a mekenkan no ahyɛ me den, na ama manya adwempa nso.”—Ɔsɛnkafoɔ 9:11; Dwom 145:18; 2 Korintofoɔ 4:8, 9, 16.

Sɛ yɛkae nea enti a Onyankopɔn ama amanehunu ho kwan, ne sɛnea ɔbɛsiesie ɔhaw a ɛde aba no nyinaa a, ɛbɛboa yɛn ma yɛanya Onyankopɔn mu ahotoso. Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ Onyankopɔn yɛ “wɔn a wɔn ani abere rehwehwɛ no no katuafoɔ.” Obiara nni hɔ a ɔnya ɔne ne Ba no mu gyidi a ne nsa bɛsi fam da!—Hebrifoɔ 11:6; Romafoɔ 10:11.